2018
Siesie wo ho bɛtie Nyankopɔn Nne
March 2018


Mmabunu

Siesie wo ho bɛtie Nyankopɔn Nne

Titenani Uchtdorf kyerɛ mu sɛ Nyankopɔn bɔɔ nipa wieɛ no, adeɛ a Ɔdii kan yɛɛ ne sɛ Ɔkasakyerɛɛ wɔn maa wɔn akwankyerɛ ne nsɛm a ɛsombo paa. Yɛnya saa nhyira korɔ noaa wɔ Oforisuo ne Ahinime mu wɔ amansan nhyiamu ase, berɛ a Asɔre mpanyinfoɔ ma yɛn afutuo a Awurade pɛ sɛ yɛtie.

Wonam Awurade akoa so ate Awurade nne wɔ amansan nhyiamu pɛn? Wanya atinka bi da sɛ nkrasɛm bi ayi wasɛmmisa bi a wahwehwɛ ɛho mmuaɛ akyɛ ano? Wobɛtumi atwerɛ ato hɔ wɔ wo nwoma mu na wakyerɛ sɛdeɛ ɛsiiɛ. Afei siesie wo ho sɛ wobɛte Awurade nne wɔ nhyiamu a ɛɛba yi, twerɛ nsɛmmisa a wanya afiri wo twerɛsɛm sua mu to hɔ. Bɔ mpaeɛ na bisa Soro Agya sɛ Ɔmma wo nya mmuaɛ ne nhunumu wɔ nhyiamu no mu. Berɛ a woretie Awurade nkoa no, ma w’adwene nko wankasa watinka so. Deɛn na wasua. Sɛn na wo nyaa nkuranhyɛ sɛ sakra? Twerɛ atinka a wonyaaɛ no to hɔ esiane sɛ Honhom no rekasa kyerɛ wo!

Kai daa sɛ Soro Agya dɔ wo daa na ɔbɛma wo akwankyerɛ papa. Berɛ a worebɔ mmɔden sɛ wobɛteNe nne afa Ne nkoa so no, ɔbɛhyira wo na wahyɛ wo nkuran.

Tintim