Amansan Nhyiamu
Ayaresa Aduhwam Nni Gilead Anaa?
Ahinime 2021 amansan nhyiamu


Ayaresa Aduhwam Nni Gilead Anaa?

Na Agyenkwa no ayaresa tumi no ɛnyɛ sɛ ɔtumi sa yɛn honamdua no yareɛ nkoaa, mmom, mpo deɛ ɛhia pa ara no, Ne tumi a ɔde sa yɛn akoma yareɛ.

Mewiee m’asɛmpatrɛ adwuma no ara pɛ, na meyɛ adesuani wɔ BYU no, menyaa fonn nkratoɔ firii me papa hɔ. Ɔsee me sɛ nhwehwɛmu akyerɛ sɛ wanya yafunu mu kokoram a ɛno nti ɛma ne nkwa hinhim nanso na wasi nkete sɛ ɔbɛnya nkwa na wasan asi ne dada mu. Na saa fon frɛ no de adwennwene ato me so. Na me papa ayɛ me hwɛfoɔ, m’adamfo ne me fotufoɔ. Berɛ a me ne me maame, ne me nnuanom redwennwene daakye ho no, na anidasoɔ nnim. Na me nua kumaa Dave, resom asɛmpatrɛ adwuma mu wɔ New York na ɔkaa yɛn ho firi beaeɛ a na ɛmu ware no ne yɛn dii nkitaho wɔ deɛ na ɛresisi wɔ abusua no mu no.

Ayaresafoɔ a na wɔwɔ hɔ saa da no susuu sɛ anka wɔnnyɛ opirehyen mmɔ mmɔden ntwa kokoram no so sɛdeɛ ɛntrɛtrɛ wɔ honam no mu. Yɛn abusua no firii akoma mu yɛɛ akɔnkyene bɔɔ mpaeɛ sɛdeɛ anka anwanwadeɛ bɛsie. Menyaa atenka sɛ na yɛwɔ gyedie a ɛso sɛ me papa bɛtumi anya ayaresa. Ansa na wɔrebɛyɛ no opirahyen no, me ne me nnuabarimma panin, Norm, hyiraa yɛn papa. Yɛde gyedie a na yɛwɔ nyinaa, bɔɔ mpaeɛ sɛ anka ne ho bɛtɔ no.

Na wahyehyɛ sɛ opirehyen no bɛdi nnɔnhwere bebree nanso berɛ tiawa bi akyiri no dɔkota no baa ɛdan a na yɛretwɛn wɔ mu no bɛhyiaa y’abusua no. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔreyɛ opirehyen no, wɔhunuu sɛ kokoram no adidi akɔ me papa honam mu nyinaa. Ɛnam deɛ wɔahunu no nti, me papa wɔ abosome kakra bi a ɔde bɛtena nkwa mu. Yɛn yam hyee yɛn.

Berɛ a me papa nyane firii opirehyen nna no mu no, na ɔhwɛ anim sɛ ɔbɛhunu sɛ dwumadie no ayɛyie anaa. Yɛ ne no kyɛɛ saa asɛm nwononwono no.

Yɛkɔɔ so ara yɛɛ akɔnkyene bɔɔ mpaeɛ sɛ anwanwadeɛ bɛsie. Berɛ a na me papa apomuden rekɔ fam ntɛmso no, yɛhyɛɛ aseɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ anka ɔbɛfiri ɔyea no mu. Ewiee aseɛ no a, ne tebea no yɛɛ kɛse no, yɛsrɛɛ Awurade sɛ ɔmma ho kwan na ɔmfiri mu ntɛm. Abosome kakra bi akyi a wɔyɛɛ opirehyen no, sɛdeɛ opirehyen yɛfoɔ no kaaeɛ no, me papa firii mu.

Yɛn wɔɔdofoɔ ne abusua nnamfonom kyerɛɛ ɔdɔ ne ɔhwɛ pii maa yɛn abusua no. Yɛyɛɛ ayie kama a ɛhyɛɛ me papa abrabɔ animuonyam. Mmom, berɛ kakra bi akyi, na yɛhyɛɛ aseɛ hunuu ɔyea a ɛwɔ me papa a na ɔnni hɔ no mu, na ɛhyɛɛ aseɛ yɛɛ me nwanwa deɛ nti a me papa annya ayaresa. Ɛyɛɛ me nwanwa sɛ ebia na me gyedie mu ɛnyɛ den. Adɛn nti na abusua binom nyaa anwanwadeɛ na m’abusua deɛ yɛannya bi? Na m’asua afiri m’asɛmpatrɛ adwuma no mu sɛdeɛ mɛdane meho akɔ twerɛnsɛm no mu apɛ mmuaeɛ, ɛno nti mehyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ twerɛnsɛm no mu.

Apam Dada no kyerɛkyerɛ fa ahaban aduhwam anaa nku bi ho, a wɔnya firii nwura bi a na ɛwɔ Gilead mu. Wɔ apam dada mmerɛ mu no wɔbɛtoo nku no din sɛ “Gilead aduhwam.” 1 Nkɔmhyɛni Yeremia dii abooboo faa atoyerɛnkyɛm a ɔhunuu wɔ ne nkorɔfoɔ ntam na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛnya ayaresa. Yeremia bisaa sɛ, “Aduhwam biara nni Gilead; ɔyaresafoɔ biara nni hɔ?” 2 Ɛnam atwerɛ, nnwom ne adwinidie so, wɔtaa de Agyenkwa Yesu Kristo gyina hɔ ma Gilead Aduhwam ɛnam N’ayaresa tumi soronko no nti. Te sɛ Yeremia, na ɛyɛ me nwanwa sɛ, Enti aduhwam biara nni hɔ ma Nielson abusua no?

Marko nwoma Ti 2 wɔ Apam Foforɔ mu no, yɛhunu Agyenkwa no wɔ Kapernaum. Na Agyenkwa no ayaresa tumi no ho asɛm aduru asase no so baabiara na nkorɔfoɔ pii tuu kwan kɔɔ Kapernaum kɔpɛɛ Agyenkwa no ayaresa. Na nnipa pii bɛhyiaa wɔ beaɛ no a na Agyenkwa wɔ a enti Wannya kwan annye wɔn nyinaa; Mmarimma nan soaa ɔbarima bi a na ɔyare mmubuo baae sɛ Agyenkwa no nsa no yareɛ. Na wɔntumi nnya kwan nnwura nipadɔm no mu, enti wɔpaa ɛdan no a na Agyenkwa no wɔ mu no so na wɔde no faa hɔ sii fam.

Berɛ a mekenkanee saa amanneɛbɔ yi no, Agyenkwa no asɛm a ɔkaae no yɛɛ me nwanwa, berɛ a ɔhyiaa saa ɔbarima yi no: “Ɔbabarima, wɔde wo bɔne akyɛ wo.” 3 Medwenee sɛ anka na meka mmarima nan no a wɔsoaa no no ho a, anka mɛka akyerɛ Agyenkwa no sɛ “Yɛde no baa ha sɛ ɔbɛnya ayaresa.” Medwene sɛ anka Agyenkwa no bɛyi ano sɛ, “Masa no yareɛ.” Na ɛyɛ ampa sɛ mentee aseɛ sɛ—Agyenkwa no ayaresa tumi no ɛnyɛ sɛ ɔtumi sa yɛn honamdua no yareɛ, mmom, mpo deɛ ɛhia pa ara no, Ne tumi a ɔde sa yɛn akoma yareɛ ne m’abusua akoma a abubuo no?

Agyenkwa no nam saa suahunu yi so kyerɛkyerɛɛ adesua berɛ a awieɛ no na wasa saa ɔbarima nipadua yareɛ. Ɛbɛdaa adi maa me sɛ na N’asɛm ne sɛ Ɔbɛtumi de ne nsa aka wɔn a wɔn ani afira ma wɔhunu adeɛ. Ɔtumi de ne nsa ka asotifoɔ ma wɔte asɛm Ɔtumi de ne nsa ka wɔn a wɔntumi nnante ma wɔsɔre nante. Ɔbɛtumi asa yɛn ani, yɛn aso ne yɛn nnan yareɛ, nanso deɛ ɛhia kɛse pa ara wɔ ne nyinaa mu ne sɛ, Ɔbɛtumi asa yɛn akoma yareɛ berɛ a Ɔte yɛn ho firi bɔne ho na ɔpagya yɛn fa nsɔhwɛ a ɛmu yɛ den mu.

Berɛ a Agyenkwa no yii ne ho adi kyerɛɛ nkorɔfoɔ a na wɔwɔ Mormon Nwoma No Mu wɔ Ne Wusɔreɛ akyi no, Ɔsan kasa faa N’ayaresa tumi no ho. Nifaefoɔ no tee ne nne firii ɔsoro a ɛreka sɛ, “Morensan mma me hɔ na monsakyera mfiri mo bɔne ho na monya nsakraeɛ, ama matumi asa mo yareɛ?” 4 Akyire yi, Agyenkwa no kyerɛkyerɛ sɛ, “ Na monnim, ebia na wasan aba abɛ- asakyera, na wɔde wɔn akoma nyinaa aba me hɔ, na mɛsa wɔn yareɛ 5 Na Agyenkwa no renka honam mu ayaresa na mmom honhom mu ayaresa ma wɔn kra.

Moronae de nteaseɛ bi ka ho berɛ a ɔrekyɛ ne papa Mormon nsɛm no. Ɔkasa faa anwanwadeɛ ho wieeɛ no, Mormon kyerɛmu sɛ, “Na Kristo aka sɛ: Sɛ mobɛnya gyedie wɔ me mu a, mobɛnya tumi de ayɛ biribiara a ɛho hia wɔ me mu.” 6 Mesuaa sɛ ɛsɛ sɛ me gyedie botaeɛ yɛ Yesu Kristo, na mehia sɛ megye deɛ ɛfata wɔ Ne mu berɛ a metu gyedie anammɔn wɔ Ne mu. Mete aseɛ seesei sɛ na me papa wuo no fata Awurade nhyehyɛeɛ. Seesei, sɛ mede me nsa gu afoforɔ so sɛ merehyira wɔn a, me gyedie wɔ Yesu Kristo mu, na mete aseɛ sɛ, sɛ onipa bɛtumi anya ayaresa honam mu a, gyesɛ ɛfata wɔ Kristo mu.

Agyenkwa mpata no, a ɛma Ne ɔgyeɛ ne tumi ahoɔden no ne nhyira a ɛkorɔn a Yesu Kristo nsɛmpa no de ma obiara. Berɛ a yɛde akoma nyina bɛsakyera no, Agyenkwa no hohoro yɛn ho firi bɔne mu. Berɛ a yɛde ahosɛpɛ gyae yɛn pɛ mu ma Agya no, mpo wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den no, Agyenkwa no bɛsoa yɛn nnesoa no ama ayɛ mmrɛ. 7

Nanso ɛha ne adesua kɛseɛ a mesuaaɛ. Na m’agye adi mfomsoɔ mu sɛ, Agyenkwa no ayaresa tumi annyɛ adwuma amma m’abusua. Seesei sɛ mede m’ani a anyini kɛse ne suahunu hwɛ makyi a, mehunu Agyenkwa no ayaresa tumi no sɛ ɛda adi wɔ m’abusuafoɔ no biara abrabɔ mu. Na m’ani hwɛ honam ani ayaresa kɛseɛ nti, amma manntumi anhunu anwanwade a ɛsiiɛ. Awurade hyɛɛ me maame den na ɔsoaa no traa n’ahoɔden so berɛ a ɔkɔɔ saa nsɔhwɛ a na ɛmu yɛ den yi mu na ɔbɔɔ bra a ɛware na mfasoɔ wɔ mu. Ɔnyaa nhyɛsoɔ a na ɛsɔ ani wɔ ne mma ne ne nananom so. Awurade de ɔdɔ hyiraa me ne me nnuanom, nkabom, gyedie ne ahotɔ, a ɛbɛyɛɛ mfasodeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu na ɛtoa so nnɛ.

Na me papa nsoɛɛ? Berɛ a obiara bɛsakyera no, ɔnyaa honhom mu ayaresa berɛ a ɔhwehwɛɛe na ɔnyaa nhyira a ɛwɔ hɔ ma obiara ɛnam Agyenkwa no mpata no nti. Onyaa bɔnefafri fri n’amumuyɛ ho na wɔretwɛn owusɔreɛ anwanwadeɛ no. Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛ, ”Sɛdeɛ wɔ Adam mu obiara wuo no, mpo saa ara na wɔ Kristo mu wɔbɛma obiara anya nkwa.” 8 Woahunu, na merekakyerɛ Agyenkwa no sɛ “Yɛde me papa baae sɛ ɔbɛnya ayaresa,” na Agyenkwa no ada no adi pefee akyerɛ me sɛ Ɔsaa no yareɛ. Gilead aduhwam no yɛɛ adwuma maa Nielson abusua no— na ɛnyɛ ɔkwan a yɛsusuuiɛ no, nanso mpo ahyira na ɛkɔ so hyira yɛn abrabɔ.

Yohane Ti 6 wɔ Apam Foforɔ no mu, Agyenkwa no yɛɛ anwanwadeɛ bi a na ɛyɛ anika pa ara yie. Ɔde mpata ketewa bi ne paano kakra bi pɛ maa mpem num nyaa aduane. Makenkan saa asɛm yi mprɛ bebree nanso saa asɛm a ɛsiiɛ no mu fa baabi wɔ hɔ a ɛyeraa me a seesei deɛ ɛmu wɔ nteaseɛ ma me. Agyenkwa no maa nnipa 5,000 no aduane wieeɛ no, ɔkakyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔmmoaboa aseɛ mfrofrowaa no ne deɛ na aka no ano, na ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 ma. Ayɛ me nwanwa wɔ deɛ nti a Agyenkwa no nyaa berɛ no de yɛɛ saa. Abɛda adi pefee ama me sɛ adesua baako a yɛbɛtumi asua afiri saa berɛ no mu no ne yei: Ɔtumi maa 5,000 aduane maa ɛboroo so. “M’adom so ma onipa biara.” 9 Agyenkwa no gyeɛ no ne N’ayaresa tumi no bɛtumi akata bɔne, pirakuro, anaa sɛ nsɔhwɛ biara so, ɛmfa ho ne ne kɛseɛ anaa sɛ ne den a ɛyɛ— deɛ aboroso wɔ hɔ. N’adom dɔɔso.

Yɛwɔ saa nimdeɛ no , me ne wo bɛtumi de gyedie akɔ yɛn anim, a yɛnim sɛ, sɛ mmerɛ a ɛmu yɛ den ba a, na ampa ara nso ɛbɛba, anaa berɛ a bɔne atwa yɛn abrabɔ ho ahyia no, Agyenkwa no de “ayaresa a ɛwɔ N’ataban mu no gyina hɔ a,” 10 ɔrefrɛ yɛn sɛ yɛmmra Ne nkyɛn.

Medi m’adanseɛ a ɛfa Gilead aduhwam no ho, Agyenkwa Yesu Kristo, yɛn Gyefoɔ, ɛne N’ayaresa tumi nwanwasoɔ no ho. Medi m’adanseɛ wɔ Ne pɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsa wo yareɛ Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim