Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 70


Ɔfã 70

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Obubuo 12, 1831. Nkɔmhyɛni no abakɔsɛm kyerɛ sɛ wɔyɛɛ nhyiamu soronko ahoroɔ nan firi Obubuo da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so dumienu. Wɔ nhyiamu a ɛtwa toɔ no mu no wɔdwennwenee adiyisɛm a akyire yi wɔde bɛba dwa so sɛ Book of Commandments (Mmaransɛm Nwoma) no ho hia a ɛhia, na afei sɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no. Wɔde saa adiyisɛm yi maae akyire yi a nhyiamu no agye ato mu sɛ “Asase so nyina ara ahonyadeɛ no, deɛ ɛsomboɔ ma Asɔre no” yɛ adiyisɛm no. Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ adiyisɛm yi yɛ “Asɔre no fapem wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, ne mfasoɔ de ma wiase, rekyerɛ sɛ wɔde yɛn Agyenkwa ahemman no ahintasɛm nsafoa no ahyɛ onipa nsa bio”.

1–5, Wɔyi ahwɛsofoɔ sɛ wɔntintm adiyisɛm no ntɔn; 6–13, Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ honhom nneɛma mu no fata wɔn akatua; 14–18, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no yɛ pɛ wɔ honam fam nneɛma mu.

1 Monhwɛ, na montie, O mo Sion mutefoɔ, ne mo nnipa a mowɔ m’asɔre mu nyina ara a mowɔ akyirikyiri, na montie Awurade asɛm a mede ma m’akoa Joseph Smith, Jun., ne m’akoa Martin Harris nso, ne m’akoa Oliver Cowdery nso, ne m’akoa John Whitmer nso, ne m’akoa Sidney Rigdon nso, ne m’akoa William W. Phelps nso, wɔ mmarasɛm kwan so ma wɔn.

2 Ɛfiri sɛ merema wɔn mmarasɛm; ɛno nti monyɛ aso na montie, na sɛdeɛ Awurade se wɔn nie—

3 Me, Awurade, mayi wɔn, na mahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ ahwɛsofoɔ wɔ adiyisɛm ne mmaransɛm a mede ama wɔn no so, ne deɛ mede bɛma wɔn akyire yi;

4 Na saa hwɛsofoɔ-dwuma yi ho akonta no, mɛhwehwɛ afiri wɔn hɔ atemmuo da no.

5 Ɛno nti, mayi ama wɔn, na yei ne wɔn adwuma wɔ Onyankopɔn asɔre mu, sɛ wɔbɛhwɛ yeinom so ne deɛ ɛfa ho no, aane, ne ɛho mfasoɔ.

6 Ɛno nti, mmarasɛm a mede ma wɔn ne sɛ, mma wɔmmfa saa nneɛma yinom mma asɔre no anaa mma wiase;

7 Nanso, mmerɛ dodoɔ a wɔnya deɛ ɛdɔɔso kyɛn deɛ ehia ma wɔn ahiadeɛ ne wɔn apɛdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde ma m’adekorabea no;

8 Na wɔbɛdwira ɛso mfasoɔ no ho ama Sion mutefoɔ no, ne wɔn awoɔntoatoasoɔ, mmerɛ dodoɔ a wɔbɛyɛ adedifoɔ sɛdeɛ ahemman no mmara teɛ.

9 Hwɛ, yei ne deɛ Awurade hwehwɛ firi onipa biara hɔ wɔ ne sohwɛ-adwuma mu, mpo sɛdeɛ Me, Awurade, mede ama anaa mɛyi ama onipa biara akyire yi no.

10 Na hwɛ, wɔnnyi obiara a ɔka Onyankopɔn teasefoɔ n’asɔre ho no mmfiri saa mmara yi mu;

11 Aane, nnyɛ ɔhwɛfoɔ no, nnyɛ ɔnanmusifoɔ no a ɔhwɛ Awurade adekorabea so no, anaa ɔno a wɔayi no hwɛsofoɔ wɔ honam fam nneɛma so.

12 Deɛ wɔayi no sɛ ɔnhwɛ honhom fam nneɛma so no, ɔfata n’akatua, mpo tesɛ wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ honam fam nneɛma so no;

13 Aane, mpo deɛ ɛboro so koraa, deɛ ɛyɛ mmorosoɔ a wɔnam Honhom adiyie so ama adɔre ama wɔn no.

14 Nanso, wɔ mo honam fam nneɛma mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ pɛ, na yei nnyɛ amemenemfe, anyɛ saa a wɔde Honhom no adiyie mmorosoɔ no bɛkame mo.

15 Afei, yei ne mmarasɛm a mede ma me nkoa ama ayɛ wɔn mfasoɔ wɔ berɛ a wɔte nkwa mu, ama ada me nhyira adi wɔ wɔn tiri so, na ama ayɛ wɔn nsiyɛ ne banbɔ ho akatua;

16 Sɛdeɛ ɛbɛma aduane ne aduradeɛ; na ama apɛgyadeɛ; na ama afie ne nsase, wɔ tebea biara mu a Me, Awurade mede wɔn bɛsi, ne baabiara a Me, Awurade, mɛsoma wɔn.

17 Ɛfiri sɛ wɔayɛ nokorɛfoɔ wɔ nneɛma pii ho, na wɔayɛ adeɛ ɛfiri sɛ wɔnyɛɛ bɔne.

18 Hwɛ, Me, Awurade, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ na mɛhyira wɔn, na wɔbɛkɔ saa nneɛma yi anigyeɛ mu. Mpo saa ara. Amen.