2018
Bɔ mpaeɛ ma Onuabaa biara
March 2018


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔgyefuo 2018

Bɔ mpaeɛ ma Onuabaa biara

Sɛ yɛbɔ mpaeɛ ma onuabaa biara a yɛsra a, yɛn dɔ ne nkuranhyɛ bɛkɔ soro ama wɔn.

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Mfoni
Relief Society nsɔano

Twerɛsɛm no ma yɛn nhwɛsoɔ pii fa mmaa ne mmarima a wɔbɔɔ mpaeɛ maa afoforɔ. Wɔn mu baako a ne deɛ da adi paa ne Alma kumaa papa. Na ɔsoro bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Alma Kuma sɛ ne papa “de gyedie kɛseɛ bɔɔ mpaeɛ wɔ wo ho…; yei nti na maba sɛ merebɛma wahunu Onyankopɔn tumi ne akwanya a ɔwɔ ama wahunu sɛ Onyankopɔn tie n’asomfoɔ mpaebɔ sɛdeɛ wɔn gyedie teɛ” (Mosiah 27:14).

Sɛ yɛbɔ mpaeɛ ma yɛn ho yɛnho a, ebie yakoma mu ma yɛnya nhyira a Awurade pɛ sɛ yɛnya. “Ɛnnyɛ mpaebɔ botaeɛ ne sɛ yɛbɛsesa Nyankopɔn pɛ, na mmom sɛ yɛbɛgye nhyira Nyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ ama yɛn dadaw, nan so ɛwɔ sɛ yɛbisa ma Ɔde ma yɛn.”1

Onuabaa baako kaa sɛ ɛduruu berɛ a na ɛmu ɛɛden no, ne nsrahwɛni no frɛ no wɔ tetefon so anaa ɔto no nkrasɛm wɔ “berɛ a esum aduru no.” Na asɛ wɔnim berɛ korɔ a na ɔhia nkanyan. Na ɔnim sɛ wɔbɔ mpaeɛ ma no wɔ wɔn afie mu ne berɛ a wɔkɔsraa no no.

“Dwene ahoɔden a anka yɛbɛnya sɛ anuanom mmaa nyinaa bɔ mpaeɛ anɔpa ne anwumere a, anaa mpo, bɔ mpaeɛ a ɔmmerɛ da sɛdeɛ Awurade ahyɛ no,” Julie B. Beck, Amansan Mmaa kua titenani a watwam na ɔkaaɛ.2 Sɛ yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn a yɛsra a, ɛhyɛ yɛn den sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ mmaa

Titenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ Atitenafoɔ a Wɔdikan no aka sɛ: “Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ wobɛ hu wɔn akoma. … Ɛhia sɛ wobɛhu deɛ Nyankopɔn pɛ sɛ wo yɛ de boa wɔn na watumi ayɛ no sɛdeɛ wahoɔden bɛtumi biara, wɔ Nyankopɔn dɔ kwan so.”3

Atwerɛ.

  1. Twerɛsɛmmu Akwankyerɛ

  2. Julie B. Beck, “What Latter-day Saint Women Do Best: Stand Strong and Immovable,” Liahona, Nov. 2007, 110.

  3. Henry B. Eyring, “Priesthood and Personal Prayer,” Liahona, May 2015, 85.

Tintim