Twerɛnsɛm
Adɛn nti na Yɛsua Twerεnsεm no?


“Adɛn nti na Yɛsua Twerɛnsɛm no?” Twerεsεm Sua Akwan (2021)

“Adɛn nti na Yɛsua Twerɛnsɛm no?” Twerεsεm Sua Adwenkyerɛ

Mfoni
Kristo hyɛ adidikrokron no ase wɔ Nifaefoɔ no ntam, ɛfiri Andrew Bosley hɔ

Adɛn nti na Yɛsua Twerεnsεm no?

Sɛ yɛde nsiyɛ sua twerɛnsɛm no a, yɛbɛn Yesu Kristo kɛse na yɛbɛte N’asɛmpa no ne mpata afɔrebɔ no ase yie. Nkɔmhyɛni Nifae hyɛ yɛn nkuran wɔ saa kwan yi so:

“Ɛno nti, ɛwɔ sɛ mode pintinnyɛ pere kɔ nkan wɔ Kristo mu, nya anidasoɔ a ɛhyerɛn na ɛwie pɛ yɛ, ne Onyankopɔn ne nnipa nyinaa ho dɔ. Ɛno nti, sɛ mobɛpere akɔ nkan, adi Kristo asɛm amee, na moagyina mu akɔsi awieɛ a, hwɛ, sei na Agya no seɛ: Mobɛnya nkwa a ɛnniawieɛ” (2 Nephi 31:20).

Mfoni
abusua rekenkan twerɛnsɛm

Nkyerɛkyerɛ a ɛfiri twerɛnsɛm no mu bɛboa ama yɛasan akɔ yɛn Soro Agya nkyɛn. Yɛn nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛfoɔ aka akyerɛ yɛn sɛ yɛntaa nsua ɛno sɛ ankorankorɛ ne, baabi a ɛfata no, sɛ mmusua. Wɔato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnsua mfiri wɔn a wɔwɔ twerɛnsɛm no mu suahunu mu na yɛmfa twerɛsɛm amanneɛbɔ ne nkyerɛkyerɛ no mmɔ yɛn bra ɛnnɛ, sɛdeɛ Nifae tu fo wɔ 1 Nifae 19:23. Tete ne ɛnnɛ nkɔmhyɛfoɔ nyinaa ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnsua twerɛnsɛm no na “yɛnni Kristo nsɛm no mmee” (2 Nifae 32:3).

Mfoni
ɔbarima a ɔrekan twerɛnsɛm

Titenani Russell M. Nelson nso kyerɛkyerɛɛ saa nokorɛ a ɛho hia yi a ɛfa asɛmpa no “adidi mee” ho:

“Anigyeɛ adidie kyerɛ sɛ ɛyɛ bebree kyɛn sɛ woreka ahwɛ. Anigyeɛ adidie kyerɛ sɛ w‘ani gye ho. Yɛn ani gye twerɛnsɛm no ho berɛ a yɛde anisɔ resua na yɛhunu wɔ nokorɛ setie mu. Sɛ yɛdi Kristo nsɛm no mee a, ɛmem kɔ ‘akoma pono a ɛyɛ honam no mu’ [2 Corinthians 3:3]. Wɔbɛyɛ yɛn suban ho adeɛ fa a ɛhia” (“Wode Twerɛsɛm Akwankyerɛ Rebɔ bra,” Ensign, Obubuo 2000, 17).

Sɛ yɛkɔso de yɛn ho hyɛ yɛn ankasa ne abusua twerɛsɛm sua mu a, yɛne yɛn mmusua bɛtumi anya akwankyerɛ, banbɔ, na wɔahyɛ yɛn den atia ɔhaw bebrebe a ɛwɔ yɛn berɛ yi mu.

Tintim