Twerɛnsɛm
Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’abusua Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim


“Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’abusua Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim,” Twerɛsɛm Sua Akwan (2021)

“Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’abusua Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim,” Twerɛsɛm Sua Akwan

Mfoni
mmusua a wɔresua twerɛnsɛm

Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’abusua Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim

Daa abusua twerɛsɛm sua yɛ kwan kɛseɛ a ɛbɛboa ama w’abusua asua asɛmpa no. Dodoɔ ne berɛ tenten a mokenkan sɛ abusua no ho nhia te sɛ morebɔ mmɔden ayɛ no daadaa. Sɛ woma twerɛsɛm sua yɛ w’abusua abrabɔ fa bi a ɛho hia a, wobɛboa w’abusuafoɔ ma wɔabɛn Yesu Kristo yie na wɔadi wɔn adanseɛ wɔ N’asɛm fapem so.

Susu nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ho.

  • Sɛn na wobɛtumi ahyɛ abusuafoɔ nkuran ma wɔn ankasa asua twerɛnsɛm no?

  • Deɛn na wobɛtumi ayɛ de ahyɛ abusuafoɔ nkuran ma wɔakyɛ deɛ wɔresua no?

  • Sɛn na wobɛtumi asi nnyinasosɛm a woresua wɔ twerɛnsɛm mu no so dua wɔ daa adekyerɛ berɛ mu?

Kae sɛ efie na ɛyɛ bea a ɛfata ma asɛmpa adesua ne adekyerɛ. Wobɛtumi asua na woakyerɛ asɛmpa no wɔ efie wɔ akwan a ɛrentumi nyɛ yie wɔ Asɔre asuafoɔkuo mu. Fa w’adwene nwene biribi berɛ a woredwene akwan a ɛbɛboa ma w’abusua asua afiri twerɛnsɛm no mu. Susu akwan a ɛdidi soɔ yi binom ho ma w’abusua twerɛsɛm sua kankorɔ.

Fa Dwom yɛ

To nnwom a ɛhyɛ nnyinasosɛm a wɔakyerɛkyerɛ wɔ twerɛnsɛm no mu den.

Mfoni
ɔbarima ne abaayewa resua twerɛnsɛm

Kyɛ Twerɛnsɛm a Nteaseɛ wɔ mu

Ma abusuafoɔ berɛ ma wɔnkyɛ twerɛnsɛm no afa a wɔahunu sɛ ɛhia berɛ a na wɔn ankasa resua no.

Fa W’ankasa Nsɛm

Ma abusuafoɔ mfa wɔn ankasa nsɛm mmɔ deɛ wɔsua firi twerɛnsɛm a mosua no mu tɔfa.

Fa Twerɛnsɛm no yɛ adwuma wɔ W’abrabɔ mu

Mokenkan twerɛnsɛm no fa bi wie a, ma abusuafoɔ nkyɛ akwan a ɔfa no yɛ adwuma wɔ wɔn abrabɔ mu.

Bisa Asɛm

Ma abusuafoɔ mmisa asɛm bi a ɛfa asɛmpa no ho, na afei momfa berɛ nhwehwɛ nkyekyɛmu a ɛbɛtumi aboa ayi asɛmmisa no ano.

Fa Twerɛsɛm bi Kyerɛ

Yi nkyekyɛmu bi a wohunu sɛ ɛhia, na fa sɛn baabi a abusuafoɔ bɛtaa ahunu. Ma abusuafoɔ nyiyi twerɛnsɛm mmaako mmaako nkyerɛ.

Hyehyɛ Twerɛsɛm Nnidisoɔ

Sɛ abusua no, monyiyi nkyekyɛmu bebree a mobɛpɛ sɛ mobɛkasa afa ho wɔ nnawɔtwe a ɛreba no mu.

We Twerɛnsɛm gu wo tiri mu

Yi twerɛsɛm fa bi a ɛho hia ma w’abusua, na ma abusuafoɔ nwe ngu wɔn tiri mu berɛ a wɔti mu dabiara anaasɛ wɔdi nwegutiri mu agorɔ.

Kyɛ Adesua Adeɛ

Hwehwɛ nneɛma a ɛfa ti ne nkyekyɛmu ahodoɔ ho a morekenkan sɛ abusua. To nsa frɛ abusuafoɔ ma wɔnkasa mfa sɛdeɛ adeɛ biara kasa fa nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ twerɛnsɛm no mu ho.

Mfoni
ɔbaa rekyerɛkyerɛ abɔfra

Fa Atifiasɛm bi

Ma abusuafoɔ nyiyi atifiasɛm mmaako mmaako a abusua no bɛbɔ mu asua. Fa Atifiasɛm Akwankyerɛ, Twerɛ Kronkron Nsɛm Asekyerɛ Nwoma, anaa Akwankyerɛ a ɛkɔ Twerɛnsɛm mu (scriptures.ChurchofJesusChrist.org) hwehwɛ twerɛsɛm fa a ɛfa atifiasɛm no ho.

Yɛ Mfonin

Monkenkan nkyekyɛmu kakra bi sɛ abusua, na afei ma berɛ ma abusuafoɔ nyɛ mfonin a ɛfa deɛ moakenkan no ho. Monnya berɛ nkasa mfa mo mu biara mfonin ho.

Monyɛ Ayɛsɛm Yɛkyerɛ

Monkenkan ayɛsɛm bi wie a, ma abusuafoɔ mfa nyɛ ɔyɛkyerɛ. Akyire yi, monkasa mfa sɛdeɛ ayɛsɛm no fa nneɛma a morefa mu sɛ ankorankorɛ, ne abusua ho.

Elder David A. Bednar kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Abusua mpaebɔ biara, abusua twerɛsɛm sua fa biara, ne efie anwummerɛ dwumadie biara yɛ ahyɛnsodeɛ wɔ yɛn akra awedeɛ so. Dwumadie baako biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayi ne ho sɛ ɛyɛ fɛ pa ara anaa werɛ remfiri. Nanso sɛdeɛ akokɔsradeɛ ne sika kɔkɔɔ ne nnodoeɛ mfoniaduro nsensaneeɛ keka bɔ mu yɛ mfonin a ɛyɛ fɛ yie no, saa ara na deɛ yɛhunu no sɛ nneɛma nketewa a yɛkɔso yɛ no daa bɛtumi de honhom mu nsunsuansoɔ a ɛsombo aba” (“Mmɔdemmɔ ne Dadwene wɔ Efie,” Laehona Obubuo 2009, 19-20).

Tintim