Amansan Nhyiamu
Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ no
Oforisuo 2023 amansan nhyiamu


Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ no

Wama yɛn twerɛsɛm a ɛbɛkyerɛ yɛn abrabɔ kwan. Me nkrasɛm nnɛ no yɛ yɛn Agyenkwa no nsɛm nyiyimu—nea ɔkaae.

Yɛgye Kristo di. Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ no mufoɔ yi, yɛsom No na yɛdi Ne nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ twerɛsɛm mu no akyi.

Ansa na Ahweaseɛ no reba no, yɛn Soro Agya kasa kyerɛɛ Adam ne Hawa animu ne animu. Ɛno akyi no, Agya no de Ne Ba a Ɔwoo no Korɔ, Yesu Kristo, kyerɛɛ sɛ yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ na ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ sɛ “yɛntie No.”1 Yefiri saa akwankyerɛ yi mu de ba awieɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ twerɛsɛm mu twerɛtohɔ a ɛfa nsɛmfua a “Onyankopɔn” anaa “Awurade” kae ho no yɛ Yehowa, yɛn Awurade Yesu Kristo a wasɔre no nsɛm berɛ nyinaa.2

Wama yɛn twerɛsɛm a yɛde bɛkyerɛ yɛn abrabɔ kwan. Sɛnea nkɔmhyɛni Nifae kyerɛkyerɛɛ yɛn no, ɛsɛ sɛ “yɛdi Kristo nsɛm so; ɛfiri sɛ hwɛ, Kristo nsɛm bɛkyerɛ mo nneɛma nyina ara deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.”3 Twerɛsɛm dodoɔ no ara a ɛbɔ Yesu som adwuma ho amanneɛ no yɛ nea Ɔyɛɛe no ho nkyerɛkyerɛmu. Me nkrasɛm nnɛ no yɛ yɛn Agyenkwa no nsɛm nyiyimu—nea ɔkaae. Yeinom yɛ nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Apam Foforɔ no (ɛyɛ Joseph Smith nkanyan nkekaho no ka ho) ne Mormon Nwoma no mu. Saa nsɛm ahodoɔ yi mu dodoɔ no ara wɔ nnidisoɔ nnidisoɔ a yɛn Agyenkwa no kasaa wɔ mu.

“Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, sɛ wɔanwo onipa wɔ nsuo ne Honhom mu a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahemman mu.”4

Nhyira ne wɔn [a ] tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, ɛfiri sɛ wɔde Sunsum Kronkron no bɛhyɛ wɔn ma.”5

“Nhyira ne asomdwoeɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.”6

“Moate sɛ tetefoɔ no kaa sɛ: Nsɛe awareɛ.

“Nanso mese mo sɛ, Obiara a ɔhwɛ ɔbaa sɛ ne kɔn dɔ no no, ɔne no asɛe awareɛ dada wɔ n’akoma mu.7

“Moate sɛ wɔaka sɛ: Dɔ wo yɔnko, na tan wo tamfo.

“Nanso mese mo sɛ: Monnɔ mo atamfo, monhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yie, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo na wɔyi mo ma;

“Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi ayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue wɔ abɔnefoɔ ne papafoɔ so, na ɔma nsuo tɔ gu ateneefoɔ ne amumuyɛfoɔ so.”8

“Sɛ mode nnipa bɔne kyɛ wɔn a, mo soro Agya nso de bɛkyɛ mo.

“Nanso sɛ moamfa nnipa mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”9

“Sɛ moyɛ wiasefoɔ a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa deɛ: nanso esiane sɛ monyɛ wiasefoɔ, na mmom mapaw mo afiri wiase mu, ɛno nti wiase tan mo.”10

“Enti, monnhwehwɛ wiase yi mu nneɛma na mmom monhwehwɛ kane sɛ mobɛkyekyere Onyankopɔn ahennie, na moahyɛ ne tenenee, na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.”11

“Ɛno nti, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, monyɛ saa ara nso mma wɔn, na yei ne mmara no ne nkɔmhyɛfoɔ no.”12

“Monhwɛ nkɔmhyɛfoɔ atorɔfoɔ a, wɔba mo nkyɛn wɔ odwan nwoma ntoma mu no , nanso wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ no yie.

“Wɔn aduaba na ɛbɛma mo ahunu wɔn. Nnipa tete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete wɔ hwerɛmo so?

“Saa ara nso na dua papa biara so aduaba pa; na mmom dua a aporɔ so aduaba bɔne.”13

“Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu; na mmom deɛ ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro apɛdeɛ no.”14

“Mommra me nkyɛn, mo a moasoa mo nnesoa abrɛ nyinaa, na mɛma mo ahome.

“Momfa me kondua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.

“Na me kondua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.”15

“Sɛ obi bɛdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyiri, na ɔmfa n’asɛndua na ɔnni m’akyiri.

“Na afei sɛ onipa bi bɛfa n’asɛndua, ne sɛ ɔbɛpa ne ho akyiri wɔ amumuyɛ nyinaa ne wiase akɔnnɔ nyinaa mu, na wadi me mmaransɛm so.”16

“Enti, monnya wiase no, na monnye mo kra nkwa; ɛfiri sɛ mfasoɔ bɛn na onipa bɛnya, sɛ ɔnya wiase nyinaa, na ɔhwere n’ankasa ne kra a? Anaasɛ deɛn na onipa bɛma de ahyɛ ne kra ananmu?”17

“Sɛ obi bɛyɛ ne pɛ a, ɔbɛhunu nkyerɛkyerɛ no, sɛ ɛfiri Nyankopɔn mu, anaasɛ me kasa fa m’ankasa me ho.”18

“Na mese mo sɛ, Mommisa, na wɔde bɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommɔ mu, na wɔbɛbue ama mo.

“Na obiara a obisa no nya; na deɛ ɔhwehwɛ no hunu; na nea ɔbɔ mu no, wɔbɛbue ama no.”19

“Mewɔ nnwan foforɔ, a wɔmfiri saa ban yi mu: ɛsɛ sɛ mede wɔn nso meba, na wɔbɛtie me nne; na ayɛ kuo baako ne odwanhwɛfoɔ baako.”20

“Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, Me ne owusɔreɛ no, ne nkwa no: deɛ ɔgye me di no, w’awu mpo a, ɔbɛnya nkwa:

“Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no renwu da.”21

“[Mmaransɛm kɛseɛ a ɛwɔ mmara no mu yɛ yei:] Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.

“Yei ne mmaransɛm no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

“Wɔ saa mmransɛm mmienu yi so na mmara ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sensɛn.”22

“Deɛ ɔwɔ me mmaransɛm na ɔdi soɔ no, ɔno na ɔdɔ me: na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na mɛdɔ no, na mɛda me ho adi akyerɛ no.”23

“Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo: ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma, na mede mema mo. Momma mo akoma ntutu, na mommma no mmɔ hu.”24

“Yei ne me mmaransɛm, Sɛ monnodɔ mo ho mo ho, sɛnea madɔ mo no.”25

“Hwɛ me nsa mu ne me nan, sɛ ɛyɛ me ara: monsɔ me mu, na monhwɛ; ɛfiri sɛ honhom nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ no.”26

“Enti monkɔ nkɔkyerɛkyerɛ aman nyinaa, na mommɔ wɔn asu wɔ Agya ne Ɔba ne Sunsum Kronkron no din mu:

“Monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni biribiara a mahyɛ mo no so: na hwɛ, meka mo ho daa, mpo de kɔsi wiase awieɛ.27

Ne som adwuma akyiri wɔ asase Kronkron no so no, Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ ateneneefoɔ a wɔwɔ Amerika asasepɔn no so. Weinom ne nsɛm bi a Ɔkaa wɔ hɔ no bi:

“Monhwɛ, mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no. Me na mebɔɔ ɔsoro ne asase, ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa. Na me ne Agya no na ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ no. Mewɔ agya no mu, na Agya no wɔ me mu; na me mu na Agya no ahyɛ ne din animuonyam.”28

“Mene wiase hann ne ne nkwa. Mene Alfa ne Omega, ahyɛaseɛ ne awieeɛ no.

“Na mommfa mogya mmɔ afɔreɛ mma me bio; aane, mo afɔrebɔ ne mo hyeɛ afɔrebɔ no, mo bɛgyae, ɛfiri sɛ merennye mo afɔrebɔ ne mo hyeɛ afɔrebɔ no mu biara ntom.

“Na afɔreɛ a mobɛbɔ ama me ne akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ. Na obiara a ɔde akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ ba menkyɛn no, ɔno na mede ogya ne Sunsum Kronkron no bɛbɔ no asu. …

“Hwɛ, maba wiase sɛ mede ogyeɛ bɛbrɛ wiase, sɛ meregye wiase afiri bɔne mu.”29

Na bio, mese mo sɛ, monsakyera, na wɔmmɔ mo asu wɔ me din mu, na mo mmɛyɛ sɛ akwadaa ketewa, anyɛ saa a ɔkwan biara nni hɔ a ɛbɛma mo anya Onyankopɔn ahennie no adi.”30

“Ɛno nti mɛpɛ sɛ mobɛyɛ sɛ me mpo, anaasɛ sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no.”31

Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ monwɛn na mommɔ mpaeɛ da biara, ama ɔbonsam no ansɔ mo anhwɛ , na wɔamfa mo ankɔ nnommum mu.”32

“Ɛno nti ɛsɛ sɛ mobɔ mpaeɛ da biara kyerɛ Agya no wɔ me din mu.”33

“Enti, biribiara a mobɛyɛ no, monyɛ no me din mu; ɛno nti mobɛfrɛ asɔre no wɔ me din mu.”34

“Monhwɛ mede m’asɛmpa no ama mo, na yei ne asɛmpa no a mede ama mo no—sɛ mebaa wiase bɛyɛɛ m’Agya no pɛ, ɛfiri sɛ m’Agya na ɔsomaa me.

“Na m’Agya somaa me sɛ wɔbɛma me so wɔ asɛndua no so; na wɔama me so wɔ asɛndua no so akyire yi no, ama matumi atwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn … na mabu wɔn atɛn wɔ wɔn nwuma ho, sɛ wɔyɛ papa anaa sɛ wɔyɛ bɔne.”35

“Afei yei ne mmaransɛm no: Monsakyera, mo a mowɔ asase ano nyinaa , na mommra me hɔ na wɔmmɔ mo asu wɔ me din mu, ama Sunsum Kronkron no a mobɛnya no atumi ate mo ho, ama moatumi agyina m’anim wɔ da a ɛtwa toɔ no mu a nkekaawa biara nni mo ho.”36

Yɛgye Kristo di. Mede deɛ Ɔka faa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhunu na yɛdi Ne nkyerɛkyerɛ akyi no bɛwie:

“Nanso Ɔwerɛkyekyefoɔ no, a ɔyɛ Sunsum Kronkron no, a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no, ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa , na ɔbɛkae mo nneɛma a maka akyerɛ mo no nyinaa.”37

Mesi so dua sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nokorɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim