2023
Yɛrehwɛ Wɔn a Wɔnni bie
Ɛbɔ 2023


“Yɛrehwɛ Wɔn a Wɔnni bie,” Liahona, Ɛbɔ 2023.

Bosome bosome Liahona Nkrasɛm, Ɛbɔ 2023

Yɛrehwɛ wɔn a ɔnnibie

Mfoni
Yesu resa nkorɔfoɔ yareɛ

Ɔsaa Dodoɔ no Yareɛ Ahodoɔ, ɛfiri J. Kirk Richards, ma obi nyɛ so nsɛsoɔ

Sɛ asɔremma wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no, yɛdi Awurade nkyerɛkyerɛ so na yɛhwɛ wɔn a wɔnni bie. Yɛhwɛ afoforɔ berɛ a yɛsom wɔn, boa wɔn ma wɔbɛyɛ ankasa-ahotosoɔ, na yɛne wɔn kyɛ deɛ yɛwɔ.

Yesu Kristo Nhwɛsoɔ

Yesu Kristo dɔɔ wɔn a na wɔbɛn No, kyekyeree wɔn werɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn. ”Ɔkyinkyinii yɛɛ papa” (Asomafoɔ 10:38). Yɛbɛtumi adi Ne nhwɛsoɔ akyi berɛ a yɛdɔ wɔn a wɔbɛn yɛn, kyekyere wɔn werɛ, na yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn. Yɛbɛtumi ahwehwɛ akwan aboa afoforɔ berɛ biara.

Mfoni
nnipa baanu rekasa

Ɔsom

Wɔde asɛmfua ɔsom yɛ adwuma wɔ twerɛnsɛm ne Awurade Asɔre mu de kyerɛkyerɛ sɛdeɛ yɛhwɛ yɛn ho yɛn ho. Wɔma asɔfodie akurafoɔ yɛ adwuma sɛ anuanom mmarima asomfoɔ mema wɔn ho wɔn ho anaa abusua wɔ wɔɔd anaa nkorabata no mu. Wɔma anuanom mmaa asomfoɔ som mmaa mpanimfoɔ. Anuanom mmarima ne mmaa asomfoɔ hwɛ sɛ wɔakae Asɔremma nyinaa ahwɛ wɔn.

Mfoni
nkorɔfoɔ a wɔredua nnuaba

Reboa Afoforɔ ma Wɔabɛyɛ Ankasa-Ahotosoɔ

Yɛbɛtumi aboa abusuafoɔ ne ayɔnkofoɔ ma wɔabɛyɛ ankasa-ahotosoɔ berɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔpɛ wɔn haw ho mmuaeɛ a ɛbɛwɔ berɛ tenten. Afei yɛbɛtumi aboa wɔn berɛ a wɔyɛ wɔn botaeɛ ho adwuma. Hwehwɛ bebree fa ankasa-ahotosoɔ ho wɔ Ɔsanaa 2023 Liahona Asɛmpa Mfitiaseɛ amanebɔ.

Resom Afoforɔ

Akwan bebree wɔ hɔ a yɛbɛtumi de asom wɔn a wɔbɛn yɛn na yɛaboa ma wɔanya wɔn honam mu, honam mu, ne atenka mu ahiadeɛ. Yɛsua fa afoforɔ ho a, ɛbɛtumi aboa ma yɛahunu sɛdeɛ yɛbɛtumi asom wɔn yie. Yɛbɛtumi nso abɔ mpaeɛ apɛ akwankyerɛ de ahunu deɛ yɛbɛtumi ayɛ de aboa wɔn.

Mfoni
nkorɔfoɔ a wɔresesa aduaba

Yɛrekyɛ Deɛ Yɛwɔ

Yɛntumi asom afoforɔ berɛ a yɛne wɔn kyɛ deɛ Onyankopɔn de ahyira yɛn. Nhwɛsoɔ ne sɛ, yɛbɛtumi ama akɔnkyene afɔrebɔ a ɛsɔ ani anaa aboa Asɔre no Adɔeɛ Mmoa Fotoɔ. Yɛbɛtumi nso asom wɔ yɛn mpɔtam ne Asɔre frɛ mu.

Mmɔfra Akannifoɔ Asɛdeɛ

Bishop na ɔhwɛ wɔn a wɔnni bie wɔ ne wɔɔd. Ɔbɛtumi de akɔnkyene afɔrebɔ sika aboa asɔremma a wɔhia mmoa. Akannifoɔ afoforɔ, a n’afotufoɔ ne Relief Socityfoɔ ne elderfoɔ kuo atitenafoɔ ka ho, boa asɔremma ma wɔhunu nneɛma a wɔbɛtumi de ayɛ adwuma anya deɛ a wɔhia.

Asɔre Adɔeɛ Mmɔdemmɔ

Asɔre no de putupru mmoa, mpɔtam nnwuma, ne nhyehyɛeɛ afoforɔ te sɛ nsu pa ne ahobammɔ paneɛ wɔ boa nnipa a wɔ wiase nyinaa. Sɛ wopɛ sɛ wosua bebree a, hwɛ Dallin H. Oaks, “Reboa Ahiafoɔ ne Onnibiefoɔ,” Liahona, Obubuo 2022, 6–8.

Tintim