Amansan Nhyiamu
Kristo Amammerɛ
Ahinime 2020 amansan nhyiamu


Kristo Amammerɛ

Yɛbɛtumi ama yɛn asase so amammerɛ ahodoɔ fa a ɛyɛ papa no asombo ama yɛn, na yɛakɔ so nso aka daa nkwa amammerɛ a ɛfiri Yesu Kristo asɛmpa mu no ho.

Hwɛ ewiase fɛɛfɛ a yɛwɔ te mu, ɛyɛ efie ma nnipa ahodoɔ nyinaa, kasa ahodoɔ, amanneɛ ahodoɔ, ne abakɔsɛm ahodoɔ— a apete wɔ aman boro ɔha so, ne nnipakuo boro mpem mpem, ɛmu biara wɔ amammerɛ a ɛyɛ fɛ. Onipa wɔ pii a ɛwɔ sɛ ɛma n’ani gye na ɔdi ahurisie. Ɛwom sɛ suban a yɛsua—nneɛma a yɛhunu esiane amammerɛ ahodoɔ a yɛnyini wɔ mu—bɛtumi ama yɛanya ahoɔden kɛseɛ wɔ abrabɔ mu, nanso ɛtɔ da bi a, ɛbɛtumi abɛyɛ akwansideɛ kɛseɛ.

Ayɛ sɛ amammerɛ awura yɛn adwene ne yɛn nneyɛɛ mu ara ma ɛrenyɛ yie mpo sɛ yɛbɛsesa. Ɛte saa, esiane sɛ, atenka a yɛwɔ mu berɛ dodoɔ no ara na ɛkyerɛ yɛn su, na ɛma yɛhunu sɛdeɛ yɛteɛ. Ɛbɛtumi ahyɛ yɛn so ara ma yɛrenhunu mmrɛyɛ a ɛfiri nnipa, anaa sintɔ a ɛwɔ yɛn ankasa amammerɛ mu, a ne nsunsuansoɔ ne sɛ ɛbɛma ayɛ den sɛ yɛbɛto yɛn agyanom amanneɛ no bi agu. Sɛ obi de ne ho to n’amammerɛ so pii a ɛbɛtumi ama no apo nneɛma a ɛho hia—mpo nyamesɛm—adwenkyerɛ, ahyɛnsodeɛ, ne suban.

Na menim abranteɛ bi a ɛnkyɛree pii na ɔboa kyerɛkyerɛ saa amammerɛ-anifura a ɛwɔ wiase baabiara yi. Medii kan hyiaa no wɔ Singapore, berɛ a wɔyii me sɛ menyɛ efie-kyerɛkyerɛni mma n’abusua. Ɔyɛ ɔbemfoɔ a ɔfiri India Anaafoɔ, na wagye din wɔ India kasa Sanskrit ne Tamil mu. Na ne yere dɔfoɔ ne ne mma mmarima baanu kɔ Asɔre no bi, nanso ɔno deɛ na ɔnkɔɔ Asɔre no bi da ɛna ɔntiee asɛmpa no ho nkyerɛkyerɛ pii. Na n’ani gye sɛdeɛ ne yere ne ne mma mmarima no renyini ho, na ɔboaa wɔn yie wɔ wɔn nnwumayɛ ne Asɔre dwumadie mu.

Berɛ a meyɛɛ sɛ mɛkyerɛkyerɛ no asɛmpa no nnyinasoɔ na me ne no akyɛ yɛn gydie no, wampene so mfitiaseɛ no. Ɛyɛɛ kakra ansa na merehunu ne sɛnti: na ɔwɔ atenka bi sɛ sɛ ɔyɛ saa a wabɛyɛ boniayɛ ama ne nkyi, ne nkorɔfoɔ, ne n’abakɔsɛm! Na n’adwene ne sɛ sɛ ɛba saa a, ɔbɛyi sɛdeɛ ɔteɛ, biribiara a n’abusua akyerɛ no, ne ne India amammerɛ ama. Abosome kakra bi akyiri no, yɛtumi kasa faa saa nneɛma yi ho. Ɛyɛɛ me ahodwiri (ɛnyɛ me nwanwa deɛ!) wɔ kwan a Yesu Kristo asɛmpa no buee n’ani maa no hunuu nneɛma sononko.

Wɔ nnipa-ayɛ amammerɛ pii mu no, yɛhunu papa ne bɔne, deɛ ɛyɛ adeɛ yie ne deɛ ɛsɛe adeɛ.

Yɛn wiase ɔhaw dodoɔ no ara firi aperedie a ɛba wɔn a wɔn gyedie ne amanneɛ nkɔ bɛn korɔ mu, esiane wɔn amammerɛ nti. Nanso ɛrekame ayɛ sɛ ntawantawa ne basabasayɛ nyinaa bɛfiri hɔ ntɛm, sɛ wiase bɛgye mfitiaseɛ amammerɛ, deɛ yɛn nyinaa nyaae nkyɛree pii no nko ara a. Saa amammerɛ yi hyɛɛ aseɛ firi berɛ a na yɛmmaa wiase. Na ɛyɛ Adam ne Enoch amammerɛ. Na ɛyɛ amammerɛ a ɛgyina Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ wɔ berɛ mpɔmpɔnsoɔ mu so, na ɛwɔ hɔ ma mmaa ne mmarima nyinaa bio, wɔ yɛn berɛ yi mu. Ɛda mu fua. Ɛyɛ amammerɛ nyinaa mu kɛse pa ara na ɛfiri anigyeɛ nhyehyɛeɛ kɛseɛ no mu, Onyankopɔn na ɔtwerɛeɛ, ɛna Kristo dii anim. Ɛde nkabom ba, na ɛnyɛ ntete mu. Ɛsa yadeɛ, na ɛmpira.

Yesu Kristo asεmpa no kyerɛkyerɛ sɛ abrabɔ wɔ botaeɛ. Ɛha a yɛwɔ no nyɛ ɔsoro akwanhyiakɛseɛ bi anaa mfomsoɔ kɛkɛ! Botaeɛ bi nti na yɛwɔ ha.

Saa amammerɛ yi nnyinasoɔ ne adansedie a ɛkyerɛ sɛ yɛn Soro Agya te ase, ɔwɔ hɔ na ɔdɔ yɛn mu ankorankorɛ biara. Yɛyɛ “N’awduma ne [N]’animuonyam.”1 Saa amammerɛ yi foa gyedie a ɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa sombo pɛ so. Nkyekyɛmu anaa dibrɛ mu. Ɛyɛ dɛn ara a, yɛn nyinaa yɛ anuanom mmarima ne mmaa, yɛn soro awofoɔ honhom mu mma—sɛdeɛ ɛteɛ no. Tirimuka anaa “yɛn ne wɔn na anya” tirimpɔ biara nni amammerɛ nyinaa mu kɛse pa ara no mu. Yɛn nyinaa yɛ “yɛn.” Yɛn nyinaa yɛ “wɔn.” Yɛgye di sɛ yɛwɔ asɛdeɛ ne akontabuo ma yɛn ankasa, yɛn ho yɛn ho, Asɔre no, ne yɛn wiase. Asɛdeɛ ne akontabuo yɛ nneɛma a ɛho hia ma yɛn kankɔ.

Ɔdɔ mapa, nokorɛ Kristo-su ayamuyɛ, na ɛyɛ saa amammerɛ yi nnyinasoɔ. Yɛnya ayamyɛ atenka kann ma yɛn nua nipa, honam ne honhom mu, na yɛtu saa atenka no ho anammɔn. Wei yi tirimuka ne ɔtan firi hɔ.

Yɛn ani gye adiyie amammerɛ, a ɛgyina Onyankopɔn nsɛm sɛdeɛ ɛba ne nkɔmhyɛfoɔ so (na yɛn mu biara nam Honhom Kronkron no so hunu ne nokorɛ). Nnipa nyinaa bɛtumi ahunu Onyankopɔn pɛ, ne n’adwene.

Saa amammerɛ yi foa ɔpɛ nnyinasoɔ so. Tumi a yɛde yi deɛ yɛpɛ ho hia yie pa ara ma yɛn mpontuo ne yɛn anigyeɛ. Yɛreyi no nyansa mu ho hia pa ara.

Ɛyɛ adehunuamammerɛ a ɛyɛ adesua. Yɛhwehwɛ nimdeɛ ne nyansa, ne deɛ ɛyɛ papa wɔ nneɛma nyinaa mu.

Ɛyɛ amammerɛ a ɛyɛ gyedie ne setie. Yesu Kristo mu gyedie ne yɛn amammerɛ no nnyinasoɔ a ɛdi kan, na setie ma Ne nkyerɛkyerɛ ne mmaransɛm no, yɛ deɛ ɛfiri mu ba. Weinom de ahohyɛsoɔ ba.

Ɛyɛ amammerɛ a ɛyɛ mpaebɔ. Yɛgye di sɛ Onyankopɔn rente yɛn nka nko ara, ɔbɛsan nso aboa yɛn.

Ɛyɛ amammerɛ a ɛyɛ apam ne ayɛyɛdeɛ, abrabɔ pa susudua, afɔrebɔ, fakyɛ ne adwensakyera, ɛne yɛn nipadua tɛmpol a yɛhwɛ so yie. Weinom nyinaa di adanseɛ fa ahofama a yɛwɔ ma Onyankopɔn ho.

Ɛyɛ amammerɛ a asɔfodie, tumi a yɛgyina so di dwuma wɔ Onyankopɔn din mu, Onyankopɔn tumi a ɔde hyira ne mma, ɛna ɛdi soɔ. Ɛkyerɛ adeɛ, na ɛma ankorankorɛ yɛ nnipa papa, akandifoɔ, ɛnanom, agyanom, ne ahokafoɔ—na ɛte efie ho.

Anwanwadeɛ ahodoɔ a ɛyɛ nokorɛ wɔ wei mu, amammerɛ nyinaa mu panin, a Yesu Kristo mu gyedie na wɔde ayɛ, tumi a ɛwɔ asɔfodie mu, mpaebɔ, wo ara wo mpontuo, nokorɛ nsakyeraeɛ, ɛne fakyɛ.

Ɛyɛ amammerɛ a ɛyɛ asɛmpatrɛ adwuma. Akra sombo kɛseɛ.

Wɔ Kristo amammerɛ mu no, wɔpagya mmaa kɔ wɔn daa nkwa dibrɛ a ɛsɛ mu Yɛmmu mmarima nkyɛn wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ amammerɛ ahodoɔ binom a ɛwɔ wiase ɛnnɛ yi no, mmom wɔyɛ ahokafoɔ mua wɔ ha ne wiase a ɛbɛba no mu.

Saa amammerɛ yi gye to mu sɛ abusua yɛ adeɛ kronkron. Abusua yɛ ɛnniawieɛ fapem. Abusua a ɛdi mu sombo kyɛn afɔrebɔ biara, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ wɔakyerɛ no, “nkonimdie foforɔ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ahyɛ efie nkoguo anan mu.“2 Efie yɛ bea a yɛyɛ yɛn adwuma a ɛyɛ papa, ɛne bea a yɛnya anigyeɛ kɛseɛ.

Susudua wɔ Kristo amammerɛ mu—ne daa nkwa botaeɛ ne akwankyerɛ. Saa amammerɛ yi hwehwɛ nneɛma a ɛbɛsombo daa! Ɛfiri Yesu Kristo asɛmpa mu, a ɛyɛ daa nkwa, na ɛkyerɛkyerɛ adɛn, deɛn, ɛne ɛhefa a ɛwɔ yɛn asetena mu. (Ɛde obiara ba mu bi, ɛnyɛ nyiyi mu.) Esiane sɛ saa amammerɛ yi firi yɛn Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ a yɛde di dwuma mu nti, ɛboa ma yɛn aduhwam a ɛsa yareɛ, a yɛn wiase yi hia bi dendeenden.

Ɛyɛ nhyira sɛ yɛka animuonyam abrabɔ kwan a ɛhia sei ho! Sɛ wobɛka saa amammerɛ nyinaa mu kɛse pa ara yi ho a, ɛbɛhia nsakraeɛ. Nkɔmhyɛfoɔ no akyerɛkyerɛ sɛ, ɛhia sɛ yɛgya adeɛ biara a ɛwɔ yɛn amammerɛ dada no mu a ɛne Kristo amammerɛ no nkɔ wɔ akyire. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛwɔ sɛ yɛgya biribiara wɔ akyire. Nkɔmhyɛfoɔ no nso asi so dua sɛ wɔafrɛ yɛn, baako ne obiara, sɛ yɛmfa yɛn gyedie ne adom akyɛdeɛ ne nimdeɛ mmra—deɛ ɛyɛ papa wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn amammerɛ mu biara—nka yɛn ho na yɛmma Asɔre no mfa asɛmpa no nkrasɛm so “mfa bi nka ho.3

Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no nyɛ Aborɔfo kuo bi anaa Amerika amammerɛ nwanwasoɔ bi. Ɛyɛ aman ahodoɔ so asɔre, sɛdeɛ wɔyɛɛ no sɛ ɛnyɛ berɛbiara. Deɛ ɛkyɛn saa ne sɛ, ɛfiri soro. Asɔre mma afoforɔ a wɔwɔ wiase nyinaa de ahoɔden, nneɛma foforɔ ne anigyeɛ ba yɛn abusua a ɛrenyini daa yi mu. Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a wɔwɔ baabiara kɔ so de obuo ne nidie ma wɔn amammerɛ ne akunini, na seesei wɔsan ka biribi a ɛkrɔn kyɛn saa ho. Kristo mammerɛ boa yɛn ma yɛhunu sɛdeɛ yɛteɛ ankasa, na sɛ yɛhwɛ no wɔ daa nkwa ahwehwɛniwa mu, de toto tenenee abrabɔ ho a, ɛboa pagya ahoɔden a yɛde rema anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ no aba mu no.

Enti deɛn na ɛtoo me yɔnko no? Aane, wɔmaa no nkyerɛkyerɛ ma ɔbɛkaa Asɔre no ho. Wasɔ n’abusua ano ama berɛ ne daapem wɔ Sydney Tɛmpol mu dadaada. Wagyae kakraabi mu—anya nneɛma nyinaa ho ahoɔden. Ɔhunuu sɛ ɔbɛtumi akɔso adi n’abakɔsɛm ho ahurisie, akɔso de ne nananom ahoahoa ne ho, ne nnwom ne asa ne atwerɛ, n’aduane, n’asase ne ɛso nkorɔfoɔ. Wahunu sɛ ɔhaw biara nni ho sɛ ɔde nneɛma papa a ɛwɔ ne kurom amammerɛ mu bɛka amammerɛ mu kɛse pa ara no ho. Ɔhunuu sɛ ɔde deɛ ɛne nokorɛ ne tenenee kɔ refiri n’abrabɔ dada mu akɔ foforɔ mu no boa ma ɔne Ahotefoɔ no ayɔnkofa kɔ nkan, na ɛboa wɔ berɛ a yɛreka obiara abɔ mu baako wɔ ɔsoro kuo mu.

Ampa ara, yɛn nyinaa bɛtumi ama yɛn ankorankorɛ asase so amammerɛ fa a ɛyɛ papa no asombo ama yɛn, na yɛakɔ so nso aka amammerɛ a anyini kyɛn ne nyinaa no ho—deɛ ɛdii kan, ɛyɛ ɛmu kɛseɛ, daa nkwa amammerɛ a ɛfiri Yesu Kristo asɛmpa mu. Ɛyɛ amammerɛ nwanwasoɔ a yɛn nyinaa wɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Mose 1:39.

  2. J. E. McCulloch, wɔ Asɔre no Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: David O. McKay (2011), 154.

  3. Hwɛ Asɔre no Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: George Albert Smith (2011), xxviii; Gordon B. Hinckley, “Yɛn Gyedie Fapem Nwanwasoɔ,” Laehona, Obubuo 2002, 78–81.

Tintim