Amansan Nhyiamu
Hosiana ne Halleluya—Yesu Kristo Teasefoɔ No: Maeɛ Bio no Akoma ne Easter.
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Hosanna ne Alleluya—Yesu Kristo Teasefoɔ No: Maeɛ Bio no Akoma ne Easter.

Wɔ saa hosiana ne halleluya yi mu, to halleluya dwom—na ɔbɛtena hɔ daadaa ne daapem!

Anuanom adɔfoɔ mmaa ne mmarima: yɛde hosanna ne alleluya rehyɛ Yesu Kristo teasefoɔ no ho fa wɔ saa Mmaeɛ bio ntoasoɔ ne Easter mmerɛ yi. Wɔ ɔdɔ kann mu, y’Agyenkwa hyɛ yɛn bɔ: “W me mu mobɛnya asomdwoeɛ. Wɔ wiase mu mobɛhunu amane: nanso momma mo bo ntɔ mo yam; Madi wiase so nkonim”1

Mfeɛ bi a atwamu, me ne Sister Gong hyiaa abusua fɛɛfɛ bi, wɔn babaa kumaa Ivy, de fɛreɛ yii ne violin adaka pueeɛ. Ɔmaa ne violin no so, miamiaa mu, ɛna ɔpopaa ho. Ɛna ɔsane de too adaka no mu bio,nwenweeɛ, ɛna ɔtenaa aseɛ. Ɔsuani foforɔ, ɔne yɛn akyɛ deɛ ɔnim fa violin ho nyinaa. Afei, mfeɛ kakra akyi, Ivy bɔ violin no fɛfɛɛfɛ.

Mfoni
Ivy ne ne violin

Wɔ saa honam mmerɛ yi mu, yɛn nyinaa te sɛ Ivy ne violin kakra. Yɛhyɛ aseɛ firi mfitiaseɛ. Yɛde nsiyɛ sua a, yɛnyini na yɛtu mpɔn. Mmerɛ rekɔ no, fahodie pa ne honam mu suahunu boa yɛn ma yɛbɛyɛ te sɛ y’Agyenkwa no berɛ a yɛ ne No yɛ adwuma wɔ Ne bobeturom hɔ2 na yɛdi N’apam kwan no so.

Afahyɛ, a saa mfeɛ ahanu afe yi ka ho no, ho hia wɔ mmaeɛ bio no mu,3 Yɛrehyɛ Yesu Kristo nsɛmpa no Mmaeɛ bio ho fa no, na yɛsane nso siesie yɛn ho ama Easter. Ne mmienu nu, yɛdi ahurusie wɔ Yesu Kristo mmaeɛ no mu. Ɔtease—ɛnyɛ tete hɔ nko ara, mmon seesei; ɔnni hɔ mma ebinom, mmom obiara. Sɛdeɛ ɛteɛ dada ne nsɛkyerɛnneɛ mu no, Ɔbae na ɔba bɛsa akoma a abubuo yareɛ, gye wɔn a wɔafa wɔn nnɔmum, te anifirafoɔ ani, na ɔma wɔn apira no fahodie.4 Ɛne yɛn mu biara Ne dima bɔhyɛ no yɛ adwuma, ɛmfa yɛn bra a atwam no ho, seesei, anaa yɛn daakye dadwene ho.

Mfoni
Nkonimdie nhyɛne mu a ɛkɔ Yerusalem

Ɔkyena yɛ Mmerɛnkɛnsono Kwasiada Amamerɛ mu, brɛ yɛ agyiraeɛ a yɛda no adi wɔ anigyeɛ a yɛwɔ wɔ yɛn Awurade mu, sɛ ɛteɛ wɔ Kristo Nkonimdie Nhyɛn mu a ɛkɔ Yerusalem, beaɛ a nkorɔfoɔ bebree faa brɛ, de kɔ kɔhyiaa no,”5 (Moani bɛgye sɛ mobɛhunu Harry Anderson mfonin a ɛsɛne President Russell M. Nelson ɔfise, n’akonnwa akyi pɛɛ no mfitiaseɛ.) Wɔ Adiyisɛm nwoma no mu, wɔn a wɔkamfo Onyankopɔn ne Adwammaa no fira ntaade fitaa, ɛna berɛ hyɛ wɔn nsa mu.”6 Deɛ ɛka “tenenee ntaadeɛ” ne ”animuonyam ahenkyɛ” no ho, a berɛ ka Kirtland Tɛmpol anobue mpaeɛ no ho.7

Mmom, Mmerɛnkɛnson Kwasiada ho nteaseɛ no boro ɛdɔm a wɔde berɛ hyɛ wɔn nsa mu kyea Yesu. Wɔ Mmerɛnkɛnson Kwasiada mu, Yesu de nkonimdie wuraa Yerusalem wɔn akwan so a agyidifoɔ hunu sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ mahyɛ. Sɛdeɛ Zakaria8 ne Nnwomtoni no nam nkɔmhyɛ so kaeɛ no, yɛn Awurade wuraa Yerusalem a ɔte afunumuba so na dodoɔ no a wɔnim no teaamu “Hosiana wɔ sorosoro nohoaa.”9 Hosiana kyerɛ sɛ “gye nkwa ɛ.”10 Afei, saa berɛ yi, yɛdi ahurisie, “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.”11

Nnawɔtwe a ɛdi Mmerɛnkɛnso Kwasiada akyi yɛ Easter Kwasiada. President Russell M. Nelson kyerɛ sɛ Yesu Kristo “bɛtuaa ɛka a wammmɔ, ɛfiri sɛ yɛdee ɛka a yɛanntumi antua.”12 Nokorɛ, ɛnam Kristo Mpata no nti, Onyankopɔn mma nyina ara bɛnya ɔgyeɛ, nam sotie wɔ nsɛmpa no mmara ne n’ayɛyɛdeɛ ho.”13 Easter berɛ yɛto halleluya. Alleluya kyerɛ sɛ ”kamfo Awurade Yehowa no.”14 Alleluya Nteamu a ɛwɔ Handel Messia no yɛ ɔdɔ so pae mu ka sɛ Ɔyɛ ahemfo mu Hene, ne awuranom mu Awurade.”15

Dwumadie kronkron a ɛda Mmerɛnkɛnso Kwasiada ne Easter Kwasiada ntam no yɛ hosiana ne alleluya abasɛm. Hosiana yɛ yɛn kyew pa sɛ Onyankopɔn nnye yɛn nkwa.n Alleluya kyerɛ yɛn nkanfoɔ ne anisɔ ma Awurade no wɔ nkwagyeɛ anidasoɔ ne mmasoɔ no. Wɔ hosiana ne halleluya mu yɛkae Yesu Kristo teasefoɔ no sɛ Easter akoma ne nna aɛdi akyire mmaeɛ bio no.

Nna a ɛdi Mmaeɛ bio no de—Onyankopɔn Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo, yi a wɔyii wɔn ho kyerɛɛ abranteɛ odiyifoɔ Joseph Smith na ɛhyɛ aseɛ. Sɛ Nkɔmhyɛni Joseph seɛ no, “Wobɛtumi ahwɛ soro sima num a, wobɛhunu dod asene sɛ wobɛkan deɛ wɔatwerɛ nyinaa fa asɛm yi ho.”16 Esiane sɛ soro abue bio no nti, yɛnim na yɛgye Onyankopɔn, Daa Agya, ne Ne Ba, Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron di.”17

Wɔ Easter Kwasiada, Oforisuo 3, 1836, wɔ mfeɛ a ɛdi kan wɔ Mmaeɛ bio no mu, Yesu Kristo teasefoɔ puee berɛ a wɔrebue Kirtland Tɛmpol no ano. Wɔn a wɔhunuu no no dii Ne ho adanseɛ de braa sɛ ɔyɛ ogya ne nsuo no: “N’ani te sɛ ogya frama; ne tiri so nwii yɛ fitaa te sɛ sukyerɛma korɔgyee; n’anim hwɛbea hyerɛn boro sɛdeɛ owia hyerɛn; na ne nne te sɛ asuo akɛseɛ a ɛreworo so, mpo te sɛ Yehowa nne.”18

Wɔ saa berɛ no mu, y’Agyenkwa pae mu kaa sɛ, “Mene deɛ ɔdi kan ne deɛ ɔdi akyire no; Mene deɛ ɔteaseɛ no, Mene deɛ wɔkumm no no; Mene mo dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn.”19 Bio, nkekaho de nsonsonoeɛ ba—deɛ ɛdi kan ne deɛ ɛtwa toɔ, deɛ ɔteaseɛ ne deɛ wakum no ntam. Mene Alfa ne Omega no, mfitiaseɛ ne awieɛ no,20 yɛn gyedie kannifoɔ ne wiefoɔ no.21

Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛeɛakyire no, Mose, Elias, ne Elijah nso baeɛ. Ɛnam akwankyerɛ kronkron so, saa tete nkɔmhyɛfoɔ akɛseɛ yi san de asɔfodie nsafoa ne tumi maaeɛ. Enti, “wɔde saaasɛmpa berɛ yi nsafoa ahyɛ mo nsa“22 wɔ N’a wɔasane de ama no mu sɛ ɛnhyira Onyankopɔn mma nyinaa.

Elia ba a ɔbaa Kirtland Tɛmpol mu no nso hyɛɛ Malaki Apam Dadaa no mu nkɔmhyɛ sɛ Elia bɛsane aba “ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.”23 Ɛreyɛ saa no, Elia adiyie no hyiaeɛ, mmom ɛnyɛ mfomsoɔ so, ɛne Jewfoɔ Twam berɛ amanneɛ no a nnidie mu ɛrehwɛ Elia mmaeɛ no kwa no.

Jewfoɔ mmusua akukudam bebree na ɔpee daberɛ maa Elia wɔ wɔn Twam pono ho. Dodoɔ no hyɛɛ kuruwa ma de too nsa frɛɛ no na wɔmaa no akwaaba. Na ebinom, wɔ amanneɛ Twam Didiberɛ mu no, soma akwadaa wɔ ɛpono ho, ɛtɔ da a wɔabue ano kakra, hwɛ sɛ Elia gyina abɔnten retwɛn sɛ wɔn bɛto nsa afrɛ no anaa.24

Wɔ nkɔmhyɛ no mahyɛ ne nneɛma nyinaa mmaeɛ bio no nkɔmhyɛ,25 Elia baae sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ no, wɔ Easter berɛ ne Twam no ahyɛaseɛ. Ɔde nsɔano tumi no baae sɛ wɔmfa nsɔ asase so ne soro mmusua ano. Sɛdeɛ Moronae kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph no, Elia bɛdua nkwadaa no akoma mu bɔhyɛ a ɔhyɛɛ agyanom, na nkwadaa no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom hɔ. Sɛ ɛnte saa a, ”Moronae toaa so, ”ewiase nyinaa bɛsɛe wɔ ne [Awurade no] mmaeɛ no mu.”26 Elia honhom no, Honhom Kronkron no adiyie, twe yɛn bɛn y’awoɔ ntoatoasoɔ—deɛ atwam, seesei, ɛne daakye—wɔ yɛn anantoɔ, abakɔsɛm, ne tɛmpol som.

Momma yɛn nso kakra adeɛ a Twam no kyerɛ. Twam no kae Yeseria mma ɔgyeɛ a wɔfirii mu wɔ mfeɛ 400 nnɔmum mu. Eksodos nwoma no kyerɛ mu sɛdeɛ saa ɔgyeɛ yi baeɛ wɔ yaredɔm akyi, ntwerɛ, edwie nnwansena,anantwiwuo, mpɔmpɔ, ahonhono, ahum ne gya, ntutummɛ, ne esum kabii. Yaredɔm a ɛtwa toɔ kunkumm asase no so abakan, nanso ɛnyɛ Yesraiafiefoɔ no afie mu sɛ—sɛ saa nkorɔfoɔ no de abao ba a ɔdi kan na nkekaawa nni ne mu mogya keka wɔn apono ho.27

Owuo sorobɔfoɔ no twaa afie a wɔde adwammaa no mogya agyiraeɛ ayɛ ho no ho.28 Saa nsaaho no anaa ntwaa ho no gyina hɔ ma Yesu Kristo a ɔbɛdii owuo so nkonim no. Ampa, Onyankopɔn adwammaa no mpata mogya no ma yɛn Dwanhwɛfoɔ Papa no tumi de boaboa Ne mma ano wɔ bea nyinaa wɔ akwan bi so de kɔ banbɔ wɔ Ne kuo mu wɔnkatanim no akyi ne nanim nyinaa.

Titire, Mormon Nwoma no kyerɛkyerɛ Yesu “tumi ne owusɔreɛ no”29—Easter so mfasoɔ—ɛfa mmaeɛ bio mmienu ho.

Deɛ ɛdi kan, owusɔreɛ no nanmu hyɛ yɛn “honamdua papa a awie pɛyɛ,” nsa ne nan biara,” etire so nwii baako mpo renyera.“30 Saa bɔhyɛ yi de anidasoɔ ma wɔn a wɔahwere nsa ne nan; wɔn a wɔnhunu adeɛ, nte asɛm, anaa wɔntumi nante; anaa wɔdwene sɛ yareɛ adi wɔn nya, adwene mu haw, anaa wɔn ahoɔden so ateɛ. Ɔhwehwɛ yɛn. Ɔma yɛn ho te.

Easter bɔhyɛ a ɛtɔ so mmienu ne yɛn Awurade Mpata no ne sɛ honhom mu “Nneɛma nyinaa bɛyɛ te sɛ deɛ na ɛteɛ no pɛpɛɛpɛ.”31 Saa honhom mu mmaeɛ bio yi da yɛn nwuma ne akɔnnɔ adi. Te sɛ paano a ɛda nsuo so,32 ɛhyɛ deɛ ɛyɛ papa no anan mu, ma abɛyɛ “tenenee,” “nokorɛ,“ “mmɔborɔhunu.“33 Ɛnyɛ nwanwa sɛ nkɔmhyɛni Alma bɔ asɛmfua san fama mpɛn 2234 berɛ a ɔtu yɛn fo sɛ “yɛ obiara pɛpɛɛpɛ, bu aten tenenee, na yɛ papa mmerɛ nyinaa.”35

Ɛfiri sɛ “Onyankopɔn no ara de ne ho yɛɛ mpata maa wiase ,”36 Awurade Mpata no bɛtumi asane ayɛ no mua, ɛnyɛ deɛ ɛwɔ hɔ dada mmom deɛ ɛbɛtumi awɔ hɔ. Ɛnam sɛ Ɔnim yɛn yea, haw, yareɛ, yɛn nsɔhwɛ biara,”37 Ɔbɛtumi, de ahummɔborɔ, akyekyere yɛn werɛ sɛdeɛ yɛn mmer[yɛ teɛ.38 Ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔwie pɛ yɛ, nokorɛ Nyankopɔn, ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn nso,” mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no aba mu , abɛma atentenenee bo atɔ ne yam.”39 Yɛsakyera na yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara. Wɔ n’ahummɔborɔ ne animuonyam a ɛnniawieɛ mu, Ɔde ne dɔ abasa no atwa yɛn ho ahyia wɔ nna a ɛnniawieɛ mu”40

Ɛnnɛ yɛhyɛ mmaeɛ bio ne owusɔreɛ ho fa. Me ne mo, di ahurisie wɔ Yeasu Kristo nsɛmpa no mahyɛ Mmaeɛ bio a ɛrekɔ soɔ ho. Sɛdeɛ ɛhyɛɛ aseɛ mfeɛ 200 a atwam wɔ saa fefɛ berɛ yi mu, hann ne adiyisɛm gu so ara reba firi Awurade nodiyifoɔi a ɔteaseɛ ne N’Asɔre a wɔfrɛ no wɔ Ne din mu—Yseu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi akyire Ahotefoɔ—na ɛnam ankorankorɛ adiyisɛm ne nkanyan a ɛfiri Honhom Kronkron akyɛdeɛ no hɔ.

Meka mo ho wɔ Easter berɛ mu yi, medi Onyankopɔn ho adanseɛ, yɛn Daa Agya, ne Ne Dɔ Ba, Yesu Kristo teasefoɔ no. Wɔbɔɔ nnipa asɛnnua mu atirimmoɔden so na akyire yi wɔsɔree. Nanso gyesɛ Yesu Kristo teasefoɔ no ko ara na wɔ Ne pɛpɛyɛ wussɔreɛ mu aɛnnua no mu bɔ kutwa da so wɔ Ne nsa, ne nan ne ne mfe mu. Ɔno nko ara na ɔbɛtumi aka sɛ, “makrukyire wo wɔ me nsa yamu.“41 Ɔno nko ara na ɔbɛtumi aka sɛ: Me ne deɛ wɔmaa ne so no. Me ne Yesu no a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Me ne Onyankopɔn Ba no”42

Te sɛ Ivy ketewa ne ne violin, yɛ nam kwan bi so refiri aseɛ. Ampa ara, ani nhunui, na aso nteeɛ, na ɛmu biara nwuraa onipa akoma mu, nneɛma Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no.”43 Wɔ saa mmerɛ yi mu, yɛbɛtumi asua Onyankopɔn papayɛ no ho bebree ne yɛn soro nnepa ama Onyankopɔn dɔ no anyini wɔ yɛn mu berɛ a yɛrehwehwɛ No na yeatrɛ yɛn nsamu ama yɛn ho yɛn ho. Wɔ akwan foforɔ ne beaeɛ foforɔ so, yɛbɛtumi ayɛ na yɛabɛyɛ, ɛha kakra ɛhɔ kakra, ayɛmyɛ de kɔ ayɛmyɛ mu, ankorankorɛ ne nkabɔm mu.

Anuanom mmaa ne mmarima adɔfoɔ a mo wɔ babiara, berɛ a yɛhyia na yesua adeɛ bɔm no, mo gyidie ne papayɛ no, hyɛ me ma wɔ nsɛmpa no anigyeɛ ne anisɔ mu. Moadanseɛ ne nsɛmpa akwantuo no ma m’adanseɛ ne m’akwantuo dɔre. Mo haw ne moanigyeɛ, mo dɔ a mowɔ ma Onyankopɔn fiefoɔ ne Ahotefoɔ man ne monteaseɛ a mowɔ ma nokorɛ a wɔasan de aba no de bi ka me nsɛmpa no mahyɛ ho, a Yesu Kristo teasefoɔ no wɔ n’akoma mfimfini Yɛbɔm gyidi, ”nam sum ne hann mu, Awurade, tena menkyɛn.”44 Koroyɛ ma yɛhunu, yɛn nnesoa ne ahiasɛm, yɛbɛtumi akane yɛn hyira bebree no.45 Wɔ daadaa nsɛm mu ne nneɛma nketenkete so, yɛbɛtumi ahunu nneɛma akɛseakɛse sɛ ɛba mu wɔ y’abrabɔ mu46

“Na ɛbɛba sɛ wɔbɛboaboa ateneneefoɔ no ano afiri aman nyinaa mu, na wɔbɛba Sion, na wɔbɛto daapem anigyeɛ nnwom.“47 Wɔ saa hosiana ne halleluya fa yi mu, to halleluya—na ɔbɛtena hɔ daadaa ne daapem! To hosiana, ma Onyankopɔn ne Adwammaa no! Wɔ Yesu Kristo din kronkron ne kronkron no mu, amen.

Tintim