Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 16


Ɔfã 16

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so de maa Peter Whitmer Jr., wɔ Fayette, New York, Ayɛwohomumɔ 1829 (hwɛ Ɔfa 14 ti asɛm no.) Peter Whitmer, Jr. akyire yi bɛyɛɛ Mormon Nwoma no Adansefoɔ Nwɔtwe no mu baako.

1–2, Awurade basa no kata asase nyina ara so; 3–6, Deɛ ɛho hia kɛse ne sɛ wɔka asɛmpa no gye akra.

1 Tie, m’akoa Peter, na tie Yesu Kristo nsɛm no, wo Awurade ne wo Gyefoɔ.

2 Na hwɛ, mede namyɛ ne tumi na ɛkasa kyerɛ wo, ɛnam sɛ me basa kata asase so nyina ara.

3 Na mɛka deɛ onipa biara nnim akyerɛ wo gye sɛ me ne wo nko ara-

4 Na mmerɛ pii na woapɛ wɔ me hɔ sɛ wohunu deɛ ɛbɛsom bo kɛse ama wo.

5 Hwɛ, nhyira nka wo wɔ saa adeɛ yi ho, sɛ woreka me nsɛm a mede ama wo wɔ sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ.

6 Na afei, hwɛ, mese wo, sɛ adeɛ a ɛbɛsom bo kɛse ama wo ne sɛ wobɛka nsakyeraeɛ asɛm akyerɛ saa nkorɔfoɔ yi, na wode akra abrɛ me, na wo ne wɔn agye ahome wɔ m’Agya ahemman no mu. Amen.

Tintim