Amansan Nhyiamu
Hwehwɛ Kristo wɔ Nsusuiɛ Biara mu
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Hwehwɛ Kristo wɔ Nsusuiɛ Biara mu

Woreko tia nsɔhwɛ yɛ nsiyɛ ne nokorɛdie wo nkwa nna nyinaa. Mmom mesrɛ wo hunu sɛ Awurade ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo.

Wɔ n’ayɛyie nnwom mu, wɔ anwensɛm mu no, ɔdwontofoɔ no de too dwa sɛ:

“O Awurade, woahwehwɛ me mu, na woahunu me.

“Wonim matenaseɛ ne me sɔreɛ, wote me nsusuiɛ ase kɔ akyiri.

““Wotwa me kwan ho hyia ne me nnaeɛ, na wonim m’akwan nyinaa.”1

Wɔ saa anwensɛm yi nsɛdie mu no, ɔdwontofoɔ no reyi Awurade suban kronkron no a ɛma no hunu biribiara no ayɛ, ɛfiri sɛ nokorɛ mu ɔnim yɛn akoma mu adeɛ biara.2 Ɔnim biribiara a ɛho hia ma yɛn wɔ saa asetena yi mu no, Agyenkwa no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnhwehwɛ No wɔ nsusuiɛ biara mu na yɛmfa yɛn akoma nyinaa nni N’akyiri.3 Yei ma yɛn bɔhyɛ no sɛ yɛbɛtumi anante Ne hann no mu na N’akwankyerɛ si esum nkɛntɛnsoɔ ho kwan wɔ yɛn asetena mu.4

Yɛrehwehwɛ Kristo wɔ nsusuiɛ biara mu na yɛde yɛn akoma nyinaa adi N’akyiri no hia sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn pɛ ka Ne deɛ ho.5 Twerɛsɛm no twe adwene si saa nkabom yi so sɛ “gyina[mu] pintinn wɔ Awurade mu.”6 Saa nneyɛɛ kwan yi kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so de Kristo asɛmpa no abɔ bra wɔ kroyɛ mu de yɛn adwene asi biribiara a ɛyɛ papa so dabiara.7 Ɛno mu nko ara na yɛbɛtumi anya “Onyankopɔn asomdwoeɛ, a ɛboro nteaseɛ nyinaa so” na ɛbɛ “kora [yɛn] akoma ne yɛn adwene nam” Yesu Kristo so.8 Agyenkwa no ankasa ka kyerɛɛ Asɔre yi mpaninfoɔ wɔ Ogyefuo 1831 sɛ, “Monkora saa nneɛma yi wɔ mo akoma mu, na momma berɛsanten duruyɛ ntena mo adwene mu.“9

Ɛmfa ho ne yɛn mmɔdemmɔ a yɛkɔ so bɔ de hwehwɛ Awurade, nsusuiɛ a ɛmfata tumi wura yɛn adwene mu. Sɛ yɛma saa nsusuiɛ no kwan na mpo yɛfrɛ wɔn ma wɔtena a, wɔbɛtumi asesa yɛn akoma mu pɛ tebea na wɔadi yɛn anim akɔ deɛ yɛbɛba abɛyɛ wɔ saa asetena yi mu ne deɛ akyire yi no yɛbɛnya adi so wɔ ɛnniawieɛ mu.10 Elder Neal A. Maxwell berɛ bi sii saa nnyinasosɛm yi so dua kaa sɛ, “Ɔpɛ … kyerɛ deɛ ɛbɛfiri mu aba kyerɛpɛn, a deɛ nti ‘wɔafrɛ bebree, mmom kakraa bi na wɔayi, ɛka ho.’”11

Yɛn tetefoɔ ne ɛnnɛ yi nkɔmhyɛfoɔ kɔ so kae yɛn berɛ biara sɛ yɛnsi nsɔhwɛ ho kwan sɛdeɛ yɛbɛkwati sɛ yɛhwere yɛn honhom mu ahoɔden abɛyɛ basaa, nhunu nipa a yɛyɛ, ne hwammɔdie wɔ asetena mu.

Kasakoa nkasaeɛ mu no, yɛregyae yɛn ho ama nsɔhwɛ te sɛ wode dadeɛ bi rebɛn tweboɔ bi. Tweboɔ no ahoɔden a asie no twe dadeɛ no na ɔsɔ mu denden pa ara. Tweboɔ no bɛgyae n’ahoɔden a ɛsɔ dadeɛ no mu berɛ a wɔde ato akyirikyiri afiri ho. Ɛno nti, sɛ tweboɔ no rentumi nkyerɛ n’ahoɔden wɔ dadeɛ biribi a ɛwɔ akyiri so no, sɛ yɛsi nsɔhwɛ ano a, wɔkisa na wɔyera wɔn ahoɔden a ɛfa yɛn adwene ne akoma so, na ne titiriw, yɛn nneyɛɛ so.

Saa mfatoho yi kae me suahunu bi a Asɔre asafoba nokwafoɔ bi ne me kyɛɛe berɛ bi a atwam mu. Saa asafoba yi ka kyerɛɛ me sɛ, ɔsɔree dakoro anɔpa bi no, abofono nsusuiɛ bi a ɔnhyiaa bi da koraa wuraa n’adwene mu mpofirim. Ɛwom sɛ ɛbaa ne so ahodwiri so wiee koraa, ɔkekaa ne ho tiaa saa tebea no wɔ sima ketewa bi mu, ka kyerɛɛ ne ho ne saa nsusuiɛ no sɛ, “Daabi!” na ɔde adepapa bi hyɛɛ ananmu twee n’adwene firii nsusuiɛ a ɔmpɛ no so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, berɛ a ɔkyerɛɛ ne pɛ ahonim wɔ teneneeyɛ mu no, saa abira bɔ, wɔmpɛ nsusuiɛ no yeraa ntɛm so.

Berɛ a Moroni frɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ wɔnnye Kristo nni na wɔnsakyera no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn akoma nyinaa mmra Agyenkwa no nkyɛn, na wɔn nworɔ efi biara mfiri wɔn ho. Bio nso, Moroni too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmfa ahotosoɔ a ɛmu ntumi ntete mmisa Onyankopɔn, ama wɔanhwe ase ankɔ nsɔhwɛ mu.12 Yɛde saa nnyinasosɛm yi reyɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu no hia pa ara kyɛn gyedie kwa, ɛhia yɛn adwene ne akoma asiesie ma saa nnyinasosɛm kronkron no. Saa nsiesie yi hia dabiara ne yɛn ankasa daadaa mmɔdemmɔ, ka Agyenkwa a yɛdan no no ho, ɛfiri sɛ yɛn nipadua a ɛwuo tebea suban no ankasa rentumi nyera. Reko atia nsɔhwɛ yɛ nkwa nna nyinaa mu nsiyɛ ne nokorɛdie Mmom mesrɛ, hunu sɛ Awurade ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn wɔ yɛn ankasa mmɔdemmɔ mu na sɛ yɛgyina mu kɛsi awieɛ a ɔhyɛ nhyira nwanwasoɔ ho bɔ.

Wɔ berɛ denden bi mu a Joseph Smith ne n’ayɔnkofoɔ a wɔda afiase wɔ Liberty Jail annya fahodie wɔ biribiara mu gye sɛ wɔn nsusuiɛ mu no, Awurade maa wɔn mmoa a ɛyɛ afotuo, hyɛɛ wɔn bɔ a ɛtrɛ ba yɛn nyinaa so:

Ma ɔdɔ mapa nhyɛ wo yam ma mmarima [ne mmaa] nyinaa, ne gyedie fiefoɔ no, na ma ahonidie nkɔ so nsiesie w’adwene a ɛnnyae da; afei na w’ahotosoɔ bɛnyini abɛyɛ den wɔ Onyankopɔn anim; …

“Sunsum Kronkron no bɛyɛ wo daadaa yɔnkoɔ, na w’ahempoma bɛyɛ teneneeyɛ ne nokorɛ.”13

Yɛyɛ no saa a, nsusuiɛ kronkron bɛkɔ so asiesie yɛn adwene ɔpɛ a ɛhoteɛ bɛdi yɛn anim akɔ tenenee nneyɛɛ ho.

Moroni bɔɔ ne nkorɔfoɔ no nso nkaeɛ sɛ, mma akɔnnɔbɔne nsɛe wɔn.14 Asɛm akɔnnɔbɔne kyerɛ akɔnnɔ a ɛhyɛ wo so denden ne ɔpɛ a ɛnyɛ a wonya ma biribi.15 Nsusuiɛ bɔne biara anaa ɔpɛ bɔne a ɛtwe ankorɛankorɛ bi adwene si pɛsɛmenkomenya nneyɛɛ anaa wiase ahodeɛ so kyɛn sɛ ɔbɛyɛ papa, ayamyɛfoɔ, adi Onyankopɔn mmaransɛm so ne deɛ ɛkeka ho nyinaa ka ho Ɛtaa da adi nam ɔkra no honam akɔnnɔ atenka kɛseɛ pa ara so. Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛɛ saa atenka yi binom, ɛbi te sɛ “afideɛ, ahohwie, ɔtan, abufuo, akasakasa, anibereɛ, ne deɛ ɛte saa.”16 Akɔnnɔbɔne ho bɔne biara da nkyɛn a, yɛrentumi mma yɛn werɛ mfiri sɛ ɔtamfo no de yei yɛ ne kokoamu akodeɛ tia yɛn berɛ a ɔsɔ yɛn hwɛ sɛ yɛnyɛ adebɔne.

Menuanom mmarima ne mmaa pa, medi adanseɛ sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to nkwagyeɛ botan no so, yɛn kra Agyenkwa no, na yɛdi Moroni afotuo no akyiri a, yɛn nimdeɛ fa sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nsusuiɛ so no bɛnyini mmorosoɔ. Mɛtumi ahyɛ mo nkuran sɛ yɛn sunsum mu nyini bɛkɔ nkan ntɛm ntɛm so, asesa yɛn akoma, ama yɛabɛyɛ te sɛ Yesu Kristo pii. Ɛka ho no, Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ no mu bɛyɛ den pa ara na atoa so wɔ yɛn asetena mu. Nkakrankakra, ɔtamfoɔ no nsɔhwɛ no tumi wɔ yɛn so no bɛsane, ma awie anigyeɛ pa ara ne ahoteɛ pii ne asetena a wɔahyira so.

Wɔn a ɛnam biribi so nti, wɔahwe ase wɔ nsɔhwɛ mu na wɔte nneyɛɛ a ɛntene mu, mehyɛ mo nkuran sɛ ɔkwan wɔ hɔ a wɔde san, sɛ anidasoɔ wɔ hɔ wɔ Kristo mu. Mfeɛ kakraabi nie, menyaa akwanya kɔsraa Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafoba pa bi a ɔfaa berɛ denden bi mu wɔ n’asetena mu wɔ mmarato kɛseɛ bi ho. Mehunuu no ɛdi kan no, metumi hunuu awerɛhoɔ wɔ nani so, na anidasoɔ a ɛrehyerɛn ka ho wɔ ne hwɛbea so. Ne yɛbea ankasa kyerɛɛ ahobrɛaseɛ ne akoma a asesa. Wayɛ Okristoni a ɔwɔ ahofama na Awurade ahyira no yie. Nanso, ɔmaa nsusuiɛ bɔne baako hyɛnee n’adwene mu a ɛfiri so kɔɔ afoforɔ so. Berɛ a ɔmaa kwan maa saa nsusuiɛ yi kɔɔ anim no, ankyɛre na wɔnyaa nhini wɔ n’adwene mu na ɛhyɛɛ aseɛ nyini kɔɔ n’akoma bunu mu Ɛbaa sɛ akyire yi ɔde saa ɔpɛ a ɔmfata yi dii dwuma, na ɛdii n’anim ma ɔsii gyinaeɛ tiaa biribiara a ɛsombo kɛse wɔ n’asetena mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ wamma saa gyimii nsusuiɛ no kwan ahyɛaseɛ no a, anka wammɛyɛ mmrɛ anhyɛ ɔtamfoɔ no nsɔhwɛ no nkɛntɛnsoɔ ase—nsɔhwɛ a ɛde awerɛhoɔ bebree baa n’asetena mu, anyɛ bi koraa no wɔ berɛ bi ntam.

Ɛdi boaa no, te sɛ ɔba desɛefoɔ no a yɛhunu no wɔ Luka asɛmpa abɛbusɛm no mu, “n’ani baa ne ho so” na ɔnyane firii saa daeɛso huhuu no mu.17 Ɔhyɛɛ n’awerɛhyɛmu a ɛwɔ Awurade mu no kena na ɔtee nokorɛ ahonu nka na ɔnyaa ɔpɛ akyire yi sɛ ɔnsan mmra Awurade nnwankuo no mu. Saa da no yɛn mmienu tee Agyenkwa no dɔ a ɔde gyee yɛn no nka. Nsra tiawa no awieɛ no, atenka hyɛɛ yɛn mmienu so, na ɛbɛsi nnɛ, mekae anigyeɛ a ɛhyerɛnn wɔ ne hwɛbea so berɛ a ɔfirii me dwumadibea hɔ no.

Me nnamfo pa, sɛ yɛsi nsɔhwɛ nketewa ho kwan, a yɛn ani nna so ɛtaa ba yɛn asetena mu a, yɛnya ahoɔden kwati mmarato akɛseɛ no. Sɛdeɛ Titenani Spencer W. Kimball kaae no: “Ɛntaa nnsi sɛ obi bɛkɔ mmarato kɛseɛ mu wɔ berɛ a ɔnnyae ne ho mma deɛ ɛyɛ ketewa, deɛ ɛbue pono no kɔ kɛseɛ mu no. Afuo a wɔadɔ [ɛnyɛ] mpofirim [mmɛyɛ] mfuiɛ.”18

Ɔresiesie ne ho awie Ne dwumadie kronkron wɔ asase so no, Agyenkwa Yesu Kristo sii so dua ɛho a ɛhia sɛ yɛde pintinnyɛ gyina biribiara a ɛtumi twe yɛn firi deɛ ɛbɛma yɛn ahunu yɛn ɛnni awieɛ botae ho no ano. Ɔtamfo no toa bebree akyiri nkoguo no, wɔ ne yɛ hwɛ sɛ ɔbɛtwe No afiri ne dwuma ho no, Agyenkwa no de nokorɛ adwenkyerɛ pamoo no kaa sɛ: “Firi ha kɔ, Satan. … Na ɔbonsam gyaa no hɔ, na, hwɛ, soro abɔfoɔ baae na wɔbɛsomm no.”19

Mobɛtumi asusu, me nuanom mmarima ne mmaa, deɛ ɛbɛsi sɛ yɛtumi nya ahoɔden ne akokoɔduro firi Agyenkwa no hɔ ka sɛ “Daabi” ne “Firi ha kɔ” kyerɛ nsusuiɛ a ɛmfata a ɛba yɛn adwene mu saa berɛ a ɛdi kan pa ara no? Deɛn na nkɛntɛnsoɔ a ɛwɔ yɛn akoma pɛ so bɛyɛ? Sɛn na yɛn awieɛ nneyɛɛ bɛtwe yɛn abɛn Agyenkwa no na ama ho kwan ama Sunsum Kronkron no nkɛntɛnsoɔ akɔ so wɔ yɛn asetena mu? Menim sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkwati asian bebree ne bɔne nneyɛɛ a ɛbɛtumi ama abusua haw ne akyinnyegyeɛ, atenka a ɛbɔ abira ne akɔnnɔdeɛ a enyini, bɔnedie mu ntɛnkyea ne atɛm, ayɛ akoa wɔ nnubɔne nom mu, ne adefoforɔ biara a ɛbɛyɛ atia Awurade mmaransɛm.

Wɔ n’abakɔsɛm ne nkanyan nkransɛm a ɛfiri Oforisuo wɔ afe yi mu, yɛn nkɔmhyɛni, Titenani Russell M. Nelson, hyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ “wɔbɛtie No” no—tie Yesu Kristo—na wɔyɛ setie ma Ne mmaransɛm no “wɔbɛhyira wɔn tumi aka ho de ako atia sɔhwɛ, apredie, ne mmrɛyɛ” na yɛn ahoɔden a yɛdebɛte anigyeɛ nka no bɛdɔɔso, mpo wɔ seesei bagyabagya a ɛrekɔsoɔ no mu .20

Medi adanseɛ sɛ yɛn nkɔmhyɛni pa yi bɔhyɛ a ɔde ama yi yɛ bɔhyɛ a ɛfiri Agyenkwa no ankasa hɔ. Meto nsa frɛ yɛn nyinaa sɛ “tie No” wɔ nsusuiɛ biara mu na fa woakoma nyinaa di N’akyiri sɛ wobɛnya ahoɔden ne akokoɔduro aka sɛ “Dabi” ne “Firi ha kɔ” akyerɛ biribiara a ɛbɛtumi de awerɛhoɔ aba yɛn asetena mu. Sɛ yɛyɛ yei a, mehyɛ mo bɔ sɛ Awurade de Ne Honhom Kronkron no bi bɛka ho na wasoma ma abɛhyɛ yɛn den na akyekyere yɛn werɛ, na yɛatumi abɛyɛ Awurade no ankasa akoma so ankorɛankorɛ.21

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo te ase na ɛnam Ne so, yɛbɛtumi adi nkonim wɔ ɔtamfo no nkɛntɛnsoɔ bɔne so na yɛafata sɛ yɛ ne Awurade bɛtena ɛnniawieɛ mu wɔ yɛn Agya dɔfo pa a ɔwɔ Soro no anim. Mede medɔ a mewɔ ma mo ne yɛn Agyenkwa fɛɛfɛ no nyinaa di saa nokorɛ yi ho adanseɛ, ɔno a mede animuonyam, anidie, ne ayɛyie ma ne din, nnɛ ne daa nyinaa. Meka saa nsɛm yi wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Tintim