2018
Onyankopɔn Asɛm ma Ne Mma
March 2018


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ne Nsrahwɛ Nkransɛm, ɔbɛnem 2018

Onyankopɔn Asɛm ma Ne Mma

Twerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ adeɛ a ɛdikan a Nyankopɔn yɛɛi berɛ a Ɔbɔɔ nnipa wieɛ ne sɛ ɔbɛkasa akyerɛ wɔn.1 Na Ɔwɔ asɛmhia ne akwankyerɛ a ɛsom bo ma wɔn. Na ɛnyɛ Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛha wɔn, na mmom sɛ Ɔbɛboa wɔn akɔ anigyeɛ ne daapem animuonyam mu

Na na ɛno yɛ mfiaseɛ no kɛkɛ. Ɛfiri saa da no bɛpem ɛnɛ, Nyankopɔn gu so kasa kyerɛ Ne mma. Ne nsɛm no som bo, na yɛkora, na akyidifoɔ sua no wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Wɔn a wɔhwehwɛ Nyankopɔn apɛdeɛ no bu no kronkron na wɔdi nokorɛ no ho adanseɛ sɛ “Awurade Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.”2

Sei na ɛnhyihyɛɛ no tea firi mfitiaseɛ no, na ɛgu so te saa ɛnɛ. Ɛnyɛ Twerɛsɛm mu anansesɛm kɛkɛ; ɛyɛ Nyankopɔn kwan a Ɔfa so de N’ahiasɛm ma Ne mma. Ɔyi nnipa bi firi yɛn mu, frɛ wɔn sɛ nkɔmhyɛfoɔ, na Ɔma wɔn Nensɛm a wɔnka, na Ɔto nsa frɛ yɛn sɛ “yɛnnye no te sɛ deɛ ɛfiri [Ɔno]ara n’anum.”3 Waka sɛ, “ɛyɛ mankasa me nne anaa menkoa nne a, ɛyɛ ade korɔ.”4

Wai yɛ adeɛ a ɛyɛ nkuranhyɛ nkrasɛm wɔ san-fa-ma no mu a anidasoɔ wɔ mu—Nyankopɔn nyɛ mumm. Ɔdɔ ne mma. Ɔnnyaa yɛn sɛ yɛn nante esum mu.

Afe biara mu, yɛnya kwan mprɛnu Oforisuo ne Ahinime mu, tei awurade nne fa ne nkoa so wɔ amansan nhyiamu mu.

Medi adanseɛ sɛ ansah na ɔkasafoɔ bi bɛnante abɛduru pon no anim wɔ amansan nhyiamu no, na wagye berɛ pii abɔ mpaeɛ, asua adeɛ asiesie ne ho yie ama dwumadie no. Nhyiamu nkrasɛm biara gyina hɔ ma nnɔnhwire pii ahosiesie ne akoma mu nkotosrɛ sɛdeɛ yɛbɛnya nteaseɛ wɔ deɛ Awurade pɛ sɛ N’ahoteɛfoɔ tie.

Deɛ na ɛbɛtumi asi, sɛ yɛn atiefoɔ no nso yɛ ahosiesie de hyia akasafoɔ no a? Sɛ anka yɛhu amansan nhyiamu sɛ ɛyɛ berɛ soronko a yɛ nya kwan de tie Nyankopɔn ankasa asɛm a, deɛn nanka yɛbɛyɛ? Ɛnam amansan nhyiamu nsɛm ne nnwom so no, yɛbɛtumi ahwɛ anim sɛ yɛbɛnya yɛn nsɛmmisa ne yɛn haw ho mmuaɛ.

Sɛ ɛyɛ wo nwanwa deɛnti a Soro Agya ankasa bɛkasa akyerɛ wo a, mɛkai wo nsɛm kumaa nwanwasoɔ binom a ɛwɔ mmofra dwom mu: “[woyɛ] Nyankopɔn ba, na Ɔde wo aba ha.” Ne botaeɛ ne sɛ Ɔbɛboa wo ma “wasan akɔ ne nkyɛn bio.”

Sɛ wokɔ Soro Agya anim sɛ Ne ba a, wobɛtumi de akoma pa abisa no sɛ, “di m’anim, ka me ho, boa me ma menhu kwan no. Kyerɛ me deɛ menyɛ nyianaa.” Ɔnam Honhom Kronkron no so bɛkasa akyerɛ wo, na afei aka sɛ wo “bɛyɛ napɛdeɛ.” Mehyɛ bɔ sɛ sɛ wo yɛ a, “nhyira pii wɔ hɔ ma wo.”5

Yɛhia Nyankopɔn mmoa nnɛ te sɛ deɛ asi wɔ wiase abakɔsɛm mu. Berɛ a yɛresiesie yɛn ho atie Awurade asɛm no, moma yɛnhwehwɛ nokorɛ Honhom no sɛdeɛ sɛ Awurade kasa fa Ne nkoa mu a, yɛbɛtumi ate aseɛ, anya nkuranhyɛ, na yɛadi ahurusie abom.6

Medi adanseɛ sɛ “sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, ɔbonsam ntumi ne yɛn nnyina; aane na Awurade Nyankopɔn bɛpamo esum tumi biara afiri yɛakwan mu, na wama soro awoso ama yɛn yiedie na ahyɛ nedin animuonyam.”7

Tintim