Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 12


Ɔfã 12

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so de maa Joseph Knight Sr., wɔ Harmony, Pennsylvania, Kɔtɔnimaa 1829. Joseph Knight gyee Joseph Smith nsɛm a ɔde too dwa no diiɛ, deɛ ɛfa Mormon Nwoma mprɛte no a wanya wɔne hɔ no ne nkyerɛaseɛ adwuma a na ɛrekɔ so no, na mpɛn pii no na ɔma Joseph Smith ne ne twerɛtwerɛfoɔ no honam fã mu mmoa, a ɛboaa wɔn maa wɔtumi toaa nkyerɛaseɛ no so. Wɔ Joseph Knight adebisa ho, Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade na ɔnyaa adiyie yi.

1–6, Adwumayɛfoɔ a wɔn wɔ bobeturo no mu bɛnya nkwagyeɛ; 7–9, Wɔn a wɔpɛ nyina ara na wɔfata bɛboa wɔ Awurade adwuma no mu.

1 Anwanwa dwuma a ɛyɛ kɛseɛ rebɛfiri aba nnipa mma ntam.

2 Hwɛ, mene Onyankopɔn; tie m’asɛm, ɛno a ɛyɛ ntɛm na ahoɔden kɛseɛ wɔ mu, na ano yɛ namnam sene afena anofanu, a ɛrepaepae akwaa ne ekyim mu; ɛno nti, tie m’asɛm.

3 Hwɛ, afuo no ahoa dada sɛ wɔtwa; ɛno nti, onii biara a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbu no ma ɔmfa ne kantankrankyi ne ahoɔden nsi mu, na ɔmmu wɔ berɛ a ɛda no wɔ hɔ yi, na wakora daapem nkwagyeɛ ama ne kra wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.

4 Aane, onii biara a ɔde ne kantankrankyi bɛsi mu na wabu no, ɔno ara na Onyankopɔn afrɛ no.

5 Ɛno nti, sɛ wobɛbisa me a wobɛnya; sɛ wobɛbɔ mu a wɔbɛbue ama wo.

6 Afei, sɛ woabisa yi, hwɛ, mese wo sɛ, di me mmaransɛm so, na hwehwɛ sɛ wode Sion nkyekyereɛ ne ne yiedie bɛfiri adi aba.

7 Hwɛ, mekasa kyerɛ wo, ne wɔn nyina ara a wɔn wɔ ɔpɛ nso sɛ wɔde saa adwuma yi bɛpue adi na aseɛ atim;

8 Na obiara nntumi mmoa wɔ saa adwuma yi mu gye sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔdɔ hyɛ no ma, ɔnya gyedie, anidasoɔ, ne ɔdɔ mapa, ɔkyerɛ anidahɔ ade nyina ara mu, ma biribiara a wɔde bɛhyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so.

9 Hwɛ, me a meka saa nsɛm yi no, mene wiase hann ne ne nkwa, ɛno nti fa w’ahoɔden tie, na ɛno na afei wɔbɛfrɛ wo. Amen.

Tintim