2010–2019
Rebɛyɛ Odwanhwɛfoɔ
October 2018


Sɛyɛbɛyɛ ɔhwɛfoɔ

Mewɔ awerɛhyɛm sɛ wɔn a mo sra wɔn no bɛhunu mo sɛ ayɔnkoɔ, na wagye atom sɛ, mo mu no, wɔwɔ nkunimdifoɔ ne yɔnkoɔ trodoo.

ɛnkyɛɛ biara, Primary abofra bi a mehyiaa no ɔhile man mu no de sereɛ baa m’anim. ɔkaa sɛ, “Hello, me din de David. Wobɛkasa afa me hɔ wɔ amansan nhyiamu ase?”

Me nkoaa te hɔ a, me kae David nkyea yi. Yɛn mu biara pɛ sɛ wɔhunu yɛn. Yɛ pɛ yɛn ho hia obi, wɔ kae yɛn, na wɔ dɔ yɛn

Me nuanom mmaa ne mmarima, mo mu biara ho hia. Sɛ yɛankasa amfa wo wɔ amansam nhyiamu mpo a, Agyenkwa no kae wo na ɔdɔ wo. Aane, wo! Sɛ ɛyɛ wo nwanwa sɛ ɛyɛ ampa a, twe w’adwen kɔ so sɛ W’akrukyire wo wɔ Ne nsa yam.”1

Yɛnim sɛ Agyenkwa no dɔ yɛn no, ɛho bɛhia sɛ yɛbɛsusu ɔkwan trodoo a yɛbɛfaso ada yɛn dɔ adi akyerɛ no?

Agyenkwa no bisaa Petro wɔ ɛohn 21 sɛ, “Wo dɔ me  … ?”

Petro buaaɛ sɛ, “Aane, Awurade; wo nim sɛ medɔ wo. ɔsee no sɛ, Yɛne me nnwamma.”

ɔbisaa saa asɛm yi ne mprenu ne mprɛnsa so “Wo dɔ me?” no, ɛhaa Petro nanso ɔsii ne dɔ so dua sɛ: “Awurade, wo nim adeɛ nyinaa, wo nim sɛ medɔ wo, Yesu see no sɛ yɛne me nnwan.2

Na Petro nkyerɛɛ sɛ ɔyɛ Kristo kyidifoɔ pa dada anaa? Wɔn nhyiamu wɔ ɛpo ano hɔ no, “ntɛm ara” na ɔgyaa n’asau no hɔ kɔdii Agyenkwa no akyi.3 Petro de ne nimdeɛ, ne nyansa, ne ne suahunu boa ne Wura, ma ɔbɛyɛɛ nipa yifoɔ pa. ɔne Agyenkwa no nantee Nasɛmpaterɛ dwumadie mu, na ɔboa ma wɔkyerɛɛ afoforɔ asɛmpa no.

Na Petro nkyerɛɛ sɛ ɔyɛ Kristo kyidifoɔ pa dada anaa? Wɔn nhyiamu wɔ ɛpo ano hɔ no, “ntɛm ara” na ɔgyaa n’asau no hɔ kɔdii Agyenkwa no akyi. Petro bɛyɛɛ nipa yifoɔ pa. ɔne Agyenkwa no nantee Nasɛmpaterɛ dwumadie mu, na ɔboa ma wɔkyerɛɛ afoforɔ asɛmpa no.

oforisua a ɛtwaa mu no, Titenani Russell M. Nelson too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn Agya nnwan no aduane wɔ kwan kronkron na yɛn nsom wɔn.4

Yɛbɛgye ɔfrɛ yi atom a, ɛyɛ sɛ yɛnya odwanhwɛfoɔ akoma, na yɛhunu Awurade nnwan no ahiadeɛ. Yɛbɛyɛ deɛn ayɛ nnwanhwɛfoɔ a Awurade ne N’akɔmhyɛfoɔ pɛ sɛ yɛyɛ no?

Sɛdeɛ nsɛmmisa nyinaa teɛ no, yɛbɛtumi ahwɛ yɛn Agyenkwa Yesu Kristo-Odwanhwɛfoɔ Pa no-sɛ yɛn nhwɛsoɔ. Twerɛsɛm no mu, yɛsua sɛ na Awurade nim Ne nnwan no, a wakane wɔn; na ɔhwɛ wɔn so; na waboa wɔn ano wɔ Onyankopɔn kuo no mu.

Onim na Wakan

Berɛ a yɛredi Agyenkwa no nhwɛsoɔ akyi no, ɛsɛ edi kan, yɛhunu na yɛkan Ne nnwan no. Wakyerɛ yɛn abusua ne ankorɛankorɛ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn so, nti yɛnim sɛ Awurade nnwan no nyinaa wɔnim wɔn, na wɔn werɛ mfirii wɔn mu biara. Mmom, akenkan mfa nkonta ho; ɛfa sɛ yɛrehwɛ sɛ ɛnam obiara nya atinka fa ɔdɔ a Agyenkwa no wɔ ma no. yɛfa saa kwan yi so a, obiara bɛtumi ahunu sɛ ɔsoro Agya dɔfo pa no nim wɔn.

Mfoni
Agyenkwa no ne odwammaa

Nansa yiara na me hyiaa ababaawa bi a wasoma no sɛ ɔnsra onuabaa bi a ne mfeɛ boro ne so bɛyɛ mpɛn-num. wɔn de nkabom anya ɔdɔ ama nnwomtoɔ. Sɛ ababaawa yi kɔsra no a, wɔto nnwom bom, kyɛ deɛ wɔpɛ. Wɔrefa ayɔnkoɔ a ɛhyira wɔn nyinaa abrabɔ.

Megyidi sɛ wɔn a wo sra wɔn no bɛhunu wo sɛ adamfoɔ na wahunu, wɔ wo mu, sɛ wɔ wɔ nkunimdifoɔ, banbɔfoɔ ne yɔnkoɔ-obi a onim wɔn tebea na ɔboa wɔn wɔ wɔn anidasoɔ ne wɔn botaeɛ ho.

Nansa yi ara wɔsomaa me sɛ me nsra onuabaa bi a na me anaa me nsrahwɛ hokafoɔ no nnim no yie. Berɛ a na me ne ɛess, mfeɛ du-nsia nsrahwɛ hokafoɔ no, resusu ho no, ɔyɛɛ nsusuiɛ pa bi sɛ, “ɛsɛ sɛ yɛhunu nea ɔyɛ.”

Mfoni
Onuabaa Cardon ne ne nsrahwɛ hokani

Ampa, yɛyɛɛ adwene sɛ yɛbɛtwa yɛn ho mfoni wɔn ahomatorofoɔ so na yɛaka yɛn ho nsɛm kakra de akɔma no. mesɔɔ ahomatorofoɔ no mu, na miaa ɛpɔ no so de twaa mfoni no. yɛn nsrahwɛ akwannya no maa yɛn nkabom.

Yɛn nsrahwɛ a ɛdi kan no, yɛbisaa onuabaa no sɛ biribi wɔ hɔ a yɛbɛtumi abɔ ho mpaeɛ aboa no. ɔne yɛn kyɛɛ ne haw bi na ɔkaa sɛ ɔbɛhia yɛn mpaebɔ. Ne nokorɛdie ne n’ahotɔsoɔ no de ɔdɔ bi baa yɛn ntam prɛkopɛ.

Wo bɔ mpeaɛ a, wobɛnya atinka afa Yesu Kristo dɔ a ɔwɔ ma wɔn a wo sra no. ɛne wɔn nkyɛ saa dɔ no. ɔkwan pa bɛn na ɛwɔ hɔ a wobɛfaso ahwɛ ne nnwan kyɛn sɛ wobɛboa ama wɔn anya Ne dɔ—ɛnam wo so?

Wahwɛ So

ɔkwan a ɛtɔ so mmienu a yɛbɛfaso anya ɔdwanhwɛfoɔ akoma ne sɛ yɛbɛhwɛ Ne nnwan no so. Nna a ɛdi Akyire Ahoteefoɔ deɛ, yɛatoto yɛn nneɛma; yɛbɛtumi asi mu, asiesie, na yɛasi biribiara bio. Yɛtene yɛn nsa ntɛm boa deɛ ohia mmoa anaa aduane. Nanso aka bi anaa?

Yɛn nnwan no nim sɛ yɛde ɔdɔ hwɛ wɔn so, na yɛbɛtu anammɔn aboa wɔn-mpɛn pii a yɛrentwɛn sɛ wɔbɛbisa?

Yɛkan wɔ Mateo 25 sɛ:

“Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo … :

“Na ɛkɔn dee me, na mom aa me biribi diiɛ: sukɔm dee me, na mom aa me nsuo nomeeɛ: me yɛɛ ɔhɔhoɔ, na mo bɛfaa me kɔɔ mo fie: …

“ɛnna nipa tenenee no bɛbua no sɛ, Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ, na yɛmaa wo aduane? Anaa sukɔm de woɔ, na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?

“Da bɛn na yɛhunuu wo sɛ wo yɛ ɔhɔhoɔ, na yɛfaa wo kɔɔ fie?”5

Asɛm no pɔ ne hunuu. Ahoteefoɔ no hunuu wɔn. a wɔwɔ ahohiahia mu ɛfiri sɛ na wɔrehwɛ na wɔhunuuiɛ. Yɛn nso bɛtumi ahwɛ de mmoa ne ahotɔ aba, ama anigyeɛ ne daeɛso aba mu. Na yɛtu anammɔn a, bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo nwoma mu no bɛba mu sɛ: “Sɛ moayɛ ama me nuanom nketewa yi mu baako yi, … , moayɛ ama me.”6

Mfoni
Agyenkwa no rehwɛ odwan bi

Adamfo bi-yɛbɛfrɛ no ɛohn–kyɛɛ deɛ ɛbɛtumi asi berɛ a yɛahunu ɔfoforɔ hiadeɛ ketewa no: “Onuabaa bi a na ɔwɔ me pɛɛwa yɛɛ sɛ ɔbɛku ne ho. Bosome mmienu akyi no, me hunuu sɛ mmaa kuo ni biara nni hɔ a ɔne ne kunu no kasa faa saa adeɛ a ɛyɛ hu yi ho. ɛyɛ mmɔbɔ sɛ, me nsa anyɛ saa. Akyire yi, metoo nsa frɛ ne kunu no sɛ yɛnkɔ didi. Na ɔyɛ ɔbarima a ɔfɛre adeɛ. Nanso berɛ a mekaa sɛ, ‘Wo yere yɛɛ sɛ ɔbɛku ne ho. Wei deɛ ɛbɛboro wo so. Wobɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm?’, no, osuuiɛ. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛmu dɔ yie, na yɛbɛyɛɛ nnamfo, na mmerɛ tiaa no gyidie bi bɛdaa yɛn ntam.”

John kɔɔso sɛ, “Yɛtaa hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛnsii da, a ka ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ɔkwan a yɛbɛfaso de nokorɛdie ne ɔdɔ bɛboa.”7

Ebia na yɛn nnwan no apira, wayera, anaa wafom kwan; yɛyɛ nnwanhwɛfoɔ yi, yɛbɛtumi aka wɔn a wɔbɛhunu wɔn ahiadeɛ kanee no ho. Yɛbɛtumi atie, adɔ, a yɛmmu aten, na yɛafa Honhom Kronkron akwankyerɛ so ama anidasoɔ ne mmoa.

Anuanom mmaa ne mmarima, gyidie ne anigyeɛ ahyɛ wiase ma, ɛnam nneɛma pa nketenkete a mo yɛ no. Berɛ a wohwɛhwɛ Awurade akwankyerɛ wɔ sɛdeɛ wobɛkyerɛ Ne dɔ, na waboa wɔn a wosra wɔn no, w’ani bɛbue. Wo fata nteani ɛnam wo nsrahwɛ kronkron dwumadie no. wobɛtumi de akokoduru ahwehwɛ saa nteani no.

Waboa Yɛn Ano wɔ Onyankopɔn Nnwankuo no mu

Mmiɛnsa, yɛpɛ sɛ yɛn nnwan no hyia wɔ Onyankopɔn nnwanan no mu. Yɛbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn yinaberɛ wɔ apam kwan no so, na yɛnya ɔpɛ pa sɛ yɛne wɔn bɛnante wɔn gyidie akwantuo no mu. Yɛwɔ akwannya kronkron sɛ yɛbɛunu wɔn akoma mu, na yɛadane wɔn akyerɛ Agyenkwa no.

Mfoni
Nnwan no di Odwanhwɛfoɔpa no akyi

Na ɛyɛ onuabaa Josivini a ɔfiri Fiɛi den sɛ ɔbɛnante apam kwan no so-pɛpɛɛpɛ. N’adamfoɔ hunuu sɛ ɛyɛ Josivini den sɛ ɔbɛhunu twerɛsɛm no mu na wakan. ɔmaa Josivini ahwehwɛniwa foforɔ, ne twerɛdua akokɔsradeɛ, a ɔde bɛsan edin Yesu Kristo biara a ɔbɛhyia wɔ Mormon Nwoma no mu. Nsrahwɛ adwuma ketewa a ɔde boa twerɛsɛm adesua ho yi aboa ɛosivini ama wakɔ Tɛmpol berɛ a ɛdi kan wɔ ne mfeɛ 28 akyi a ɔbɔɔ asu mu.

Mfoni
Onuabaa Josivini
Mfoni
Onuabaa Josivini wɔ Tɛmpol

Sɛ yɛn nnwan no o yɛn den anaa wɔnni ahoɔden, wɔredi ahurusie anaa wɔteetee , ɛda hɔ pefee sɛ obiara nnante kwantenkorɔ. Yɛbɛtumi adɔ wɔn faako biara a wɔwɔ, honhom mu, na yɛde mmoa ne afotuo ama watu anammɔn a edi soɔ. Yɛbɔ mpaeɛ hwehwɛ sɛ yɛbɛte wɔn aseɛ a, me di adanseɛ sɛ ɔsoro Agya bɛma yɛn akwankyerɛ, na Ne Honhom ne yɛn bɛkɔ. Yɛwɔ akwannya sɛ yɛbɛyɛ “abɔfoɔ atwa wɔn ho ahyia” berɛ a ɔdi wɔn anim.8

Mfoni
Odwanhwɛfoɔpa no ne Ne nnwan

Awurade frɛ yɛn sɛ yɛn ma Ne nnwan aduane. ɔhyɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ Ne mmoa sɛdeɛ ɔbɛyɛ no. na ɔhwehɛ sɛ Ne mmabunu nso bɛka adwuma no ho.

Yɛn mmabunu no bɛtumi ayɛ yɛn nnwanwɛfoɔ atitire no mu bi. Wɔyɛ, sɛdeɛ Otitenani Russell M. Nelson said, “kaa no sɛ, “wɔka nipa papapaa a Awurade asoma wɔn aba wiase yi mu.” Wɔyɛ ahonhom atitire, “yɛn aboafoɔ krogyee a wɔdi Ayenkwa.9 no akyi. Wobɛtumi adwen tumi a suɔ nnwanwɛfoɔ yi de bɛboa awɛ Ne Nnnwan no.

Mmabaawa ne mmaranteɛ, yɛhia mo. Sɛ wɔmmaa wo nsrawɛ dwuma a, wo ne wo Relief Society anaa elders quorum titenani nkasa. Wɔbɛdi ahurusie sɛ wo wɔ ɔpɛ pa sɛ wobɛhwɛ sɛ ɔnim na wakan, wahwɛ Ne nnwan so na waboa wɔn ano akɔ Onyankopɔn nnwanan no mu.

Da no so na yɛbu kotodwe wɔ yɛn dɔfopa Agyenkwa no nan ase a, na yɛahwɛ Ne nnwankuo no a, me mpaeɛ ne sɛ yɛbɛtumi abua, sɛdeɛ Petro buaaɛ sɛ: “Aane, Awurade; wonim sɛ me dɔ wo.”10 Wei, Wo nnwan, anya ɔdɔ, wɔwɔ ahotɔ mu, na wɔwɔ fie. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim