2018
Hu no ne n’abusua
February 2018


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔgyefuo 2018

Hu no ne n’abusua

Nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ yɛ sɛ yɛbɛhu ɔbaa biara wɔ ɔdɔ mu sɛdeɛ yɛbɛtumi ahyɛ ne gyidie den na yasom no.

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Rita Jeppeson ne ne nsrahwɛ kyerɛfoɔ abɛyɛ ayɔnkofoɔ papa wɔ nsrahwɛ mu ne asɛmpa no kyɛ mu. Nanso na agorɔ ka wɔn nsrahwɛ no ho. Ɛno ne adeɛ a Rita anigye ho wɔ nsrahwɛ kyerɛfoɔ ho esiane sɛ ɔnim sɛ wɔyɛ ayɔnkofoɔ na ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ “twerɛ krataa” so kɛkɛ sɛ wɔn ayɛ. Nneɛma pii wɔ hɔ a mmaa bɛtumi ayɛ wɔ nsrahwɛ mu, ebi ne sɛ wɔbɛnante anaa wɔbɛdɔ mfikyire berɛ mmofra no redi agorɔ.

Ɛlda Jeffrey R. Holland a ɔka Dumienu Kuo no ho aka sɛ “Hu wo ho sɛ Awurade somafoɔ ma Ne mma. … Yɛwɔ anidasoɔ … bi sɛ mobɛhyɛ berɛ a mode asɛmpa bɛyɛ adwuma akyerɛ ɔdɔ, ahwɛ aboa obiara wɔ honhom ne honam fa mu wɔ kwan biara a monim sɛ ɛbɛboa so.”1

Awurade no hyɛɛ mmra faa Moses so maa Israelfoɔ sɛ “ɔnanani na ɔka mo ho no bɛyɛ tesɛ nea wɔwɔɔ no wɔ mo mu, na monnɔ no sɛ mo ho” (Lewitikos 19:34). Mmaa a yɛsra wɔn no, yɛ “ahɔhoɔ” ma yɛn berɛ a yɛhyɛ aseɛ sɛ yɛrekyerɛ wɔn adeɛ, nanso berɛ a yɛbɛhu wɔn yie ne wɔn mmusua no, yɛn pɛ bɛnyini sɛ yɛbɛsoa wɔn nnesoa, ma ayɛ ha ama wɔn” na yakoma bɛbom wɔ ɔdɔ ne baakoyɛ mu”(Mosiah 18:8, 21).

Reyna I. Aburto, Fotufoɔ Ɔtɔ so Mmienu wɔ Amansan Mmakuo Atitenafoɔ mu, kaei berɛ a ɔbaa asɔre no mu foforɔ a na n’awareɛ guuiɛ nkyɛɛ. ɔkaa sɛ, “Me nsrahwɛ akyerɛfoɔ baa me fie, na wɔn de ɔdɛw bi ne anigyeɛ sononko baa m’akoma mu.”2

Dwene Wei ho

Wɔ abusua a wosra no, ɛdeɛn na ɛbɛsi a ɛhia sɛ wobɛkae?

Atwerɛ

  1. Jeffrey R. Holland, “Ɛkɔ ma Mabaawa,” Liahona, Nov. 2016, 62.

  2. Reyna I. Aburto, “What Has Relief Society Been for Me?” Brigham Young University Women’s Conference, May 5, 2017, LDS.org.

Tintim