2010–2019
Bra, Tie Nkɔmhyɛni Nne
October 2018


Bra, Tie Nkↄmshyɛni Nne

Brɛ a yɛhyɛ yɛho den wͻ suban a yɛdetie na yɛyɛ setie wͻ nkͻmhyɛfoͻ ateasefoͻ nne no, yɛbɛnya nhyira afebͻͻ.

Deɛ wↄka fa Yesu Kristo Asͻre a ɛwͻ hͻ Ma Nna a Ɛdi-akyire Ahotefoͻ Titenani ho no, Awurade no kaa se:

“Na bio, Titenani no asɛdeɛ wↄ Asↄfodie Kɛseɛ dibrɛ mu ne sɛ ↄhwɛ asↄre mu no nyinaa so, na ↄyɛ te sɛ Mose—

“… Aane, sɛ ↄbɛyɛ ↄdehununi, ↄdiyifoↄ, asekyerɛni, ne nkↄmhyɛni, a ↄwↄ Nyankopↄn akyɛdeɛ biara a ↄde gu asↄre no tiri so. ” (Apam ne Nkyerɛkyerɛ 107:91–92;

Wↄahyira me sɛ mɛdi Nyankopↄn nhyira a ↄde agu Ne nkↄmhyɛfoↄ yi so ho adanseɛ. Me ne monkyɛ saa suahunu kronkron yi koro? Ansa na mereba saa frɛ yi mu no, meboaa wↄ daakye tɛmpol asase hwehwɛ ne ne nsusuiiɛ ho. Ɛbↄ 11, 2001 akyi, U.S. ahyeɛso mu twa yɛɛ den. Ɛno nti, dodoↄ no de nnↄnhwere mmienu anaa mmiɛnsa firii Vancouver, Canada, berɛ a wↄrekↄ Seattle Washington Tɛmpol. President Gordon B. Hinckley a na ↄyɛ Asↄre no Titenani saa berɛ no, susuu sɛ wↄsi tɛmpol wↄ Vancouver hↄ a ɛbɛhyira Asↄremma no. Ↄtee nhwehwɛmu kuo, ɛno akyi yɛhwehwɛɛ Asↄre no- agyapadeɛ, mmeaeɛ a ɛnyɛ Asↄre dea wↄ Vancouver hↄ nso yɛhwɛɛe.

Yɛhunuu beaeɛ fɛɛfɛ bi a na wↄahyɛ sɛ ɛhↄ nyɛ Nyamesom bea a ɛbɛn Trans-Canadian Kwantempↄn ho. Na ɛho nsɛmkaeɛ nnyɛ den, na Canadian ‘pine’ nnua sisi hↄ a animu da hↄ ma ahyɛnkafoↄ mpempem a wↄtwam hↄ no bɛhunu.

Yɛde ho mfoni ne akwankyerɛdeɛ kↄtoo Tɛmpol Nsase ne Adansie Kↄmitii anim wↄ bosome-bosome nhyiamu ase. President Hinckley hyɛɛ sɛ yɛmfa mma kontrata na yɛnwie ho nhwehwɛmu a aka no. Ↄpɛnnimma wↄ saa afe no mu, yɛde nhwehwɛmu nkaeɛ no awieɛ ho nsɛm kↄtoo kↄmittii no anim, na yɛbisaa penee wↄ ne tↄ mu. President Hinckley tiee y’amanneɛbↄ wieeɛ no, Ↄkaa sɛ, “Ɛwↄ sɛ mehunu asase no.”

Bronya akyi nnaanu, wↄ bosome no mu, yɛ ne President Hinckley; President Thomas S. Monson; ne Bill Williams, a ↄyɛ tɛmpol akitɛkiti sii mu kↄↄ Vancouver. Paul Christensen, a ↄyɛ ɛhↄ ‘stake president’ bɛhyiaa yɛn na ↄde yɛkↄↄ asase no so. Na ɛfam afↄ kakra a ɛbↄ nso asi saa da no, Nanso President Hinckley huri firii kaa no mu hyɛɛ aseɛ nante kↄↄ asase no so.

Yɛdii mmerɛ kakra wↄ asase no so akyiri no, me bisaa President Hinckley sɛ Ↄbɛhwɛ nsase afoforↄ a yɛhunuii no bi anaa. Ↄkaa sɛ aane, Ↄbɛpɛ no saa. Woahunu, yɛhwɛɛ nsasa no nyinaa no, yɛtumi de deɛ ɛfata totoo ho.

Yɛtwaa yɛn ho wↄ Vancouver hwehwɛɛ nsase foforↄ, na awieɛ no yɛsane bɛsii dada no so. President Hinckley kaa sɛ, “Yei yɛ asase a ɛyɛ fɛ.” Na ↄbisaa sɛ, “Yɛbɛtumi akↄ Asↄre no ankasa nhyiamudan a na ɛbɛyɛ kwansini nkyɛmu nan-mu baako(0.4 km) hↄ?”

Yɛ buae sɛ , “Yɛbɛtumi, President.”

Yɛ sane foroo kaa no na yɛkↄↄ hyiadan a ɛbɛn yɛn no hↄ. Yɛre bɛn kyapol no, President Hinckley kaa sɛ, “Mane benkum so ha.” Yɛmane faa kwan no so sɛdeɛ wahyɛ no. Ↄkwan no hyɛɛ aseɛ foroo bepͻ kakra.

Berɛ a kaa no duruu bepͻ no apampam ara pɛ, President Hinckley se, “Gyina kaa no, Gyina kaa no.” Ↄtenee ne nsa hwɛɛ asase bi so wͻ nifa so na ͻse, “Saa asase yiɛɛ? Ɛha na tɛmpol no rekorͻ. Ɛha na Awurade no pɛ sɛ tɛmpol no sie. Mo nsa betumi aka?”

Na yɛhwɛɛ saa asase yi. Na ɛda akyiri baabi a ɛmmɛn kwan ho, na wͻnkyerɛɛ sɛ wͻretͻn. Berɛ a yɛbuaa sɛ yɛnnim no, President Hinckley tenee ne nsa wͻ asase no so na ͻkaa bio sɛ, Ɛha na tɛmpol no rekorͻ.” Yɛ gyinaa hͻ sima kakra na yɛ firii hͻ kͻͻ wiemshyɛn gyinabea sane baa fie.

Adeɛ kyeeɛ no,wͻfrɛɛ me ne Onua Williams baa President Hinckley ͻffise. Na wayɛ nhyehyɛeɛ ho adwinni ato krataa so: akwan, asͻredan, fa benkum, X   nsensaahͻ a ɛrekyerɛ baabi a tɛmpol no bɛsie. Ↄbisaa deɛ yɛn nso yɛahunu. Yɛ see no sɛ wasusu agyapadeɛ a ɛho asɛm ɛyɛ den. Nnipa mmiɛnsa na ɛyɛ wͻn dea, Baako firi Canada, baako firi India, baako firi China! Na ɛnni som ho nkrataa biara a ɛfata.

Ↄkaa sɛ ,“Ɛyɛ, monyɛ deɛ mobɛtumi.”

Anwanwasɛm siiɛ. Bosome kakra ntam a yɛnsa kaa agyapadeɛ no, akyire yi Langley, British Columbia kuro no maa tumi sɛ yɛn si tɛmpol no.

Mfoni
Vancouver British Columbia Tɛmpol

Meredwene suahunu yi ho no, menyaa ahobraseɛ sɛ, me ne Onua Williams agye nteteɛ wͻ adansie ne tɛmpol adwinni ho nimdeɛ mfeɛ pii, President Hinckley nni saa nteteɛ no; nanso na ͻwͻ deɛ ɛsene yɛdeɛ no— nkͻmhyɛni nhunumu akyɛdeɛ. Ↄtumi hunuu baabi a ɛwͻ sɛ Nyankopͻn tɛmpol sie.

Berɛ a Awurade hyɛɛ kanee Ahotefoͻ no sɛ wͻnsi tɛmpol no, Ↄdaa no adi:

“Mmom momma wͻnsi dan mma me din sɛdeɛ nhwɛsoͻ a mɛkyerɛ mo no teɛ.

Na sɛ menkrͻfoͻ ansi no te sɛ nhwɛsoͻ a mede bɛma wͻn no teɛ … , meren nye ntom wͻ wͻn nsam” (Apam ne Nkyerɛkyerɛ 115:14–15).

Sɛdeɛ na ɛteɛ wͻ kanee Ahotefoͻ mu no, saa na ɛnnɛ ɛteɛ wͻ yɛn mu : Awurade ayiakyerɛ na ͻgu so ara reyikyerɛ Asͻre Titenani no kwan a wͻmfa Onyankopͻn ahennie no mfa so yɛ mmerɛ yi mu. Na, nipa tebeam nti, ͻma akwankyerɛ sɛdeɛ yɛn mu biara bɛbͻ yɛn bra na yɛn suban bɛsͻ Awurade ani.

Wͻ Oforisuo 2013 mu Mekasa faa mmͻdemmͻ a ɛwͻ ahoboa ne tɛmpol biara fapem ho nhyehyɛeɛ ho sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina ahum ne asiane a ɛbɛba ano. Na fapem no yɛ n’ahyɛaseɛ koraa. Blͻks pii na ɛwͻ tɛmpol a, wͻahyehyɛ no wͻ kwan a wͻahyehyɛ ato hͻ dada so. Sɛ yɛbra bɛyɛ sɛ tɛmpol a yɛrebͻ mmͻden asie sɛdeɛ Awurade no akyerɛ no a(hwɛ 1 1Korontofoͻ 3:16–17), ɛnneɛ yɛbɛdwene abisa yɛn ho sɛ, “Blͻks ben na ɛwͻ sɛ yɛde hyehyɛ yɛn bra m a ayɛ fɛ, anya animuonyam na atumi agyina wiase ahum ano?”

Yɛbɛtumi ahunu saa nsɛmmisa yi mmuaeɛ wͻ Mormon Nwoma no mu. Ɛfa Mormon Nwoma no ho, Nkͻmhyɛni Joseph Smith se: “ Me kakyerɛɛ anuanom sɛ, nwoma a ɛwͻ asase yi so nyinaa no, Mormon Nwoma no paa na mfomsoͻ biara nni mu, kyɛn nwoma biara a ɛwͻ asase yi so, na ɛyɛ yɛn asͻre yi botantim,, na obiara a ͻbɛdi emu nsɛm so no,ͻbɛbɛn Nyankopͻn kyɛn sɛ ͻbɛdi nwoma biara mu nsɛm so” (Mormon Nwoma no nnianim ) Wͻ Mormon Nwoma no nnianim mu, wͻakyerɛ yɛn sɛ wͻn a wͻnam Honhom Kronkron no so nya adanseɛ sɛ Mormon Nwoma no yɛ Nyame asɛm no nam tumi korͻ no ara so hunu sɛ Yesu Kristo yɛ ewiase no Agyenkwa, na Joseph Smith yɛ odiyifoͻ ne nkͻmhyɛni wͻ Mmaeɛbio no mu, na Yesu Kristo Asͻre a ɛwͻ hͻ ma Nna a ɛdi- Akyire Ahotefoͻ no yɛ Awurade no ahennie a wͻasane ahyehyɛ no wͻ asase so.

Yeinom ne blͻks bi a ankorankorɛ debɛhyehyɛ wͻn gyedie ne adanseɛ:

  1. Yesu Kristo yɛ ewiase Agyenkwa.

  2. Mormon Nwoma no yɛ Nyankopͻn asɛm.

  3. Yesu Kristo Asͻre a ɛwͻ hͻ ma Nna a Ɛdi-Akyire Ahotefoͻ yɛ Nyankopͻn ahennie wͻ asase so.

  4. Joseph Smith yɛ nkͻmhyɛni na yɛ wͻ nkͻmhyɛfoͻ a wͻteaseɛ wͻ asase so ɛnnɛ.

Abosome kakra ni, matie President Nelson amansan nhyiamu ase kasa nyinaa firi berɛ a ͻbɛyɛɛ Ↄsomafoͻ. Saa dwumadie yi asesa m’abrabͻ. Berɛ a mesuae na medwendwenee President Nelson nyansasɛm a waboa ano mfeɛ 34 nie no, nsɛntire a ɛmu da hͻ pefee na ɛnsesa na ɛpue ne nkyerɛkyerɛ no mu. Saa nsɛntire yi biara fa adansie blͻks a yɛabͻ soͻ no ho anaa adansie blͻks titire a yɛde bɛsi yɛn ankasa yɛ tɛmpol. Wͻn ne Yesu mu gyedie; ahunuu; asubͻ a wͻde hohoro bͻne; Honhom Kronkron akyɛdeɛ; awufoͻ dima ne tɛmpol adwuma; Homeda no kronkronyɛ; nya botaeɛ si w’ani so; nsɛmpa no nkyerɛkyerɛ ne apam a yeayɛ so die. President Nelson akasa afa yeinom nyinaa ho wͻ ͻdͻ ne ahofama mu.

Asͻre no adansie blͻks ne y’abrabͻ tweaso tiboa titire ne Yesu Kristo. N’asͻre nie. President Nelson yɛ Ne nkͻmhyɛni. President Nelson nkyerɛkyerɛ no di adanseɛ na ɛda Yesu Kristo abrabͻ ne ne suban ho mfasoͻ adi. Ↄde ͻdͻ ne nimdeɛ kasa fa Yesu Kristo su ne Ne n’adwuma ho. Ↄtaa de ahokeka di adanseɛ fa nkͻmhyɛfoͻ a wͻteaseɛ frɛ kronkron ho—Asͻre no atitenafoͻ—a wasom wͻn.

Ɛnnɛ, ɛyɛ y’asɛdeɛ sɛ yɛtaa n’akyi sɛ Awurade no nkͻmhyɛni a ͻteaseɛ wͻ asase yi so. Ɛyɛ y’amammerɛ sɛ yɛtaa Asͻre mpanimfoͻ akyi nam kwan kronkron so berɛ a yɛma yɛn nsa so de kyerɛ sɛ yɛgye wͻn tom na yɛtaa wͻn akyi. Yɛyɛɛ yei sima kakra a atwam. Nanso akyitaeɛ kann no boro anisoͻ dea a yɛyɛ no. Sɛdeɛ ɛwͻApam ne Nkyerɛkyerɛ mu no107:22, ɛwͻ sɛ yɛde “asͻre no awerɛhyɛm, gyedie, ne mpaeɛbͻ taa Atitenafoͻ a wͻdi Kan no akyi.” Yɛtaa nkͻmhyɛni a ͻteaseɛ akyi yie wͻ nokorɛ mu berɛ a yɛnam kwan bi so nya awerɛhyɛmu wͻ ne nsɛm mu, nya gyedie yɛ ho adwuma, na yɛbͻ mpaeɛ sɛ Awurade nkͻso nhyira no.

Sɛ medwene President Russell M. Nelson ho a, menya awerɛkyekyerɛ wͻ Agyenkwa no nsɛm mu berɛ a Ↄkaa sɛ, “Na sɛ me nkorͻfoͻ bɛtie me nne, ne me nkoa a mɛyi wͻn sɛ wͻnni wͻn anim no nne a, hwɛ, nokorɛ mese mo, wͻrenyi wͻn mfiri wͻn tenabea”(Apam ne Nkyerɛkyerɛ 124:45)..

Yɛbɛte na yɛatie nkͻmhyɛfoͻ ateasefoͻ a ɛbɛnya nsunsuansoͻ, mpo ͻbra nsesaeɛ wͻ y’abrabo mu. Wͻahyɛ yɛn den. Wͻahyɛ yɛn bͻ ne awerɛhyɛmu. Yete Awurade no asɛm. Yɛte Nyankopͻn dͻ nka. Yɛbɛhunu sɛdeɛ yɛde botaeɛ bɛbͻ yɛn bra.

Medͻ President Russell }M. Nelson na me taa ͻne afoforͻ a wͻafrɛ wͻn sɛ nkͻmhyɛfoͻ, adehunufoͻ ne adiyifoͻ no akyi. Medi adanseɛ sɛ ͻwͻ Awrade akyɛdeɛ a ͻde agu ne tiri soͻ no, na medi adanseɛ sɛ, sɛ yɛhyɛ yɛn bra mu den na yɛtie, yɛ setie ma nkͻmhyɛfoͻ a wͻteaseɛ no a, wͻnam Awurade no kwan kronkron nyehyɛeɛ no so bɛhyehyɛ y,abrabͻ ama yɛn, na yɛbɛnya bͻhyɛ nhyira a ɛnni awieɛ. Ↄfrɛ no kͻ ma obiara. Bra, tie nkͻmhyɛni nne. Wͻ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim