2010–2019
Yɛn Gyedie Nsraban
October 2018


Yɛn Gyansraban Gyedie

Wↄn a wↄrehwehwɛ, mma ho kwan, wↄntwɛn, na nhema gyedie no, ɛtↄ da a ɛyɛ bͻkͻͻ, ɛbɛba anaa ɛbɛtumi asane aba.

Anuanom mmaa ne mmarima, ɛnyɛ ahodwiri sɛ ɛnam President Russell M. Nelson ne yɛn Asafo mpanimfoↄ so yɛgu so ara nya adiyisɛm firi soro a ɛkyerɛ yɛn sɛ1 wↄ efie ne asafo mu, yɛmfa y’akoma, y’adwene, ne y’ahoↄden nyinaa ntena akwan foforↄ a ɛkorↄn mu?

Wanya kwan ayɛ biribi a wo susuu sɛ wammoa wo ho anaa wo ho nso nanso wo yɛeɛ no wo nyaa hyiraa?

Nhwɛsoↄ baako nie.

Mfeɛ bi a atwam, Elder Richard G. Scott, a ↄka Asomafoↄ Dumienu Kuo no ho, too nsa frɛɛ “Gerrit, wo ne me bɛpenti adeɛ bi ho?”

Elder Scott kaa sɛ pentin boa ma ↄhwɛ adeɛ yie na ↄyɛ bi. Woatwerɛ: Bↄ mmↄden sɛ wobɛyɛ adeɛ, mpo sɛ akyiri asɛm sua a. … Adeyɛ tumi kanyan nkwa anisↄ honhom ne deɛ Awurade no de adua wo nipadua mu. …Sɛ wo fa no nyansa mu a, ɛnsɛe mmerɛ pii.”2

President Henry B. Eyring kyerɛɛ n’adwinniɛ mpaebↄ akadeɛ sɛ ɛyɛ “ↄdↄ atenka,” ne ↄdↄ a ↄbↄadeɛ rehwehwɛ sɛ Ne mma bɛyɛ te sɛ Ↄno— wↄbɛbↄ adeɛ na wↄahyehyɛ.”3 President Eyring adwinniɛ nnwuma no ma “honhom mu anidasoↄ soronko wↄ adanseɛ ne gyedie mu.”4

President Boyd K. Packer adwinniɛ kyerɛ asɛmpa no fapem ho dawuro: “Nyankopↄn na Ↄbↄↄ soro ne asaase ne emu nneɛma nyinaa, abↄdeɛ nyinaa di adanseɛ fa kronkron a ɛyɛ ho, na nteaseɛ mapa da abↄdeɛ, nyansapɛ ne Yesu Kristo nsɛmpa no ntam.”5

Alma di adanseɛ, “Nneɛma nyinaa kyerɛ sɛ Nyankopↄn wↄ hↄ.”6 “Primary” mmↄfra to dwom, “Berɛ biara a mɛte anomaa ano dwom anaa mɛhwɛ ewiem a ayɛ bruu no a, na m’ani agye sɛ mete ewiase fɛɛfɛ yi a Ↄsoro Agya bↄ maa me no mu.”7 Ↄtwerɛfoↄ Victor Hugo kamfo ayↄnkofa nwanwasoↄ a ɛda nnipa ne nneɛma ntam wↄ saa ewiase kɛseɛ yi mu, firi awia kↄsi akoekoeboa …Ntakraboa nyinaa a wↄtuo kuta nkwa a enniawieɛ ahoa wͻ wͻn bͻwerɛ ano. … Nebula te sɛ nkanka sie.”8

Yei sane de yɛkↄ Elder Richard G. Scott frɛ no mu.

“Elder Scott,” Me buae, “ Me pɛ sɛ me yɛ ahwɛyie na meyɛ adeɛ. M’ani gye sɛ mɛsusu sɛ Soro Agya de mununkum ne ewiem ne nsuo ahosuo redi adwinni. “Nanso”—ɛha ne ↄtwɛn tenten no—“Elder Scott,” Mesee, “Menni nimdeɛ a mede bɛdi adwinni. Me susu sɛ ɛbɛhaw sɛ wobɛkyerɛ me.”

Elder Scott seree na ↄhyehyɛɛ berɛ a yɛbɛhyia. Saa da no, ↄsiesiee krataa, penti ne brↄↄso. Ↄyɛɛ nhwɛsoↄ na ↄboa fↄↄ krataa no maa me.

Mfoni
Annwumerɛ berɛ Gyansraban

Yɛde nhwɛsoↄ fɛɛfɛ a wato din Anwummerɛ berɛ Gyansraban. Yɛredi adwinni no, yɛkasa faa gyedie ho—yɛhwɛ nsraban kanea no ne ↄhyew a na ɛrebↄ yɛn no a, yɛde esum ne adwedwene too y’akyi—sɛdeɛ ɛtↄ da a anadwo yɛ din na ɛyɛ hu no, yɛn gyansraban gyedie no tumi ma yɛn anidasoↄ ne ahotↄsoↄ. Na adeɛ kye. Yɛn gyansraban gyedie—nkaeɛ, suahunu, ne Nyankopↄn mu gyedie ne mmↄbrↄhunu a ɛwↄ y’abrabↄm—hyɛɛ yɛn den anadwo no nyinaa.

M’adanseɛ yi — kↄ ma wↄn a wↄrepere, ma wↄn ho kwan,na wͻbͻ ho bra— dema gyedie, ɛtↄ da a ɛyɛ bͻkͻͻ, ɛbɛba anaa ɛbɛtumi asan aba. Hann no bɛba berɛ a yɛn kↄn adↄ na yɛrehwehwɛ, berɛ a yɛasi aboterɛ adi Nyankopↄn mmaransɛm so, berɛ a yɛanya ↄpɛ sɛ yɛbɛgye Nyankopↄn adom, yaresa ne apam no.

Yɛhyɛɛ aseɛ no, Elder Scott hyɛɛ me nkorane, “Gerrit, adesua baako akyi wobɛyɛ biribi a wobɛpɛ sɛ wobɛkora na wakae.” Nokorɛ. M’ani gyee gyansraban nsuosu a Elder Scott boa me maa meyɛeɛ no ho. Na m’adwinniɛ nimdeɛ sua, nanso gyansraban gyedie nkaeɛ tumi hyɛ yɛn den akwan enum so.

Deɛ ɛdikan, gyansraban gyedie tumi hyɛ yɛn den ma yɛnya anigyeɛ wↄ adwinniyɛ a ɛho teɛ mu.

Anigyeɛ wↄ mfoni, adesua ne nneɛma foforↄ yɛ mu. Yei yɛ nokorɛ berɛ a yɛnya gyedie ne awerɛhyɛmu a ɛmu dↄ wↄ Soro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo mu. Yɛntumi nnↄ yɛn ho yie nnye yɛn ho. Nanso Soro Agya no dↄ yɛn, nim yɛn yie sene sɛdeɛ yɛ nim na yɛdↄ yɛn ho no. Yɛbɛtumi anya Awurade mu awerɛhyɛmu na yɛmmfa yɛ ho nto yɛn ankasa nyansa so.9

Obi awoda afahyɛ ase wo nko ara ne obi a wↄanto nsa anfrɛ woↄ?

Wↄayi wo atwa toↄ, anaa wↄannyi wo koraa, berɛ a wↄrete ekuo bi?

Wasiesie wo ho ama sukuu nsↄhwɛ, adwuma mu nsɛmmisa, akwanya bi a na wohia pa ara—na wosusuu sɛ abↄ wo?

Wabↄ mpaeɛ afa ayↄnkofa bi a, biribi nti, anyɛ yie?

Wahyia yareɛ koankorↄ bi, a wo ho kani ayi wo totwene, a wateetee ama w’abusua?

Ↄpɛ ne deɛ yɛpaw na ɛka gyedie ho. Berɛ a yɛde faahodie a Nyankopↄn-de ama na yɛyɛ yɛn biribiara wↄ ahobraseɛ ne gyedie mu no, yɛn Agyenkwa Yesu Kristo, tumi boa yɛn wↄ abrabↄ mu haw ne anigyeɛ mu. Gyedie nso firi setie a yɛyɛ ma Nyankopↄn mmaransɛm a ↄde ama sɛ ɛnhyira yɛn mu ba, berɛ a yɛnam N’apam kwan no so.

Wↄn a wↄate, anaa wↄte nka, sɛ wↄnteaseɛ, wↄyɛ kↄntɛkorɛ, abamu abuo, ahweaseɛ, wↄadi nkoguo, anaa wↄayera Nyankopↄn ne N’asↄre kwan no, wↄde mmↄdemmↄ ne gyedie kakra na wↄde siN’apam kwan no so bio. Na ɛsɛ fata! Meserɛ bra, anaa sane bra Awurade Yesu Kristo no nkyɛn bio Nyankopↄn dↃ no yɛ den sene owuo ahoma—honam anaa honhom fam. 10 Yɛn Agyenkwa Mpata no yɛ mmorosoↄ na ɛnni awieɛ. Yɛn mu biara fom na yɛhwease tↄ sini. Yɛtumi fom kwan, mmerɛ bi, nanso na yɛkuta yɛ gyedie mu. Nyankopↄn de ↄdↄ hyɛ yɛn bↄ sɛ, ɛmfa ho ne baabi a yɛwↄ anaa deɛ yɛayɛ biara, yɛbɛtumi asane aba Ne nkyɛn. Wayɛ krado sɛ ↄbɛyɛ yɛn atuu.11

Deɛ ɛtↄ so mmienu, gyansraban gyedie tumi hyɛ yɛn den ma yɛsom wↄ honhom adeyɛ mu, ↄsoro, ne kronkrↄn akwan a Honhom-ahyɛ mu ma.

Yei de nsɛnkyerɛnneɛ ne Nyankopↄn apam nhyira a ɛsɛ ba—berɛ a yɛte Nyankopↄn dↄ nka na yɛpre sɛ yɛbɛsom afoforↄ wↄ saa honhom no mu.

Ɛnkyɛree me ne Sister Gong hyiaa agya bi ne abusua a sↄfoↄ nokwafoↄ bi a ↄbaa wↄn bishop hↄ sɛ ↄbɛtumi ayɛ efie kyerɛkyerɛni yↄnkoↄ ama agya no a. Na agya no ayɛ mmrɛ a n’ani nnye efie nkyerɛkyerɛ ho. Na agya no sesaa n’akoma no, ↄne sↄfoↄ dↄfoↄ yi hyɛɛ aseɛ sraa “wↄn” mmusua. Saa nsra yi baako akyi, ne yere—a saa berɛ no ↄnkↄ asↄre no bi—bisaa ne kunu sɛdeɛ nneɛma kↄeɛ. Agya no gye too mu, “Asɛ mekↄn adↄ biribi”—na ↄwuraa gyaade kↄ faa biya.12

Nanso adeɛ koro toa foforↄ so: suahunu a ɛdwoↄ, som dwumadie, akoma sesa, tɛmpol korↄ ho adesua, asↄre ba, tɛmpol nsↄano a wↄsↄ ma abusua. Hwɛ sɛdeɛ mma ne mmanana ani sↄ wↄn awofoↄ ne onuabarima somfoↄ a ↄbɛfaa wↄn agya yↄnkoↄ a wↄdↄeɛ na wↄsom afoforↄ.

Gyansraban gyedie a ɛhyɛ nkorane a ɛtↄ so mmiɛnsa: nsɛmpa adeyɛ a anigyeɛ wↄm ne nhyira ba berɛ a yɛpere sɛ yɛde y’akoma ne yɛ kra bɛdↄ Awurade no ne afoforↄ.

Twerɛsɛm no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmfa deɛ yɛteɛ ne deɛ yɛbɛyɛ nyinaa nto ↄdↄ ne som afↄrebukyia no so. Wↄ Apam Dadaa no mu, Deutronomium hyɛ yɛn sɛ yɛmfa y’akoma, yɛn kra, ne y’akoma nyinaa“ nnↄ yɛn Awurade Nyankopↄn no”.13 Yosua tu fo, “Dↄ w’ Awurade Nyankopↄn…fa n’akwan nyinaa so,…di ne mmaransɛm so,…fa wo ho bↄ no, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa som no.”14

Wↄ Apam Foforↄ no mu, yɛn Agyenkwa ka mmara akɛseɛ mmienu no ho asɛm: Dↄ Awurade wo Nyankopↄn w’akoma nyinaa mu ne wokra nyinaa mu ne w’ahoↄden nyinaa mu,…na dↄ wo yↄnko sɛ wo ho.” 15

Wↄ Mormon Nwoma no: Yesu Kristo ho Adanseɛ Baako Nso mu, Ↄhene Benjamin de “n’ahoↄden ne ne kra nyinaa” yɛɛ adwuma maa asomdweɛ baa asaase no so. .16 Wↄ Apam ne Nkyerɛkyerɛ nwoma no mu, sɛdeɛ sɛmpakani biara nim no, Awurade no se yɛn sɛ yɛmfa y’akoma, yɛ tumi, y’adwene ne y’ahoↄden nyinaa nsom no .” 17 Berɛ a Ahotefoↄ no wuraa Jackson County no, Awurade no hyɛɛ wↄn sɛ wↄnyɛ Homeda no kronkron na wↄn fa wↄn akoma, wↄn tumi, wↄadwene ne wↄahoↄden nyinaa “nsom wↄn Awurade Nyankopↄn; wↄ Yesu Kristo din mu na wↄnsom no.” 18

Yɛ di ahurusie wↄ ↄfrɛ sɛ yɛmfa yɛ kra nyinaa nhwehwɛ akwan a ɛkorↄn na ɛkↄ soro nnↄ Nyankopↄn ne wↄn a wↄatwa yɛn ho ahyia na ɛnhyɛ yɛn gyedie den wↄ Soro Agya ne Yesu Kristo mu wↄ y’akoma mu ne y’afie mu ne asafo mu.

Deɛ ɛtↄ so nan, gyansraban gyedie hyɛ yɛn den ma yɛyɛ tenenee abrabↄ adwinniɛ a ɛhyɛ gyedie ne honhom mu kena.

Saa suban kronkron, adwuma nhyehyɛeɛ a ɛtene, anaa mpaebↄ adwinniɛ yi; deɛ ɛka ho yɛ mpaebↄ; twerɛsɛm sua; akↄnkyene; Y’Agyenkwa ne apam nkaeɛ wↄ sacrament ayɛɛdeɛ mu; yɛnam sɛmpatrɛ adwuma so kyɛ nsɛmpa nhyira, tɛmpol ne abusua abakↄsɛm, som nkaeɛ; dabiara amanneɛbↄ kora; ne deɛ ɛkeka ho.

Sɛ tenenee adwinniɛ ne honhom mu sufrɛ hyia a, berɛ ne ɛnni awieɛ ka bↄm. Honhom hann ne abrabↄ ba berɛ a daadaa som so die twe yɛn bɛn yɛn Soro Agya ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo. Sɛ yɛdↄ honhom ne mmara atwerɛdeɛ a, nneɛma a ɛnni awieɛ bɛtↄ agu yɛn kra so sɛdeɛ busuo firi aheman mu.19 Ɛnam daadaa setie ne nkwa nsuo foforↄ so, yɛnya mmuaeɛ, gyedie ne ahoↄden dehyia daadaa haw ne akwanya ne ɛsom mu aboterɛ, nhunumuu, ne anigyeɛ.

Enum, berɛ a yɛredi nhyehyɛeɛ a yɛnim so na yɛahwehwɛ akwan foforↄ a ɛkorↄn de adↄ Nyankopↄn na aboa ama yɛ ne afoforↄ asiesie yɛn ho ahyia No no, yɛn gyansraban gyedie tumi kanyan yɛn ma yɛkae sɛ pɛpɛyɛ wↄ Kristo mu, ɛnyɛ yɛn mu anaa deɛ ewiase susu sɛ ɛwie pɛyɛ.

Nyankopↄn frɛ no ↄdↄ ne deɛ ɛtumi yɛ yie ahyɛ mu ma ɛfiri sɛ Yesu Kristo ne “ↄkwan no, nokorɛ no, ne nkwa no.” 20 Mo a mo so nnesoa Ↄto nsa frɛ mo, “Mo mmra me nkyɛn ,” na mo a mokↄ Ne nkyɛn no, Ↄhyɛ mo bↄ, “Mɛma mo homee.” 21 Bra Kristo nkyen, na mo ho nte wↄ ne mu, …momfa mo tumi, moadwene ne moahoↄden nnↄ Nyankopↄn, ɛhↄ na n’adom bɛso mo so, na n’adom no nti mo ho bɛte wↄ Kristo mu.” 22

Wↄ bↄhyɛ yi mo “ɛnam n’adom no nti mo ho bɛte wↄ Kristo mu” na ɛsane nso yɛ awerɛkyekyerɛ, asomdwoeɛ, ne bↄhyɛ a yɛbɛtumi atoa so akↄ y’anim wↄ gyedie ne akokoↄduro so wↄ Awurade mu mpo berɛ a nneɛma nkↄ yie sɛdeɛ yɛ susuiiɛ, anaa sɛdeɛ ɛfata yɛn, a ɛnyɛ yɛn mfomsoↄ, mpo berɛ a yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi biara.

Wↄ mmerɛ ne akwan ahodoↄ so, yɛ nyinaa susu sɛ yɛtↄ sini, yɛnnye nni, ebia yɛho nte. Nanso yɛn gyedie mu mmↄden a yɛde dↄ Nyankopↄn na yɛsom yɛ nuanom, ma yɛte Nyankopↄn dↄ ne nkanyan a yɛhia ma wↄn ne y’abrabↄ wↄ akwan foforↄ a ɛkorↄn mu.

Y’Agyenkwa nim yɛ tebea mu. Ahummↄborↄ nti, Ↄhyɛ yɛn den hyɛ yɛn bↄ sɛ yɛbɛtumi “apre akↄ ɛkan agyina pintinn wↄ Kristo mu, anya anidasoↄ a ɛhyerɛn na ɛwie pɛ yɛ, na mo anya Nyankopↄn ne nnipa nyinaa ho dↄ.” 23 Kristo nkyerɛkyerɛ no, yɛn Agyenkwa Mpata, ne y’akoma nyinaa a yɛde di N’apam kwan akyi boa ma yɛhunu Ne nokorɛ na ɛma yɛde yɛn ho. .24

Medi Ne nsɛmpa mayɛ ne N’anigyeɛ nhyehyɛeɛ ho adanseɛ wↄasane de ama na wↄkyerɛkyerɛ wↄ The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints mu, twerɛkronkron mu a wↄnam nkↄmhyɛfoↄ so firi Nkↄmhyɛni Joseph Smith so bɛsi President Russell M. Nelson nnɛ. Medi adanseɛ sɛ N’apam kwan no de yɛkↄ akyɛdeɛ akɛseɛ a yɛn Soro Agya hyɛ ho bↄ no: “ Mobɛnya nkwa a ɛnni awieɛ.”25

Ne nhyira ne anigyeɛ a ɛtena hↄ kyɛre no nyɛ yɛdea berɛ a yɛreka y’akoma ne y’anidasoↄ ne ahofama wↄ gyansraban yi ase, me bↄ mpaeɛ wↄ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Tintim