Amansan Nhyiamu
Sɛnea Asɔfodie No Hyira Mmabunu
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Sɛdeɛ Asɔfodie no Hyira Mmabunu

Ɛnam asɔfodie no so, wɔbɛtumi ama yɛn so. Asɔfodie no de hann ba yɛnabrabɔ mu.

Meda ase sɛ mewɔ ha. Berɛ a medii kan hunuu sɛ mɛnya kwan akasa akyerɛ mo ɛnnɛ no, m’ani gyee yie nanso berɛ korɔ no ara menyaa ahobraseɛ. Masɛe mmerɛ pii adwendwene deɛ me ne mo bɛkyɛ ho, na mewɔ anidasoɔ sɛ Honhom no bɛkasa akyerɛ mo tee afa me kaseɛbɔ yi so.

Wɔ Mormon Nwoma no mu, Lihae hyiraa ne mma mmarima no mu biara ansa na ɔrewuo a ɛboa wɔn ma wɔhunu wɔn ahoɔden ne enni awieɛ nnepa. Me ne kaakyire wɔ nkwadaa nwɔtwe mu, na saa afe a atwam yi, mene akwadaa a maka fie berɛ a ɛdi kan koraa. Menni anuanom a wɔmmɛn me na berɛ biara mɛnya obi nkasa ne ho no ayɛ den ama me. Anadwo bi wɔ hɔ a mete nka sɛ ankonam pa ara. Meda m’awofoɔ a wɔayɛ wɔn afa mu deɛ biara de boa me ase. Nhwɛsoɔ ne sɛ berɛ a me papa yɛɛ sɛ ɔbɛma me awerɛkyekyerɛ asɔfodie nhyira berɛ bi a na mewɔ ɔhaw soronko bi mu. Ne nhyira no akyi, nneɛma annsesa wɔ ɛhɔ ara, nanso metumi tee asomdwoeɛ ne ɔdɔ nka firii me Soro Agya ne me papa nkyɛn. Ɛyɛ nhyira ma me sɛ mewɔ papa a ne ho teɛ a ɔbɛtumi ama me asɔfodie nhiyra berɛ biara a mehia na ɔboa me ma mehunu m’ahoɔden ne enni awieɛ nnepa, sɛdeɛ Lihae yɛɛeɛ no pɛpɛɛpɛ berɛ a ɔhyiraa ne mma no.

Ɛmmfa ho ne tebea a mo wɔ mu, mobɛtumi anya asɔfodie nhyira berɛ biara. Ɛnam abusuafoɔ so, nnamfoɔ, anuanom asomfo mmarima, asɔfoɔ akannifoɔ, ne Ɔsoro Agya a ɔnni hwammɔ so, wobɛtumi anya asɔfodie nhyira. Elder Neil Andersen se: “Asɔfodie nhyira no yɛ enni awieɛ adeɛ a ɛso sene obi a wɔase no sɛ ɔmfa akyɛdeɛ no nsom no. Sɛ yɛn ho te a, asɔfodie ayɛyɛdeɛ no hyɛ yɛn bra ma.”1

Ɛntwenntwɛn wo nan ase sɛ wobɛbisa nhyira berɛ a wohia akwankyerɛ nkekaho. Ɛwɔ yɛn mmerɛ a ɛmu yɛ den mu na yɛhia Honhom no mmoa kɛse. Obiara nni hɔ a wawiee pɛpɛyɛ enti, yɛn nyinaa kɔ ahokyerɛ mu. Yɛn mu bi bɛtumi anya dadwen, adwenemuhaw, ntekasoɔ, anaa atenka sɛ yɛnnwie pɛyɛ. Asɔfodie nhyira tumi boa yɛn ma yɛdi saa haw yi so na yɛnya asomdwoeɛ berɛ a yɛrekɔ yɛnanim wɔ daakye mu. Megyedi sɛ yɛbɛpere abɔ bra a ɛho teɛ wɔ saa nhyira yi gyeɛ mu.

Ɔkwan baako nso a asɔfodie hyira yɛn no yɛ agya panin nhyira. Masua sɛ metwa m’ani kɔhwɛ m’agyapanin nhyira berɛ a me werɛ ahoɔ anaa aka me nkoaa. Me nhyira no boa me ma mehunu me nnepa ne nhyehyɛeɛ pɔtee a Onyankopɔn wɔ ma me. Ɛkyekyere me werɛ na ɛboa me ma mehunu tra ewiase yi mu nhunu mu. Ɛkae me m’akyɛdeɛ ne nhyira a mɛnya sɛ mebɔ bra a ɛho teɛ a. Ɛsan nso boa me ma mekae na mete asomdwoeɛ nka sɛ Onyankopɔn bɛma me mmuaeɛ na wabue apono ama me wɔ mmerɛ kann ne mmerɛ pa mu berɛ a mehia no yie.

Agya panin nhyira boa siesie yɛn ma yɛatumi ne yɛn Soro Agya no akɔ tena. Menim sɛ agya panin nhyira firi Onyankopɔn hɔ na ɛtumi boa yɛn ma yɛdane yɛn mmrɛyɛ de kɔ ahoɔden mu. Yeinom nyɛ kaseɛ a ɛfiri bɔsrɛmukafoɔ hɔ; saa nhyira yi kyerɛ yɛn deɛ ɛhia sɛ yɛte. Wɔte sɛ Laehona de ma yɛn mu biara. Sɛ yɛde Onyankopɔn di yɛn anim kan na yɛnya gyedie wɔ Ne mu a, Ɔde yɛn bɛfa yɛn ankasa yɛn srɛ so.

Sɛdeɛ Onyankopɔn de asɔfodie no hyiraa Joseph Smith sɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi asan de nsɛmpa no ama no, yɛbɛtumi agye nsɛmpa no wɔ yɛn abrabɔ mu ɛnam asɔfodie no so. Dapɛn biara wɔma yɛn kwan sɛ yɛmfa adidi kronkron no. Ɛnam saa asɔfodie ayɛyɛdeɛ yi so, yɛbɛtumi anya Honhom no aka yɛn ho berɛ biara, a ɛbɛtumi ahohoro na ate yɛn ho. Sɛ yɛnya atenka a ɛhia sɛ yɛyi biribi firi yɛn abrabɔ mu a, yɛnkɔ akannifoɔ a yɛgye wɔn die hɔ na wɔbɛtumi aboa yɛn ama yɛafa nokorɛ kwan no so. Mo akannifoɔ bɛtumi aboa mo ama mo nsa aka Yesu Kristo Mpata no tumi no nyinaa.

Aseda nka asɔfodie no, yɛbɛtumi agye ayɛyɛdeɛ a ɛfiri tɛmpol mu nso. Ɛfiri berɛ a mewuraa tɛmpol mu no, mayɛ no botaeɛ ne asɛnhia sɛ mɛtaa akɔ tɛmpol . Mmerɛ a manya ne tuwohoakyɛ a mayɛ de atwe abɛn me Soro Agya wɔ ne fie kronkron mu nti, wɔahyira me wɔ adiyisɛm nya ho ne nkaeɛ a aboa me yie wɔ m’abrabɔ mu.

Ɛnam asɔfodie no so, wɔbɛtumi ama yɛn so. Asɔfodie no de hann ba yɛnabrabɔ mu. Elder Robert D. Hales se: “Sɛ asɔfodie no nni hɔ a, ‘asase no nyinaa bɛsɛe korakora ’ (hwɛ D&C 2:1–3). Hann remma, anidasoɔ nni hɔ—gyesɛ esum nkoaa.”2

Onyankopɔn rebɔ ose ma yɛn. Ɔpɛ sɛ yɛsan ba Ne nkyɛn. Ɔnim yɛn ankasa. Onim mo. Ɔdɔ yɛn. N’ani ku yɛn ho na ɔhyira yɛn mpo berɛ a yɛte nka sɛ yɛmmfata. Ɔnim deɛ yɛhia ne berɛ a yɛhia no.

“Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommɔ mu na ɔbɛhini mo:

Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, ɔhini no” (Matthew 7:7–8).

Sɛ wonni adanseɛ fa asɔfodie no ho dada a, mehyɛ wo nkuran sɛ bɔ mpaeɛ na bisa hunu ma wo ho ne tumi no, na afei kenkan twerɛsɛm no tie Onyankopɔn nsɛm. Menim sɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte Onyankopɔn asɔfodie tumi no wɔ yɛn abrabɔ mu a, wɔbɛhyira yɛn. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Neil L. Andersen, “Tumi wɔ Asɔfodie no mu,” Laehona, Nov. 2013, 92.

  2. Robert D. Hales, “Asɔfodie Nhyira no,” Ensign, Nov. 1995, 32.

Tintim