Amansan Nhyiamu
W’Agya Panin Nhyira—Nkanyan Akwankyerɛ a ɛfiri Ɔsoro Agya hɔ
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


W’Agya Panin Nhyira—Nkanyan Akwankyerɛ a ɛfiri Ɔsoro Agya hɔ

M’agya panin nhyira boaa me ma metee me nokorɛ su a ɛnni awieɛ no ase—nokorɛ mu, onipa a meyɛ ne onipa a mɛtumi aba abɛyɛ.

Awofoɔ nwanwafoɔ na wɔtetee me na wɔde nokorɛdie kyerɛkyerɛɛ yɛn, wɔn mma, asɛmpa no. Awerɛhosɛm nie, adɔfoɔ yi dii aperepereɛ wɔ wɔn awaresɛm mu mfeɛ bebree. Na meyɛ Primary abɔfra berɛ a wɔka kyerɛɛ me sɛ ɛbɛba sɛ wɔbɛgyae awareɛ da bi, na ɛbɛhia sɛ me ne menuanom bɛyi ɔwofoɔ a yɛne no bɛtena. Ɛwiee aseɛ no, mekɔɔ adwennwene kɛseɛ mu mfeɛ mu; nanso, akyɛdeɛ bi firi me Soro Agya hɔ boa sesaa biribiara maa me—m’agya panin nhyira.

Wɔ mfeɛ 11 mu no, me haw dɔɔso faa m’awofoɔ awaresɛm ho, na mehiaa m’gya panin nhyira no kɛse. Mehunuu sɛ me Soro Agya nim me yie pa ara, nim me tebea pɔtee. Na menim nso sɛ mɛnya akwankyerɛ afiri Ne hɔ. Medii mfeɛ 12 no pɛ, na menyaa m’agya panin nhyira. Ɛboro mfeɛ ha fa nie, nanso mekae saa suahunu kronkron titiriw yi pefee.

Meda ase sɛ yɛwɔ nkanyan akwankyerɛ ɛfa agya panin nhyira ho wɔ Asɔre no General Handbookmu:

“Asafoba biara a wɔabɔ no asu na ɔfata no wɔ ho kwan sɛ ɔgye agya panin nhyira, a ɛma nkanyan akwankyerɛ firi Ɔsoro Agya hɔ.”

Ɛwɔ sɛ asafoba “nyini duru sɛ ɔte nhyira no hia a ɛhia ne su kronkron no ase” na “ɔte asɛmpa no ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛ no ase.”

“Ne papa mu no, ɛwɔ sɛ asafoba no yɛ ɔbabunu a asetena mu gyinaeɛsie a ɛho hia bebree da so wɔ n’anim. Ɛnni sɛ Asɔfodie akannifoɔ hyehyɛ mfeɛ bi to hɔ sɛ asafoba duru a na ɔbɛgye n’agya panin nhyira.

“Agya panin nhyira biara yɛ kronkron, kokoam, ne w’ankasa.

“Onipa bi a ɔgye agya panin nhyira no ɛwɔ sɛ ɔbu ne nsɛm no kɛseɛ, susu ho, na ɔbɔ bra sɛ ɔbɛfata sɛ ɔbɛnya bɔhyɛ nhyira no wɔ saa asetena yi ne ɛnniawieɛ mu.”1

Yɛn dɔfo pa Titenani Russell M. Nelson akɔ so akyerɛkyerɛ afa hia a agya panin nhyira ho hia,2 sɛ ɛma obiara a ɔgye no “ɛka n’abusuasantene kɔsi Abraham, Isak, ne Yakob” so3 ne saa nti “ɛyɛ twerɛsɛm ma wankasa.”4

Na m’agya panin nhyira no ho bɛhiaa me dendenden berɛ a na mesua no maa adwene ahodoɔ bebree. Ɛdi kan, ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so, m’agya panin nhyira boaa me ma metee me nokorɛ su a ɛnni awieɛ no ase—nokorɛ mu, onipa a meyɛ ne onipa a mɛtumi aba abɛyɛ. Ɛboaa me maa mehunuui, sɛdeɛ Titenani Nelson akyerɛkyerɛ no, sɛ na meyɛ “Onyankopɔn babarima bi, apam no [abɔfra] bi ne akyidini ma Yesu Kristo.”5 Na menim sɛ me Soro Agya ne m’Agyenkwa no nim me na wɔdɔ me, ɛno nti Wɔn ankasa ka m’asetena ho. Yei boaa me maa me pɛɛ sɛ metwe me ho bɛn Wɔn na me gyedie ne awerɛhyɛmu wɔ wɔn mu nyiniiɛ.

Adamfo pa bi a ɔbɛkaa Asɔre no ho berɛ na wanyini kakra kyɛɛ asɛm yi: “Berɛ a agya panin no de ne nsa too me tiri so na ɔkaa me din no, biribiara sesaae, ɛnyɛ ɛhɔ nko ara mmom m’asetena a na aka no mu. Ntɛm so metee nka sɛ—ɛnam tumi a ɔde kasaae no so—Wɔnim me ɔdɔ mu kɔ bunu mu. Nsɛm a ɔkaae no wuraa me nipadua mu nyinaa. Mehunuu sɛ Ɔsoro Agya nim me, ɛmu ne abɔntene.”

Mehunuu onipa a meyɛ ankasa boaa me ma metee aseɛ nyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ meyɛ.6

Yei de me kɔɔe mame kɔsuaa apam a makɔ ne bɔhyɛ nhyira no wɔ Onyankopɔn ne Abraham apam no mu,7 Ɛmaa me ɛnni awieɛ nhumu a ɛkanyaa me maa me koraa m’apam frenkyemm.

Metaa suaa m’agya panin nhyira no, mpɛn pii sɛ ɔbabunu no, dabiara, deɛ ɛboaa me maa metee Sunsum Kronkron no awerɛkyekyerɛ, akwankyerɛ nkɛntɛnsoɔ no nka, ɔno a ɔboaa me tee m’adwennwene so berɛ a medii Ne nkanyan akyiri no. Yei pagyaa me pɛ ma me kɔɔ so faa me twerɛnsɛm sua ne dabiara mpaebɔ so hwehwɛɛ hann, nokorɛ, ne Sunsum Kronkron no, bɔɔ mmɔden de nsiyɛ kɛseɛ sɛ mɛsua na madi Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ akyiri. M’agya panin nhyira nso boaa me maa mepɛɛ sɛ mɛbrɛ me ho ase pa ara ama me Soro Agya no pɛ, na saa adeɛ a mede m’ani sii so no boaa me maa menyaa anigyeɛ kɛseɛ, ɛmfa ho ne m’ankasa tebea no.8

Menyaa honhom mu ahoɔden berɛ biara a mesuaa m’agya panin nhyira no. Berɛ a m’awofoɔ gyaee awareɛ akyire yi no, m’agya panin nhyira, sɛdeɛ Titenani Thomas S. Monson kyerɛkyerɛɛe no, ɛma me no ba bɛyɛɛ “ademudeɛ aboɔden a ɛsombo pii,” mpo “m’ankasa Liahona.”9

Seesei, mesrɛ wo, te me aseɛ. Na menwie pɛyɛ. Meyɛɛ mfomsoɔ ahodoɔ bebree. Me ɛnni awieɛ hokafoɔ bɛfoa so sɛ mekɔ so ara yɛ. Nanso m’agya panin nhyira no boaa me na ɛkɔ so ara boa me sɛ mɛnya ɔpɛ sɛ mɛyɛ papa na mayɛ papa.10 Daa daa m’agya panin nhyira no sua maa mepɛ dɔɔso sɛ mɛtumi agyina sɔhwɛ ano. Ɛboaa me ma menyaa ɔpɛ ne akokoɔduro sɛ mesakyera, na nsakyeraeɛ kɔɔ so bɛyɛɛ anigyeɛ kwan bi.

Ɛyɛɛ ade titiriw maa me sɛ menya m’agya panin nhyira no berɛ a na mesua ne berɛ a na m’adanseɛ rekɔso renyini. Na daa ne daa meda ase sɛ m’awofoɔ ne bishop tee me aseɛ sɛ mepɛ no kyerɛɛ sɛ mayɛ krado.

Medii mfeɛ 12 no, na wiase ɛnyɛ basabasa saa ne manemane sɛ nnɛ wiase yi. Titenani Nelson aka ɛnnɛ da yi ho asɛm sɛ “ayɛ berɛ hwanyann kɛse pa ara wɔ wiase abakɔsɛm mu,” wiase a ɛyɛ “bɔne adondɔn” ne “ɔno nko ara ho dɔ.”11 Yɛn tiri yɛ, yɛn mmabunu ɛnnɛ yi anyini pa ara kyɛn sɛdeɛ na meteɛ mfeɛ 12 no, na wɔn nso wɔ gyinaeɛsie a ɛho hia yie pa ara a wɔbɛyɛ berɛ a wɔnyiniiɛ yi! Ɛhia sɛ wɔn nso hunu nipa korɔ a wɔyɛ ampa ara na Onyankopɔn dɔ wɔn na ɔnim wɔn ankasa!

Ɛnyɛ obiara na ɔbɛpɛ n’agya panin nhyira sɛdeɛ meyɛɛe no. Mmom mebɔ mpaeɛ sɛ asafomma a wɔnya nnyee wɔn agya panin nhyira no de mpaebɔ bɛhwehwɛ ahunu berɛ a wɔayɛ krado. Mehyɛ bɔ sɛ sɛ mosiesie mo ho honhom mu a, mo suahunu, te sɛ me deɛ no, bɛyɛ kronkron ama mo. Mebɔ mpaeɛ nso sɛ wɔn a wɔagye wɔn agya panin nhyira dada no bɛsua na asom bo ama wɔn. Meredi m’agya panin nhyira so berɛ a na mesua no de akokoɔduro hyiraa me berɛ a m’aba mu buuiɛ, awerɛkyekyerɛ, berɛ a mebɔɔ ehu, asomdwoeɛ, berɛ a adwennwene tɔɔ me so, anidasoɔ, berɛ a m’anidasoɔ saae, anigyeɛ, berɛ a mehiaa no kɛse. M’agya panin nhyira boaa me maa me gyedie nyinii, nyaa awerɛhyɛmu wɔ me Soro Agya ne m’Agyenkwa mu. Ɛsan nso maa me dɔ ma wɔn no dɔɔso—na ɛgu so kɔ so.12

Medi adanseɛ sɛ agya panin nhyira yɛ na ɛma nkanyan akwankyerɛ firi Ɔsoro Agya hɔ. Medi adanseɛ fa yɛn Agya a ɔwɔ Soro ne Ne Ba—yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo—ho sɛ wɔte ase ampa, a wɔnim yɛn, dɔ yɛn, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔhyira yɛn. Menim no pefee nso sɛ President Russell M. Nelson yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni wɔ asase so ɛnnɛ da yi. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. General Handbook: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu, 18.17, 18.17.1, ChurchofJesusChrist.org.

  2. Hwɛ Russell M. Nelson, “Thanks for the Covenant” (Brigham Young University devotional, Obubuo 22, 1988), speeches.byu.edu; “A More Excellent Hope” (Brigham Young University devotional, Ɔpɛpɔn 8, 1995), speeches.byu.edu; “Identity, Priority, and Blessings” (Brigham Young University devotional, Ɛbɔ 10, 2000), speeches.byu.edu; “Roots and Branches,” Liahona, Kɔtɔnimma 2004, 27–29; “Covenants,” Liahona, Obubuo 2011, 86–89; “Youth of the Noble Birthright: What Will You Choose?” (Brigham Young University–Hawaii devotional, Ɛbɔ 6, 2013), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org; “The Book of Mormon, the Gathering of Israel, and the Second Coming,” Ensign, Kitawonsa 2014, 26–31; Liahona, Kitawonsa 2014, 24–29; “Let God Prevail,” Liahona, Obubuo 2020, 92–95; “The Everlasting Covenant,” Liahona, Ahinime 2022, 1–6.

  3. Russell M. Nelson, “Apam,” 88.

  4. Russell M. Nelson, “Thanks for the Covenant,” speeches.byu.edu.

  5. Russell M. Nelson, “Choices for Eternity” (worldwide devotional for young adults, Kɔtɔnimma 12, 2022), ChurchofJesusChrist.org; si so dua ka ho.

  6. Hwɛ Russell M. Nelson, “Apam,” 86–89.

  7. Hwɛ Gyenesis 17:1–10; hwɛ nso Russell M. Nelson, “Children of the Covenant,” Ensign, Kɔtɔnimma 1995, 32–34.

  8. Hwɛ Russell M. Nelson, “Joy and Spiritual Survival,” Liahona, Obubuo 2016, 81–84.

  9. Thomas S. Monson, “Your Patriarchal Blessing: A Liahona of Light,” Ensign, Obubuo 1986, 65–66.

  10. Hwɛ Russell M. Nelson, “Yɛbɛtumi Ayɛ Papa na Yɛayɛ Papa,” Liahona, Kɔtɔnimma 2019, 67–69.

  11. Russell M. Nelson, “Di Wiase so na Nya Ahomegyeɛ,” Liahona, Obubuo 2022, 95–96.

  12. Nkanyan a ɛfiri James E. Faust, “Asɔfodie Nhyira,” Ensign, Obubuo 1995, 62–64.

Tintim