Ɔfã 129
Nkyerɛkyerɛ a Joseph Smith Nkɔmhyɛni no de maaeɛ, wɔ Nauvoo, Illinois, Ogyefuo, 9 1843, a ɔdaa nsafoa akɛseɛ mmiɛnsa adi a ɛnam so wɔbɛhunu abɔfoɔ asomfoɔ ne ahonhom su ankasa.
1–3, Yɛwɔ nipadua a awu asɔre ne deɛ ɛyɛ honhom nyina ara wɔ soro; 4–9, Wɔde nsafoa de ma sɛ wɔbɛfa so ahunu abɔfoɔ a wɔn wɔ nkatanimu no akyiri no.
1 Ateasefoɔ ahodoɔ baanu na wɔn wɔ soro, wɔn ne: Abɔfoɔ a wɔyɛ abɔdeɛ a wɔasɔre afiri owuo mu, a wɔn wɔ honam ne nnompe nipadua—
2 Ebi ne sɛ, Yesu kaa sɛ: Momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ honhom nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.
3 Deɛ ɛtɔ so mmienu: ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom, wɔn a wɔnnsɔre mmfirii owuo mu, nanso wɔn wɔ saa animuonyam no ara.
4 Sɛ ɔbɔfoɔ bi bɛka sɛ ɔwɔ nkransɛm bi firi Onyankopɔn hɔ a, tene wɔ nsa na bisa no sɛ ɔnkyea wo.
5 Sɛ ɔyɛ ɔbɔfoɔ a ɔbɛyɛ saa, na wobɛte ne nsa nka wɔ wo nsa mu.
6 Sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a wɔayɛ pɛ honhom a ɔbɛba wɔ n’animuonyam mu; ɛfiri sɛ saa kwan no nko ara so na ɔbɛtumi ada ne ho adi—
7 Bisa no sɛ ɔnkyea wo, nanso ɔnnkeka ne ho, esiane sɛ ɛne ɔsoro mmara bɔ abira sɛ onipa a ɔyɛ ɔteneneeni bɛyɛ daadaafoɔ; nanso ɔbɛkɔ so de ne nkransɛm no ama.
8 Sɛ ɛyɛ ɔbonsam na ayɛ hann bɔfoɔ a, sɛ wobisa no sɛ ɔnkyea wo a ɔbɛtene ne nsa, na wonnte hwee; ne saa nti wobɛhunu no.
9 Yei ne nsafoa akɛseɛ mmiɛnsa a monam so bɛhunu sɛ ɔsom adwuma bi firi Onyankopɔn a.