Twerɛnsɛm
Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’ankasa Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim


“Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’ankasa Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim,” Twerɛsɛm Sua Akwan (2021)

“Akwan a ɛbɛma W’Ankasa Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim,” Twerɛsɛm Sua Adwenkyerɛ

Mfoni
ɔbaa a ɔresua twerɛnsɛm

Adwenkyerɛ a ɛbɛma W’ankasa Twerɛsɛm Sua Akɔ Anim

Akwan tiawa binom a ɛbɛtumi aboa wo Nyankopɔn asɛm sua wɔ twerɛnsɛm no mu nie.

Bɔ mpaeɛ pɛ nkanyan.

Twerɛnsɛm no kura Onyankopɔn asɛm. Berɛ a woresua no, bisa wo Soro Agya ma ɔmma wo N’akwankyerɛ na gye Ne Honhom sɛ ɛbɛboa wo ma woate aseɛ.

Hwehwɛ Nokorɛ fa Yesu Kristo ho

Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ nneɛma nyinaa di Kristo ho adanseɛ (hwɛ 2 Nifae 11:4; Mose 6:63), enti hwehwɛ No wɔ twerɛnsɛm no abasɛm, ayɛsɛm ne nkyerɛkyerɛ mu. Dwene ho sɛ wobɛtwerɛ anaa wobɛhyɛ nkyekyɛmu a ɛkyerɛkyerɛ fa Agyenkwa no ho nso, ne sɛdeɛ wobɛdi N’akyiri.

Hwehwɛ Nkanyan Nsɛmfua ne Kasasin

Wobɛtumi ahunu sɛ nsɛmfua ne kasasin binom wɔ twerɛnsɛm no mu a ɛma w’ani gye, te sɛdeɛ wɔhyɛɛ da twerɛ maa wo. Ɛbɛtumi ama woate nka sɛ ɛhia ma wo ankasa na ɛkanyan na ɛhyɛ wo nkuran. Dwene ho sɛ wobɛhyɛ wɔn nso wɔ wo twerɛnsɛm mu anaa wobɛtwerɛ biribi afa ho wɔ w’adesua nsɛmma nwoma mu.

Hwehwɛ Asɛmpa no Nokorɛ

Ɛtɔ da a asɛmpa no nokorɛ (yɛtaa frɛ no nkyerɛkyerɛ anaa nnyinasosɛm) no da adi pefee na ɛtɔ da a yɛnya firi nhwɛsoɔ anaa ayɛsɛm bi mu. Bisa wo ho sɛ, “Asɛmpa no nokorɛ bɛn na wɔkyerɛkyerɛ wɔ saa nkyekyɛmu yi mu?”

Tie Honhom no

Yɛ aso ma w’adwene ne w’atenka, mpo berɛ a ayɛ sɛ ɛmfa deɛ worekenkan no ho. Saa nsusuiɛ no bɛtumi ayɛ nneɛma korɔ no ankasa a wo Soro Agya pɛ sɛ wosua na wote nka no.

Mfoni
ɔbaa resua twerɛnsɛm 2

Fa Twerɛnsɛm no toto W’abrabɔ ho

Dwene sɛdeɛ ayɛsɛm ne nkyerɛnkyerɛ a worekenkan no fa w’abrabɔ ho. Sɛ ebia, wobɛtumi abisa wo ho sɛ, “Suahunu bɛn na manya a ɛne deɛ merekenkan no sɛ?” anaasɛ “Mɛyɛ dɛn na matumi adi saa onipa a ɔwɔ twerɛnsɛm mu yi nhwɛsoɔ so?”

Bisa Nsɛm

Worebisa nsɛm fa asɛmpa no ho bɛtumi aboa ama woasi gyinaeɛ wɔ deɛ wobɛsua ho. Berɛ a woresua twerɛnsɛm no, nsɛmmisa nso bɛtumi aba adwene no mu. Saa nsɛmmisa yi bɛtumi afa deɛ worekenkan ho anaasɛ w’abrabɔ mu nyinaa. Susu saa nsɛmmisa yi ho, na hwehwɛ mmuaeɛ berɛ a wokɔso sua twerɛnsɛm no. W’adesua akyire yi no, bisa deɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ wobɛsua aka ho, na hwɛ mmuaeɛ anim wɔ nnɔnhwere anaasɛ nna a ɛreba no mu.

Fa Twerεsεm Sua Mmoa di dwuma

Sɛdeɛ wobɛnya nhumu aka nkyekyɛmu a wokenkan ho no, fa nwoma ase nsɛm no di dwuma, Atifiasɛm Akwankyerɛ, no Twerɛ Kronkron Nsɛm Asekyerɛ Nwoma, no, Akwankyerɛ a ɛkɔ Twerɛnsɛm mu (scriptures.ChurchofJesusChrist.org) ne adesua mmoa afoforɔ.

Dwene Twerɛnsɛm no Nnyinasoɔ ho

Wobɛtumi anya nhumu a nteaseɛ wɔ mu fa twerɛsɛm bi ho berɛ a woredwene ne nnyinasoɔ ho—twerɛsɛm no tebea anaasɛ dibea. Sɛ ebia, wonim nkorɔfoɔ a nkɔmhyɛni bi kasa kyerɛɛ wɔn ase ne wɔn gyedie bɛtumi aboa ama woate adwene a ɛtae ne nkransɛm no akyi.

Mfoni
ɔbarima a ɔresua twerɛnsɛm

Twerɛ Wo Nsusuiɛ ne W’atenka

Akwan bebree wɔ hɔ a wɔfa so twerɛ nsusuiɛ a ɛba berɛ a woresua no. Sɛ ebia, wobɛtumi ahyɛ asɛmfua anaa kasasin bi a nteaseɛ wɔ mu no nso, na woatwerɛ wo nsusuiɛ sɛ nkaeɛ atwerɛ wɔ wo twerɛnsɛm mu. Wobɛtumi nso ayɛ nsɛmma nwoma ama nhumu, atenka, ne nsusuiɛ a wonya. Anaasɛ wobɛtumi atwerɛ asɛm a wobisaae ansa na worehyɛ w’adesua ase no, na wode mmuaeɛ a wonyaae no atoa so.

Sua Nna a Ɛdi Akyire Nkɔmhyɛfoɔ ne Asomafoɔ nsɛm.

Kenkan deɛ nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ akyerɛkyerɛ fa nnyinasosɛm a wohunu wɔ twerɛnsɛm no mu. Wobɛnya wɔn nkransɛm wɔ “Amansan Nhyiamu,” “Nsɛmma nwoma,” mu ne mmoano afoforɔ mu wɔ Asɛmpa no Nwoma korabea.

Kenkan Ayɛsɛm no

Kenkan ayɛsɛm a ɛwɔ twerɛnsɛm mu no, na hwehwɛ sɛ wobɛte wɔn nnyinasoɔ ase (berɛ, bea, ɔkasafoɔ, ne atiefoɔ). Twerɛsɛm nkyerɛkyerɛmu ayɛsɛm ahodoɔ no yɛ ɔkwan kɛseɛ ma yei, ne titire ma mmɔfra ne wɔn a wɔnnim twerɛnsɛm no papa.

Kyɛ Nhumu

Woretwetwe nhumu a ɛfiri w’ankasa adesua mu ho nkɔmmɔ yɛ kwan pa a yɛde kyerɛkyerɛ afoforɔ na ɛboa hyɛ wo nteaseɛ wɔ deɛ woakenkan no mu den.

Fa Deɛ Wosua Bɔ bra

Twerɛsɛm sua bɛtumi akanyan yɛn na adi yɛn anim ama yɛasesa sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra. Tie deɛ Honhom no kanyan wo sɛ yɛ berɛ a worekenkan no, na afei fa ahofama di saa nkanyan no so.

Tintim