2010–2019
Awufoɔ Nkwagyeɛ Yikyerɛ No
October 2018


Awufoɔ Nkwagyeɛ ho yikyerɛ no

Medi adanseɛ sɛ yikyerɛ a Titenani Joseph F. Smith nyaaɛ no yɛ nokorɛ. Medi adanseɛ sɛ onipa biara bɛtumi ahu sɛ ɛyɛ nokorɛ.

Anuanom, metwerɛɛ m’asɛm yi too hɔ ansa na meyere dɔfoɔ Barbara ɛɛfiri mu. Me ne m’abusuafoɔ nyinaa da moa se wɔ ɔdɔ ne ayemyɛ a mo akyerɛ yɛn. me mpaeɛbɔ ne sɛ Awurade bɛhyira me berɛ a me ne mo rekasa anɔpa yi.

Wɔ Ahinime 1918 mu, mfeɛ 100 a atwam, Titenani Joseph F. Smith nyaa yikyerɛ kɛseɛ bi. Na wasom Awurade wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ mu bɛyɛ sɛ mfeɛ 65 a na aka ne nna kakraa bi ansa na ɔɔwu wɔ Obubua 19, 1918. Na ɔte ne dan mu redwene Kristo mpata no ho na ɔkenkan Ɔsomani Petro nsɛm a ɔka faa dwuma a Kristo kɔdii honhom wiase berɛ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

Ɔtwerɛ too sɛ: “meguso rekenkan no ɛhyɛɛ me ma, …na berɛ a meredwendwen ho no, me nteaseɛ aniwa bieɛ, na Awurade no Honhom no baa me so na mehunuu wɔn a wuwuo.”1 Watwerɛ saa yikyerɛ yi nyinaa wɔ Apam ne Nkyerɔ Apam ne Nkyerɛ 138 mu.

Sɛdeɛ yɛbɛte aseɛ yie nti, moma me nkyerɛ nnyina so nsɛm a ɛsii wɔ Joseph F. abrabɔ mu a ɛboa ma ne nyaa saa yikyerɛ sononko yi.

Mfoni
Joseph ne Hyrum Smith wɔ pɔnkɔ akyi

Berɛ a na ɔyɛ asɔre no Titenani no, ɔkɔɔ nsrahwɛ wɔ Nauvoo afe 1906 na ɔkai asɛm bi a ɛsiiɛ berɛ a na ɔwɔ mfeɛ num pɛ. Ɔkaa sɛ: “Aha ne beaɛ pɔtee a na megyina berɛ [a me wɔfa Joseph ne me papa, Hyrum] de pɔnkɔ bɛfakɔɔ Carthage. Me papa kua ne mu a wansi fam faa me. Ɔfee m’ano yɛɛ me baibai na ɔde me sii fam na mehwɛ maa ɔkɔɔɛ.” 2

Berɛ a Joseph F. san huu wɔn bio yɛ berɛ a ne maame, Mary Fielding maa ne so sɛ ɔnhwɛ wɔn amu berɛ na nnipa bɔnefoɔ aku wɔn yayaaya wɔ Carthage Afiase, Ayɛwohomumu 27, 1844.

Mfeɛ mienu akyi no, Joseph F.ne n’abusua a na ne maame, Mary Fielding Smith ka ho firii Nauvoo kɔɔ Winter Quarters. Na Joseph nnii mfeɛ nwɔtwe nso wɔma no dii mpɔnkɔ kuo no baako anim firi Montrose, Iowa, kɔɔ Winter Quarters na akyire no wɔkɔɔ Salt Lake, wɔduuɛ no na aka kakra ma n’adi mfeɛ 10. Megyedi sɛ mo mmranteɛ ne mmamuwa no retie na mo ahu asodie a wɔde too Joseph F. so wɔ ne mmrante berɛ mu.

Mfeɛ nan akyi wɔ 1852 mu no, berɛ a na wadi mfeɛ 13, ne maame dɔfoɔ wuui--ɛmaa Joseph ne ne nuanom yɛɛ awisia. 3

Wɔfrɛɛ Joseph F. sɛ ɔnkɔ asɛmpatrɛ adwuma wɔ Hawaiian Islands wɔ 1854 berɛ a na ɔwɔ mfeɛ 15 pɛ. Saa asɛmpatrɛ yi a ɛdii mfeɛ bɛboro mmieɛnsa no, yɛ ɔsom abrabɔ a ɔbɔɔɛ wɔ Asɔre no mu mfiaseɛ.

Ɔsan baa Utah no, Joseph F waree wɔ 1859.4 Mfeɛ kakra a na ɛdi n’anim no ɔyɛɛ adwuma, hwɛɛ abusua na ɔsan nso kɔɔ asɛmpatrɛ mienu kaa ho. Kitawonsa 1, 1866, berɛ a na wadi mfeɛ 27 Joseph F. abrabɔ sesaa koraa berɛ Titenani Brigham Young de nsa guu ne so sɛ Ɔsomani. Wɔ Ahinime mu wɔ afe a ɛdi so no, ɔkɔkaa Dumienu Kuo no ho.5 Ɔsom sɛ fotufoɔ maa Brigham Young, John Taylor, Wilford Woodruff, ne Lorenzo Snow ansa na ɔbɛyɛɛ Titenani wɔ 1901.6

Joseph F. ne ne yere Julina woo wɔn ba a ɔdikan, Mercy Josephine.7 Ɔdii mfeɛ mienu ne fa na ɔwuuɛ. Ankyɛ na Joseph F. twerɛɛ sɛ: “Nnura ne bosome a medɔfo Josephine wuuɛ. O! anka me tumi gyee no, hwɛɛ no ma no bɛyɛɛ ɔbaa a. mefe no dabiara na mayɛ ankonam. Nyankopɔn mfakyɛ me sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ mɛdɔ me mma saa.”8

Wɔ n’abrabɔ mu no, Titenani Smith hweree ne papa, ne maame, onuabarima baako ne mmaa mienu, nyerenom mienu, ne mma du-mieɛnsa. Na ɔnim awerɛhoɔ ne sɛdeɛ yɛhwere adɔfoɔ.

Berɛ a ne ba Albert wuuiɛ, Joseph F. twerɛɛ ne nuabaa Martha Ann sɛ ɔsrɛɛ Awurade sɛ anka Ɔgye no na ɔbisaa sɛ, “Adɛn nti na ɛte saa? O Nyankopɔn adɛn na ɛba saa?”9

Ɛmfa ho ne mpaeɛ a ɔbɔɔ saa berɛ no, Joseph F. anya mmuaɛ biara. 10 Ɔkakyerɛɛ Martha Ann sɛ “ɔsoro ayɛ te sɛ dadeɛ wɔ yɛn tiri so” ɛfa owuo ne honhom wiase ho. Nanso ne gyidie wɔ Awurade daapem bɔhyɛ no anhinhim.

Wɔ Awurade no berɛ mu no, amuaɛ, awerɛkyekyerɛ ne nteaseɛ fa honhom wiase a na ɔhwehwɛ no baaɛ wɔ yikyerɛ soronko a Titenani Smith nyaa wɔ Ahinime, 1918 mu.

Na saa afe pɔtee no mu yɛ ya ma no. Ɔdii awerɛhoɔ paa fa nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepepee 20 a wɔn wuu wɔ wiase ntɔkwa mu. Bio, yarewuo bi nso baa wiase bɛkum nnipa dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔpepepee 100.

Mfoni
Ɛlda Hyrum Mack Smith

Wɔ saa afe noa mu, Titenani Smith hweree abusuafoɔ mmeɛnsa. Ɛlda Hyrum Mack Smith a na ɔka Asomafoɔ Dumienu ho, ne ba barima a ɔdikan ne me nana nyaa yem yareɛ wuu mpofirim.

Titenani Smith twerɛɛ sɛ: “Matɔ mum—ne awerɛhoɔ! …M’akoma ate; na ɛpere nkwa!... O! me dɔ no! … Mɛdɔ no afebɔɔ. Na saa na ɛteɛ na saa na ɛbɛyɛ ama me mma mmarima ne mmaa, nanso ɔno ne me ba barima a ɔdi kan, deɛ ɔdii kan maa me anigyeɛ ne din pa ne anidasoɔ wɔ nnipa mu. …mefiri me kra mu da Nyankopɔn ase ma no! Nanso …O! Na mehia no! yɛn nyinaa hia no! Na ɔsombo ma Asɔre no. ... na afei, …O! Ɛdeɛn na mɛtumi ayɛ! … O! Nyankopɔn boa me!” 11

Bosome a ɛtɔ so no, Titenani Smith ase barima, Alonzo Kesler wuui wɔ akwanhyia mu. 12 Titenani Smith twerɛɛ wɔ ne nwoma mu, “Akwanhyia a ɛmu ɛwerɛm na ɛte akoma asan de mununkum aba m’abusua so.”13

Bosome nson akyi, wɔ Ɛbɔ 1918 mu, Titenani Smith ase-baa ne me nana-baa Ida Bowman Smith wuui berɛ ɔwoo ne ba a ɔtɔ so num, me wɔfa Hyrum.14

Na ɛyɛ Ahinime 3, 1918, berɛ a wahu ɔyea ne awerɛhoɔ pii mu ɛnam nnipa dodoɔ a awu wɔ wiase ne n’abusua mu ɛnam ntɔkwa ne yeredɔm nti, Titenani Smith nyaa ɔsoro yikyerɛ a wato din “Awufoɔ Nkwagyeɛ ho Yikyerɛ.”

Mfoni
Titenani Joseph F. Smith

Adekyeeɛ wɔ ne kasamu wɔ Ahinime amansan nhyiamu, ɔkaa biribi kakraa bi a faa yikyerɛ ho. Na Titenani Smith nteapɔ nanso ɔkasa kakra: “Mempere me ho, sɛ mɛka nneɛma pii a ɛwɔ m’adwene mu anɔpa yi, na mɛtu ahyɛda foforɔ, sɛ Awurade ma ho kwan a, mɛbɔ mmɔden aka deɛ ɛwɔ m’adwene so ne m’akoma mu. Abosome kakra nie, ɛnyɛ me nkoa na mete, mpaeɛ honhom, gyidie nkitahodie ne agyinasie; me ne Awurade Honhom no anya nkitahodie ntoasoɔ.”15

Yikyerɛ a ɔnyaa Ahinime 3 no kyekyeree ne werɛ na ɛmaa ne nsɛmmisa pii ho mmuaɛ. Sɛ yɛsua saa yikyerɛ no na yɛ dwendwene ho dabaira a, yɛn nso bɛtumi anya awerɛkyekyerɛ afa yɛn daakye ho sɛ yɛne yɛn adɔfonom wu kɔ honhom wiase a.

Wɔ nneɛma pii a ɔhuuiɛ no, Titenani Smith huu Agyenkwa no nsrahwɛ wɔ nokorɛfoɔ

“Na hwɛ, ɔboa ne nkorɔfoɔ ano firii ateneneefoɔ no mu, na ɔmaa wɔn ahoɔden ne tumi, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔmfa asɛmpa no han no nkɔma wɔn a wɔte sum mu, mpo nkoma nnipa nyinaa honhom;16 na saa na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ  …

“Wɔkyerɛɛ wɔn gyidie wɔ Nyankopɔn mu, bɔne nnuhoo, ne asubɔ a wɔde hohoro bɔne, Honhom Kronkron akyɛdeɛ a wɔde nsa gu atifi ma,

“Ne nkyerɛkyerɛ biara a ɛho hia sɛ wɔbɛhu sɛdeɛ wɔbɛtumi abu wɔn atɛn wɔ honam mu, nanso wɔbɛtenase wɔ honhom mu ama Nyankopɔn  …

“Na awufoɔ no hu no sɛ ɛyɛ nkoasom sɛ wɔn honhom ne wɔn honamdua no bɛtete mu berɛ tenten saa.

“Awurade no kyerɛɛ wɔn adeɛ na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔn nsɔre berɛ a ɔsɔreeɛ firii awufoɔ mu kɔɔ ne Papa Ahemman mu, kɔgyee honam a ɛnwuo ahenkyɛ ne daa nkwa,

“Na wɔtoa wɔn adwuma no so sɛdeɛ Awurade ahyɛ ho bɔ no, na wɔbɛnya nhyira a wahyehyɛ ama wɔn a wɔdɔ no no.”17

Mfoni
Joseph ne Hyrum Smith nkaidum

Wɔ saa yikyerɛ yi mu, Titenani Smith huu ne papa, hyrum, ne Nkɔmhyɛni Joseph Smith. Na ɛyɛ mfeɛ 74 aba firi berɛ a ɔhu wɔn wɔ Nauvoo berɛ a na ɔyɛ abofra. Yɛbɛtumi asusu anigyeɛ a ɔnyaaɛ berɛ a ɔhuu ne papa ne ne wɔfa. Ɛbɛyɛ awerɛkyekyerɛ ama no sɛ ɔbɛhu sɛ ahonhom nyinaa kura wɔn su sɛdeɛ yɛnim wɔn wɔ honam mu na wɔn de ahokeka retwɛn sɛ owuosɔreɛ no.Yikyerɛ no kyerɛɛ Soro Agya no nhyehyɛɛ ma ne mma ne ɔdɔ ne tumi a ɛwɔ Kristo mpata no mu.18

Wɔ mfeɛ 100 afenhyiada yi, me to nsa frɛ wo sɛ fa mpaeɛbɔ sua yikyerɛ yi. Sɛ wo sua a, Awurade bɛhyira wo ma wate aseɛ na wani asɔ Nyankopɔn dɔ ne Ne nkwagyeɛ ne anigyeɛ nhyehyɛɛ ma Ne mma.

Medi adanseɛ sɛ yikyerɛ a Titenani Joseph F. Smith nyaaɛ no yɛ nokorɛ. Medi adanseɛ sɛ obiara bɛtumi akenkan ahu sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn a wɔannya saa nimdeɛ yi wɔ asaase so no bɛhu wɔ honhom wiase hɔ. Ɛhɔ deɛ, obiara bɛdɔ na wayi Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo ayɛ wɔ nkwagyeɛ nhyehyɛɛ ne owuosɔreɛ ho bɔhyɛ sɛ honam ne honhom no bɛsan abom a wɔn ntete mu bio da.19

Mfoni
Onuabaa Barbara Ballard

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ me anisɔ ɛnɛ sɛ menim baabi a medɔ Barbara wɔ na me ne no bɛtena bio ne yɛn abusua daa ɛni awieɛ. Awurade no asomdwoeɛ nka yɛn nyinaa ho ɛnɛ ne daa nyinaa ne me mpaeɛbɔ, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Notes

  1. Doctrine and Covenants 138:6, 11.

  2. Joseph F. Smith, in Preston Nibley, The Presidents of the Church (1959), 228.

  3. See Joseph Fielding Smith, Life of Joseph F. Smith (1938), 13.

  4. He married Levira Clark in 1859, Julina Lambson in 1866, Sarah Richards in 1868, Edna Lambson in 1871, Alice Kimball in 1883, and Mary Schwartz in 1884.

  5. Joseph F. Smith was called as an additional counselor in the First Presidency (Brigham Young, Heber C. Kimball, and Daniel H. Wells). He also served as Second Counselor in the First Presidency to three Church Presidents: Presidents John Taylor, Wilford Woodruff, and Lorenzo Snow.

  6. Joseph F. Smith served as a counselor to the First Presidency during Brigham Young’s administration and served as the Second Counselor in the First Presidency during the administrations of John Taylor, Wilford Woodruff, and Lorenzo Snow. He was the first Church President to have served in the First Presidency before being called as the President.

  7. Mercy Josephine, Joseph F.’s firstborn child, was born on August 14, 1867, and died on June 6, 1870.

  8. Joseph F. Smith, journal, July 7, 1870, Church History Library, The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, Salt Lake City, Utah.

  9. Joseph F. Smith to Martha Ann Smith Harris, Aug. 26, 1883, Church History Library; see Richard Neitzel Holzapfel and David M. Whitchurch, My Dear Sister: The Letters between Joseph F. Smith and His Sister Martha Ann (2018), 290–91.

  10. In many instances, the Lord directed Joseph F. Smith in his personal life and in his ministry as an Apostle and President of the Church through inspired dreams, revelations, and visions. Often these precious gifts from the Lord were recorded in his journals, sermons, reminiscences, and official records of the Church.

  11. Joseph F. Smith, journal, Jan. 23, 1918, Church History Library; spelling and capitalization modernized; see Joseph Fielding Smith, Life of Joseph F. Smith, 473–74.

  12. See “A. [P.] Kesler Is Killed in Fall from a Building,” Ogden Standard, Feb. 5, 1918, 5.

  13. Joseph F. Smith, journal, Feb. 4, 1918, Church History Library.

  14. See “Ida Bowman Smith,” Salt Lake Herald-Republican, Sept. 26, 1918, 4.

  15. Joseph F. Smith, in Conference Report, Oct. 1918, 2.

  16. See the reference to “our glorious Mother Eve” and the “faithful daughters who … worshiped the true and living God” (Doctrine and Covenants 138:39).

  17. Doctrine and Covenants 138:30, 33–34, 50–52.

  18. The text of the vision first appeared in the November 30, 1918, edition of the Deseret News, 11 days after the passing of President Smith, on November 19. It was printed in the December Improvement Era and in January 1919 editions of the Relief Society Magazine, the Utah Genealogical and Historical Magazine, the Young Woman’s Journal, and the Millennial Star.

  19. Although sons of perdition will be resurrected, they may not give love and praise to Heavenly Father and Jesus Christ as will those who receive a kingdom of glory. See Alma 11:41; Doctrine and Covenants 88:32–35.

Tintim