Aman, Mmusua, ne Kasa Nyinaa
Yɛbɛtumi abɛyɛ, wɔ yɛn ankasa kwan so, Awurade nkɔmhyɛ ne bɔhyɛ ahodoɔ no fa bi—asɛmpa no fa a ɛrehyira wiase.
Anuanom mmarima ne mmaa, nansa yi ara mehwɛɛ tɛmpol nsɔano bi so, a yɛdii COVID-19 nhyehyɛeɛ so. Na ɔyere ne okunu a wɔn baanu nyinaa akɔ asɛmpatrɛ-som aba no awofoɔ ne wɔn nuanom nyinaa ka wɔn ho. Na ɛnyɛ mmerɛ! Ɔyere no tɔ so nkron wɔ mmɔfra du mu. Ne nuanom nkron no tenaa ase nnidisoɔ, firi ɔpanin so kɔsi kumaa koraa so, a wɔatetee wɔn ntam sɛdeɛ ɛfata.
Na abusuafoɔ no ahwɛ sɛ wɔbɛyɛ afipamfoɔ papa wɔ baabiara a wɔatena. Nanso, mpɔtamu baako bi anye wɔn—ɛfiri sɛ, ɔyere no maame kyerɛ sɛ, na wɔn abusuafoɔ no yɛ Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma.
Abusuafoɔ no yɛɛ biara sɛ wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ papa wɔ sukuu mu, aboa ma wɔagye wɔn ato mu, nanso ɔkwa. Abusuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ sɛ nkorɔfoɔ akoma bɛyɛ mmerɛ.
Anadwo bi, abusuafoɔ no nyaa atenka sɛ wɔanya wɔn mpaebɔ no ho mmuaeɛ, mmom wɔ kwan a na wɔnhwɛ anim so. Ogya tɔɔ wɔn fie mu ma ɛhyee dwerɛbee. Nanso biribi foforɔ siiɛ. Ogya no kaa wɔn afipamfoɔ no akoma.
Wɔn afipamfoɔ ne sukuu a ɛwɔ borɔno so hɔ boaboaa ntaadeɛ, mpaboa, nneɛma nkaeɛ a ɛho bɛhia abusuafoɔ a wɔahwere biribiara no. Ayamyɛ buee nteaseɛ kwan. Na ɛnyɛ kwan a abusuafoɔ no anidaso anaa wɔhwɛɛ anim sɛ ɛde wɔn mpaebɔ ho mmuaeɛ bɛba. Nanso wɔkyerɛ anisɔ wɔ deɛ wɔsua firii yea a wɔkɔɔ mu, ne wɔn akoma so abisadeɛ ho mmuaeɛ a ɛbaa mpofirim.
Nokorɛ mu, wɔn a wɔwɔ nokorɛdie akoma ne ani de hunu no, Awurade ahummɔborɔ da adi wɔ abrabɔ mu ɔhaw mu. Ɔhaw a yɛde nokorɛdie hyia, ne afɔrebɔ, de ɔsoro nhyira ba. Wɔ honam a ɛwuo tebea yi mu, yɛbɛtumi ahwere anaa atwɛn nneɛma berɛ kakra bi, nanso awieɛ no yɛbɛnya deɛ ɛho hia pa ara.1 Ɛno ne Ne bɔhyɛ.2
Yɛde bɔhyɛ a ɛfiri akoma mu hyɛ yɛn 2020 mfeɛ ahaanu dawubɔ no ase sɛ “Onyankopɔn dɔ Ne mma a wɔwɔ ɔman biara mu wɔ wiase.“3 Onyankopɔn hyɛ bɔ, yɛ apam, na ɔfrɛ yɛn mu biara a ɔwɔ ɔman, abusua, kasa, ne nkorɔfoɔ biara mu,4 sɛ wɔmmra mmɛnya N’anigyeɛ ne ne papayɛ a abu so no mu kyɛfa.
Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma nnipa nyinaa no da adi wɔ twerɛsɛm no mu baabiara.5 Saa ɔdɔ no bi ne Abraham apam, ɔreboaboa Ne mma a wɔahwete ano,6 ne N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ wɔ yɛn asetena mu.
Agyedifoɔ fie mu no ahɔhoɔ nni hɔ, amanfrafoɔ nni hɔ,7 osikani ne ohiani nni hɔ,8 abɔntenso “afoforɔ“ nni hɔ. Sɛ “ahotefoɔ ne man-mma“ yi,9 wɔafrɛ yɛn sɛ yɛmɛsesa wiase ma ɛnyɛ papa, ɛmfiri yɛn ankasa mu, onipa baako, abusua baako, ofipamni baako, ebiara wɔ ne berɛ mu.
Yei ba mu berɛ a yɛbɔ asɛmpa no bra, na yɛkyɛ. Berɛ a yɛwɔ mu yi mfitiaseɛ no, Nkɔmhyɛni Yosef nyaa nkɔmhyɛ nwanwasoɔ bi sɛ Ɔsoro Agya pɛ sɛ obiara a ɔwɔ baabiara hunu Onyankopɔn dɔ, na ɔnya Ne tumi de nyini, na ɔsesa.
Ɔnyaa saa nkɔmhyɛ no wɔ ha, efie a Smith abusua no firi mu wɔ Palmyra, New York.10
Wɔasan asi Smith fie no wɔ ne kane fapem so, a wɔwiee no afe 1998 mu. Saa pia-dan a ɛtɔ so mmienu wɔ abansoro no, kuta saa anammɔn 18 kɔ 30 kɔ 10 (mita 5.5 kɔ 9 kɔ 3) beaeɛ a Moronae a ɔyɛ ɔsomafoɔ onimuonyamfoɔ a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no, baa abarimaa Yosef nkyɛn wɔ Ɛbɔ 21, 1823 anwummerɛ no.11
Wokae deɛ Yosef Nkɔmhyɛni no kaeɛ no:
“[Moronae] kaa sɛ Onyankopɔn wɔ adwuma bi ma me sɛ mɛyɛ; na wɔbɛte me din wɔ papa ne bɔne ho wɔ aman, mmusua, ne kasa nyinaa mu.
“[Moroni] kaa sɛ wɔakora nwoma bi, a ɛkuta daapem Asɛmpa mahyɛ no.”12
Yɛhome so wɔ ha. Yɛsom Onyankopɔn Ɔnniawieɛ Agya no, ne Ne Ba Yesu Kristo, na ɛnyɛ Nkɔmhyɛni Yosef anaa ɔbarima anaa ɔbaa bi a ɔtumi wu.
Mpo hwɛ sɛdeɛ nkɔmhyɛ a Onyankopɔn de ma Ne nkoa ba mu.13 Ɛbi ba mu ntɛm, ɛbi ka akyire, nanso ne nyinaa ba mu.14 Sɛ yɛyɛ setie ma Awurade nkɔmhyɛ honhom no a, yɛbɛtumi abɛyɛ, wɔ yɛn ankasa kwan so no, Ne nkɔmhyɛ ne bɔhyɛ ahodoɔ no fa bi —asɛmpa no fa a ɛrehyira wiase.
Afe 1823 mu, na Yosef yɛ mfeɛ 17 abarimaa a obiara nnim no, a ɔte akuraa bi a ahinta ase, wɔ ɔman bi a na anya ne fahodie foforɔ mu. Sɛ ɛnyɛ nokorɛ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na watumi asusu, aka sɛ ɔbɛyɛ adwinnadeɛ wɔ Onyankopɔn adwuma mu na ɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so akyerɛkyerɛ asɛmpa kronkron a ɛbɛba abɛgye din wɔ baabiara?
Mpo, esiane sɛ ɛyɛ nokorɛ nti, me ne wo tumi hunu saa nkɔmhyɛ no sɛ ɛreba mu, mpo berɛ a wɔafrɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa ma ɛmmra.
Anuanom mmarima ne mmaa, wɔ wiase baabiara, yɛn mu biara a ɔka saa Ahinime 2020 amansan nhyiamu yi ho no ka aman, mmusua, ne kasa a wɔaka ho asɛm no ho.
Ɛnnɛ yi, Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma tete aman ne nkuro 196 mu, a yɛwɔ Asɔre no wɔ stake 3,446 wɔ ɛmu 90 mu.15 Yɛn na yɛahyeta mmea dodoɔ na yɛyɛ ahoɔden nnyinasoɔ nso.
Afe 1823 mu, hwan na anka ɔbɛsusu sɛ afe 2020 mu yɛbɛnya aman mmiɛnsa a ɛmu biara wɔ Asɔre wei mma a wɔn dodoɔ boro ɔpepem baako—Amerikaman, Mexico, ne Brazil?
Anaa aman 23 a ɛmu biara wɔ Asɔremma boro 100,000— mmiɛnsa wɔ Amerika Atifi, dunan wɔ Amerika Mfimfini ne Anaafoɔ, baako wɔ Europe, nnan wɔ Asia, ɛna baako wɔ Abibiman mu?16
Titenani Russell M. Nelson frɛ Mormon Nwoma no “anwanwadeɛ nwanwasoɔ.“17 Ɛho adansefoɔ di adanseɛ sɛ, “Ma aman, mmusua, kasa, ne nkorɔfoɔ nyinaa nhunu“18 Ɛnnɛ yi, amansan nhyiamu wɔ kasa 100 mu. Titenani Nelson adi Yesu Kristo ne N’asɛmpa no mmaeɛ bio ho adanseɛ wɔ aman 138 mu, na ɔgu so.
Yɛde Mormon Nwoma a wɔdii kan tintimm no afe 1830 mu no dodoɔ 5000 na ɛhyɛɛ aseɛ, seesei wɔatintim Mormon Nwoma no fa bi anaa ne nyinaa bɛyɛ ɔpepem 192 wɔ kasa 112 mu. Mormon Nwoma nkyerɛaseɛ nso wɔ abɛɛfo kwantempɔn so bebree. Mprempren yi wiase kasa ahodoɔ 23 a nnipa ɔpepem 50 anaa deɛ ɛboro saa na wɔka, a woka bɔ mu a ɛbɛyɛ nnipa dɔmpem 4.1 kurom kasa no, yɛwɔ Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ wɔ dodoɔ no ara mu.19
Akwan nketekete—a wɔnam so frɛ yɛn mu biara sɛ yɛmmɛka ho no —de nneɛma akɛseɛ ba.
Nhwɛsoɔ, wɔ stake nhyiamu bi ase wɔ Monroe, Utah, a na wɔn dodoɔ yɛ 2,200, mebisaa sɛ dodoɔ sɛn na asom sɛ asɛmpatrɛfoɔ. Ɛrekame ayɛ sɛ nsa biara kɔɔ soro. Mfeɛ kakra bi mu ara nie, wɔ saa stake baako no mu, asɛmpatrɛfoɔ 564 asom wɔ Amerika nkuro 50 no nyinaa, ne aman 53 mu—wɔ asasepɔn biara mu gye sɛ Antartica.
Yɛreka Antartica no, mpo Ushuaia a ɛwɔ Argentina anaafoɔ to no, mehunuu sɛ nkɔmhyɛ reba mu berɛ a yɛn asɛmpatrɛfoɔ kyɛɛ Yesu Kristo asɛmpa a asan aba no wɔ bea bi a wɔfrɛ hɔ “asase ano.“20
Mfoni a ɛtetare ban ho a wɔde yɛn nwoma ahodoɔ nan no akyi ayɛ Ahotefoɔ21 kyerɛ aba a nokorɛ Ahotefoɔ a wɔwɔ baabiara nya firi asɛmpa no abrabɔ mu, sɛdeɛ wɔanwene ama wiase no. Yɛn Asɔre abakɔsɛm gyina asɔreba biara adanseɛ ne n’asɛmpa akwantuo so, a Mary Whitmer, onuabaa nokwafoɔ no a Moronae de Mormon Nwoma no mprɛte kyerɛɛ no no ka ho.22
Ɔpɛpɔn 2021 a ɛreba mu no, yɛn Asɔre nsɛmma nwoma afoforɔ ma wiase— Adamfoɔ, For the Strength of Youth, ɛne Laehona—to nsa frɛ obiara sɛ ɔnka ho na ɔnkyɛ suahunu ne adansedie wɔ yɛn borɔno so gyedie dwumadie mu wɔ wiase baabiara.23
Anuanom mmarima ne mmaa, berɛ a yɛpagya yɛn gyedie wɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu, nya nhyira a ɛwɔ asɛmpa no mmaeɛ bio ne apam kronkron ho nokorɛdie wɔ asetena mu, na yɛsua, dwene, na yɛkyɛ Mmaeɛ bio a ɛrekɔso no, yɛboa ma nkɔmhyɛ ba mu.
Yɛresesa yɛn ankasa, ne wiase, wɔ asɛmpa no nhyehyɛeɛ kwan bi so a ɛhyira nnipa wɔ baabiara.
Onuabaa bibini bi se, “Me kunu asɔfodie som ma no nya aboterɛ ne ayamyɛ kɛseɛ. Ɛna me nso mereyɛ ɔyere ne ɛna pa.”
Aman-foforɔ so dwadie ho nimdefoɔ bi a ɔwɔ Amerika Mfimfini a wɔbu no yie seesei, se, ansa na ɔrebɛhunu Onyankopɔn asɛmpa a aba bio no, na ɔbɔ ne bra biarabiara. Afei ɔne n’abusua anya din, botaeɛ ne ahoɔden.
Abarimaa bi a ɔwɔ Amerika Anaafoɔ, yɛne nkokɔ na ɔtɔn wɔn nkosua de tɔ mpoma boa efie a n’abusuafoɔ resi. Ɔdi kan tua ne ntotosoɔ du. Ɔbɛhunu sɛ ɔsoro mpoma abue ama no ankasa.
Abusuafoɔ bi a wɔfiri Four Corners wɔ Amerika anaafoɔ-atɔeɛ, dua nhwiren a ɛyɛ frɔmfrɔm wɔ ɛserɛ no so, a ɛyɛ asɛmpa ho gyedie ne ahotɔsoɔ ahyɛnsodeɛ.
Onuabarima bi a ɔwɔ Asia Anaafoɔ-Apueɛ fa mu, a wafa ɔko yea mu pɛn, aba mu buui sɛ abrabɔ nni nteaseɛ. Ɔnyaa anidasoɔ wɔ daeɛ bi mu, a na ne sukuu berɛ mu yɔnkoɔ bi kuta adidi kronkron prɛte na ɔdii adanseɛ faa nkwagyeɛ ayɛyɛdeɛ ne Yesu Kristo Mpata no ho.
Ɔsoro Agya to nsa frɛ yɛn baabiara a yɛwɔ sɛ yɛnte Ne dɔ nka, na yɛnyini wɔ adesua mu, adwuma a ɛho teɛ mu, ahotosoɔ som mu, ne papayɛ ne anigyeɛ nhyehyɛeɛ a yɛhunu wɔ N’Asɔre a asan aba mu.
Sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Onyankopɔn mu a, ɛtɔ da a wɔ yɛn ankonam, esum kabii, ne berɛ a nneɛma nkɔ yie mu no, yɛsua sɛ Ɔnim yɛn yie na ɔdɔ yɛn kyɛn sɛdeɛ yɛnim anaa yɛdɔ yɛn ara ho.
Yei nti na yɛhia Onyankopɔn mmoa a ɛbɛma yɛde pɛpɛyɛ ne asomdwoeɛ aba yɛn afie ne mpɔtam no. Yɛn nokorɛ nsɛm a ɛmu dɔ a yɛka, ne baabi a yɛka no, ɛba wɔ berɛ a yɛte Onyankopɔn dɔ a ɔdegyeɛ no nka, fa Ne Ba no Mpata so hwehwɛ adom ne anwanwadeɛ , na yɛnam apam kronkron so nya ayɔnkofa a ɛtoɔ ntwa da.
Nyamesom kwan so papayɛ ne nyansa hia wɔ ɛnnɛ wiase yi a ɛyɛ efi ne dede, na asɛe yi mu. Kwan foforɔ bɛn so na yɛbɛtumi ama onipa honhom ahoɔden foforɔ, ahyɛ no nkuran na anya kankorɔ bio?24
Nnua dua wɔ Haiti yɛ kwan baako pɛ wɔ nhwɛsoɔ bɛyɛ ɔha mu a nkorɔfoɔ fa so ka wɔn ho bɔ mu yɛ papa. Mpɔtam hɔfoɔ, a yɛn Asɔre mma 1,800 a wɔde nnua no baeɛ ka ho, boaa wɔn ho ano duaa nnua a ɛrekeka kɔ 25,000.25 Saa mfeɛ-dodoɔ nnuadua dwumadie yi adua nnua a ɛboro 121,000 dada. Ɛrehwɛ sɛ ɛbɛdua mpem du ne akyire aka ho.
Saa nkabom mmɔdemmɔ yi ma onwunu, bɔ asase ho ban, na ɛte daakye nsuyiri ahodoɔ so. Ɛma mantam yɛ fɛ, ɛsiesie mpɔtamu, ɛmee akɔnnɔ, na ɛma ɔkra no aduane nnuro. Sɛ wobisa Haitifoɔ sɛ hwan na ɔbɛtwa saa nnua yi aduaba a, wɔka sɛ “Deɛ ɛkɔm de no biara.“
Nnipa dodoɔ a ɛwɔ wiase nyinaa mu ɔha-nkyɛmu 80 kɔ asɔre.26 Asɔrefoɔ yɛ ntɛm boa wɔn a wɔhia mmoa berɛ a atoyerɛnkyɛm a ɛmfiri nnipa asi, ne berɛ a aduane, daberɛ, adesua, nimdeɛ, ne adwuma ho nteteɛ ho kɔso hia. Wiase baabiara, yɛn asɔremma, ayɔnkofoɔ, ne Asɔre no boa mmorɔno ahodoɔ ma wɔboa wɔn a wɔadwane afiri wɔn aman mu, na wɔma nsuo, ahoteɛ, boa wɔn a wɔntumi nnante, hwɛ aniwa—onipa baako, akuraa baako, dua baako, ebiara wɔ ne berɛ mu.27 Baabiara, yɛhwɛ sɛ yɛbɛyɛ awofoɔ papa ne ɔman-mma-pa, yɛboa yɛn mpɔtamu ne yɛn man, ɛbi nso fa Nna a Ɛdi Akyire Mmoakuo so.28
Onyankopɔn de ɔbra pa ho pɛ ma yɛn—ne ɔbra pa ho akontabuo. Awurade pae mu ka sɛ. “Me, Awurade Nyankopɔn, ma mode mo ho, ne saa nti [mo] ade mo ho ampa.”29 Ɔrepae mu aka “ahofadie ma nnommumfoɔ” no,30 Awurade hyɛ bɔ sɛ Ne Mpata no ne asɛmpa kwan bɛtumi abubu honam ne honhom mu kɔnnua.31 Anigyesɛm ne sɛ, saa fahodie gyeɛ yi toa so kɔsi wɔn a wɔawuwuo mpo so.
Mfeɛ bi a atwam, ɔsɔfo bi a ɔwɔ Amerika Mfimfini ka kyerɛɛ me sɛ, ɔresua Nna a Ɛdi Akyire “asubɔ ma awufoɔ”. Ɔsɔfo no kaa sɛ, “ɛfata sɛ Onyankopɔn ma onipa biara akwanya ma no bɔ asu, ɛmfa ho ne berɛ anaa bea a wɔteɛ, gye sɛ mmɔfra nketewa a ‘wɔte ase wɔ Kristo mu.’32 Ɔsɔfoɔ no hunuu sɛ, “Ɔsomafoɔ Paulo kasa faa awufoɔ a wɔretwɛn asubɔ ne owusɔreɛ ho.”33 Tɛmpol ayɛyɛdeɛ a wɔyɛ ma afoforɔ hyɛ aman, mmusua, ne kasa nyinaa bɔ sɛ ɛnhia sɛ obiara “kɔso yɛ akoa ma owuo, ma ogya ne sɔfe, anaa ma damena.”34
Sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn a, ɛtɔ da bi a, mpaebɔ ho mmuaeɛ a ɛba mpofirim fa yɛn firi abɔnten so de yɛn kɔ ɛdɔm mu, pamo esum firi yɛn akra mu, na ɛkyerɛ yɛn kwan ma yɛnya honhom mu banbɔ ne anigyeɛ wɔ Ne papayɛ apam ne ɔdɔ a ɛwɔ hɔ daa no mu.
Nneɛma akɛseɛ taa hyɛ aseɛ nketenkete, nanso Onyankopɔn anwanwadeɛ da adi da biara. Yɛn ani sɔ ɔsoro akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron, Yesu Kristo Mpata no, ne Ne nkyerɛkyerɛ a wɔada no adi, ayɛyɛdeɛ ahodoɔ, ne apam ahodoɔ a ɛwɔ N’Asɔre a asan aba, a Ne din na ɛda so no.
Momma yɛmfa anigyeɛ nnye Onyankopɔn frɛ sɛ yɛmmɛgye na yɛmmoa ma Ne bɔhyɛ ne nkɔmhyɛ nhyira a ɛwɔ aman, mmusua, ne kasa nyinaa mu no mmra mu, Mebɔ mpaeɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron a ɛho teɛ no mu, amen.