Amansan Nhyiamu
Onyankopɔn Dɔ: Anigyeɛ Mmorosoɔ ma Ɔkra no
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Onyankopɔn Dɔ: Anigyeɛ Mmorosoɔ ma Ɔkra no

Yɛnhunu Onyankopɔn dɔ no wɔ yɛn asetena tebea mu, mmom yɛhunu N’anim wɔ yɛn asetena mu.

Nnuammarima ne nnuammaa, monim sɛdeɛ Onyankopɔn yɛn Agya a Ɔwɔ soro no dɔ a ɔwɔ ma mo no wie pɛyɛ? Moate Ne dɔ no nka wɔ mo kra bunu mu anaa?

Sɛ wohunu na wote aseɛ ma ewie pɛyɛ sɛdeɛ Onyankopɔn dɔ wo sɛ ne ba a, ɛsesa biribiara. Ɛsesa ɔkwan a wonam so nya atenka fa wo ara wo ho berɛ a woayɛ mfomsoɔ . Ɛsesa sɛdeɛ wote nka berɛ a nneɛma a ɛmu yɛ den sie. Ɛsesa wo nsusuiɛ fa Onyankopɔn mmaransɛm ho. Ɛsesa wo nsusuiɛ fa afoforɔ ho ne w’ahoɔden a ɛma wotumi de nsakraeɛ ba.

Elder Jeffrey R. Holland kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Mmaransɛm kɛseɛ a ɛdi kan wɔ ɛnni awieɛ berɛnyinaa mu ne sɛ yɛde yɛn akoma tumi adwene ne ahoɔden nyinaa bɛdɔ Onyankopɔn—ɛno ne mmaransɛm a ɛdi kan a ɛso Nanso nokorɛ a ɛdi kan a ɛso wɔ ɛnni awieɛ berɛ nyinaa mu ne Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔde N’akoma tumi adwene, ne ahoɔden, nyinaa.” 1

Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mu biara bɛtumi ahunu saa nokorɛ kɛseɛ a ɛnni awieɛ yi wɔ yɛn kra mu?

Wɔyi kyerɛɛ nkɔmhyɛni Nifae wɔ anisoadehunu bi mu, adanseɛ a ɛmu yɛ duro pa ara fa Onyankopɔn dɔ ho. Ɔhwɛɛ nkwa dua no, Nifae hwehwɛɛ sɛ ɔnya ɛmu nkyerɛkyerɛmu. Ne mmuaeɛ mu no, ɔsoro bɔfoɔ no kyerɛɛ Nifae kuropɔn bi, ɛna bi, ne abɔfra bi. Berɛ a Nifae maa n’ani so hwɛɛ Nasaret kuropɔn no ne ɛna Maria teneneeni no sɛ ɔkura abɔfra Yesu wɔ n’abasa mu no, na ɔsoro bɔfoɔ no paee mu kaa sɛ, “Hwɛ Onyankopɔn Adwammaa no, aane, mpo Ɔnniawieɛ Agya no Ba no!” 2

Wɔ saa berɛ kronkron no mu, Nifae tee aseɛ sɛ, wɔ Agyenkwa no awoɔ mu no, na Onyankopɔn rekyerɛ Ne’dɔ a ɛyɛ korɔgyee na ɛwie pɛyɛ no. Onyankopɔn dɔ no, Nifae dii adanseɛ sɛ, “trɛtrɛ ne ho mu wɔ nnipa mma akoma mu.” 3

Mfoni
Nkwa dua no

Yɛbɛtumi asusu Onyankopɔn dɔ sɛ hann a ɛfiri nkwa dua no so, na ɛretrɛ ne ho mu fa asase no so nyinaa kɔ nnipa mma akoma mu. Onyankopɔn hann ne Ne dɔ no wura N’abɔdeɛ nyinaa mu. 4

Ɛtɔ da a yɛyɛ mfomsoɔ dwene sɛ yɛbɛtumi ate Onyankopɔn dɔ no nka akyire yi yi a yɛadi dadepoma no akyiri akɔdi aduaba no bi nko ara. Mmom, wɔn a wɔnya Onyankopɔn dɔ no ɛnyɛ wɔn a wɔba dua no ho nko ara, mmom ɛyɛ tumi no ankasa na ɛkanyan yɛn ma yɛhwehwɛ saa dua no.

“Ɛno nti, ɛyɛ ade papa kyɛn adeɛ nyina ara,” Nifae kyerɛkyerɛɛ sɛ, na ɔsoro bɔfoɔ no teaa mu sɛ, “Aane, ne deɛ ɛma ɔkra no anigyeɛ mmorosoɔ.” 5

Mfeɛ aduonu a abɛsene no, obusuani dɔfoɔ bi gyaee asɔre no. Na ɔwɔ nsɛmmisa bebree a ɔnyaa anoyie. Ne yere, a na wasakrade gyedie tenaa nokorɛ no mu. Wɔyɛɛ adwumaden bɔɔ wɔn awareɛ no ho ban wɔ mente-me-ho-ase a ɛsɔreeɛ no mu.

Afe a ɛtwaa mu yi ɔtwerɛɛ nsɛmmisa mmiɛnsa a ɛfa asɔre no ho a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsiesie na ɔde kɔmaa awarefoɔ mmienu bi a wɔayɛ nnamfoɔ mfeɛ bebree. Ɔsee wɔn sɛ wɔndwennwene saa nsɛmmisa no ho na wɔmmra ne wɔn nto nsa nnidi anwummerɛ no, na wɔ ne no nkyɛ wɔn nsusuiɛ fa nsɛm no ho.

Ɔne ayɔnkofoɔ yi nsrahwɛ yei akyi no, ɔkɔɔ ne dan mu hyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma bi a ɛsi n’ani so. Anwummerɛ no nkɔmmɔdie ne ɔdɔ a ne nnamfonom daa no adi kyerɛɛ no no baa n’adwene mu. Akyire yi ɔtwerɛɛ sɛ biribi hyɛɛ no sɛ ɔnnyae n’adwuma no. Ɔkaae sɛ: “ Hann bi a ɛhyerɛn hyɛɛ me kra ma. Na saa nhumu atenka a ɛmu yɛ duru yi yɛ deɛ menim dada, nanso yei mu deɛ, ɛkɔɔ so ara nyinii ahoɔden so senee deɛ asi pɛn no na ɛkɔɔ so wɔ sima bebree mu. Mede saa atenka no tenaa ase dinn a mebɛtee aseɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma me ho nsɛnkyerɛnneɛ. Menyaa honhom mu atenka bi a ɛka kyerɛɛ me sɛ mɛtumi asan akɔ asɔre na makyerɛ saa Onyankopɔn dɔ yi wɔ deɛ mɛyɛ wɔ hɔ.”

Afei ɔdwendwenee ne nsɛmmisa no ho. Atenka a ɔnyaae ne sɛ Onyankopɔn yii ne nsɛmmisa no ano na ɛno nti ɛnsɛ sɛ mmuaeɛ a ɛmu nna hɔ a wanya no twe no san sɛ ɔkɔ n’anim. 6 Ɛsɛ sɛ ɔne obiara kyɛ Onyankopɔn dɔ no berɛ a ɔkɔ so di ho abooboo. Berɛ a ɔde saa atenka no tuu anammɔn no, ɔnyaa atenka bi sɛ ɔne Joseph Smith wɔ ahennie mu akyire yi a ɔkaa wɔ n’anisoadehunu a ɛdi kan no mu sɛ, “Ɔdɔ hyɛɛ me kra ma, na nna bebree mu no metumi de anigyeɛ dii ahurusie kɛseɛ.” 7

Anwanwasɛm, abosome kakra bi akyi no, saa abusua ba yi nyaa ɔfrɛ no ara a na ɔkura no mfeɛ 20 a atwa mu no. Berɛ a ɛdi kan a ɔnyaa ɔfrɛ no, ɔyɛɛ n’asodie sɛ asɔreba a n’ani ku n’adwuma ho. Afei n’asɛmmisa anyɛ “Sɛn na mɛtumi ayɛ saa ɔfrɛ yi?”na mmom “Sɛdeɛ mɛtumi afa me som so akyerɛ Onyankopɔn dɔ?” Ɔfaa saa kwan foforɔ yi so no, ɔtee anigyeɛ kɛseɛ nka, nteaseɛ, ne botaeɛ wɔ ne frɛ no mu fa baabiara.

Annuanom mmaa ne mmarima, ɛbɛyɛ dɛn na y’anya Onyankopɔn nsesaɛ tumi a ɛyɛ ɔdɔ? Nkɔmhyɛni Mormon to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa akoma mu ahoɔden biara mmɔ mpaeɛ nkyerɛ Agya no, ama saa ɔdɔ yi atumi ahyɛ mo ma, deɛ ɔde agu wɔn a wɔyɛ ne Ba Yesu Kristo asuafoɔ ampa ara no so no.” 8 Mormon rento nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ nko ara sɛdeɛ wɔbɛtumi de Ne dɔ no ahyɛ yɛn ma ama afoforɔ mmom sɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ ama yɛatumi ahunu Onyankopɔn dɔ kann no ama yɛn ankasa ho. 9

Berɛ a yɛgye Nedɔ no, yɛhunu ɔdɛ kɛseɛ wɔ berɛ a yɛrepere sɛ yɛbɔdɔ na yasom sɛdeɛ ɔyɛɛe no, ɛyɛ “Ne ba, Yesu Kristo nokorɛakyidifoɔ.” 10

Yɛnhunu Onyankopɔn dɔ no wɔ yɛn asetena tebea mu, mmom wɔ N’anim wɔ yɛn asetena mu. Yehunu ne dɔ wɔ mmrɛ a yenya ahoɔden soronko a ɛbro yɛn deɛ soɔ na he Ne Honhom No de asomdwoɛ ba, ne awerɛkyekyerɛ ne kwankyerɛ. Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yebenya ne dɔ atenka. Yebetumi abɔ mpaɛ ama yɛn ani abue na yɛhunu Nensa wɔ yɛn abrabɔ mu na yɛhunu ne ne dɔ wɔ N’abɔdeɛ fɛɛfɛɛ mu.

Berɛ a yɛbɛdwene Agyenkwa no afɔrebɔ a ɛnni ano na ɛnni awieɛ ho no, yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ ate Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn no ase. Yɛtumi ɛto nwom yi bɔkɔɔ wɔ obuo mu ɛyɛ Eliza R. Snow nwom: “Ne mogya a ɛsom bo ohwie gu maayɛn; Ne nkwa Ɔde maa yɛn kwa.” 11 N’ahobrɛaseɛ wɔ amanehunu kɛseɛ mu no sɔne gu yɛn kra mu, bue yɛn akoma mu ma ɛhwehwɛ bɔnefafiri wɔ Ne nsa mu na ɛde ɔpɛ sɛ yɛbɛtena ase sɛdeɛ Ɔyɛɛe no hyɛ yɛn ma. 10

Titenani Russell M. Nelson twerɛɛ sɛ, “Mprɛ dodoɔ a yɛde ahofama bɛbɔ yɛn bra sɛ Ne bra sɛso no, dodoɔ no na yɛn dɔ no bɛba abɛyɛ ɔsoro deɛ.” 12

Yɛn ba kaa sɛ: “Berɛ a medii mfeɛ 11 no, me ne me nnamfonom sii gyinaeɛ sɛ yɛbɛkwati ɔfa a ɛdi kan wɔ yɛn Primary adesua mu. Berɛ a yɛbɛduruuiɛ akyire yi no, ɔkyerɛkyerɛni no maa yɛn akwaaba fɛfɛɛfɛ. Afei ɔbɔɔ akoma mu mpaeɛ a ɛmu no, ɔdaa Awurade ase firi n’akoma mu sɛ yɛasi gyinaeɛ sɛ yɛbɛba adesua dan no mu saa da no a ɛfiri yɛn ara pɛ mu Merentumi nkae deɛ na adesua no fa ho anaa mpo yɛn kyerɛkyerɛni no din, nanso, seesei, mfeɛ 30 akyiri no, saa ɔdɔ kann a ɔdaa no adi kyerɛɛ me saa da no kɔ so ka m’akoma.”

Mfeɛ nnum a atwa mu yi no, mehyɛɛ ɔsoro dɔ nhwɛsoɔ bi nso berɛ a na mewɔ Primary wɔ wɔɔd bi a na ɛwɔ Russia. Mehunuu onuabaa nokwafoɔ bi a na wabu nkotodwe wɔ mmarimaa mmienu anim na ɔredi adanseɛ akyerɛ wɔn sɛ, sɛ anka wɔn mmienu nko ara na wɔte asase so a, anka Yesu bɛhunu amane na wawu ama wɔn.

Medi adanseɛ sɛ, ampa ara, yɛn Awurade ne Agyenkwa wu maa yɛn mu biara. Na ɛyɛ deɛ ɛrekyerɛ Ne dɔ a ɛnni ano ma yɛn ne N”agya.

“Menim sɛ me Gyefoɔ Te ase. Hwɛ awerɛkyekyerɛ a saa kasamu dɛdɛ yi de ma! Ɔte ase sɛ Ɔde Ne dɔ bɛhyira [yɛn] .” 14

Momma yɛmmue yɛn akoma mu nye ɔdɔ kann no a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no, na afei yɛnkyɛ Ne dɔ no wɔ deɛ yɛyɛ ne sɛdeɛ yɛteɛ biara mu. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Jeffrey R. Holland, “Tomorrow the Lord Will Do Wonders among You,” Liahona, Kɔtɔnimma 2016, 127.

  2. 1 Nefae 11:21.

  3. 1 Nifae 11:22; wɔsi so dua.

  4. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:13.

  5. 1 Nifae 11:22, 23.

  6. Hwɛ 1 Nifae 11:17.

  7. Joseph Smith, in Karen Lynn Davidson and others, eds., The Joseph Smith Papers, Histories, Volume 1: Joseph Smith Histories, 1832–1844 (2012), 13; punctuation and capitalization modernized.

  8. Moronae 7:48.

  9. Hwɛ Neill F. Marriott, “Abiding in God and Repairing the Breach,” Liahona, Nov. 2017, 11: “Perhaps our life in a loving premortal world set up our yearning for true, lasting love here on earth. Wasiesie yɛn firi soro sɛ yɛbɛdɔ na y’adɔ yɛn, na ɔdɔ a ɛmu yɛ duro no ba berɛ a yɛne Onyankopɔn ayɛ baako.”

  10. Moronae 7:48.

  11. “How Great the Wisdom and the Love,” Nnwom, no195.

  12. Hwɛ Linda S. Reeves, “Worthy of Our Promised Blessings,” Liahona, Nov. 2015, 11: “I believe that if we could daily remember and recognize the depth of that love our Heavenly Father and our Savior have for us, we would be willing to do anything to be back in Their presence again, surrounded by Their love eternally.”

  13. Russell M. Nelson, “Divine Love,” Liahona, Ɔgyefuo 2003, 17.

  14. “Menim Sɛ Me Gyefoɔ Te ase,” Nnwom,, no. 136.

Tintim