2018
Kae No Dabiara
February 2018


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔgyefuo 2018

Kae No Dabiara

Wobɛtumi ne me atwa nkɔmhyɛni Moroni ho mfoni berɛ na ɔretwerɛ ne nsɛm a ɛtwa toɔ agu Mormon Nwoma no mu? Na aka nenkoa Na wahu ne man, ne nkorɔfoɔ, ne n’abusua sɛ wɔn ahwease. na akoko-akoko wɔ asaase no so saa (Mormon 8:8). Nanso na ɔwɔ anidasoɔ, na wahunu yɛn mmerɛ yi! Wɔ nea ɔtwerɛɛ nyinaa mu no, ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛn nkae (hwɛ Moroni 10:3).

Na Titenani Spencer W. Kimball (1895–1985) tai kyerɛ sɛ asɛmfua a ɛsombo paara bɛtumi ayɛ kae. Esaine sɛ yɛ ne Nyankopɔn ahyɛ apam nti, ɔsee “yɛn ahiasɛm kɛseɛ paa ne sɛ yɛbɛkae”.1

Wobɛhu asɛmfua kae wɔ twerɛsɛm no mu pii Berɛ aNifae tuu ne nuanom fo no, ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔn nkae Awurade no nsɛm na wɔn nkae sɛdeɛ Nyankopɔn gyee wɔn agyanom (hwɛ 1 Nifae 15:11, 25; 17:40).

Wɔ n’akwangya nkransɛm mu no, Ɔhene Benjamine kaa asɛmfua kae mprɛn nson. Na ɔwɔ anidasoɔ sɛ ne nkorɔfoɔ no bɛkae “Onyaankopɔ kɛseyɔ… ne Ne papayɛ ne N’abodwokyerɛ” a Ɔwɔ ma wɔn (Mosiah 4:11; hwɛ aha nso 2:41; 4:28, 30; 5:11–12).

Berɛ a Agyenkwa hyɛhyɛɛ adidi kronkron no, ɔtoo nsa frɛɛ n’asuafoɔ sɛ wɔnni mfa nkae” N’afɔrebɔ (Luke 22:19). Berɛ a Agyenkwa hyɛhyɛɛ adidi kronkron no, ɔtoo nsa frɛɛ n’asuafoɔ sɛ wɔnni mfa nkae” N’afɔrebɔ berɛ biara di asɛmfua kae anim (hwɛ D&C 20:77, 79).

Me nkrasɛm yɛ ɔfrɛ, mpo kyɛwpa, sɛ yɛn nkae. Ɛnneɛma miɛnsa a wobɛtumi akae berɛ a worefa adidi kronkron no nnawɔtwe biara. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɛbɛboa mo, sɛdeɛ aboa me no.

Kae Yesu Kristo

Deɛ ɛdikan, kae Agyenkwa no. Kae nipa a-na ɔyɛ berɛ a na ɔwɔ asaase so, sɛdeɛ na ɔkasa, ne sɛdeɛ ɔkyerɛɛ ayemyɛ. Kae wɔn a Ɔne wɔn nanteeɛ ne deɛ Ɔkyerɛɛ wɔn. Na Agyenkwa no” nam reyɛ papa” (Acts 10:38). Ɔsaa ayarefoɔ yareɛ. Na wasi agyinaeɛ sɛ Ɔbɛyɛ N’Agya apɛdeɛ.

Nenyinaa mu kɛseɛ no, yɛbɛtumi akae ɛka kɛseɛ a Ɔtuaaɛ, ɛnam ɔdɔ a Ɔwɔ ma yɛn, de hohoro yɛn bɔne. Berɛ a yɛɛkae no no, yɛbɛnya ɔpɛpa de adi N’akyi. Yɛbɛpɛ sɛ yɛbɛnya ayemyɛ, yɛde bɔne bɛkyɛ na yɛahwehwɛ Nyankopɔn apɛdeɛ na yɛadi so.

Kae deɛ ɛwɔ sɛ woyɛ no yie

Ɛyɛ den sɛ wobɛdwene Agyenkwa no ho—ne kronkron yɛ ne ne pɛpɛɛpɛ yɛ--a wo nhunu sɛ wommɛn no koraa sɛ wode no toto wo ho a. Yɛahyɛ apam sɛ yɛbɛdi ne mmransɛm so, nanso yɛtai bu N’ahyɛdeɛ so. Nanso Agyenkwa no nim sɛ saa bɛsi, ɛno nti na wama yɛn ayɛdeɛ a ɛyɛ adidikronkron.

Adidikronkron no nhini wɔ Apam Dadaw no afɔrebɔ mu, a na bɔne keka ho (hwɛ Leviticus 5:5). Yɛmmfa mmoa mmɔ afɔreɛ biom, nanso yɛbɛtumi agyai yɛn mmɔne mu. Twerɛsɛm no frɛ saa aforebɔ yi sɛ “akoma a abubu ne honhom a ɛdwoɔ” (3 Nephi 9:20). Twerɛsɛm no frɛ saa aforebɔ yi sɛ “akoma a abubu ne honhom a ɛdwoɔ (hwɛ D&C 59:12; Moroni 6:2). Sɛ wo yɛ saa a, wobɛnyaa bɔnefakyɛ na wonnyera mfiri kwan a ɛkɔ Nyankopɔn nkyɛ no.

Kae mpontuo a woretu

Berɛ a worehwehwɛ w’abrabɔ mu wɔ adidikronkron mu no, megyidi sɛ ɛnnyɛ wobɔne nkoa na wo dwene ho na wodwene papa no nso ho—berɛ a wotee nka sɛ Soro Agya no ne Agyenkwa no ani agye wo ho. Wobɛtumi agye sima wɔ adidikronkron no mu de asrɛ Nyankopɔn sɛ Ɔmoa ma wonhu saa nneɛma no. Sɛ wo yɛ a, mehyɛ wo bɔ sɛ wobɛnya atenka bi. Wobɛnya anidasoɔ

Berɛ a mɛyɛ saa no, Honhom no ma me awerɛhyɛm sɛ ɛwom sɛ me mmmɛn pɛpɛɛpɛyɛ, nanso meyɛ ɛnɛ kyɛn ɛneda. Na wei ma me ahotɔsoɔ sɛ, esiane Agyenkwa no nti, mɛtumi atu mpɔn ɔkyena.

berɛ biara yɛ berɛ tenten, na ɛhia nketeesie. Wonim sɛ ɛyɛ den paa sɛ wobɛdwene adeɛ baako ho saa aberɛ biara. Nanso ɛmfa ho ne sɛdeɛ wodi wo bɔhyɛ so sɛ wobɛkae no berɛ biara, Ɔkae wo berɛ biara.

Agyenkwa no nim w’akwansideɛ Ɔnim sɛdeɛ ɛteɛ sɛ ɛwiase mu haw bɛhyɛ wo so. Ɔnim hia a wo hia nhyira a ɛwɔ sɛ yɛbɛkae No berɛ biara na yayɛ N’apɛdeɛ—“sɛdeɛ [wo]bɛtumi berɛ biara anya ne Honhom no aka [wo] ho” (D&C 20:77;).

Nti, Ɔma wo akwaaba ba adidi kronkron ponn no anim nnawɔtwe biara, san ma wo akwannya sɛ di adanseɛ wɔ N’anim sɛ wobɛkae no berɛ biara.

Atwerɛ

  1. Spencer W. Kimball, “Circles of Exaltation” (address to Church Educational System religious educators, June 28, 1968), 5.

Tintim