Amansan Nhyiamu
Gyidie a Yɛde Yɛ na Yɛabɛyɛ
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Gyidie a Yɛde Yɛ na Yɛabɛyɛ

Ɛnam mpaebɔ, twerɛsɛm sua, ne nneyɛɛ so, yɛbɛtumi abue ɔsoro nhyira na yɛabɛyɛ Agyekwa Yesu Kristo akyidifoɔ papa.

Berɛ tiawa bi akyiri a wɔfrɛɛ me kɔsomm wɔ Amansan Aduɔson Sodifoɔ mu no, menyaa akwanya de sraa Titenani Russell M. Nelson sima kakra bi mu. Na ɛyɛ nhyiamu a wɔnhyehyɛɛe wɔ aduanenoa bea hɔ, na n’ayamyɛ maa no frɛɛ Elder S. Mark Palmer ne me sɛ yɛ ne no ntena ase nni awia aduane no.

“Deɛn na yɛ ne nkɔmhyɛni kasa fa ho wɔ awia adidie berɛ mu?” yɛ nsusuiɛ a ɛbaa m’adwene mu. Ɛno nti medwenee ho sɛ mɛbisa Titenani Nelson sɛ ɔwɔ afotuo anaa akwankyerɛ bi ma me berɛ a merehyɛ me frɛ no ase no. Ne mmuaeɛ yɛɛ tiawa ne pɔtee pa ara; ɔhwɛɛ me na ɔkaa sɛ, “Elder Schmeil, wɔafrɛ wo ama deɛ wobɛtumi aba abɛyɛ.” Mefirii saa suahunu yi ho kɔɔe a medwene faa deɛ Awurade pɛ sɛ mɛba abɛyɛ ho. Berɛ a medwenee yei ho no, metee aseɛ sɛ, Ɔpɛ sɛ meba bɛyɛ ɔkunu, agya, ne ɔbabarima papa, ne ɔsomfoɔ papa. Afei metee aseɛ sɛ yeinom nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ berɛ a mereyɛ adwuma aba abɛyɛ Agyenkwa Yesu Kristo no suani papa.

Amansan nhyiamu a ɛtwaa mu yi, Titenani Nelson kaa sɛ: “Biribiara yieyɔ hia mmɔdemmɔ. Wɔnsii ho kwan sɛ wobɛyɛ Yesu Kristo suani nokwafoɔ.” 1 Titenani Nelson reto nsa frɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma den sɛ yɛbɛba abɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ papa. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛbɛba abɛyɛ te sɛ Agyenkwa no yie a, ɛhia ma yɛn sɛ yɛbɛbisa, yɛayɛ, na yɛsua wɔ nneɛma afoforɔ ntam de ahyɛ yɛn gyedie den.

1. Bisa

Ɔkaa sɛ, “Bisa wo Soro Agya, wɔ Yesu Kristo din mu pɛ mmoa.” 2 Wonam mpaebɔ so rebisa no yɛ nsafoa no mu baako a, wode bɛhunu sɛdeɛ wobɛba abɛyɛ Yesu Kristo suani papa.

Ɛrekɔ Ne som adwuma no awieɛ wɔ Nifaefoɔ no ntam wɔ Amerika hɔ no, Yesu Kristo foro kɔɔ ɔsoro. Akyire yi no, N’asuafoɔ no boaa wɔn ho ano bɔɔ mu, de “nkabɔmu bɔɔ mpaebɔ ne akɔmkyene kɛseɛ Na Yesu yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ na wɔrebɔ mpaeɛ kyerɛ Agya no wɔ ne din mu.” 3 Adɛn nti na Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ N’suafoɔ no bio? Ɛfiri sɛ na wɔrebɔ mpaeɛ; na wɔrebisa

Afei ɔtoaa so:

“Seesei merekɔ Agya no nkyɛn. Na nokorɛ mese mo sɛ, biribiara a mobɛbisa Agya no wɔ me din mu no, wɔde bɛma mo.

“Ɛno nti, mommisa, na monsa bɛka; mommɔ mu, na wɔbɛbue ama mo; na deɛ ɔbisa no, ne nsa ka; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbɛbue ama no.” 4

Ɛho hia sɛ yɛde gyedie bisa sɛ yɛbɛhunu Awurade pɛ na yɛgye to mu sɛ Awurade nim deɛ ɛyɛ papa ma yɛn.

2. Yɛ

Woreyɛ no yɛ safoa foforɔ a ɛho hia sɛ wobɛba abɛyɛ Yesu Kristo suani papa. Berɛ a yɛreyɛ no, Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan, adi yɛn anim wɔ ɔkwan no so. Megye di yie sɛ na Nifae rehwehwɛ akwankyerɛ afiri Awurade hɔ sɛdeɛ ne nsa bɛka yaawa mprɛte no, nanso ɔne ne nuammarima no sɔ hwɛɛ mprenu a wɔanni nkonim. Nanso na wɔreyɛ, na na Awurade rema wɔn akwankyerɛ wɔ ɔkwan no so. Awieɛ no, Nifae dii nkonim ne mprɛnsa so. Ɔkaee sɛ,“Honhom no dii m’anim kan, a na menni kan nnim deɛ ɛwɔ sɛ mekɔyɛ.” 5

Sei na Awurade yɛ adwuma berɛ a yɛkyerɛ mmɔdemmɔ na yɛyɛ, mpo berɛ a yɛnni nteaseɛ pefee fa deɛ ehia sɛ yɛyɛ ho. Awurade ka kyerɛɛ Nifae deɛ ɔnyɛ: kɔ na kɔgye mprɛte no. Mmom Wanka ankyerɛ Nifae sɛdeɛ ɔbɛyɛ no. Ɔgyae maa Nifae sɛ ɔnni ho dwuma na ɔnhwehwɛ Awurade hɔ mmoa—na sei na Awurade taa yɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu. Sɛ yɛde gyedie yɛ a, Awurade di yɛn kan na ɔkyerɛ yɛn akwan.

3. Sua

Wɔ Nifae a ɔtɔ so 3, asuafoɔ no see Agyenkwa no sɛ akasakasa wɔ nkorɔfoɔ no ntam ɛfa Asɔre no din ho. Mmuaeɛ mu no, Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm a ɛho hia berɛ a Ɔbisaa sɛ, “Wɔnkenkanee twerɛsɛm no anaa?“ 6 Woresua adeɛ nso yɛ safoa a ɛho hia foforɔ a ɛbɛma yɛaba abɛyɛ Yesu Kristo asuafoɔ papa. Mpaebɔ ne twerɛsɛm sua na ɛkɔ. Wɔbɔ mu yɛ adwuma de ma yɛn mfasoɔ. Yei ne ɔkwan a Awurade no ahyehyɛ. “Didi wɔ Kristo nsɛm no mu, ɛfiri sɛ hwɛ, Kristo nsɛm no bɛka nneɛma a ɛwɔ sɛ moyɛ nyinaa akyerɛ mo.” 7

Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ nso sɛ, mma yɛnsua twerɛsɛm no nko ara mmom yɛnkyerɛkyerɛ nso mfiri mu, sɛdeɛ Ɔyɛ de kyerɛɛ Nifaefoɔ no: “Na afei ɛbaa sɛ berɛ a Yesu kyerɛkyerɛɛ twerɛsɛm no a wɔatwerɛ no nyinaa bɔɔ mu baako kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nneɛma no a wakyerɛkyerɛ wɔn no nkyerɛ wɔn.” 8

Yei ne botaeɛ no mu baako nti a ɛho hia pa ara sɛ Nifae san n’akyiri na ɔkɔgye yaawa mprɛte no: na n’abusua hia twerɛsɛm no, ɛnyɛ sɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔatu kwan akɔ bɔhyɛ asase no so nko, nanso sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɛsɛ sɛ yɛn nso hwehwɛ akwankyerɛ firi twerɛsɛm no mu ma yɛn akwantuo yi, na yɛkyerɛkyerɛ firi mu wɔ yɛn fie ne Asɔre frɛ mu.

4. Yɛ sɛ ɛbɛba Abɛyɛ

Mpɛn pii no mpaeɛ ho mmuaeɛ remma ɛhɔ ara. Nanso ɛsɛ sɛ yɛnya gyedie de toa so, yɛ wɔ tenenee mu, na kuta mu den te sɛ Nifae berɛ a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛnya yaawa mprɛte no. Awurade bɛkyerɛ yɛn nkakrankakra; berɛ a yɛresua twerɛsɛm no, Awurade bɛma yɛn mmuaeɛ anaa ahoɔden a ɛhia ma yɛn sɛ yɛbɛfa da baako mu bio, nnawɔtwe baako mu bio, na yɛnsɔ nhwɛ baako bio. Elder Richard G. Scott se: “Da ase sɛ ɛtɔ da a Onyankopɔn ma wo pere berɛ tenten ansa na saa mmuaeɛ no aba. Ɛno ma wo gyedie kɔ nkan na wo suban nyini.” 9

Ɛnam mpaebɔ ne twerɛsɛm sua so no, Awurade ma me ahoɔden berɛ biara sɛ mɛyɛ na magyina mu da baako bio, nnawɔtwe baako bio, na masɔ ahwɛ baako bio. Mprɛ pii no, mmuaeɛ no amma ɛhɔ ara. Mewɔ nsɛmmisa a wɔnnya mmaa me mmuaeɛ, nanso mekɔ so bisa na mesua, na m’ani gye sɛ Awurade kɔ so ma me ahoɔden sɛ mɛyɛ berɛ a meretwɛn mmuaeɛ no.

Elder Scott nso kaa sɛ, “Berɛ a worenante kɔ wo nteaseɛ hyeɛ so akɔwura wo anwummerɛ a wonnim deɛ ɛbɛsi no, wokyerɛ gyedie a, wɔbɛdi wo kan ama woanya mmuaeɛ a anka worennya wɔ baabiara.“ 10

Sɛ wobɛba abɛyɛ Agyenkwa Yesu Kristo akyidini no yɛ nkwa nna akwantuo, na nsonoeɛ da yɛn nyinaa mpɛmpɛnsoɔ a yɛwɔ, ne yɛn ahokeka mu. Ɛsɛ sɛ yɛde to adwene mu sɛ yei ɛnyɛ akansie, na yɛwɔ ha sɛ yɛbɛdɔ na yɛaboa yɛn ho yɛn ho. Ɛho hia sɛ yɛyɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛma Agyenkwa no kwan ne yɛn ayɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu.

Ɔrekasa kyerɛ Sidney Rigdon no, Awurade kaa deɛ ɛdidi soɔ yi: “Mahwɛ wo ne wo nnwuma so. Mate wo mpaebɔ no, na masiesie wo ama adwuma kɛseɛ.” 11 Medi adanseɛ sɛ Awurade te yɛn mpaebɔ na ɔma mmuaeɛ: Ɔnim yɛn, na Ɔwɔ adwuma kɛseɛ ma yɛn mu biara. Ɛnam mpaebɔ, twerɛsɛm sua, ne nneyɛɛ so, yɛbɛtumi abue ɔsoro nhyira na yɛabɛyɛ Agyekwa Yesu Kristo akyidifoɔ papa.

Titenani Dallin H. Oaks kyerɛkyerɛɛ sɛ “Awieɛ Atemmuo no ɛnyɛ anobuo fa dodoɔ a wɔaka abɔ mu a ɛyɛ papa ne bɔne dwuma kwa—deɛ yɛayɛ. Ɛyɛ nnyetom fa awieɛ nsunsuansoɔ ma yɛn nneyɛɛe ne nsusuiɛ—deɛ yɛaba abɛyɛ.” 12

Meda ase fa nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ ho; wɔyɛ awɛmfoɔ wɔ abantenten no so. Wɔhunu nneɛma a yɛnhunu. Medi adanseɛ sɛ ɛnam wɔn nsɛm so, yɛbɛtumi abɛyɛ akyidifoɔ papa ama Agyenkwa Yesu Kristo na yɛanya yɛn daakye su. Medi adanseɛ sɛ Kristo tease na ɔnim yɛn mu biara ankorankoro. Yei ne N’asɔre. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Tintim