Amansan Nhyiamu
Ayaresa Tumi A Ɛwɔ Yesu Kristo Mu.
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Ayaresa Tumi A Ɛwɔ Yesu Kristo Mu.

Berɛ a Yesu Kristo hɔ nam sɛ yɛretu gyedie anammɔn wɔ Ne mu, resakyera na yɛreyɛ apm na yɛadi yɛn apam so no yɛn mmubuo—sɛdeɛ ne farabae te biara—bɛnya ayaresa

Ɛfiri afe yi ahyɛaseɛ no, yɛahyia nsɛm pii a na y’ani nna. Nkwa ne sika a ɛba yɛn bɔtɔ mu a wiase nyinaa nam yaredɔm so ahwere no ama aha wiase asetena ne ne sikasɛm bebree.

Asasewosoɔ, egyahyehyeɛ ne nsuyire a ɛkɔso wɔ wiase mmea ahodoɔ, ne atoyerɛnkyɛm a ɛnam ɛwiem nsakraeɛ so ba no agya nkorɔfoɔ sɛ mmoa nni hɔ, anidasoɔ asa na wɔn akoma mu abu, a wɔredwene sɛ wɔn asetena bɛsan asi ne daadaa mu bio anaa.

Ma menka me ankasa abasɛm bi a ɛfa deɛ abubuo ho.

Berɛ a na yɛn mma susua no, wɔsii gyinaeɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua sankubɔ. Me ne me kunu, Rudy, pɛɛ sɛ yɛma yɛn mma saa akwanya yi, nanso na yɛnni adakabɛn. Yeantumi antɔ sankuo foforɔ, enti Ruby hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ dada bi.

Saa afe no buronya no mu, ɔfuu yɛn mu de sankuo brɛɛ yɛn, na mfeɛ a ɛdi akyire no mu nyinaa, yɛn mma no suaa sɛdeɛ wɔbɔ no.

Mfoni
Sankuo dada

Berɛ a yɛn mma mmarima nyiniiɛ na wɔfirii fie no, sankuo dada no kyeree mfuturo ara ma enti yɛtɔneɛ. Mfeɛ kakra akyi, na yɛakora sika kakra. Da koro Rudy kaa sɛ, “megyidi sɛ berɛ aso sɛ yɛtɔ sankuo foforɔ”

Mebisaa sɛ,”Adɛn nti na yɛhia sankuo foforɔ, berɛ a yɛn mu biara nnim bɔ?”

Ɔkaa sɛ,”Oh, nanso yɛbɛtumi anya sankuo a ɛno ara tumi bɔ! Wode ipad yɛ a, wobɛtumi ahyehyɛ sankuo no ama abɔ nnwom boro 4,000, a asɔre nnwom ka ho, Tabernacle nnwomtokuo nnwom, mmɔfra nnwom ne deɛ ɛkeka ho bebree”.

Rudy yɛ ɔdetɔnfoɔ kɛseɛ a merenhaahaa m’ani.

Mfoni
Sankuo foforɔ

Yɛtɔɔ sankuo a ɛno ara bɔ fɛɛfɛ foforɔ, na nna kakra akyiri no, mmarimma akɛseɛ ahoɔdenfoɔ mmienu de baa yɛn fie.

Mekyerɛɛ faako a mepɛ sɛ wɔde si na metwee me ho frii kwan no mu.

Mfoni
Wɔrepia piabo no

Na ɛyɛ kɛseɛ a ɛmu yɛ duru, na sɛdeɛ wɔbɛtumi de awura ɛpono no mu nti wɔyiyii ne nnan no na wɔtumi danee sankuo no ntwea so de toɔ hyɛɛ nkyɛɛmu ɛwɔ nsahyiridie no a wɔn de baeɛ no soro.

Na yɛn fie si asianee so kakra, na etire a anyɛ yie saa da no asukɔtweaa tɔe, maa nneɛma fɔe sane yɛɛ toro. Wobɛtumi ahunu baabi a yei rekɔ?

Berɛ a mmarima no repia sankuo no aforo pampa ketewa no so no, ɛpaaeɛ, na metee nnyegyeɛ kɛseɛ bi sɛ biribi adwa. Sankuo no afiri nsahyiridie no so abɛbɔ fam dendeenden maa etuu tokuro kɛseɛ mpo wɔ yɛn nsensan so.

Mekaa sɛ,”Oh, agyawaadwo , Mo ho yɛ?”.

Aseda mu ara mmarima mmienu no mu biara ho anka.

Wɔn anim sesaae berɛ a obiara hwɛɛ ne yɔnko anim, na wɔhwɛɛ me kaa sɛ,”Yɛma wo kafra bebree. Yɛbɛsane de akɔ sotɔɔ no hɔ na yɛama yɛnhwɛsofoɔ afrɛ wo.”

Kwansini, na hwɛsofoɔ no ne Rudy rekasa ahyehyɛ sɛdeɛ wɔde sankuo foforɔ bɛba. Rudy wɔ ayamyɛ ne bɔnefakyɛ su na ɔka kyerɛɛ hwɛsofoɔ no sɛ wɔnsiesie deɛ asɛe no ara, na wɔmfa sankuo korɔ no ara mmra, nanso hwɛsofoɔ no gyinaa n’asɛm so sɛ wɔbɛnya foforɔ.

Rudy buaa no, kaa sɛ, “ɛnsɛee saa. Monsiesie ara kɛkɛ na momfa mmra”.

Hwɛsofoɔ no kaa sɛ,”dua no abu, na enya bu pɛ a, ɛrentumi nnyegye saa bio. Wobɛnya sankuo mono”.

Nnuammaa ne mmarimma, yɛn nyinaa nte sɛ saa sankuo yi a abu kakra, adwa, na asɛe yi, na yɛte nka sɛ yɛrensi yɛn dada mu bio? Mmom, berɛ a yɛba Yesu Kristo hɔ nam gyedie a yɛwɔ wɔ Ne mu, resakyera na yɛreyɛ apam na yɛadi yɛn apam so no yɛn mmubuo—sɛdeɛ ne farabae teɛ biara—yɛbɛnya ayaresa Saa nnidisoɔ yi, a ɛde Agyenkwa No ayaresa tumi ba yɛn abrabɔ mu no, nfa yɛn nkɔ yɛn tebea dadaa a na yɛwɔ mu no, na mmom ɛma yɛbɛsene sɛdeɛ na yɛte dada no. Menim sɛ ɛnam yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo so, wɔbɛtumi asiesie yɛn, ama yɛn ho ate, na yɛn ho ayɛfɛ, te sɛ sankuo mono pɛpɛɛpɛ.

Titinani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛɛ sɛ!” Berɛ a nsɔhwɛ a ɛmu yɛ den aba yɛn so no, yɛ berɛ a yɛma yɛn gyedie wɔ Onyankopɔn mu no dɔ, yɛ adwumaden na yɛsom afoforɔ. Afei ɔbɛsa yɛn akoma a abu no yareɛ. Ɔde yɛn asomdwoeɛ ne awerɛkyekyerɛ bɛgu yɛn so. Saa akyɛdeɛ akɛseɛ yi, owuo mpo rensɛe no.”1

Yesu kaa sɛ:

“Mommra me nkyɛn, mo a moayɛ adwuma abrɛ na mo nnesoa yɛ duro nyinaa, na mɛma mo ahome.

“Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ahome ama mo kra.

“Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28–30).

Mfoni
Yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo

Sɛ yɛba ne nkyɛn bɛsa deɛ abubuo a, ɛhia sɛ yɛnya gyedie wɔ Yesu Kristo mu. “Morenya gyedie wɔ Yesɔ mu no kyerɛ sɛ mode mo ho reto ne ne tumi a ɛnni awieɛ ne Ne dɔ no so. Deɛ ɛka ho ne sɛ moregye ne nkyerɛkyerɛ adie. Moregye adi kyerɛ sɛ mpo yɛnte nneɛma nyinaa ase, nanso ɔte aseɛ. Ɛnam sɛ ɔwɔ suahunu wɔ yɛn yea, ahohiahia ne nnyarewa nyinaa mu nti, ɔnim sɛdeɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛadi yɛn daadaa haw so nkonim.”2

Berɛ a yɛreba Ne nkyɛn no, anigyeɛ a ɛnni awieɛ, asomdwoeɛ ne awerɛkyekyerɛ bɛtumi ahyɛ yɛn ma. Biribiara a ɛyɛ [den ne asidie] a ɛwɔ abrabɔ mu nam Yesu Kristo Mpata no so bɛtumi ayɛ yie.”3 Watu yɛn fo sɛ “monhwehwɛ me wɔ nsusuiɛ biara mu; monhinhim, monsuro.” (Nkyerɛkyerɛ Ne Apam 6:36).

Wɔ Mormon Nwoma no mu, berɛ a anka Alma ne ne nkorɔfoɔ aba mu reyɛ abuo, nam nnesoa a wɔde ato wɔn so no nti, nkorɔfoɔ no srɛɛ ɔgyeɛ. Awurade anyi wɔn nnesoa amfiri hɛ, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ.

Na mɛma nnesoa no nso a wɔde agu mo abatiri so no ayɛ hare a monte mpo sɛ ɛda mo akyiri, wɔ berɛ a mowɔ nkoasom mu mpo; na yei na mɛyɛ ama moagyina sɛ adansefoɔ ama me daakye, na ama moahunu nokware no sɛ me, Awurade Nyankopɔn, mesra me nkorɔfoɔ wɔ wɔn amanehunu mu.

“Na afei ɛbaa sɛ nnesoa no a wɔde too Alma ne ne nuanom so no yɛɛ hare; aane, Awurade hyɛɛ wɔn den sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi asoa wɔn nnesoa no a wɔmmerɛ, na wɔde anigyeɛ ne aboterɛ gyaee wɔn ho hyɛɛ Awurade pɛ nyinaa ase.” (Mosiah 24:14–15).

Ɛfa Agyenkwa No tumi a ɔwɔ sɛ ɔyi na ɔma kɔnnua yɛ hare ho no ɔpanin Tad R.Callister akyerɛkyerɛ sɛ:

“Mpata no mu nhyira baako ne sɛ yɛbɛtumi agye Agyenkwa no awerɛkyekyerɛ tumi no. Yesaia kasaa mpɛn pii faa Awurade ayaresa, ne ɔdwoɔ nkɛntɛnsoɔ ho. Ɔdii adanseɛ sɛ, na Agyenkwa no yɛ ‘ahoɔden ma onnibie no wɔ n‘ahohiahia mu, dwankɔbea firi ahum mu, nnwunu firi awia mu (Yesaia 25:4). Ɛfa wɔn a wɔdi awerɛhoɔ ho no Yesaia paee mu kaa sɛ Agyenkwa no kura tumi a Ɔde “kyekyere wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ’ (Yesaia 61:2), na “wapepa aniwa nyinaa so mu nisuo’ (Yesaia 25:8; Hwɛ Adiyisɛm 7:17); ‘ama ahobraseɛfoɔ honhom anya nkwa ’ (Yesaia 57:15); na wakyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ’ (Yesaia 61:1;Hwɛ Luka 4:18; Nnwom 147:3). Na ne mmoa tumi no boɔ yɛ den kɔsi sɛ ɔtumi de anika ngo si abooboo anan mu, ayeyie ntaadeɛ si honhom a watɔ bera ananmu (Yesaia 61:3).

“Oh, hwɛ anidasoɔ a ɛpagya wɔ saa bɔhyɛ no mu! … Ne honhom sa yareɛ; ɛte adeɛ ho; ɛkyekyere werɛ; ɛhome nkwa foforɔ gu akoma a anidasoɔ nnim mu. Ɛwɔ tumi sɛ ɛsesa nea ɛnyɛ fɛ na ahomka nim nyinaa yɛ no fɛfɛɛfɛ ma animuonyam ba mu. Ɔwɔ tumi sɛ ɔsesa honam a ɛwuo de kɔ nneɛma fɛɛfɛ a enni awieɛ mu.”4

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa dɔfoɔ, Ɔgyefoɔ, Ayaresa mu Owura, ne ɔyɔnko nokwafoɔ. Sɛ yɛdane kɔ Ne nkyɛn a, Ɔbɛsa yɛn yareɛ ama yɛayɛ mua. Medi adanseɛ, yei yɛ N’Asɔre na Ɔresiesie Ne ho asan aba bio abɛdi hene wɔ tumi ne animuonyam mu wɔ saa asase yi so. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Russell M. Nelson, “Yesu Kristo—Yaresa Wura no,” Laehona, Obubuo 2005, 87.

  2. Gyedie wɔ Yesu Kristo mut,” Gospel Topics, topics.ChurchofJesusChrist.org.

  3. Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service, rev. ed. (2018), 52, ChurchofJesusChrist.org.

  4. Tad R. Callister, Mpata a Enni Ano no (2000), 206--7

Tintim