Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 57


Ɔfã 57

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Sion, Jackson County, Missouri, Kitawonsa 20, 1831. Sɛdeɛ wɔbɛyɛ setie ama Awurade mmara sɛ wɔntu kwan nkɔ Missouri, faako a Ɔbɛda ‘mo apɛgyadeɛ asase’ adi nti (hwɛ ɔfã 52), mpaninfoɔ no tuu kwan firii Ohio kɔɔ Missouri atɔeɛ hyeɛ so. Joseph Smith dwenee Lamanfoɔ no tebea no ho na ɔbisaa ne ho sɛ: “Dabɛn na ɛserɛ bɛhane sɛ nhwiren? Dabɛn na wɔbɛsi Sion wɔ n’animuonyam mu, na ɛhefa na Wo tɛmpol bɛgyina, deɛ amanaman nyina ara bɛba mu wɔ nna a ɛtwa toɔ no?”. Ɛno akyi na ɔnyaa saa adiyisɛm yi.

1–3, Independence, Missouri, ne beaɛ ma Sion Ahenkuro ne tɛmpol no; 4–7, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no tɔ nsase na wɔnya apɛgyadeɛ wɔ saa beaɛ hɔ; 8–16, Ɛsɛ sɛ Sidney Gilbert yɛ adwadidan, William W. Phelps bɛyɛ nwoma tintimfoɔ, na Oliver Cowdery bɛsiesie nwoma ama wɔatintim.

1 Montie, O m’asɔre mpaninfoɔ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ, mo a moahyia mo ho mo ho abɔ mu, sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ, wɔ asase yi so, a ɛyɛ Missouri asase, a ɛyɛ asase a mayi na madwira ho ama ahoteɛfoɔ no anoboaboa.

2 Ɛno nti, yei ne bɔhyɛ asase no, ne bea ma Sion ahenkuro no.

3 Na sɛdeɛ Awurade mo Nyankopɔn seɛ nie, sɛ mobɛnya nyansa a nyansa nie. Hwɛ, bea a wɔfrɛ no Independence seesei no ne bea no mfinfini; na faako a wɔbɛsi tɛmpol no da atɔeɛ fa mu hɔ, wɔ bea a ɛne asɛnnibea no ntam nnware.

4 Ɛno nti, ɛyɛ nyansa sɛ ahoteɛfoɔ no bɛtɔ asase no, ne asase biara a ɛda atɔeɛ fa mu hɔ, mpo de kɔsi ɛhyeɛ a ɛda Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ ntam pɛpɛɛpɛ no;

5 Ɛne asase biara nso a ɛne ɛserɛ no bɔ hyeɛ no, sɛ m’akyidifoɔ no bɛtumi atɔ nsase no a. Hwɛ, nyansa nie, sɛ wɔbɛnya no sɛ daapem apɛgyadeɛ.

6 Na momma m’akoa Sidney Gilbert nyina dwumadibea a mayi ama no mu, sɛ ɔbɛgyegye sika, sɛ ɔbɛyɛ ɔnanmusifoɔ ama asɔre no, sɛ ɔbɛtɔ nsase wɔ amantam a atwa ahyia wɔ hɔ no nyina ara mu, mmerɛ dodoɔ a wɔbɛtumi ayɛ no wɔ tenenee mu, ne sɛdeɛ nyansa bɛkyerɛ.

7 Na momma m’akoa Edward Partridge nyina dwumadibea a mayi ama no mu, na ɔnkyɛ ahoteɛfoɔ no apɛgyadeɛ mma wɔn, mpo sɛdeɛ mahyɛ no; ne wɔn nso a wɔayi wɔn sɛ wɔmmoa no no.

8 Na bio, nokorɛ mese mo, momma m’akoa Sidney Gilbert ntena saa bea yi, na ɔnsi adwadidan, ama watumi atɔn adwadeɛ a ɔmmfa amim, sɛdeɛ ɔbɛnya sika atɔ nsase ama ahoteɛfoɔ no yieyɛ, na ama wanya biribiara a akyidifoɔ no bɛhia a wɔde bɛtena wɔn apɛgyadeɛ mu.

9 Na bio, momma m’akoa Sidney Gilbert nya tumi krataa—hwɛ nyansa nie, na obiara a ɔkan no, ma no nte aseɛ—ama ɔde nneɛma nso akɔma nkorɔfoɔ no, mpo nam obiara a ɔpɛ so, sɛ krakye a wafa no adwuma wɔ ne som mu;

10 Na saa na monyɛ mfa nhwɛ m’ahoteɛfoɔ, ama wɔatumi aka m’asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔte sum mu ne ɔmantam no mu ne esum kabii mu.

11 Na bio, nokorɛ mese mo, momma m’akoa William W. Phelps ntena saa bea yi, na ɔnyɛ nwoma tintimfoɔ mma asɔre no.

12 Na hwɛ, sɛ wiase gye ne ntwerɛeɛ no a—hwɛ nyansa nie—momma ɔnya deɛ ɔbɛtumi anya biara wɔ tenenee mu, mma ahoteɛfoɔ no yieyɛ.

13 Na momma m’akoa Oliver Cowdery mmoa no, mpo sɛdeɛ mahyɛ no, wɔ baabibiara a mɛyi ama no, sɛ ɔnhwɛso ntwerɛ na ɔnsiesie, na ɔnsa mu, ama nneɛma nyina ara atene wɔ m’anim, sɛdeɛ Honhom no nam ne so bɛkyerɛ.

14 Naa saa na ma wɔn a maka wɔn ho asɛm no, ntena Sion asase no so, ntɛmpa yi ara sɛdeɛ wɔbɛtumi, wɔn ne wɔn mmusua, na wɔnyɛ saa nneɛma no mpo sɛdeɛ maka no.

15 Na afei ɛfa anoboaboa ho no—Momma ɔhwɛfoɔ No ne ɔnanmusifoɔ no nyɛ ahoboa mma saa mmusua no a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔmmra saa asase yi so no, ntɛmso ara, sɛdeɛ wɔbɛtumi, na wɔntena wɔ wɔn apɛgyadeɛ asase so.

16 Na mpaninfoɔ ne asɔremma a wɔaka no, wɔbɛma wɔn akwankyerɛ bio akyire yi. Mpo saa ara. Amen.

Tintim