Amansan Nhyiamu
Anidasoɔ mu Hyerɛn Mapa
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Anidasoɔ mu Hyerɛn Mapa

Ɛfiri sɛ Mmaeɛ bio no simfitiaseɛ nokorɛ no so dua sɛ Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ ewiase yi mu, yɛbɛtumi anya anidasoɔ, ɛwɔ sɛ yɛnya anidasoɔ, mpo sɛ yɛwɔ ɔhaw te sɛ deɛn koraa mu a.

Ahinime bosome a atwam yi,Titenani Russell M. Nelson too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ anim nhwɛ saa Oforisuo 2020 nhyiamu yi, obiara wɔ yɛn ankasa kwan so nhwɛ akyire nhunu Onyankopɔn nsa kɛseyɛ wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mmaeɛ bio no. Onuabaa Holland ne me faa saa to nsa frɛ nkɔmhyɛ yi anibereɛ so. Yɛmfa no sɛ yɛte mfeɛ 1800 mu, na yɛrehwɛ ɛsom gyidie saa mmerɛ no mu. Wɔ saa nsusuiiɛ no mu, yɛbisa yɛn ho, “Ɛdeɛn na ayera wɔ ɛha? Deɛn na yɛpɛɛ sɛ yɛnya? Deɛn na yɛn anidaso sɛ Onyankopɔn de bɛma yɛn wɔ yɛn honhom mu anigyina?”

Aane, adeɛ baako nti, yɛhunuu sɛ mfeɛ ahanu a atwam no, anka yɛn anidasoɔ pa ara bɛyɛ nokorɛ papa mmaeɛ bio ne nhunumu kronkron fa Onyankopɔn ho kyɛn dodoɔ a na wɔn wɔ saa da no mu nyaeɛ, asie sɛdeɛ Ɔtaa yɛ sɛ ɛbɛhyɛ mfehaha akyi fa mfomsoɔ ne deɛ nteaseɛ nni mu. Yɛresrɛ kasasin bi afiri William Ellery Channing hɔ, a da no mu ɔyɛ nyamefɛrefoɔ a wɔagye din, anka yɛbɛhwehwɛ “ɔwofoɔ suban a Onyankopɔn wɔ,” a Channing susuui sɛ ɛyɛ “Kristosom nkyerɛkyerɛ kɛseɛ a ɛdikan.”1 Anka nkyerɛkyerɛ bi sei bɛhunu Nyame sɛ ɔyɛ Agya a ɔwɔ Soro a ɔfa biribi ho, kyɛn sɛ ɔyɛ ɔtemmuafoɔ katee a ɔhyɛ atemmuo anaa efiewura a ɔnni hɔ a na ɔredi asase so dwumadie baabi nanso seesei adagye abɔ no wɔ baabi foforɔ wɔ asase yi so.

Aane, anka yɛn anidasoɔ wɔ 1820 mu bɛyɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn sɛ ɔkasa na ɔkyerɛ kwan te sɛ deɛ Ɔyɛeɛ berɛ a atwam no, nokorɛ Agya wɔ ɔdɔ kann mu wɔ saa asɛmfua no mu. Nokorɛ mu Ɔnyɛ nwunu, na ɔno nko ara nni adeɛ nnyi kakraa bi na wama wɔn nkwagyeɛ na wama nnipa abusua a aka no sɛ wɔnkɔ afɔbuo mu. Daabi, ɔbɛyɛ obi a ne nneyɛɛ biara, wɔde to dwa kronkronyɛ mu,“ bɛyɛ mfasoɔ ama wise; ɛfiri sɛ ɔdɔ wiase”2 ne ɛsotefoɔ biara wɔn wɔ mu. Saa ɔdɔ no bɛyɛ Ne botae awieɛ nti a ɔsomaa Yesu Kristo, Ne Ba a Ɔwoo no Koro, baa asase yi so.3

Rekasa fa Yesu ho no, sɛ na yɛte saa afe ha 19 no mfeɛ a ɛdikan no mu a, anka yɛde akomatuo kɛseɛ bɛhunu sɛ akyinnye fa Agyenkwa no asetena ne Owusɔreɛ no nokorɛ a ɛyɛ no titiriw hyɛɛ aseɛ sɛree wɔ Kristosom mu. Ɛno nti, anka yɛbɛpɛ anidasoɔ sɛ adanseɛ bɛba wiase nyinaa hɔ a ɛbɛhyɛ twerɛ kronkron no adanseɛ den sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no ankasa, Alpha ne Omega no, ne Agyenkwa koro no a wiase bɛhunu no. Anka ɛbɛka yɛn anidasoɔ ho kɛse pa ara sɛ twerɛsɛm afoforɔ adanseɛ bɛyi aba, biribi a ɛbɛtumi aka abom ayɛ a Yesu Kristo ho adanseɛ baako nso, ɛrebue na ɛretrɛ yɛn nimdeɛ fa Nawoɔ nwanwasoɔ, anwanwa som, mpata afɔreɛ, ne Owusɔreɛ animuonyamhyɛ no. Nokorɛ mu nwoma bi sei bɛyɛ “teneneeyɛ [asoma] aba fam firi ɔsoro; na nokorɛ [asoma] afiri akɔ asase so.”4

Rehwɛ Kristofoɔ wiase saa da no mu no, anka yɛbɛnya anidasoɔ ahwehwɛ obi a Onyankopɔn ama akwanya de nokorɛ asɔfodie tumi bɛtumi abɔ yɛn asu, bɛma yɛn Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, na wama asɛmpa no ayɛyɛdeɛ nyinaa a ɛhohia ma mmasoɔ. Wɔ 1820 mu no, anka yɛbɛnya anidasoɔ ahunu ɔnotefoɔ Yesaia, Mika, ne tete nkɔmhyɛfoɔ afoforɔ no bɔhyɛ fa Awurade berempɔn fie a ɛbɛsan aba no.5 Anka yɛani bɛgye kɛse sɛ yɛbɛhunu sɛ wɔasi tɛmpol kronkron animuonyam bio, de Honhom no, ayɛyɛdeɛ no, tumi ne akwanya akyerɛkyerɛ nokorɛ a ɛnni awieɛ, asa wankasa apirakuro, na akyekyere mmusua abɔ mu afebɔɔ. Anka mɛhwehwɛ biribara mu ne baabiara sɛ mɛhunu obi a ɔwɔ akwanya aka akyerɛ me ne medɔfo pa Patricia sɛ yɛn awareɛ wɔ tebea a wɔasɔ ano ama berɛ ne berɛ a ɛnni awieɛ nyinaa, na yɛnnte da anaa mmfa nnome ahunahuna nnto yɛn so “kɔsi sɛ owuo bɛtete yɛn ntam.” Menim sɛ “wɔ [yɛn] Agya fie tenabea akɛseɛ pii wɔ hɔ,”6 nanso, me ara nkasaeɛ mu no, sɛ me tiri rebɛyɛyie ama manya ɛmu baako a, ɛnyɛ hwee mma nnkyɛn sese a ɛrebubuo sɛ Pat ne yɛn mmɔfra anka me ho annkɔkyɛ saa apɛgyadeɛ no a. Ɛma yɛn nananom, ɛbinom a wɔtenaa ase na wɔwuui tete berɛ mu a wɔannte Yesu Kristo din mpo, anka yɛbɛnya anidasoɔ ama saa tenenee pa ara ne twerɛsɛm ayamye nsusuiɛ sɛ ɛbɛsan aba—amanneɛ a ateasefoɔ yɛ sɛ ɔgyeɛ ayɛyɛdeɛ ma wɔn nananom a awuwuo.7 Nneyɛɛ biara nni hɔ a mɛtumi asusu no ɛfɛ so pa ara de akyerɛkyerɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ haw fa Nasase so mma mu biara ɛmmfa ho ne berɛ a wɔtenaa ase anaa baabi a wɔwuwuiɛ.

Ɛyɛ, yɛn 1820 anidasoɔ mmoano bɛtumi akɔ so, nanso ebia nkrasɛm a ɛhohia pa ara fa Mmaeɛ bio ho yɛ sɛ anka saa anidasoɔ no ɛnnyɛ kwa. Ɛhyɛ aseɛ firi Ɛpɔ Kronkron mu na ɛtoa so bɛsi nnɛ da yi, saa apɛdeɛ yi hyɛɛ ase firaa wɔ nokorɛ mu ma ɛbɛyɛɛ, sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Paulo na afoforɔ kyerɛkyerɛɛeɛ no, nokorɛ sɛkyɛ ma ɔkra, gyina pirim ne pintinn.8 Deɛ dabi ɛyɛɛ anidasoɔ no abɛyɛ abakɔsɛm seesei.

Ne saa nti, yɛhwɛ yɛn akyi mfeɛ 200 wɔ Onyankopɔn papayɛ ma wiase. Nanso yɛn animu nhwɛeɛ nso ɛ? Yɛkɔ so ara wɔ anidasoɔ a ɛnnya mmaa mu. Mpo sɛ yɛrekasa yi,yɛn nyinaa “aka abɔm” ne COVID-19 redi ako, abodwoɔ nkaebɔm sɛ yareboa a9 a ne kɛseɛ nnuru anwea bosea a wɔakyɛ mu 1,00010 tumi de nnipa dodoɔ ne aman sikasɛm kɔ wɔn nkotodwe anim. Yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔahwere wɔn adɔfoɔ wɔ saa yaredɔm foforɔ yi mu, ne wɔn nso a wɔanya yareɛ no bi anaa sɛ wɔda wusu. Ampa ara yɛbɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔrema ayarehwɛ fɛɛfɛ yi. Berɛ a yeadi yei so nkonim no—na yɛbɛdi nso—yɛmmɔ mmɔden ngye wiase mfiri ɛkɔm yaredɔm mu, ngye ayɔnkofoɔ ne aman mfiri ohia yaredɔm mu. Ma yɛn nya anidasoɔ mma sukuu a asafoɔ bɛnya nteteɛ—na wɔmmɔ ehu sɛ wɔbɛbɔ wɔn tuo—ne ankasa akyɛdeɛ a ɛho teɛ sɛ Onyankopɔn ba, a abusua, nnipa-mmusua, anaa ɔsom adwemmɔne biara mmata ho. Ne tiawa mu no, yɛkɔ so wɔ anidasoɔ fa ahofama kɛseɛ ho ma mmaransɛm akɛseɛ mmienu no: sɛ yɛnnɔ Onyankopɔn mfa sɛ yɛdi N’afotuo so na yɛnnɔ yɛn yɔnko mfa sɛ yɛkyerɛ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ, aboterɛ ne bɔnefakyɛ.11 Saa akwankyerɛ kronkron mmienu yi kɔ so ara—na ɛbɛkɔ so afebɔɔ—nokorɛ anidasoɔ koro a yɛwɔ sɛ yɛma yɛn mma ewiase papa kyɛn deɛ wɔnim seesei no.12

Deɛ ɛka saa wiase nyinaa ahwehwɛdeɛ ho no, nnɛ atiefoɔ dodoɔ no ara wɔ wɔn ankasa bunu mu anidasoɔ: anidasoɔ sɛ awareɛ bɛyɛyie, anaa ɛtɔ da a anidasoɔ ma awareɛ, anidasoɔ sɛ nkonimdie bɛba koannkorɔ so, anidasoɔ sɛ ɔba ɔsowuiɛfoɔ bɛsan aba, anidasoɔ ma honam mu ne atenka mu yaw ahodoɔ ɔha no, sɛ ɛbɛgyae. Ɛnam sɛ Mmaeɛ bio no si mfitiaseɛ nokorɛ no so dua sɛ Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ wɔ ewiase yi mu nti, yɛ bɛtumi anya anidasoɔ, ɛwɔ yɛnya anidasoɔ, mpo berɛ a yɛwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. Yei ne deɛ twerɛsɛm no kyerɛ, berɛ a Abraham nyaa anidasoɔ tiaa anidasoɔ13—ɛne sɛ, ɔtumi gye diiɛ wɔ nwene ho biara mu sɛ mma ɔnnye nni—sɛ ɔno ne ne Sara bɛtumi anyinsɛn berɛ a na ɛkyerɛ adeɛ a ɛnntumi nnsi da. Ɛnti, mebisa, “Sɛ yɛn 1820 anidasoɔ bebree no bɛtumi ahyɛaseɛ aba mu de hann kronkron a ɛte kyerɛɛ abarimaa bi a ɔbuu nkotodwe kwa wɔ kwaeɛwa bi mu wɔ ɔman soro ha New York a, adɛn na yɛnnya anidasoɔ sɛ ɔpɛ a ɛtene ne Kristo su anigyina bɛtumi akɔ so anya ɔnwanwa mmuaeɛ nwanwasoɔ afiri anidasoɔ nyinaa Nyankopɔn no hɔ?” Ɛhohia sɛ yɛn nyinaa gyedi sɛ deɛ yɛhwehwɛ wɔ tenenee mu no bɛtumi ayɛ yɛn dea dabi, kwan bi so, a nteaseɛ nnim.

Anuanom mmarima ne mmaa, yɛnim sɛdeɛ na ɛsom binom nnɔɔso wɔ mfeɛ ha 19 mu siteɛ. Ɛka ho bio, yɛnim biribi fa ɛnnɛ yi nyamesom sintɔ ho a ɛkɔ so gya ɔkɔm ne anidasoɔ binom a ɛmaa mu. Yɛnim sɛ anibereɛ no ahoroɔ binom a ɛredi dodoɔ no ara anim afiri ɔsɛnkafoɔ amammerɛ ahyehyɛdeɛ no ho. Yɛnim nso, sɛdeɛ nhumu twerɛfoɔ baako twerɛɛeɛ no, sɛ “nyamesom kannifoɔ bebree [ɛnnɛ yi] nni nnyinasodeɛ” wɔ saa ɛsoteɛ yi nkasaeɛ ho, rema mu mmuaeɛ “de koko ketewa bi sa yareɛ nya gyedie wɔ Okokuroko bi mu, nneyɛɛ nsɛkyerɛnne aboɔmmerɛ, de ahwɛyie abutu abususɛm so, [anaa ɛtɔ da a tenenee] ɛnnkanyan nkwaseasɛm”14—na ne nyinaa wɔ berɛ mu berɛ a wiase hia dodoɔ no ara, berɛ a awoɔntoatoasoɔ a ɛresɔre fata dodoɔ no ara, na Yesu da mu no ɔmaa dodoɔ no ara. Ɛyɛ Kristo akyidifoɔ yi, yɛn da yi yɛbɛtumi asɔre atra saa tete Israelfoɔ no a wɔsuui, “Yɛn nkasɛe ayɛ wesee, na yɛn anidasoɔ ayera.”15 Nokorɛ mu, sɛ yɛn anidasoɔ yera awieɛ no a, yɛyera yɛn nsɔmu ahodeɛ a ɛtwatoɔ. Ɛyɛ wotraa saa asamando pono no na Dante twerɛɛ kɔkɔbɔ maa obiara a ɔtuu kwan faa ne Divina Commedia: “Gyae anidasoɔ nyinaa,” ɔkaae, “wo a wowura ɛha.”16 Nokorɛ mu sɛ anidasoɔ sa a, deɛ aka ama yɛn yɛ ogya tadeɛ no gyaframa a ɛdɛre wɔ afa biara.

Ɛnti, sɛ yɛn akyi kɔtare dan no a, na sɛdeɛ nnwom no seɛ no,“afoforɔ mmoa di hwammɔ na awerɛkyekyerɛ dwane,”17 ɛka yɛn abrabɔ pa a ɛhohia ho no, yɛbɛyɛ saa anidasoɔ akyɛdeɛ a ɛsombo yi nkabom pintinn ama yɛn gyedie wɔ Onyankopɔn mu ne yɛn dɔ ama afoforɔ.

Wɔ saa mfeɛ ahanu dapɔnna yi, sɛ yɛhwɛ yɛakyi kɔhunu biribiara a wɔde ama yɛn na yɛdi ahurisie wɔ nteaseɛ mu fa anidasoɔ pii a aba mu a, meti abaayewa fɛɛfɛ bi a wafiri asɛmpatrɛ aba atenka mu a ɔkakyerɛɛ yɛn wɔ Johannesburg bosome kakra atwam yi, “[Yɛn] amma ammɛduru ha sɛ yɛrebɛduru ha.”18

Reka no kwan foforɔ so twerɛsɛm mu nante yie a ɛyɛ nkanyan kɛse pa ara no mu baako a wɔatwerɛ da no, me ne nkɔmhyɛni Nifae ne abaayewa kumaa no ka sɛ:

“Me nnuanom adɔfoɔ [ne mmaa], akyire yi a mo [anya saa mmaeɛ bio aduaba‑ kan yi], mɛbisa sɛ yɛawie ne nyinaa? Hwɛ, mese mo sɛ, Daabi.

“… Ɛsɛ sɛ mo pere kɔ nkan gyina pintinn wɔ Kristo mu, nya anidasoɔ hyerɛn mapa no, ne Onyankopɔn ne nnipa nyinaa ho dɔ. … Sɛ wo bɛyɛ a[,] Agya no na ɔseɛ: Wobɛnya nkwa a ɛnniawieɛ.”19

Menuanom, mmarima ne mmaa, meda ase wɔ deɛ wɔde ama yɛn nyinaa wɔ saa deɛ ɛtwatoɔ ne kɛseɛ pa ara wɔ asɛmpa berɛ nyinaa mu, asɛmpa berɛ ma Yesu Kristo asɛmpa a asan aba bio. Akyɛdeɛ ne nhyira a ɛtene firi asɛmpa no mu yɛ biribiara ma me—biribiara—enti wɔ mmɔden a mede da m’Agya a ɔwɔ Soro no aseɛ no, mewɔ “bɔhyɛ a mɛdi so, ne kwan tenten twa ansa na mada.”20 Ɛnti yɛmfa ɔdɔ wɔ yɛn akoma mu mpem nkɔ yɛanim, nnante “anidasoɔ hyerɛn mu”21 deɛ ɛhyerɛn akwanhwɛ kronkron kwan a yɛatena so mfeɛ 200 nie no. Medi adanseɛ sɛ anwanwa dwuma rebɛhyɛ daakye ma na nhyira abu so te sɛ deɛ nna a atwam no yɛɛe no. Yɛwɔ ho kwan biara sɛ yɛnya anidasoɔ ma nhyira mpo deɛ ɛso kyɛn deɛ yɛanya dada ɛfiri sɛ yei ne Otumfoɔ Nyankopɔn adwuma, yei ne adiyisɛm ntoasoɔ Asɔre, na yei ne asɛmpa no ayamye a ɛnni ano. Medi yeinom nyinaa ho adanseɛ de bi ka ho wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Ade Titiriw ma Kristo Som,” wɔ The Works of William E. Channing (1888), 1004.

  2. 2 Nifae 26:24.

  3. Hwɛ Yohane 3:16–17.

  4. Mose 7:62.

  5. Hwɛ Yesaia 2:1–3; Hesekiel 37:26; Mika 4:1–3; Malaki 3:1.

  6. Yohane 14:2.

  7. Hwɛ 1 Korintofoɔ 15:29; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:15--17.

  8. Hwɛ Hebrifoɔ 6:19; Eter 12:4.

  9. Hwɛ Na Zhu ne afoforɔ, “A Novel Coronavirus from Patients with Pneumonia in China, 2019,” New England Journal of Medicine, Feb. 20, 2020, 727–33.

  10. Hwɛ “Asase ne Nsɔhwɛ Nkyerɛkyerɛmu,” wɔ Asase Nhwehwɛmu Nwoma mu, ed. C. Ditzler, K. Scheffe, ne H. C. Monger (2017), nrcs.usda.gov.

  11. Hwɛ Mateo 22:36–40; Marko 12:29–33; hwɛ nso Lewitikɔs 19:18; Deuteronomium 6:1–6.

  12. Hwɛ Eter 12:4.

  13. Hwɛ Romafoɔ 4:18.

  14. R. J. Snell, “Quiet Hope: A New Year’s Resolution,” Public Discourse: The Journal of the Witherspoon Institute, Dec. 31, 2019, thepublicdiscourse.com.

  15. Hesekiel 37:11.

  16. Yei ne kasasin sɛdeɛ ne nkyerɛaseɛ ahyeta. Nanso, nkyerɛaseɛ a ɛsɛ no pa ara yɛ “Gyae anidasoɔ nyinaa, wo a wowura ɛha” (Dante Alighieri, “The Vision of Hell,” in Divine Comedy, trans. Henry Francis Cary [1892], canto III, line 9).

  17. “Tena me Nkyɛn!” Hymns, no. 166.

  18. Judith Mahlangu (Stake ahodoɔ nhyiamu a ɛbɛn Johannesburg, South Afrika, Obubuo 10, 2019), wɔ Sidney Walker, “Ɛlda Holland Sra Southeast Afrika wɔ ‘Remarkable Time of Growth,’” Asɔre Nkrasɛm, Obubuo 27, 2019.

  19. 2 Nifae 31:19–20; ɛnsisoɔ ka ho.

  20. “Stopping by Woods on a Snowy Evening,” lines 14–16, in The Poetry of Robert Frost: The Collected Poems, ed. Edward Connery Lathem (1969), 225.

  21. 2 Nephi 31:20.

Tintim