Amansan Nhyiamu
Sɛnea Asɔfodie No Hyira Mmabunu
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Sɛnea Asɔfodie No Hyira Mmabunu

Wama yɛn akwanya sɛ yɛnyɛ ahwɛsofoɔ tesɛ abɔfoɔ, sɛ yɛnka nsɛmpa no wɔ wiase asaasetam biara so, na yɛmmoa akra ma wɔmmra Kristo hɔ.

Nnuammarimma Ne nnuammaa, nokorɛ ɛyɛ me anisɔ sɛ me ne mo kasa wɔsaa anwumerɛ a ebi nsii da a ɛfa asɔfodie akyɛdeɛ kronkron ne tumi nwanwasoɔ a ɛwɔ sɛ ɛhyira mmabunu a wɔwɔ saa mmerɛ yi mu. Mebɔ mpaeɛ sɛ me pɛyɛ a me nwie nyinaa ara akyiri no, honhom no bɛboa me ama makyerɛkyerɛ nokorɛ.

Atitenafoɔ a wɔdikan no atwe wɔn a wɔkura asɔfodie tumi no adwene asi so sɛ “Mote ɛda a akwanya ne akwansideɛ akɛseɛ wɔ mu, ɛda a wasan de asɔfodie tumi no aba bio. Mo wɔ ho kwan sɛ mo de Aaron asɔfodie ayɛyɛdeɛ no yɛ adwuma. Berɛ a monam mpaebɔ ne ahoteɛ mu de saa akwanya yi yɛ adwuma no, wohyira wɔn a watwa woho ahyia no abrabɔ.”1 Sɛ mmaranteɛ a mowɔ asɔre no mu yi, wɔkae yɛn sɛ yɛyɛ Onyankopɔn dɔ mmarima na ɔwɔ adwuma ma [yɛn] ”2 na yɛboa wɔ n’adwuma “Sɛ ɔbɛma onipa honam a ɛrenwu da ne daa nkwa aba mu (Moses 1:39

Asɔfodie no yɛ tumi a wɔde yɛ Yesu Kristo nsɛmpa mu ayɛyɛdeɛ ne n’apam ma wɔn a wɔnho teɛ sɛ wɔgye. Ɛnam saa asɔfodie ayɛyɛdeɛ yi so no na Agyenkwa no mmogyahwieguo nhyira a ɛboa ma yɛnya yɛn soro asetena kronkron.

Na Joseph Smith yɛ abranteɛ a Onyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔnsan mfa Yesu Kristo nsɛmpa mmra bio na ɛno nti ɔmaa no asɔfodie a ɔde hyiraa adasamma nyina ara. WɔApam Ne Nkyerɛkyerɛ 135 mu no, kyerɛ nhyira bebree a Joseph Smith de ama mmabunu wɔ saa mmerɛ yi mu. Yɛkenkan sɛ: “Joseph Smith ayɛ pii ama nnipa nkwagyeɛ wɔ wiase yi mu kyɛn onipa biara a watena wiase mu da, gye sɛ Yesu nko ara. Ɔde Mormon Nwoma No aba, Ɔde nsɛmpa a enniawieɛ aba wiase afanan nyina ara, Ɔde adiyisɛm ne mmaransɛm a [ɛyɛ] Nkyerɛkyerɛ ne Apam no aba, Waboa Nkyirima Ahoteefoɔ mpempem ano na wagya animuonyam ne edin a wɔntumi ntwa mu da” (Nkyerɛkyerɛ Ne Apam 135:3).

Sɛ yɛbetumi asom yie sɛnea Joseph yɛɛeɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛnam ahoteɛ so fata sɛ wɔde Awurade asɔfodie tumi no yɛ adwuma. Berɛ a ɔrekyerɛ Mormon Nwoma no ase no, Joseph ne Oliver Cowdery pɛɛ sɛ wɔnya asubɔ nanso na wɔnni tumi a ɛfata no. Wɔ Kotonima 15, 1829, wɔkɔɔ wɔn nkotodwe anim wɔ mpaebɔ mu na Yohane Osubɔni no baa wɔn nkyɛn na ɔmaa wɔn Aaron asɔfodie ho nsafoa ne tumi kaa sɛ “M’ayɔnkofoɔ asomfoɔ, wɔ Mesiah no din mu, mema mo Aaron Asɔfodie no, deɛ ɛkura abɔfoɔ som nsafoa ne deɛ” ɛyɛ nsakyeraeɛ asɛmpa no, a ɛyɛ nsuomhyɛ asubɔ a ɛma bɔne fafiri (Apapam ne Nkyerɛkyerɛ 13:1

Wɔama yɛ akwanya sɛ yɛnyɛ ahwɛsofoɔ te sɛ abɔfoɔ, sɛ yɛnka nsɛmpa no wɔ wiase asaasetam biara so, na yɛmmoa akra ma wɔmmra Kristo hɔ. Saa ɔsom yi ma yɛne Yohane Osɔbɔni, Moronae, Joseph Smith, Titenani Nelson ne Awurade asomfoɔ apapa yɛ adwuma bom.

Yɛn som a yɛnam N’asɔfodie so di no de wɔn a watu wɔn ho asihɔ na wɔredi Awurade nkyerɛkyerɛ so pɛpɛɛpɛ; a me ara menim sɛ ɛbetumi ayɛ den wɔ berɛ a yɛhyia mmabunu mu akwansideɛ ahodoɔ. Nanso yɛne saa Awurade asomfo fekuo yi rekabo mu ayɛ N’adwuma no bɛboa ahyɛ yɛn den atia ɔsɛɛfoɔ no nsɔhwɛ ne nnaadaa no. Wobetumi ayɛ hann a ɛhyerɛn ama wɔn a wɔnnye wɔn ho nni no. Hann a ɛwɔ wo mu no bɛhyerɛn sɛnea obiara a wo ne no bɛdi nkitaho bɛyɛ nhyira berɛ a ɔde ne ho mpo abɔ wo ara kɛkɛ. Ɛtɔ dabi a ɛbɛtumi ayɛ den sɛ yɛbɛhunu sɛ yɛn honhom mu ɔhokafoɔ wɔ yɛn ntam, nanso ɛyɛ me anigye sɛ menim sɛ meka asɔfodie gyedikuo bi ho a mɛtumi ne wɔn ayɛ adwuma na mabɛn Kristo.

Yɛne yɛn nnamfonom ne abusua, nyina ara Honhom Kronkron no ne yɛn dimafoɔ ne yɛn yɔnko ne deɛ yɛde yɛn ho to no so. Nanso sɛ yɛbɛnya ne daa ayɔnkofa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to tebea ne mmeaeɛ a Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛwɔhɔ mu. Yei bɛtumi ahyɛ aseɛ wɔ yɛn ara yɛn afie mu, berɛ a yɛyɛ adwuma sɛ yɛbɛyɛ dabiara mpaebɔfoɔ, sua twerɛnsɛn no sɛ abusua na deɛ ɛhia pa ara no, berɛ a yɛsua twerɛnsɛm na yɛbɔ mpa sɛ ankorankorɛ no.

Mfoni
Enzo ne ne nuabaa
Mfoni
Enzo ne ne n’abusua.

Afe yi ahyɛaseɛ no, wɔmaa me anigyeɛ a na ɛsan nso yɛ ahobraseɛ akwanya bi sɛ meboa me nuabaa Oceane, na ɔkɔ nanim wɔ apam kwan no so sɛ ɔbɛgye asubɔ atom na watumi anya nhyehyɛɛ a ɛma ho kwan ma obi a sɛlɛhyia aheman no mu baako Ɔtutuu n’asubɔ hyɛɛ da bosome baako, kɔsii sɛ wɔhyɛɛ me sɔfo, a ɛmaa me akwanya maa me yɛɛ ayɛyɛdeɛ no, berɛ a yɛnnuammaa afoforɔ no nso nyaa ho kwan yɛɛ adwuma a ɛhyɛ asɔfodie dwumadie ase na wɔgyina sɛ adansefoɔ. Berɛ a na yɛgyina nhwɛanim wɔ asubɔ nsuo no ho na yɛboaa yɛn ho sɛ yɛrebɛwura nsuo no mu no, mehunuu anigyeɛ, a na ɛne medeɛ yi yɛ pɛ. Menyaa nkabom atenka bi maa no berɛ a mehunuu sɛ ɔresi gyinaeɛ papa no. Saa akwanya sɛ metumi de asɔfodie yɛ adwuma maa me hunuu sɛɛ ɛsɛsɛ meyɛ ahwɛyie na menntwentwɛn me nan ase wɔ me nsɛmpa abrabɔ mu. Sɛdeɛ mesiesie me ho no nti mekɔɔ tɛmpol dabiara wɔ saa naawɔtwe no mu, na me maame, me nanabaa ne me nnuabaa boaa me ma mekɔyɛɛ asubɔ maa awufoɔ.

Saa suahunu yi kyerɛɛ me nneɛma bebree a ɛfa asɔfodie no ho ne sɛnea metumi de ayɛ adwuma wɔ ahoteɛ mu. Menim sɛ wɔn a wɔkura asɔfodie tumi nyina ara bɛtumi anya saa atenka korɔ no a menyaaɛ no bi sɛ yɛde Nifae nhwɛsoɔ so sɛ “yɛbɛkɔ na yɛakɔ yɛ” (Hwɛ 1 Nephi 3:7). Yɛrentumi nte ntena na yɛnhwehwɛ sɛ Awurade de yɛn bɛyɛ adwuma wɔ N’adwuma kɛseɛ no mu. Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma wɔn a wohia yɛn mmoa hwehwɛ yɛn akyiri kwan, ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ wɔn a wɔkura asɔfodie sɛ yɛyɛ nhwɛsoɔ na yɛgyina sɛ adansefoɔ ma Awurade Sɛ yɛresi agyina bi a ɛtwe yɛn firi yɛn enniawieɛ nkankɔ a, ɛsɛ sɛ yɛ sesa seesei ara. Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛkora yɛn wɔ honam tebea mu a yɛhwehwɛ anigyeɛ tiawa binom. Nanso menim sɛ, sɛ yɛbɔ mmɔden, na yɛhwehwɛ wɔn a ɔbɛboa yɛn na yɛsakra dabiara a nhyira a ɛbɛboa no bɛyɛ nwanwasoɔ wɔ yɛn abrabɔ mu na yɛn abrabɔ bɛsesa afebɔɔ berɛ a yɛpem kɔ anim wɔ apam kwan no so.

Menim sɛ yei ne Yesu Kristo nokorɛ asɔre no, Ɔno a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na ɔde asɔfodie nsafoa asoma n’asomafoɔ, a wɔde gye yɛn abaaba, nkanka wɔ saa akwansideɛ nna yi mu, na wɔde asiesie wiase ama Ne mmaeɛ.

Menim sɛ Joseph Smith yɛ deɛ asan aba bio no nkɔmhyɛni na Titenani Nelson yɛ yɛn nnɛ yi nkɔmhyɛni . Meto nsa frɛ yɛn nyina ara sɛ yɛnsua saa asɔfodiekurafoɔ yi abrabɔ na yɛnhwehwɛ sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔden dabiara sɛnea yɛbɛtumi ayɛ ahoboa ahyia yɛn yɛfoɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Atitenafoɔ A Ɔdikan, Fulfilling My Duty to God (booklet, 2010), 5.

  2. Aaronic Priesthood quorum theme, in General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 10.1.2, ChurchofJesusChrist.org.

Tintim