Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 73


Ɔfã 73

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Hiram, Ohio, Ɔpɛpɔn 10, 1832. Ɛfiri Ɔpɛnimma a abɛsen kɔ noahyɛaseɛ no, na Nkɔmhyɛni no ne Sidney de wɔn ho ahyɛ nsɛmpaka mu, na wɔbɔɔ mmɔden nam yei so brɛɛ anitan a asɔre atia Asɔre no ase (hwɛ ɔfã 71 atifiasɛm).

1–2, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no kɔ so ka asɛmpa no; 3–6, Ɛsɛ sɛ Joseph Smith ne Sidney Rigdon kɔ so kyerɛ Twerɛ Kronkron no ase kɔsi sɛ wɔbɛwie.

1 Na nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ɛho hia ma me sɛ wɔkɔ so ka asɛmpa no, na wɔkɔ so wɔ kasakyerɛ mu de ma nsɔre a ɛwɔ amantam a atwa ahyia no mu, kɔsi sɛ wɔbɛyɛ nhyiamu bio;

2 Na afei, hwɛ, wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn, nam nhyiamu no nne so, wɔn asɛmpatrɛ adwuma ahoroɔ no.

3 Afei, nokorɛ mese mo me nkoa, Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon, sɛ deɛ me, Awurade seɛ nie, ɛho hia sɛ moyɛ nkyerɛaseɛ no bio;

4 Na, sɛ ɛbɛtumi a, monka asɛmpa no wɔ amantam a atwa ahyia no mu kɔsi sɛ wɔbɛyɛ nhyiamu; na ɛno akyire no ɛho hia sɛ mobɛkɔso ayɛ nkyerɛaseɛ adwuma no kɔsi sɛ mobɛwie.

5 Na momma yei nyɛ nhwɛsoɔ mma mpaninfoɔ no kɔsi sɛ wɔbɛma wɔn nimdeɛ aka ho, mpo sɛdeɛ wɔatwerɛ no.

6 Seesei memmfa bio nka mo ho saa berɛ yi. Mommɔ mo asene mu abɔsoɔ na mo ani nna hɔ. Mpo saa ara. Amen.

Tintim