Amansan Nhyiamu
Yɛresiesie Adwene mu Apomden
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Yɛresiesie Adwene mu Apomden

Momma me kwan na menkyɛ nneɛma bi a mahunu berɛ a m’abusua kɔɔ nsɔhwɛ mu.

Ɛwom sɛ yɛn abusua anya ɔdɛmu nhyira pii berɛ a yɛnam apam kwan no so, nanso yɛahyia mmepɔ akɛseɛ pa ara. Mepɛsɛ me ne mo kyɛ me ankasa suahunu fa adwene mu yareɛ ho. Deɛ ɛka ho bi ne klinikaa diprɛhyɛn, dadwen, bypola disɔda, ADHD—ne ɛtɔda a neɛ ɛkekaho nyinaa. Mekyɛ saa suahunu dɔma yi ɛnam akwanya a manya afiri wɔn a ɛfa wɔn ho no.

Wɔ me som mu no, mahyia ankorankorɛ ɔha mu ɔha ne mmusua a wɔwɔ suahunu saa bi mu. Ɛtɔda a medwene sɛ adwene mu yareɛ bɛtumi aka “ahokyerɛ yaredɔm“ a ɛkata asase so 1 sɛdeɛ twerɛsɛm no ka no ho. Ɛyɛ wiase afanan, akata asasetam ne amammerɛ, na ɛka obiara—mmabunu, mpanin, asikafoɔ ne ahiafoɔ. Wannyi asɔremma amfiri mu.

Wɔ berɛ korɔ no ara mu no, yɛn gyedie kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mmɔden nyɛ te sɛ Yesu Kristo na yɛn nwie pɛyɛ wɔ Ne mu. Yɛn mma to dwom,“I’m trying to be like Jesus.” 2 Yɛkɔn dɔ sɛ yɛbɛwie pɛyɛ te sɛ deɛ yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo wie pɛyɛ no. 3 Esiane sɛ adwene mu yareɛ si yɛn nteaseɛ fa pɛpɛryɛ ho kwan nti ayɛ sɛ akyiwadeɛ. Ne saa nti, mpɛn pii no yɛnnim ho hwee, nnipa pii rebrɛ a wɔn nka, na ɔmanfoɔ reteetee. Pii na nneɛma hyɛ wɔn so ɛnam sɛ ɛyɛ wɔn sɛ wɔnnuru susudua bi, wɔnam mfomsoɔ kwan so gyedi sɛ wɔnni Asɔre no mu kwan.

Sɛ yɛbɛtumi ako saa nnaadaa yi a, ɛhia sɛ yɛkae sɛ “Agyenkwa no dɔ Ne Papa ba biara. Ɔte aseɛ yie ɔyea ne apenesie a nnipa dodoɔ a wɔwɔ adwene mu yareɛ no kɔ mu berɛ a wɔtena saa ɔhaw ahodoɔ yi bi mu. Wafa ɔyea ne amanneɛ biara bi mu; [ɔfaa] ne nkorɔfoɔ yea ne wɔn yareɛ too ne ho so ’ (Alma 7:11; nsisoɔ no ka ho; san so hwɛ Hebrifoɔ 4:15–16; 2 Nifae 9:21). Esiane sɛ ɔte ɔyea nyinaa ase nti, Ɔnim sɛdeɛ ‘Ɔbɛsa deɛ n’akoma abubuo yareɛ.’ (Luka 4:18; sanso hwɛ Yesiah 49:13–16).” 4 Akwansideɛ taa kyerɛ sɛ obi hia akadeɛ ne mmoa bi de ako na ɛnkyerɛ suban sintɔ.

Momma menkyɛ nneɛma bi a mahunu berɛ a m’abusua kɔɔ nsɔhwɛ mu.

Ɛdi kan, nnipa pii ne yɛn bɛdi awerɛhoɔ; wɔremmu yɛn atɛn. Ɛnam ntohyɛsoɔ yareɛ, dadwen, ne awerɛhoɔ mu haw nti, yɛn babarima firii asɛmpatrɛ adwuma baa fie bosome baako pɛ akyi. Na ɛyɛ den ma yɛn sɛ awofoɔ wɔ hwammɔdie ne awerɛhoɔ, mu esiane sɛ na yɛabɔ mpaeɛ pii ama ne nkonimdie. Te sɛ awofoɔ nyinaa no, yɛpɛsɛ yɛn mma tu mpɔn na wɔn ani gyeɛ. Na asɛmpatrɛ adwuma yɛ anammɔn kɛseɛ ma yɛn ba no. Na yɛsan nso dwenee deɛ afoforɔ bɛtumi aka ho.

Yɛannwene anhunu sɛ, yɛn babarima no san baae no yɛɛ ɔsɛeɛ a ɛnni ano pa ara maa no Kae sɛ na ɔdɔ Awurade na ɔpɛɛ sɛ ɔsom no, nanso wantumi ɛnam nneɛma bi a ɔperee sɛ ɔbɛte aseɛ nti. Ankyɛre na ɔhunuu ne ho wɔ bea a anidasoɔ nyinaa asa na ɔgyinaa ebunu mu fɔdie ano. Na ɔte nka sɛ yɛapo no na ɔyɛ teaseawuo honhom. Na ɔmaa owuo ho nsusuiɛ a ɛntaa nsi dii ne sosɛ ɔbɛdi ne wuo adwene ahyɛ no ma.

Berɛ a na ɔwɔ saa tebea yi mu no, yɛn ba no faa adwene sɛ deɛ aka no ne sɛ ɔbɛdi ne ho awu. Ɛto gyee Sunsum Kronkron no ne ɔsoro abɔfoɔ dɔm wɔ nkatanim no anim ne akyire na wɔgyee no nkwa.

Berɛ a na ɔrepere ne nkwa wɔ saa berɛ yi a na ɛyɛ den yie yi mu no, yɛn abusua, wɔɔd akannifoɔ, asafomma , ne ayɔnkofoɔ gyee berɛ boaae na wɔsomm yɛn.

Mentee saa ɔdɔ sei nka da. Mentee nka wɔ mankasa abrabɔ mu nteaseɛ a ɛwɔ mu sɛ yɛbɛkyekyere wɔn a wɔn werɛ aho werɛ. Yɛn abusua ani bɛsɔ saa ɔdɔ yi daa.

Mentumi nkyerɛ mu anwanwadeɛ ahodoɔ a ɛsisii wɔ saa berɛ no mu. Wɔ anisɔ mu no, yɛn ba no te ase, nanso agye mmerɛ pii ne ayarehwɛ ne honhom mu hwɛ pii ansa na ne ho retɔ no ma wahunnu sɛ yɛdɔ no, ɔsombo na yɛhia no.

Mahunu sɛ ɛnyɛ tebea nyinaa sei na ɛwie te sɛ yɛn deɛ no. Me ne wɔn a wɔahwere adɔfoɔ ntɛm so pa ara na awerɛhoɔ ne nsɛmmisa a anoyie nni hɔ ahyɛ wɔn ma no di awerɛhoɔ.

Nea ɛdi hɔ a mahunu ne sɛ ɛtumi yɛ den ma awofoɔ sɛ wɔbɛhunu wɔn mma haw, nanso ɛwɔ sɛ yɛsua ma yɛn ho. Yɛbɛdɛn na yɛahunu nsonsonoeɛ a ɛda nsakraeɛ a ɛda mmɔfra nyini wɔ kwan pa no so ne deɛ ɛtɔ kyima mu? Sɛ awofoɔ yi, yɛwɔ asodie kronkron sɛ yɛbɛboa yɛn mma wɔ abrabɔ mu akwansideɛ nyinaa mu; nanso yɛn mu ketewa bi na ɛyɛ adwene mu apomden nimdefoɔ. Mmom yɛhia sɛ yɛbɛhwɛ yɛn mma no aboa wɔn ma wɔn anisɔ wɔn mmɔdemmɔ berɛ a wɔreyere wɔn ho ayɛ nea yɛhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ. Yɛn mu biara nim firi yɛn sintɔ mu sɛ honhom mu nyini ɛnyɛ da koro adeɛ.

Afei yɛte aseɛ sɛ “aduro biara nni hɔ a ɛsa atenka ne adwene mu yareɛ nyinaa. Yɛbɛfa ateetee ne ɔhaw mu esiane sɛ yɛde honam a ewuo te wiase a ahwe aseɛ mu. Nneɛma pii binom nso bɛtumi aka ho ama yɛahunu sɛ obi wɔ adwene mu yareɛ. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛn adwene mu ne atenka mu apomden teɛ, sɛ yɛde yɛn ani bɛkɔ mpontuo so ama apomden kyɛn sɛ yɛbɛma yɛn mmrɛyɛ ahyɛ yɛn so.” 5

Adeɛ baako a aboa me yere ne me ne sɛ, yɛbɛtwe abɛn Awurade no na yɛatena ne nkyɛn. Yɛhwɛ a, yɛhunu sɛdeɛ Awurade de ntoboaseɛ kyerɛkyerɛ yɛn wɔ berɛ a anidasoɔ asa mu. Ne hann boaa yɛn anammɔntuo mu berɛ a na esum aduru yɛn. Awurade boa maa yɛhunuu sɛ ɔkra baako pɛ somboɔ wɔ daapem nhyehyɛeɛ mu kyɛn adeɛ biara wɔ asase yi so.

Bio, sɛ yɛsua adwene mu apomden ho asɛm a ɛboa yɛn ne afoforɔ a wɔreko saa yareɛ no. Yɛbɛdi nkɔmmɔ nokorɛ mu afa saa yareɛ yi ho bɛboa atwe adwene akɔ saa ti asɛm a ɛsombo yi so na anya asoyɛ sɛdeɛ ɛhia. Ne nyinaa mu no, nkransɛm di kan ansa na nkanyan ne adiyie aba. Saa akwansideɛ a yɛn ntaa nhunu yi bɛtumi ato obiara, na sɛ ɛto yɛn a, yɛhunu no sɛ ɛboro yɛn so.

Adeɛ baako a ɛdi kan a ɛwɔ sɛ yɛhunu ne sɛ yɛnyɛ ankonam. Meto nsa frɛ wo sɛ sua adwene mu apomden ho asɛm wɔ abrabɔ mmoa fa a ɛwɔ Gospel Library app no so. Sɛ yɛsua a yɛbɛnya nteaseɛ yie, agye atom, anya tema, ne ɔdɔ pii. Ɛbɛtumi ate asiane so, berɛ a ɛreboa ama yɛatu mpɔn na yɛahwɛ yɛn nkitahodie ne nhwɛanim yie.

Deɛ ɛtwa toɔ a mahunu: yɛhia sɛ yɛbɛhwɛ yɛn-ho yɛn-ho so daa. Ɛwɔ sɛ yɛdodɔ yɛn ho na yɛgyae atemmuo—ne titiri berɛ a deɛ yɛrehwehwɛ no ankɔ sɛdeɛ yɛpɛ. Ɛwɔ sɛ yɛboa yɛn mmɔfra ne mmabunu ma wɔte nka wɔ abrabɔ mu sɛ Yesu Kristo dɔ wɔn, mpo wɔ berɛ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛdɔ wɔn ho. Elder Orson F. Whitney a ɔsomm sɛ Asomafoɔ Dumienu no mu baako no, tuu awofoɔ fo sɛdeɛ wɔbɛboa wɔn mma a wɔrepere abrabɔ mu: “Bɔ mpaeɛ ma wo mma; fa wogyedie sɔ wɔn mu.“ 6

Metaa dwene ho fa deɛ ɛkyerɛ sɛ wode gyedie bɛsɔ obi mu. Megyedi sɛ nneɛma nketenkete a ɛkyerɛ ɔdɔ, ahobrɛaseɛ, ayamye ne obuo ka ho. Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛma wɔn kwan ama wɔn anyini wɔ wɔn ahoɔden so na yɛbɛdi adanseɛ aboa ama wɔn ate Agyenkwa no dɔ nka. Ɛhia sɛ yɛbɛdwene wɔn ho kyɛn yɛn ankasa yɛn ho. Ɛkyerɛ sɛ yɛbɛkasa ketewa bi na yɛatie bebree. Ɛwɔ sɛ yɛdɔ wɔn, ma wɔn tumi, na yɛbɔ wɔn aba so wɔ wɔn mmɔdemmɔ mu ne wɔn nokorɛdie mu ma Onyankopɔn. Ne korakora no, ɛwɔ sɛ yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara de tena wɔn nkyɛn—sɛdeɛ yɛtena bɛn Onyankopɔn no.

Obiara a adwenemu yareɛ aka no, kura w’apam no mu, mpo sɛ worentumi nte Onyankopɔn dɔ nka wɔ saa berɛ yi mu. Yɛ deɛ wobɛtumi biara na “gyina pintinn sɛ wobɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ, na ama n’abasa ada adi.” 7

Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Ɔnim yɛn. Ɔdɔ yɛn, na ɔbɛtwɛn yɛn. Wɔ yɛn abusua nsɔhwɛ mu no, mabɛhunu sɛdeɛ Ɔbɛn yɛn fa. Ne bɔhyɛ nyinaa yɛ nokorɛ:

Nsuro, Meka Wo Ho; oh mma wo abamu mmu,

Na Meyɛ wo Nyankopɔn na mɛma wo mmoa.

Mɛhyɛ wo den, aboa wo, na m’ama wo agyina,

Mede me tenenee tumi nsa bɛma wo so.

Sɛ yɛnim sɛ yɛn fapem si pi no, momma yɛmfa anigyeɛ nka:

Na Ɔkra a ɔtwere Yesu no nsuro

Mennyɛ, Mentumi, nnya no mma n’atamfo;

Saa ɔkra no, mpo sɛ asamando nyinaa bɛbɔ mmɔden awoso,

Merennyae da, dabi da, dabi da rempo! 8

Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45:31.

  2. “I’m Trying to Be like Jesus,” Children’s Songbook, 78–79.

  3. Hwɛ 3 Nifae 12:48.

  4. Te sɛ Ahina a Abɔ,” Adwenemu Apomden: Nkyerɛkyerɛ a Ɛkɔma, ChurchofJesusChrist.org.

  5. Sheldon Martin, “Strive to Be—a Pattern for Growth and Mental and Emotional Wellness,” Liahona, Aug. 2021, 14.

  6. Orson F. Whitney, wɔ Nhyiamu Amanneɛbɔ mu, Oforisuo 1929, 110.

  7. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 123:17.

  8. “Fapem a Emu Yɛ Den,” Nnwom,,no. 85.

Tintim