Amansan Nhyiamu
Anigyeɛ Nne!
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Anigyeɛ Nne!

Tɛmpol sie yɛ ahiadeɛ pa ara baako ma nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa firi Nkɔmhyɛni Joseph Smith pɛn so.

“Afei, deɛn na yɛte wɔ asɛmpa no a yɛanya no mu? Anigyeɛ Nne! Mmɔborɔhunu nne a ɛfiri soro; ne nokorɛ nne a ɛfiri asase mu; anigyesɛm ma ateasefoɔ ne awufoɔ; ɛdɛ kɛseɛ ho anigyesɛm.”1

Anuanom mmaa ne mmarima, wontumi nte saa nsɛmfua yi mfiri Nkɔmhyɛni Joseph Smith hɔ a w’ani nnye mma worensere!

Joseph ahurusie kasa no kyerɛ ɛdɛ kɛseɛ a ɛkrɔn a ɛwɔ Soro Agya anigyeɛ nhyehyɛɛ kɛseɛ no mu, sɛdeɛ yɛwɔ ahotɔsoɔ sɛ, “Nnipa tease, sɛ ɔbɛnya ɛdɛ.”2

Yɛn nyinaa de ɛdɛ teaam3 wɔ Nyankopɔn nkyɛn berɛ a wɔde Nyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no too yɛn anim, na yɛguso de ɛdɛ team wɔ ha berɛ a yɛde nhyehyɛeɛ no yɛ adwuma. Nanso nnyinasosɛm pɔtee bɛn nti na ɛmaa Nkɔmhyɛni no kaa saa anigyesɛm yi? Ɛdɛn na ɛkanyan akoma mu atenka a ɛmu dɔ yi?

Na Nkɔmhyɛni Joseph reyɛ nkyerɛkyerɛ fa awufoɔ asubɔ ho. Ampa sɛ na yei yɛ animuonyam adiyisɛm a wɔgyee no anisɔ akoma mu. Berɛ a Asɔremma no dii kan suaa sɛ wɔbɛtumi abɔ asu ama wɔn awufoɔ adɔfoɔ no, wɔdii ahurusie. Wilford Woodruff kaa sɛ, “Berɛ korɔ a meteeɛ no, me kra hwiree [wɔ] anigyeɛ mu!”4

Na ɛnnyɛ awufoɔ asubɔ nko ara ne nokorɛ a Awurade bɛda no adi na wasan de aba. Na akyɛdeɛ anaa adomakyɛdeɛ binom nso wɔ hɔ a na Nyankopɔn pɛ sɛ Ɔde gu Ne mma mmaa ne mmarima so.

Saa akyɛdeɛ a ɛka ho bi ne asɔfodie tumi, apam ne ayɛyɛdeɛ, awareɛ a enniawieɛ, awofoɔ ne mma nsɔano wɔ Nyankopɔn mu, ne nhyira kɛseɛ sɛ yɛbɛsan akɔ Nyankopɔn yɛn Soro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo nkyɛn bio. Onyankopɔn nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no, nam Yesu Kristo Mpata no so na ɛtumi yɛ adwuma.

Esiane sɛ Nyankopɔn bu yeinom sɛ ɛka Ne nhyira kɛseɛ ma ne mma ho nti,5 Ɔhyɛɛ sɛ wɔnsisi kronkron adan a Ɔde saa akyɛdeɛ sononko yi bɛma Ne mma wɔ mu.6 Saa adan no bɛyɛ Ne fie wɔ asase so. Saa adan bɛyɛ tɛmpol beaɛ a deɛ wasɔ ano wɔ asase so wɔ Ne din mu ne Nasɛm ne Ne tumi mu na wasɔ ano wɔ soro.7

Sɛ Asɔremma ɛnnɛ, ɛbɛtumi ayɛ mmrɛ ama yɛn sɛ yɛde saa animuonyam nokorɛ a ɛnniawieɛ yi bɛdi agorɔ. Na wɔbɛyɛ yɛn su a ɛtɔ so mmienu. Ɛtɔda a ɛboa sɛ yɛbɛhunu wɔ afoforɔ aniwa mu berɛ a wɔsua ho nsɛm foforɔ. Mehunuu yei nansa yi wɔ suahunu bi mu.

Afe a ɛtwaa mu, ansa na wɔresan ate Tokyo Japan Tɛmpol ho no, ahɔhoɔ pii a wɔnnyɛ agyedifoɔ bɛhwɛɛ saa tɛmpol no. Na saa nsrahwɛfoɔ no mu baako yɛ ɔsom foforɔ panin. Yɛkyerɛɛ yɛn hɔhoɔ yi faa Soro Agya anigyeɛ nhyehyɛeɛ no, Yesu Kristo dwuma titirie a Ɔdi wɔ saa nhyehyɛeɛ no mu, ne nkyerɛkyerɛ sɛ abusua bɛtumi atena ɛnniawieɛ ɛnam nsɔano ayɛyɛdeɛ so.

Nsrahwɛ no awieeɛ no, metoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkyɛ n’atenka. Ɛfa abusua nsɔano ho—deɛ atwam , mprenpren, ne daakye—saa owura pa yi bisaa wɔ nokorɛ mu sɛ: “Na so mo nsɔremma no te saa nkyerɛkyerɛ nwanwasoɔ yi ase paa yie?” Ɔde kaa ho sɛ, “Yei bɛtumi ayɛ nkyerɛkyerɛ baako a ɛbɛtumi aka ewiase a agyigya yi abom.”

Deɛn nhwɛeɛ kɛseɛ ni. Saa papa yi annya nkanyan amfiri tɛmpol dan fɛɛfɛ no mu na mmom ɔnya firii nkyerɛkyerɛ sononko sɛ abusua bɛtumi abɔ mu wɔ Soro Agya ne Yesu Kristo mu a ɛnnieawieɛ8

Ɛnni sɛ ɛyɛ yɛn nwanwa sɛ obi a ɔnka yɛn gyidie ho bɛhunu animuonyam kɛseɛ a ɛwɔ tɛmpol ayɛyɛdeɛ mu. Deɛ yɛtaa hunu anaa ɛnyɛ adeɛ foforɔ ma yɛn no, ɛtɔda a afoforɔ hunu no wɔ animuonyam kwan kɛseɛ so berɛ a wɔbɛte ho asɛm deɛ ɛdi kan.

Ɛwɔm sɛ na tɛmpol wɔ hɔ tete, ɛnam asɛmpa a wɔasan de aba no, tɛmpol sie yɛ ahiadeɛ pa ara baako ma nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa firi Nkɔmhyɛni Joseph Smith pɛn so. Na ɛnnyɛ den sɛ wobɛte aseɛ sɛnti.

Berɛ a na Nkɔmhyɛni Joseph rekyerɛkyerɛ fa awufoɔ asubɔ ho no, ɔdaa nokorɛ kɛseɛ baako nso adi. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ “Momma mensi so dua mma mo sɛ saa nkyerɛkyerɛ fa awufoɔ ne ateasefoɔ ho no, yɛntumi mmu ani ngu so, sɛdeɛ ɛfa yɛn nkwagyeɛ ho. Na wɔn nkwagyeɛ hia na ɛfata ma yɛn nkwagyeɛ, … sɛ wɔnka yɛn ho a wɔrentumi nyɛ pɛ—na yɛnka yɛn awufoɔ ho a yɛrentumi nyɛ pɛ”9

Sɛdeɛ yɛn ahunu hia a tɛmpol hia ne dwumadie a yɛdi ma ateasefoɔ ne awufoɔ no da adi pefee.

Ɔsɛefoɔ no ayɛ krado. Ayɛyɛdeɛ ne apam a yɛyɛ wɔ tɛmpol no na ɛsi ne tumi ho kwan na ɔyɛ deɛ ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛsi ano kwan. Adɛn nti? Esiane sɛ ɔnim tumi a εwɔ saa adwuma no mu. Berɛ a wɔrete tɛmpol biara ho no, na Yesu Kristo nkwagyeɛ tumi no reyɛ kɛseɛ wɔ wiase sɛ ɛbɛsi ɔseifoɔ no kwan na agye yɛn berɛ a yaba Ne nkyɛn Berɛ a tɛmpol ne apam korafoɔ redɔɔso no, oseifoɔ no yɛ merɛ.

Wɔ Asɔre no mfiaseɛ no, na ebinom dwene ho berɛ a wɔbɛka tɛmpol foforɔ sie ho asɛm, na wɔka sɛ, “Yɛntumi nhyɛ aseɛ nsi tɛmpol wɔ berɛ a hɛɛl dɔn remmɔ.” Nanso Brigham Young de akokoduro kaa sɛ, “Mepɛ sɛ mete sɛ ɛrebɔ bio.”10

Wɔ saa ewiase yi, yɛntumi nnwane ntɔkwa no, nanso yɛbɛtumi anya tumi wɔ ɔtamfo no so. Saa tumi ne ahoɔden no firi Yesu Kristo hɔ berɛ a yɛreyɛ na yɛadi tɛmpol apam so.

Titenani Russell M. Nelson akyerɛ sɛ: “Berɛ bi reba a wɔn a wɔmmu Awurade no wɔbɛte wɔn afiri wɔn a wɔyɛ setie ho. Yɛn nsiakyibaa mapa ne sɛ yɛbɛkɔso afata sɛ yɛbɛtumi awura Ne fie kronkron no mu.”11

Deɛ ɛdidi soɔ yi yɛ nhyira bɔhyɛ ahodoɔ a Nyankopɔn de ama yɛn nam Ne Nkɔmhyɛni so.

Wohia anwanwadeɛ? Yɛn nkɔmhyɛni aka sɛ: “Mehyɛ wo bɔ sɛ Awurade de anwanwadeɛ a Ɔnim sɛ wohia berɛ a worebɔ afɔdeɛ asom wɔ Ne tɛmpol mu.”12

Wohia ayaresa ne denhyɛ tumi wɔ Agyenkwa Yesu Kristo hɔ? Titenani Nelson ma yɛn awerɛhyɛm sɛ “biribiara a wɔkyerɛ wɔ tɛmpol no … ma yɛn nteaseɛ wɔ Yesu Kristo mu dɔɔso… Sɛ yɛkora yɛn apam a, Ɔma yɛn N’ayaresa denhyɛ tumi no.” Ɛna, sɛdeɛ yɛbɛhia Ne tumi wɔ nna a ɛdi anim no.13

Wɔ Mmerɛnkɛnson Kwasiada a ɛdi kan berɛ a Yesu Kristo wuraa Yerusalem nkunim so no, Yesu Kristo akyidifoɔ no de ahurusie teaam yii Nyankopɔn ayɛ sɛ “Nhyira nka ɔhene a ɔba wɔ Awurade no din mu.”14

Fa a ɛfata sɛ wɔ Mmerɛnkɛnson Kwasiada afe 1836, Kirtland Tɛmpol no wɔtee ho. Wɔ saa da no na Yesu Kristo akyidifoɔ no nso wɔ anigyeɛ mu. Wɔ saa nte ho mpaeɛ no mu, Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa saa ayeyie nsɛm yi:

“O Awurade Nyankopɔn Tumfoɔ, tie yɛn, na ma yɛn mmuaeɛ mfiri soro, a wo tenabea kronkron, faako a wote ahennwa soɔ, a wowɔ animuonyam, tumi, kɛseyɛ, ahoɔden.

“Na fa wo Honhom tumi no boa yɛn, ama yɛde yɛn nne afra saa sarafoɔ a wɔhyerɛn na wɔyɛ hyerɛnn a wɔatware w’ahennwa no ho no, na yɛde ayeyie nkamfoɔ, ato hosana ama Onyankopɔn ne Odwammaa no!

“Na ma wɔmfa w’ahotefoɔ no mfa anigyeɛ nteatea mu denden so.”15

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛnɛ yɛ Mmerɛnkɛnsono Kwasiada, moma yɛn sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ nso nyi yɛn Nyankopɔn kronkron no ayɛ na yɛnni ahurusie wɔ Ne papayɛ mu. “Afei, deɛn na yɛte wɔ asɛmpa no a yɛanya no mu? Nokorɛ “anigyeɛ nne!”16

Medi adanseɛ sɛ wobɛte saa anigyeɛ yi mmorosoɔ berɛ a wokɔ Awurade fie kronkron no. Medi adanseɛ sɛ wobɛte anigyeɛ a Ɔwɔ ma wo nso nka. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim