2018
Nneɛma mmiɛnsa ɛwɔ sɛ yɛkae
February 2018


Mmabunu

Nneɛma mmiɛnsa ɛwɔ sɛ yɛkae

Asɛmfua kae da adi pii wɔ Mormon Nwoma no mu. Nifae hyɛɛ ɔnuanom nkuran sɛ wɔnkae sɛdeɛ Nyankopɔn gyee wɔn agyanom. Ɔhene Benjamin srɛɛ ne nkorɔfoɔ sɛ wɔnkae Onyankopɔn kɛseyɔ. Na Moroni hyɛ n’akenkanfoɔ sɛ wɔnkae sɛdeɛ Awurade no ahummɔbrɔ teɛ.

Sɛyɛbɛkae Agyenkwa no yɛ ahiadeɛ--yɛahyɛ apam sɛ yɛbɛkae No aberɛ biara a yɛbɛfa adidikronkron no. Titenani Eyring to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnkae nneɛma mmiɛsa wɔ adidikronkron mu:

  1. kae Yesu Kristo kenkan twerɛsɛm fa sɛdeɛ Agyenkwa no somm yɛ na ɔkyerɛɛ afoforɔ ɔdɔ. Sɛn na wote Nedɔ nka? Sɛn na wobɛtumi asom na wakyerɛ ɔdɔ akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ Agyenkwa no yɛɛ?

  2. kae deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ no yie: fa nnuhuu akoma dwene nnawɔtwe a atwa mu no ho. Yi adeɛ baako a wobɛtumi asesa, na twerɛ sɛdeɛ wobɛmi atu mpɔn Fa wo botai no bɔ baabi a wobɛtai ahu.

  3. kae mpontuo a woretu: bisa Awurade sɛ Ɔmoa wo ma wonhu mpontuo a woretu. Twerɛ atinka a wo nya.

Yɛnnwie pɛyɛ, nanso Agyenkwa no nim saa. Ɛno nti na Ɔsrɛ yɛn sɛ yɛn kae no. Yɛkae No a ɛma yɛn anidasoɔ na ɛboa ma yɛ nya ɔpɛ sɛ yɛbɛtu mpɔn. Mpo ɛtɔ da na yantumi ankae no a, Titenani Eyring sɛ, “Ɔkae wo berɛ biara.”

Tintim