2010–2019
Gyedi, Nya Ɔdɔ, Yɛ
October 2018


Gyedi, Dͻ, Yͻ

Yɛnya nkwa mmorosoͻ no berɛ a yɛreyɛ Yesu Kristo akyidifoͻ nokwafoͻ— na yɛfa n’akwan so na yɛyɛ N’adwuma.

Menuanom mmarima ne mmaa, ɛyɛ anigyesɛm kɛseɛ sɛ ɛnnɛ me ka mo ho wͻ amansan nhyimu nwanwasoͻ yi ase: na yɛatie nkanyan kaseɛbͻ; na yɛatie nsɛmpakafoͻ a wͻgyina hͻ ma nsɛmpakafoͻ mpem mpem a wͻwͻ wiase anan mu nnwom dɛɛdɛ yi—yɛn mma mmaa, ne mmarima,—titire yɛaka yɛn ho abͻm wͻ yɛn gyedie mu nnɛ, bio na yɛatae yɛn Titenani ne nkͻmhyɛni a yɛdͻ no, President Russell M. Nelson, Atitenafoͻ a Wͻdikan no, ne Asͻre no mu Amansan Mpanimfoͻ. Anigyesɛm a ɛyɛ sɛ ɛnnɛ yɛ wͻ ha.

Teteni Ↄhene Solomon yɛ obi a nnipa ani so Ↄdii yie wͻ abakͻsɛm mu.1 Ɛkame ayɛ sɛ na ͻwͻ biribiara—sika, tumi, nkamfoͻ, edin pa, animuonyam. Nanso mfeɛ pii akyi pɛsɛmenkomenya, anigyeɛ, ne dwɛɛ nti, sɛn na Ↄhene Solomon bͻͻ ne bra tͻfa?

“Ne nyinaa yɛ Ahuhudeɛ,” 2 sɛ ͻseɛ nie.

Onipa a, ͻnyaa ne nyinaa yi, wiee ase wͻ abambuom,, bͻne, awerɛhoͻm, ɛmfa ho ne biribi a na ɛrekͻ ma no nyinaa.3

Kasa bi wͻ German mu, Weltschmerz. Asekyerɛ tiawa ne sɛ, awerɛhoͻ a obi dwene fa wiase ho sɛ ɛnyɛ te sɛ deɛ ɛwͻ sɛ ɛyɛ.

Ebia yɛ nyinaa dwene saa kakraWeltschmerz wͻ yɛ mu.

Berɛ a yɛwerɛ ahoͻ na yɛnnhunuiiɛ. Yɛwerɛ aho da mu no nyinaa. Berɛ a atoyerɛnkyɛm bi ato yɛn. Berɛ a yɛdwene sɛ adebͻne nkoaa na ɛba y’abrabͻm, anaa yɛnko ara na bibribi ha yɛn sene oibara, na yɛbo afu berɛ a ɛnka ɛwͻ sɛ yɛnya asomdweɛ—ɛbɛtumi ama yɛ ne Solomon ayɛ adwene sɛ ewiase ho nni mfasoͻ, ohunu, na ɛho nhia.

Anidasoͻ Kɛseɛ No

Anigyesɛm ne sɛ, anidasoͻ wͻ hͻ. Mmuaeɛ wͻ hͻ ma deɛ nteaseɛ nni mu, a ɛyɛ ahuhudeɛ, ne Weltschmerz a ɛwͻ abrabͻm. Mmuaeɛ wͻhͻ ma deɛ ,hwee nni mu, deɛ anidasoͻ nnie, ne abamubuo a wo wͻm.

Saa anidasoͻ yi wͻ Yesu Kristo tumi a ɛsesa ne Agyenkwa no mpata tumi a ͻde sa yɛn kra- mu yareɛ.

“Ma ba,” Yesu na ͻseɛ, “sɛ wͻbɛnya nkwa, na wͻbɛnya no mmoroso.”4

Yɛnya sa nkwa mmorosoͻ yi berɛ a yɛnwene yɛn nkoaa ahiadeɛ ho anaa deɛ yɛanya ho na mmom sɛ yɛbɛyɛYesu Kristo akyidifoͻ nokwafoͻ—berɛ a yɛnam N’akwan so na yɛyɛ N’adwuma. Yɛnya nkwa mmorosoͻ no berɛ a yɛreboa ama ne botaeɛ kɛseɛ no abam na yɛbɛyɛ Kristo adwuma pa no.

Na Kristo botaeɛ kɛseɛ no ɛne deɛn? Ɛne sɛ yɛgye no die, nya ͻdͻ sɛdeɛ Ↄdͻeɛ no, na yɛyɛ deɛ Ↄyͻeɛ no.

Yesu “kͻͻ so yɛɛ papa.”5 Ↄnantee ahiafoͻ mu, deɛ wͻapo wͻn, ayarefoͻ, ne animguasefoͻ mu. Ↄsomm, wͻn a wͻayɛ mmrɛ, ne ankonamnom. Ↄnyaa mmerɛ maa wͻn; Ↄne wͻn dii nkͻmmͻ. “Na Ↄsaa wͻn nyinaa yareɛ.”6

Baabi a Agyenkwa no kͻeɛ biara ͻkyerɛɛ “nsɛm pa no”7 Ↄkyɛɛ ͻnniawieɛ nokorɛ a ɛmaa nkorͻfoͻ dee wͻn ho honhom ne honam fam.

Wͻn a wͻtuu wͻn ho sii hͻ dema saa botaeɛ yi nyaa nokorɛ a Agyenkwa no hyɛɛ ho bͻ no: “Deɛ me nti ͻbɛhwere ne nkwa no ne nsa bɛka.”8

Solomon yɛɛ mfomsoͻ,menuammarima ne mmaa —abrabͻ nnyɛ “ohunu.” Mmom botaeɛ,nteaseɛ, ne asomdwoeɛ ahyɛ mu ma.

Yesu Kristo ayaresa tumi no wͻhͻ ma obiara a wͻre hwehwɛ No. Yɛregye adie na yɛadͻ Nyankopͻn no wͻ nsunsuasoͻ a ɛyɛ kɛseɛ ne turodoo no aba yɛn so. Ɛbɛtumi ama yɛn Akoma foforͻ ,9 a ɛbɛdwodwo yɛn yawdie ano, na ɛde anigyeɛ kɛseɛ ahyɛ y’akomamu mma .”10

Gyedi, Dͻ, Yͻ

Ɛwͻm, ɛwͻ sɛ yɛyɛ deɛ ɛboro nyansa nteaseɛ so ɛfa nsɛmpa no ho sɛdeɛ ɛbɛnya yaresa nsunsuansoͻ wͻ y’abrabͻm. Ɛwͻ sɛ yɛdehyɛ y’abrabͻm—yɛ no kyɛfa wͻ nnipa su a yɛyɛ ne deɛ yɛyͻ mu.

Ma mensusu sɛ nsɛmfua tiawa mmiɛnsa na wͻde hyɛ akyidifoͻyɛ ase:

Gyedi, dͻ, na Yͻ.

Sɛ yɛgye Nyankopͻn di a, ɛde yɛkͻ Ne gyedie mu na yɛgye n’asɛm nso di. Gyedie ka y’akoma ma ɛnyini wͻ ͻdͻ a yɛwͻ ma Nyankopͻn ne afoforͻ. Saa dͻ no renyini no, wͻkanyan yɛn ma yɛsua Agyenkwa no, na yɛtoaso wͻ yɛankasa akwantuo kɛseɛ a yɛnam so kͻ akyidifoͻyɛ mu.

“Nanso,” woka sɛ, “yei yɛ kumaa bi. Nokorɛ, abrabͻ mu haw— me haw— mu, yɛ den sene saa nsusuiiɛ tiawa a wosuso no. Wontumi mfa nsɛmfua mmiɛnsa nsiesie Weltschmerz: Gyedi, Dͻ, Yͻ.

Ɛnnyɛ adwene a nyansa wͻm na ɛsa yareɛ. Ɛyɛ Nyankopͻn dͻ na ɛgye nkwa, ɛhyɛ anan, na ɛma ahoͻden.

Nyankopͻn nim wo. Wo yɛ Ne ba, Ↄdͻ wo.

Mpo berɛ a wodwene sɛ obiara nnͻ woͻ no, Ↄtene ne nsa ma wo.

Saa da yi ara—da biara—Ↄtene ne nsa ma wo, pɛ sɛ ͻsa wo yareɛ. Ne nhyehyɛeɛ kaseɛ a ͻwͻ ma woͻ ne sɛ ͻde anigyeɛ mmoroso bɛhyɛ w’akoma a ɛmu hwee no ma. Ↄpɛ sɛ ͻpam esum a ɛwͻ w’abrabͻm na ͻde n’animuonyam kronkron a ɛrenyini, na ɛhyerɛn no hyɛ wakomam ma.

Mafa saa suahunu yi mu.

Na ɛyɛ m’adanseɛ sɛ Awurade Yesu Kristo Somafoͻ sɛ wͻn a wͻba Nyankopͻn hͻ—wͻn a nokorɛ mu wͻgyedi, dͻ, na wͻyͻ —no bɛnya suahunu korͻ no.

Yɛ Gyedi

Twerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ “gyedie nni mu a yɛntumi nsͻ [Nyankopͻn] ani: na deɛ ͻba Nyankopͻn hͻ no ɛwͻ sɛ ͻgyedi sɛ ͻwͻ hͻ.”11

Sɛ yɛbɛgye adie yɛ bi nom den. Yɛn dwɛɛ si yɛn kwan. Ebia yɛdwene sɛ yɛnim nyansa, yɛasua nwoma, anaasɛ yɛwͻ nimdeɛ nti yɛnntumi nye Nyankopͻn nni. Yɛsusu sɛ yɛnim de sene Nyankopͻn. Na yɛhyɛ aseɛ hwɛ ͻsom sɛ ɛyɛ amammerɛ bͻne .12

Wͻ me suahunu mu, gyedie nte sɛ mfoni a yɛhwɛ ma y’ani gye ho kasa ho. Ɛte sɛ asase a yɛasam mfifire afuntum na yɛadua so nnuaba sɛ ɛnso aba.13

Twe bɛn Nyankopͻn, na Ↄbɛtwe abɛn wo. 14 Yei ne wͻn a wͻrehwehwɛ agye adie bͻhyɛ.

Yɛwͻ ͻdͻ

Twerɛsɛm no da no adi sɛ mpɛn dodoͻ a yɛnya ͻdͻ no, dodoͻ no ara na y’ani ɛgyeɛ. 15 Ↄdͻ a Yesu kaa ho asɛm no, , nnyɛ akyedeɛ krataa bi, adeɛ a yɛtotwene, ͻdͻ a yɛdedi agorͻ. Ɛnyɛ ͻdͻ wͻkasa ho na wͻn werɛ firi ho. Ɛnyɛ “ mamenhunu sɛ mɛtumi ayɛ ho biribi” dͻ no bia.

Ↄdͻ a Nyankopͻn ka ho asɛm no yɛ deɛ ɛwura y’akoma mu berɛ a yɛasͻre anͻpa, na ɛtena yɛ ho da mu no nyinaa, na ɛmma y’akoma yɛ kɛse berɛ a yɛbͻ mpaeɛ anwumerɛ.

Yei ne ͻdͻ a yɛntumi nka ho asɛm a Soro Agya wͻ ma yɛn.

Yei ne mmͻborͻhunu a ɛnni awieɛ a ɛma yɛhunu afoforͻ sɛdeɛ wͻteɛ. Yɛnam ͻdͻ kann aniwa mu,hunu abͻdeɛ a ɛnniawieɛ na wͻsom boͻ sɛ Nyankopͻn Kɛseɛ no mma mmarima ne mmaa a Ↄdͻ wͻn.

Berɛ a yɛde ͻdͻ aniwa hunu saa no, yɛntumi mmu obi animtia, nyi no ayipamu, anaa nnyɛ nnipa nyiyimu ntia obiara.

Yɛ Yͻ

Wͻ Agyenkwa adwuma mu, ɛtaa ba sɛ “ɛnam nneɛma nketenkete ne nneɛma a ɛyɛ merɛ” so na “nneɛma akɛseɛ fa so ba mu.”16

Yɛnim sɛ adeɛ biara a yɛtaa yɛ no na ɛma yɛhunu adeɛ no yɛ yie. Sɛ yɛrebͻ abɛn, yɛrebͻ bͻͻl ato atena mu, yɛresiesie kaa, anaa yɛreka wiemhyɛn, ɛnam ne yɛ ntoatoasoͻ so na yɛtumi yɛ no yie .17

Ekuo a y’Agyenkwa bͻͻ wͻ asase so —Asͻre a ɛwͻ hͻ ma Nna a Ɛdi-Akyire Ahotefoͻ—boa ma ɛbam saa ma yɛn. Ɛma yɛn kwan ma yɛsua sɛdeɛ yɛbɛfa kwan a Ↄkyerɛɛ yɛn na ͻhyira yɛn sɛdeɛ Ↄhyiraa wͻn no

Sɛ Asͻremma, wͻma yɛn ͻfrɛ, dwumadie a ɛhia sɛ yɛtene yɛn nsa nsom afoforͻ wͻ mmͻborͻhunu mu.

Ɛnkyɛree, Asͻre no ahyɛ kwan foforͻ a yɛfa so som afoforͻ no mu kena. Adwendwene kɛseɛ na ɛkͻͻ so wͻ edin a wͻde bɛfrɛ saa dwumadie soronko yi.

Edin baako a wͻdwenee ho ne nnwansohwɛ, edin a ɛfata Kristo frɛ: “Hwɛ me nnwan so.”18 Mmom, ɛwͻ sintͻ baako: saa kasasin no bɛtumi ama me (ne afoforͻ te sɛ me)ayɛGerman dwanhwɛfoͻ.. Na, me deɛ m’ni gye asemfua ͻsom ho.

Adwuma Yi yɛ Obiara Adwuma

Ɛwͻm, saa ͻhyɛ yi nnyɛ foforͻ. Ɛyɛ akwanya foforͻ a wͻate ho a yɛdebɛdi Agyenkwa no mmaransɛm “dͻ wo yͻnko.”no so,19 ͻkwan a wͻate ho a yɛnam so na yɛayɛ Asͻre no adwuma.

Dwene ho! Akokuoduro, ahobraseɛ, ne gyedie a wͻdekyɛ nsɛmpa yɛ nhwɛsoͻ a yɛdesom afoforͻ wͻ wͻn honhom mu ahiasɛm mu.

Anaa sɛ tɛmpol adwumayɛ— yɛrehwehwɛ yɛn awufoͻ din na wͻanya nhyira a ɛnniawieɛ? Ↄkwan kronkron som a ɛyɛ!

Dwene anammͻn tuo a yɛdehwehwɛ ahiafoͻ ne mmͻbrͻwafoͻ, na yɛma nsa a ayɛ mmrɛ so, anaasɛ yɛrehyira ayarefoͻ ne deɛ wͻwͻ haw. Yeinom nnyɛ ͻsom pa a Awurade no yͻeɛ berɛ a na Ↄwͻ asase so no?

Sɛ wonnyɛ Asͻre ba a, meto nsa frɛ wo “bra na bɛhwɛ.” 20 Bra na yɛnka mmͻm. Sɛ wo yɛ Asͻreba a wonkeka wo ho hye a, mesrɛ sane bra. Yɛhia wo!

Bra, fa w’ahoͻden ka yɛdeɛ no ho.

Ɛnam moakyɛdeɛ soronkono, mmͻdemmͻ ne mo tebea nti, mobɛboa yɛn ama yɛayɛ papa na yɛani agye. Awieɛ no, yɛbɛboa mo nso ama moayɛ papa na moani agye.

Bra, boa ma yɛnkyekyere na yɛnhyɛ amammerɛ a ɛde bͻne kyɛ, ɛwͻ ayamyɛ ne ahummͻbrͻ ma Nyankopͻn mma no den. Yɛn nyinaa repre sɛ yɛbɛyɛ abͻdeɛ foforͻ a “nneɛma dada bɛtwam” na “nneɛma nyinaa …abɛyɛfoforͻ .”21 Agyenkwa no kyerɛ yɛn kwan a yɛdebɛkͻ—yɛanim ne nkan. Ↄse, “Sɛ wo dͻ me a, di m’ahyɛdeɛ so. Mo mma yɛn nyinaa nyɛ adwuma mmͻm nyɛ nnipa su a Nyankopͻn hwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ.”22

Yei ne nsɛmpa amammerɛ a yɛrɛhwehwɛ sɛ yɛkyekyere wͻ Yesu Kristo Asͻre mu nyinaa.. Beaɛ a yɛbɛgyae sɛ yɛhwehwɛ mfomsoͻ,nkͻnkͻnsa, ne sɛ yɛtwe afoforͻ ba fam. Berɛ a, sɛ yɛbɛtene yɛ nsa akyerɛ afoforͻ sintͻ so no, yɛpagya wͻn na yɛboa yɛn ho, yɛn ho na yɛabɛyɛ nnipa papa a ɛwͻ sɛ yɛyɛ.

Ma mento nsa nfrɛ wo bio. Bra na bɛhwɛ. Yɛhia wo. Ɛne yɛnka mmͻm.

Nnipa a Yɛnntene

Wo bɛhunu sɛ nnipa papa a wͻ wͻ wiase yi mu bi ahyɛ saa Asͻre yi mu ma. Wͻgye ahͻhoͻ, wͻn wͻ ͻdͻ, ayamyɛ na wͻyɛ nokwafoͻ. Wͻyɛ adwumaden, wͻtu wͻn ho kyɛ, na ɛtͻ da a wͻyɛ nkonimdifoͻ.

Wͻnnwie pɛyɛ.

Wͻyɛ mfomsoͻ.

Ɛtͻ da a wͻka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wͻka. Wͻyɛ nneɛma a wͻnyaeɛ a anka wͻannyɛ.

Nanso wͻn nyinaa wͻ botaeɛ korͻ—wͻpɛ sɛ wͻkͻ nkan na wͻtwe bɛn Awurade, y’Agyenkwa.

Wͻrebͻ mmͻden sɛ wͻbɛyɛ deɛ ɛyɛ.

gyedi. Wͻn wͻ dͻ.yͻ.

Wͻpɛ sɛ wͻsusu yɛ pɛsɛmenkomenya, yɛ ahummͻbrͻ pii, te wͻn ho pii, na wͻyɛ te sɛ Yesu pii.

Anigyeɛ Nhyehyɛeɛ no

Aaane, ɛtͻ da abrabͻ tumi yɛ den. Nokorɛ yɛnyinaa wͻ mmerɛ a yɛpa aba na yɛaba mu buo.

Nanso Yesu Kristo nsɛm pa no ma anidasoͻ. Na, wͻ Yesu Kristo Asͻre mu, yɛ ne afoforͻ kabͻm hwehwɛ baabi a abusua ne ayͻnkofa—baabi a mpuntuo wͻ a yɛbɛtumi agye adi, adͻ, na yɛayͻ.

Ɛmfa ho ne nsonoeɛ a ɛda yɛn ntam yɛboa yɛn ho yɛn ho sɛ Nyankopͻn dͻfoͻ mma mmarima ne mmaa.

Ɛyɛ m’aseda mmorosoͻ sɛ meka Yesu Kristo Asͻre a ɛwͻ hͻ ma Nna a Ɛdi-Akyire Ahotefoͻ ho na mahunu sɛ Nyankopͻn dͻ Ne mma yie sɛ ͻma wͻn anigyeɛ nhyehyɛeɛ ne nteaseɛ wͻ abrabͻ yi mu ne kwan a yɛde nya anigyeɛ a ɛnniawieɛ wͻ animuonyam fie wͻ wiase a ɛbɛba no mu.

M’ani asͻ sɛ Nyankopͻn ama yɛn kwan a yɛdebɛsa kra- a ɛyare ne abrabͻm Weltschmerz

Medi adanseɛ sɛ berɛ a yɛ gye Nyankopͻn die, berɛ a yɛ No na yɛ afoforͻ wͻ y’akoma mu nyinaa na yɛpre deɛ Nyankopͻn ahyɛ yɛn no a, yɛbɛnya yaresa ne asomdwoeɛ, anigyeɛ ne nteaseɛ. Medi yei ho adanseɛ wͻ Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim