“Akyɛdeɛ ma Yesu,” Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2023
“Akyɛdeɛ ma Yesu”
Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2023
Akyɛdeɛ Ma Yesu
Wɔwoo Yesu Kristo no, nsoromma foforɔ bi puee wɔ ewiem. Mmarima Anyansafoɔ hunuu nsoromma no sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔawo Yesu. Wɔdii nsoromma no akyiri. Wͻtuu kwan nna bebree.
Berɛ a Mmarima Anyansafoɔ no hunuu Yesu no, wɔmaa No akyɛdeɛ. Wɔbuu n’anim nkotodwe na wɔsomm no. Wɔhunuu sɛ Ɔne Onyankopɔn Ba no.
Me nso mɛtumi ama Yesu akyɛdeɛ. Mɛtumi akyerɛ medɔ ama no berɛ a mɛdi Ne nhwɛsoɔ akyiri na makyerɛ ɔdɔ akyerɛ afoforɔ.
Ahosuo adwini Kratafa
Twerɛ Kronkron No Kyerɛkyerɛ fa Yesu ho
Mia mfonin no so fa twe.
Nkyerɛkyerɛmu a Apryl Stott de maae
Sɛn na worebɔ mmɔden ayɛ te sɛ Yesu?
© 2023 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/19. Nkyerɛaseɛ Bosome bosome Adamfoɔ Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2023 Language. 18904 000