Twerɛnsɛm
Alma 59


Ti 59

Moronae ka kyerɛ Pahoran sɛ ɔmfa asraafoɔ nkɔboa Hɛlaman—Lamanfoɔ no fa Nifaeha—Moronae bo fu aban no. Bɛyɛ mfinhyia 62 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so wɔ afe a ɛtɔ so aduasa mu no, Moronae nsa kaa Hɛlaman krataa na ɔkenkan wieeɛ akyire yi no, n’ani gyee yie ɛnam yiedie no nti, aane, nkonim kɛseɛ a Hɛlaman diiɛ de nyaa saa nsaase a ɛyeraaɛ no nyina ara.

2 Aane, na ɔmaa ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase a atwa ahyia wɔn ho wɔ baabi a ɔwɔ no nyina ara nso tee sɛ wɔn nso wɔni dɛ.

3 Na ɛbaa sɛ ɔtwerɛɛe krataa ntɛm ara de kɔmaa Pahoran, sɛ ɔpɛ sɛ ɔhwɛ ma ɔboaboa marima ano de kɔboa Hɛlaman, anaa sɛ Hɛlaman asraafoɔ, sɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi akora asaase no baabi ara wɔ ahogonomu ɛnam tumidie nnwa so ne nsa aka no so de adi nkonim.

4 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Moronae soma maa wɔde krataa yi kɔɔ Sarahɛmla asaase so no, ɔhyɛɛ aseɛ bio sɛ ɔreyɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛma no atumi agye saa ahodeɛ ne nkuropɔn nkaaɛ a Lamanfoɔ gye firi wɔn nsa mu no.

5 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Moronae reboaboa ne ho akɔ ne Lamanfoɔ no akɔko no, hwɛ Nifaeha nkurɔfoɔ a wɔboaboa wɔn ano firii Moronae kuropɔn mu, ne Lihae kuropɔn mu ne Morianton kuropɔn mu no, Lamanfoɔ no too hyɛɛ wɔn so.

6 Aane, mpo wɔn a wɔmaa wɔdwane firii Mantae asaase so, ne nsaase a atwa wɔn ho ahyia nyina ara bɛkaa Lamanfoɔ a wɔwɔ saa asaase yi fa so hɔ no.

7 Na ɛnam sɛ wɔdɔɔso yie nti no, aane, na wɔnya asraafoɔ ka wɔn ho daadaa no nti no, Amoron hyɛɛ wɔn sɛ wɔn mmra na wɔne Nifaeha nkurɔfoɔ no mɛko, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekumkum wɔn mu dodoɔ no ara.

8 Na wɔn asraafoɔ no dɔɔso ara maa na ɛwɔ sɛ Nifaeha nkurɔfoɔ no nkaaɛ no dwane wɔn; na wɔbaae mpo bɛkaa Moronae asraafoɔ no ho.

9 Na afei sɛdeɛ Moronae susuu sɛ ɔbɛma wɔde marima akɔ Nifaeha kuropɔn no mu akɔboa nkurɔfoɔ no ama wɔakora saa kuropɔn no, na ɔnim nso sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ wɔbɛkora kuropɔn no na ɛrenkɔdi Lamanfoɔ no nsa mu kyɛn sɛ wɔbɛgye no bio afiri wɔn hɔ, ɔsusuu sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ ama wɔn sɛ wɔbɛkora saa kuropɔn no.

10 Ɛno nti ɔmaa n’asraafoɔ no nyina ara kaa hɔ na ɔhwɛe sɛ wɔbɛbɔ saa mea no a ne nsa aka no ho ban.

11 Na afei, mmerɛ a Moronae hunu sɛ Nifaeha kuropɔn no afiri wɔn nsa no, ne werɛ hooe yie, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ n’adwene reyɛ no naa, ɛnam nkurɔfoɔ no atirimuɔden nti, sɛ wɔn nsan nkɔdi wɔn nuanom nsa mu bio a.

12 Afei sei na na n’asraafoɔ asahene mpanimfoɔ no nyina ara nso adwene mu yɛ wɔn. Wɔn adwene yɛɛ wɔn naa na ɛyɛɛ wɔn nnwa nso ɛnam nkurɔfoɔ no atirimuɔden ne Lamanfoɔ nkonimdie wɔ wɔn so no nti.

13 Na ɛbaa sɛ Moronae bo fuu aban no, ɛnam wɔn man no fawohodie a na ɛmfa ne ho no nti.

Tintim