Amansan Nhyiamu
Adiyisɛm Mahyɛ
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Adiyisɛm Mahyɛ

Adiyisɛm a ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no Mmaeɛ bio no so ahyɛ ma no dɔɔ so.

Menuanom mmaa ne mmarima, ɛyɛ me ahohoahoa sɛ mekasa kyerɛ mo wɔ abakɔsɛm mu amansan nhyiamu a ɛrekae Joseph Smith Yikyerɛ a Ɛdi Kan wɔ Onyankopɔn ne Ne Ba, Yesu Kristo, wɔ deɛ akyinnyeɛ nni ho, a ɛyɛ Nnuakuo Kronkron. Saa yikyerɛ yi na ɛyɛ asɛmpa no Mmaeɛ bio no ne deɛ ɛka ho nyinaa ahyɛaseɛ a ɛyɛ fɛ, de firi Mormon Nwoma so kɔ si asɔfodie tumi ne nsafoa, Awurade Asɔre no fekuyɛ, Onyankopɔn tɛmpols, ne adiyifoɔ ne asomafoɔ a wɔdi adwuma no anim nna a ɛdi akyire yi mu.

Wɔ nhyehyɛeɛ kronkron so, Onyankopɔn tete adiyifoɔ, berɛ a Honhom Kronkron no kaa wɔn no, hyɛɛ nkɔm faa Mmaeɛ bio no ne deɛ ɛbɛba wɔ yɛn mmerɛ yi mu Adwuma korɔ no ara na “ɛka” akane adehunufoɔ no akoma1 Ɛfiri mmerɛ santene ni, wɔka too hɔ, soo daeɛ, yi kyerɛɛe, na wɔhyɛɛ nkɔm faa Onyankopɔn aheman wɔ asase so daakyeho, deɛ Yesaia frɛɛ no “anwanwa dwuma ne ahodwiri.“2

Adiyisɛm a ɛnam Yesu Kristo asɛmpa no Mmaeɛ bio no so ahyɛ ma no a Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ, ka ho no dɔɔ so. Ɛnnɛ, mmom, mɛbɔ kakra a m’anigye ho no so. Saa nneɛma yi me Mfitiaseɛ akyerɛkyerɛfoɔ na wɔkyerɛɛ me ɛne me maame sorobɔfoɔ nan ase.

Mfoni
Daniel wɔ gyata buom

Daniel, a ɔnam ne gyidie wɔ Awurade Yesu Kristo so maa ɛkɔm dee agyata ne Onyankopɔn soroabɔfoɔ dima som so, yɛ obi a ɔhunuu yɛn mmerɛ yi wɔ yikyerɛ mu. Ɔrekyerɛ Babilɔn hene Nebokanesa daɛ ase no, Daniel hyɛɛ nkɔm s AwuradeAsɔre no bɛsɔre nna ɛdi akyire mu te sɛ ɛboɔ ketewa bi a “nsa nka te firii bepɔ no ho.”3 “Nsa nka ho,“ kyerɛ sɛ ɔsoro ntamgyina so Awurade Asɔre no bɛkɔ so mmorosoɔ kɔsi sɛ ɛbɛhyɛ asase nyinaa so ma,na wɔrenseɛ no da [mmom] ɛbɛgyina hɔ afebɔɔ,“4

Mfoni
Daniel rekyerɛ daeɛ ase

Ɛyɛ adanseɛ a ɛmu dɔ sɛ Daniel nsɛm no reba mu berɛ a Asɔremma, a wɔwɔ wiase babiara, rehwɛ na wɔtie nhyiamu yi ɛnnɛ.

Ɔsomafoɔ Petro dɔfoɔ no kyerɛɛ “mmerɛ a wɔbɛhyɛ nneɛma nyinaa ananmu firi teteete.“5 nneɛma nyinaa wɔ Kristo mu,“6 “Yesu Kristo no ara yɛ tweaso tiboɔ titire no.“7 Metee saa adiyisɛm yi nka kɛse berɛ a wɔrebue Rome Italy Tɛmpol no ano. Na adiyifoɔ ne asomafoɔ no nyinaa wɔ hɔ redi Yesu Kristo ho adanseɛ. Asɔre no yɛ nhwɛsoɔ teasefoɔ ma saa ananmuhyɛ no, anuanom maa ne mmarima, ne y’asɔremma yɛ adansefoɔ ma saa adiyisɛm no firi teteete.

Mfoni
Adiyifoɔ ne Asomafoɔ wɔ Rome Italy Tɛmpol

Yosef a ɔwɔ Misraim hyɛɛ nkɔm sɛ “Adehununi bi na Awurade me Nyankopɔn bɛma ne so, ɔno na ɔbɛyɛ adehunufoɔ a wɔayi no ama m’asene mu aduaba.”8 “Na ɔbɛyɛ [Awurade no] adwuma.”9 Joseph Smith, Mmaeɛ bio diyifoɔ no, yɛ saa adehunu ni no.

Odiyifoɔ Yohane hyɛɛ nkɔm wɔ Ɔtumfoɔ sorobɔfoɔ a ɔde Mmaeɛ bio nneɛma a ɛhia nyinaa reba wɔ saa nsɛm yi mu: “Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a watu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa.”10 Saa sorobɔfoɔ no yɛ Moronae. Ɔhunuu yɛn mmerɛ yi sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Mormon Nwoma mu no. Wɔ adiyie ntoatoasoɔ mu, ɔsiesiee Joseph Smith maa ne som no, ne Mormon Nwoma no asekyerɛ: Yessu Kristo ho Adanseɛ Baako Nso.

Mfoni
Moronae reyi ne adi akyerɛ Joseph Smith

Adiyifoɔ afoforɔ kaa yɛn mmerɛ yo ho asɛm. Malakai kasa faa Elia a “ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so.“11 Elia aba, ɛno nti, ɛnnɛ yɛwɔ tɛmpol 168 sisi asase so. Tɛmpol biara som asɔremma a wɔn ho teɛ na wɔreyɛ apam kronkron na wɔgye ayɛyɛdeɛ ama wɔn ho ne wɔn nananom awufoɔ. Saa adwuma kronkron yi a Malakai kyerɛkyerɛɛ mu yi yɛ “Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛeɛ ma Ne mma daa nkwa hyɛberɛ.“12

Yɛte saa berɛ no a wɔhyɛɛ ho bɔ no mu; yɛyɛ nkurɔfoɔ a wɔahyɛ sɛ yɛnni Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no anim; ɛwɔ sɛ yɛboaboa Onyankopɔn mma ano, wɔn a wɔbɛtie na wɔasɔ nokorɛ no mu, yɛ apam, ne daa asɛmpa bɔhyɛ no. President Nelson frɛ no “akwansideɛ kɛseɛ, ɛyɛ ɔko kɛseɛ na afei nso adwuma kɛseɛ [no] wɔ asaase yi so ɛnɛ da yi”13 Wɔ saa anwanwasɛm yi ho medi m’adanseɛ

Mfoni
Durban South Africa Tɛmpol no ano Bue

President Russell M. Nelson dwumadie a ɔdehyɛɛ me nsa nti, wɔ Ɔgyefuo mu saa afe yi, me buee Durban South Africa Tɛmpol no ano. Ɛyɛ ɛda a mɛkae no me nkwa nna nyinaa. N a meka asaɔremma a wɔaba asɛmpa no mu sɛdeɛ Yeremia hyɛɛ nkɔm teteete no—“kuro biara mu baako, ɛna abusua biara mu baanu.”14 Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no ka yɛn nyinaa bɔm—twa wiase ho—sɛ Onyankopɔn mma mmarima ne mmaa, sɛ anuanom mmarima ne mmaa wɔ asɛmpa no mu. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛteɛ ne afadeɛ a yɛdeyɛ yɛn ho, yɛyɛ nnipa koro wɔ Agya a Ɔwɔ Soro a ne nhyehyɛeɛ firi teteete ne sɛ N’abusua bɛyɛ koro na wɔayɛ na wɔadi tɛmpol apam kronkron so.

Ɛkɔma asɔfoɔ kakra bi a na wɔaboa wɔn ho ano wɔ sukuu bi mu wɔ Kirtland, Ohio, wɔ 1834 mu Odiyifoɔ Joseph Smith hyɛɛ nkɔm, “Ɛyɛ Asɔfoɔ ketewa bi na muhunu wɔ ha anadwo yi, nanso saa Asɔre yi bɛhyɛ Amerika Atifi ne Anaafoɔ ma—ɛbɛhyɛ wiase ma.”15

Mfeɛ kakra ni matu kwan afa wiase mu akɔhyia Asɔre no mma. Menuanom a wɔwɔ Asomafoɔ Dumienu Kuo no mu nso adi dwuma sei ara bi. Nanso, hwan an ɔbɛtumi ne yɛn dɔfo odiyifoɔ, President Nelson nhyehyɛeɛ asi akan, a n’akwantuo wɔ mfeɛ mmienu mu sɛ Otitenani de no akɔ aman 32 so ne U. S. amantam so16 kɔdi Kristo teasefoɔ no ho adanseɛ.

Mekae berɛ a me nsa kaa me asɛmpatrɛ adwuma frɛ sɛ abranteɛ. Na mepɛ sɛ mesom wɔ Germany, sɛ me papa, me nuabarima, ne m’akonta. Mantwɛn sɛ obiara bɛba fie, na metyɛɛ ntɛm kɔɔ m’amane-adaka mu ɛna metee frɛ no ano. Mekenkanee sɛ wɔafrɛ me wɔ Eastern States Mission, New York City ahenkuro. M’aba mu buii, enti mewuraa dan mu ɛna mebuee me twerɛsɛm mu sɛ mepɛ awerɛkyekyerɛ. Mehyɛɛ aseɛ kenkanee wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu: “Hwɛ, na hunu,mewɔ nkorɔfoɔ bebree wɔ saa bea yi, wɔ amantam a atwa ahyia no mu; na wɔbɛbue ɛpono a ɛdi mu wɔ amantam a atwa ahyia wɔ saa apueɛ asase yi so.”17 Adiyisɛm a, wɔde maa Odiyifoɔ Joseph Smith wɔ 1833 mu no, na ɛyɛ adiyisɛm ma me. Ɛhɔ ara mehunuu sɛ wɔafrɛ me akɔ asɛmpatrɛ bea a Awurade pɛɛ sɛ mesom wɔ mu. Mekyerɛɛ Mmaeɛ bio no mfitiaseɛ nwanwasoɔ no berɛ a yɛn Agya a ɔwɔ Soro kasa kyerɛɛ Joseph Smith na ɔkaa sɛ, “Yei ne Me Dɔ Ba no. Tie No!”18

Nkɔmhyɛ a ɛho hia ma Asɔre no nyinaa Yesaia deɛ a, ɔdemaeɛ boro mfeɛ 700, ansa na wɔrebɛwo Yesu Kristo: “Na ɛbɛba sɛ nna a ɛtwa toɔ no mu, sɛ Awurade fie bepɔ no wɔbɛkyekyere no wɔ mmepɔ no apampamu na aman nyinaa bɛtene akɔ ho.“19

Wɔ m’adwene mu ɛnnɛ, mehunu y’asɔremma ne nnamfoɔ ɔpepe a wɔnam tɛlɛfihyin, intanɛt, anaa akwan foforɔ so rehwɛ dwumadie yi. Yɛte hɔ sɛdeɛ yɛte bɔ mu “wɔ mmepɔ no apampamu.“20 Ɛyɛ Brigham Young na ɔkaa nkɔmhyɛ nsɛm “Ɛha ne beaɛ kann no.“21 Ahotefoɔ no, a emu bi yɛ me nananom akandifoɔ, yɛɛ adwuma hyehyɛɛ Sion wɔ Rocky Mmepɔ no so “nam ɔno a ɔsusu asase so aman no pɛ ne anigyeɛ mu.”22

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol wɔ 2002 Olympics berɛ mu.

Ɛnnɛ megyina asase kronkron a atwe ahɔhoɔ ɔpepe so. Wɔ 2002 mu, Salt Lake City gyee Awɔberɛ Olympics Agokansie sii ne nan so. Tabernacle Choir no too dwom de buee dwumadie no, ɛna Asɔre no yii kɔnsɛɛte ne dwumadie ahodoɔ de gyee ahɔhoɔ ne dwumadifoɔ pii a wɔfiri aman, aman so no ani. Mɛkɔ so akae sɛ mehunuu tɛmpol no wɔ anadwo kaseɛ a wɔyi kyerɛɛ wiase mfonin akyi.

Mfoni
Asɔre ne NAACP akandifoɔ

Mfeɛ pii mu, United States amanpanin, ahenfo, amansoafoɔ, aman ananmusifoɔ, ne asomfoa wɔfiri nsase bebree so baa Salt Lake city bɛhyiaa yɛn akandifoɔ. President Nelson gyee Ɔman Kuo dema Nnipa Ahosuo Nkɔsoɔ, United States kuo bi a ɔhwɛ sɛ nnipa bɛnya yiedie a nnipa nyiyimu nni mu. Mekae sɛ me ne nnamfoɔ ne akandifoɔ yi gyina faako a President Nelson ne wɔn bɔmu apɛ nidie kɛseɛ ne abusua koroyɛ wɔ wiase mu.23

Dodoɔ no ara na wɔaba Tɛmpol Square ne Asɔre akandifoɔ atu agyina. Nhwɛsoɔ, afe a atwam yi, kakra bi a mɛto din, yɛgyee Amansan Kubaatan Amanifoɔ Kuo nhyiamu a ɛtɔ so 68, wiase nyinaa nhyiamu a ɛdi kan koraa a wɔannyɛ no wɔ New York City. Yɛ ne Vietnam Abadwakuo a ɛhwɛ Ɛsom ho Nsɛm so ne aman ananmusifoɔ a wɔfiri Cuba, Philippines, Argentina, Romania, Sudan, Qatar, ne Saudi Arabia. Afei nso yɛhyiaa amansan twerɛtwerɛfoɔ panin a ɔfiri Moslem World League.

Deɛ merekyerɛkyerɛ mu yi yɛ deɛ ɛrehyɛ Yesaia nkɔmhyɛ ma sɛ nna a ɛtwa toɔ no mu, aman bɛtene akɔ “Awurade fie bepɔ no so.”24 Salt Lake Tɛmpol kɛseɛ no si kɛseɛ ne animuonyam bea no mfimfini.

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol nsisisoɔ

Ɛnyɛ asase no bɔbea na ɛtwetwe nnipa, ɛwɔmu sɛ yɛn nhyehyɛeɛ no yɛ fɛ; ɛyɛ nyamesom pa a ɛda adi wɔ honhom mu, nyini, papayɛ, ne Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ ɔma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ne ɛmu nnipa adɔeɛ; yɛ dɔ a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn dɔ no; y’ahofama a yɛwɔ ma deɛ ɛkɔ soro, deɛ Joseph Smith frɛɛ no “Kristo kwan no.”25

Yɛnnim da a Agyenkwa no bɛsan aba, nanaso yei deɛ yɛnim. Ɛwɔ sɛ yɛyɛ ahoboa wɔ akoma ne adwene mu, fata gye No, na ɛyɛ ahohoahoa ma yɛn sɛ yɛka deɛ wɔhyɛɛ ho nkɔm teteete no nyinaa ho.

Medi adanseɛ sɛ President Russell M. Nelson yɛ Awurade no diyifoɔ wɔ asase so, na wɔ ne nkyɛn yɛ Asomafoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn, agye wɔn atom sɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ. Na, menuanom adɔfoɔ mmarima ne mmaa, Mmaeɛ bio no retoaso.

Mede Joseph Smith nkɔmhyɛ no rewie, sɛ nsɛm a medi ho adanseɛ no yɛ nokorɛ: “Nsa bɔne biara ntumi nsi adwuma no nkɔsoɔ ho kwan; kwaadubɔ bɛtumi asɔre, ɛdɔm bɛtumi akabɔm, asrafoɔ bɛtumi ahyiamu, akutia bɛtumi asɛe, nanso Nyankopɔn nokorɛ no bɛkɔ so akokoɔduro mu, animuonyam mu, ne fahodie mu, kɔsi sɛ ɛbɛwura asasetam biara mu, afa ɔman biara mu, asra borɔno biara na aso biara bɛte, kɔsi sɛ Nyankopɔn botaeɛ bɛba mu, na Yehowa Ɔkɛseɛ no bɛka sɛ yɛayɛ adwuma no awie.”26 Medi adanseɛ sɛ saa Joseph Smith nkɔmhyɛ no rehyɛ ma.

Mehyɛ bɔ sɛ modi President Russell M. Nelson, n’afutufoɔ, Asomafoɔ Dumienu no, ne Asɔre akandifoɔ nkaeɛ no afotu pa so, na moyɛ aso ma tete adiyifoɔ a wɔkaa yɛn mmerɛ yi ho asɛm no a, wɔde Mmaeɛ bio no honhom ne n’adwuma bɛhyɛ mo akoma ne mo kra mu ma. Mehyɛ mo bɔ sɛ mobɛhunu Onyankopɔn nsa wɔ mo abrabɔmu, ate ne kasa nka, na moate Ne dɔ no nka. Wɔ Yesu Kristo din mu, ne anisɔ ma N’asɛmpa Mmaeɛ bio no ne N’Asɔre, wɔ Ne dɔ a ɛnni nsɛsoɔ no mu, amen

Tintim