Amansan Nhyiamu
Rebue Ɔsoro Agye Mmoa
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Rebue Ɔsoro Agye Mmoa

Momma yɛnfa yɛn gyedie a ɛwɔ Awurade Yesu mu no ntu anammɔn!

Hwɛ ɔsom soronko ne nwanwasoɔ bi a yei ayɔ! Meda mo ase adɔfoɔ Laudy ne Enzo. Moagyinaa hɔ fɛ so maa mmabaawa ne mmeranteɛ a wɔn wɔ Asɔre no mu yie pa ara.

Me nnuammarimma ne nnuammanom adɔfoɔ, yɛate bebree nnɛ afa Asɔre a aba bio no ho—Asɔre no ankasa a yɛn Agyenkwa,Yesu Kristo, teeɛ berɛ a ɔyɛɛ Ne hwɛsofoɔ adwuma wɔ asaase so. Saa deɛ asan aba bio hyɛɛ aseɛ mfeɛ 200 ni wɔ saa spring yi mu berɛ a Onyankopɔn Agya, ne Ne ba Yesu Kristo, yii wɔn ho adi kyerɛɛ aberanteɛ Joseph Smith.

Mfeɛ du akyiri wɔ saa adwenedwenemuhann yikyerɛ yi mu no, wɔfrɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith ne afoforɔ nnum bi sɛ wɔn a wɔka Awurade Asɔre a asan aba bio nhyɛaseɛfoɔ no ho.

Ɛnam saa kuo ketewa no a wɔhyiaa wɔ Oforisuo 6, 1830 mu no so, na amansan nkorabata asɔrefoɔ bɛbro ɔpepem 16 aba. Nnepa a saa asɔre yi wɔ wiase afanan nyina ara sɛ ɛbɛyi adasa berɛ na apagya adasamma no da adi wɔ baabiara. Nanso ne botaeɛ kɛseɛ ne sɛ ɛbɛboa mmarimma, mmaa, ne nkwadaa ama wɔadi Awurade Yesu Kristo akyiri, adi ne mmaransɛm so, na wɔafata ama deɛ ɛyɛ kɛseɛ paa wɔ nhyira—nyina ara mu deɛ ɛyɛ wɔne Onyankopɔn ne wɔn abusua asetena a ɛnniawieɛ.1

Berɛ a yɛrekae dwumadie a wɔde too dwa wɔ afe1820 mu no, ɛhia sɛ yɛkae berɛ a yɛredi Joseph Smith ni sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni no, yei nnyɛ Joseph Smith, anaasɛ Mormon asɔre. Yei yɛ Yesu Kristo asɔre. Ɔno na ɔhyɛɛ pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔfrɛ nasɔre no: “Na saa na wɔbɛfrɛ m’asɔre wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu, mpo Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteefoɔ.”2

Madikan akasa afa hia a ɛhia sɛ yɛtenetene ɔkwan a yɛfaso bɔ asɔre no din.3 Ɛfiri saa berɛ no, bebree na yayɔ ama saa atenatenee yi ayɔ adwuma. Meda Titenani M. Russell Ballard ne Asomafoɔ Dumienu kuo no a wɔayɔ bebree adi saa mmɔdenmmɔ yi ne bebree mpo a ɛfa nhyehyɛɛ foforɔ a mɛda no adi saa anwumerɛ yi no ase.

Asɔre akandifoɔ ne nkorabata ahodoɔ akuokuo, ne asɔremma mpempem—ne afoforɔ—seesei bɔ asɔre no din pɛpɛɛpɛ. Asɔre no ahyɛnsodeɛ a wɔagye ato mu no, wɔasakra mu. Asɔre no ntentan kwantenpɔn titire akyiri kwan no abɛyɛ ChurchofJesusChrist.org. Adrɛsse a wɔde soma email, wɔ intanɛt ne nkitahodie akwanhodoɔ so no nso, wayɛ no foforɔ. Yɛn nwomtokuo a yɛdɔ no no, ɛnɛ yɛfrɛ no Tabernacle choir wɔ “Tɛmpol Square.”

Yɛakɔ anim wɔ saa mmɔdemmɔ soronko yi mu ɛfirisɛ yɛyi Awurade no din firi Asɔre no din mu a Ne yɛahyɛda ayi no asi nkyɛn, sɛ Ɔno a ɔyɛ nea yɛn botaeɛ wɔ yɛn som ne yɛn abrabɔ mu. Brɛ a yɛfa Awurade din to yɛn ho so wɔ asubɔ mu a, yɛhyɛ yɛn ho sɛ yɛbɛdi ne ho adanseɛ, nam yɛn nsusuiɛ ne yɛn nneyɛɛ so, sɛ Yesu ne Kristo no.4

Madikan ahyɛbɔ sɛ, sɛ yɛbɛbɔ mmɔden “paa ara na yɛde din no a ɛsɛ no ato Awurade asɔre no so a,” Ɔbɛ hwie ne tumi ne nhyira agu Awieɛ Mmerɛ Ahoteefoɔ tiri so a yɛnhunu so bi da”.5 Mekanyan saa bɔhyɛ no mu nnɛ.

Sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛakae No na yɛahunu Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Yi Mu Ahoteefoɔ no sɛ yɛda agyinadeɛ bi a ɛbɛgyina hɔ ama Yesu Kristo nnyinasoɔ a ɛwɔ N’asɔre mu.

Ahyɛnsodeɛ no ho yɛ asɔre no din a ɛhyɛ tweasoboɔ mu. Yesu Kristo ne tweasoboɔ titire no.6

Mfoni
Asɛm atwerɛdeɛ ne tweasoboɔ.

Wɔ ahyɛnsodeɛ no mfinimfi no, deɛ ɛgyinahɔ ma Thorvaldsen aboɔ honin Kristus no. Ɛkyerɛ deɛ wasɔre afiri awufoɔ mu, Awurade teasefoɔ a watrɛ ne nsa mu regye wɔn a wɔbɛba ne nkyɛn no awaawaatuu.

Agyinadeɛ mu no, Yesu Kristo gyina kankofa bi ase. Kankofa no kae yɛn owusɔrefoɔ Agyenkwa no a ɔrefiri damena no mu wɔ N’asennuabɔ no akyiri.

Mfoni
Asɔre ahyɛnsodeɛ foforɔ

Ɛsɛ sɛ saa agyinadeɛ yi yɛ bebree atenka dadaa ɛnam sɛ yɛfiri berɛ tenten ahunu nsɛmpa no a asan aba no ne teasefoɔ a wanyane afiri awufoɔ mu Kristo no.

Afei agyiraeɛ no na wɔde bɛyɛ mfonin ama asɔre no akenkan nwoma, kaseɛbɔ ne nnwumadie nyinaa.7 Ɛbɛkae obiara sɛ yei ne Agyenkwa no Asɔre, ɛno nti deɛ yɛyɔ nyina sɛ N’asɔremma no gyina Yesu Kristo ne Ne nsɛmpa no so.

Afei, me nnuanom marimma ne mmaa a medɔ mo, ɔkyena yɛ mmerɛkɛnson Kwasiada, sɛdeɛ Elder Gong akyerɛ mu kama no. Afei yɛwura naawɔtwe soronko no a ɛkɔwie Amanehunu da no mu. Sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi, a yɛte ase wɔ nna a COVID- 19 yaredɔm ama wiase abɔ birikyie yi, momma yɛnnkasa mfa Kristo ho anaasɛ asɛmka anaa yɛmfa nyina hɔ mma agyiraeɛ bi a ɛregyina hɔ ama Kristo kɛkɛ.

Momma yɛnfa yɛn gyedie a ɛwɔ Awurade Yesu mu no ntu anammɔn!

Sɛneɛ monim no, asɔremma di akɔmkyene mmara no so da koro wɔ bosome biara mu.

Akɔnkyene nkyerɛkyerɛrɛkyerɛ firi tete. Twerɛ Kronkron mu akunini de ayɔ adwuma firi ahyɛaseɛ nna no mu. Mose, Dawid, Ezra, Nehemiah, Esther, Yesaiah, Daniel, Joel ne afoforɔ bebree kyenee kɔm kaa akɔmkyene ho nsɛm.8 Wɔ Ysaia ntwerɛeɛ no mu, Awurade no kaa sɛ: “Ɛn nyɛ yei ne abuadadie a mepɛ? sɛ mobɛsanesane ɔbɔnefoɔ apɔ, ahotiri kɔnnua ahoma, ama wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie?”9

Ɔsomafoɔ Paulo tuu Ahoteefoɔ a wɔwɔ Korinto no fo sɛ “montu mo ho nsi hɔ mma akɔmkyene ne mpaebɔ.”10 Agyenkwa no ara paee mu kaasɛ nneɛma bi “ntumi ntu gye ɛnam mpaebɔ ne akɔmkyene so.”11

Mekaa no nansa yi mu wɔ nkitahodie sini bi mu sɛ, “apomuden hwɛfoɔ ne apirehyen yɛfoɔ no, me wɔ anidie kɛse de ma aduyɛfoɔ animdefoɔ, abɔdeɛ nhwehwɛmufoɔ ne afoforɔ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia COVID-19.” mma no ntrɛtrɛ.12

Afei, sɛ Titenani ma Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Ɛdi Akyire Yi Mu Ahoteefoɔ, na meyɛ Yesu Kristo Somafoɔ no, Menim sɛ Onyankopɔn wɔ tumi nyina ara, Ɔte nneɛma nyina ara ase, na ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ teasefoɔ mpo dekɔ nkwagyeɛ mu, ma wɔn a wɔgye ne din die.”13

Eno nti, wɔ mmerɛ a yɛwɔ ahohiahia mmerɛ mu, tesɛ berɛ a yaredɔm atu atese no, deɛ abɔdeɛ hwehwɛ sɛ yɛyɔ paa ara ne sɛ yɛbɛfrɛ yɛn Agya a Ɔwɔ Soro ne ba—ayaresafoɔ wura no—ma wɔkyerɛ wɔn tumi nwanwasoɔ a wɔwɔ sɛ wɔde hyira nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase so.

Wɔ me vidio nkratoɛ mu no, me too nsa frɛɛ obiara sɛ ɔnkaho ma yɛnyɛ akɔmkyene wɔ Kwasiada, Ɔbenem 29, 2020. Ebia mo mu bebree ahunu vidio no ma wɔkaa akɔmkyene no ho. Ebia ebinom nso annyɔ. Seesei, yɛdaso ara hia mmoa afiri ɔsoro.

Eno nti anwummerɛ yi, me nnuammarimma ne nnuamma, wɔ Mosiah mmamarimma honhom mu, wɔn a wɔtuu wɔn ho maa akɔmkyene ne mpaebɔ mu,13 Ɛne deɛ ɛkaho wɔ yɛn Oforisuo 2020 amansan nhyiamu no, Meresan afrɛ amansan akɔmkyene foforɔ bio. Obiara a n’apɔmuden ma ho kwan no, momma yɛn nkyene kɔm, mmɔ mpaeɛ na yɛnka yɛn gyedie mmom. Momma yɛnfa mpaebɔ so nsrɛ ahotɔ mfiri saa wiase yaredɔm yi ho.

Meto nsa frɛ obiara, ne wɔn a wɔnka yɛn som yi ho mpo, sɛ wɔnnyɛ akɔmkyene ne mpaebɔ wɔ Amanehunu Fiada, Oforisuo 10, sɛdeɛ yaredɔm a yɛhunu no seesei yi yɛbɛtumi adi so nkunim, ahwɛsofoɔ bɛnya ahobanbɔ, ɔman sikasɛm bɛnya ahoɔden na asetena asi ne dadaa mu.

Ɔkwan bɛn so na yɛfa de kyene kɔm? Aduane ntoasoɔ mmienu anaasɛ nnɔnhwere 24 yɛ deɛ yɛnim dada. Na wosi gyinaeɛ fa deɛ ɛbɛyɛ afɔrebɔ ama woɔ, berɛ a wokae afɔrebɔ kɛseɛ a Agyenkwa no bɔ maa woɔ. Momma yɛn nka mmom berɛ a yɛreserɛ ayaresa ama wiase nyina ara yi.

Amanehunu Fiada no bɛyɛ ɛda a ɛwie pɛyɛ sɛ yɛbɛnya yɛn Agya a ɔwɔ soro ne Neba ama wɔatie yɛn!

Me nnuammarimma ne me nnuamma a medɔ mo, mekyerɛ ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo ne madansedie a ɛfa kronkronyɛ a ɛwɔ adwuma a ɛsi yɛn anisoɔ no mu. Yei Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma na Yi Mu Ahoteefoɔ. Ɔgyina ne pono no na ɔkyerɛkyerɛ yɛn deɛ ɛsɛsɛ yɛyɔ nyina ara. Menim sɛ ɔbɛtie ne Nkurɔfoɔ abisadeɛ Medi ho adanseɛ wɔ Yesu Kristo din kronkron mu, amen.

Tintim