Amansan Nhyiamu
Ɔdi Yɛn anim
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Ɔdi Yɛn anim Kan

Awurade redi Ne nsɛmpa Mmaeɛ bio ne N’Asɔre no anim. Ɔnim daakye mu yie. Ɔto nsa frɛ wo sɛ yɛ adwuma.

Me nuanom adɔfoɔ mmaa ne mmarima, ɛyɛ me anisɔ sɛ meka mo ho wɔ saa nhyiamu yi mu wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Wɔ saa ɔfrɛ yi mu a yɛbɛdwene kwan a Awurade no Asɔre a wɔasan deama wɔ nna a ɛdi akyire yi mu asi ahyira yɛn ne yɛnadɔfo no a, President Russell M. Nelson hyɛɛ bɔ sɛ yɛn suahunu bɛyɛ ɛnnyɛ deɛ yɛbɛkae nkoaa mmom deɛ yɛn werɛ remmfiri.

Me kae me suahunu, sɛdeɛ megyedi sɛ mokae mo deɛ no. Sɛ yɛn werɛ bɛfiri a na ɛgyina yɛn mu biara so. Ɛno ho hia me ɛfiri sɛ suahunu a ɛwɔ sɛ yɛde siesie yɛn ho ma saa nhyiamu yi asesa me wɔ kwan bi so a mɛpɛ sɛ ɛka hɔ. Ma menkyerɛ mu.

M’ahosiesie no de me kɔɔ twerɛtohɔ bi so wɔ Mmaeɛ bio no mu. Makenkan abasɛm mpɛn bebree, nanso ayɛ me sɛ nhyiamu bi a ɛho hia amanebɔ a ɛfa Joseph Smith, Mmaeɛ bio nkɔmhyɛni no ho. Nanso saa berɛ yi, mahunu wɔ nsɛm no mu sɛdeɛ Awurade no di yɛn anim, ne N’asuafoɔ no, wɔ N’asɔre mu. Mehunuu deɛ ɛkyerɛ ma yɛn sɛ ewiase Agyenkwa no di yɛn anim, Ɔbɔadeɛ no—ɔno a ɔnim nneɛma nyinaa, deɛ atwam, seesei deɛ, ne daakye deɛ. Ɔkyerɛ yɛn nkakra-nkakra na ɔbɔ yɛn ban, a ɔnnhyɛ yɛn.

Nhyiamu a merekyerɛ mu yi na ɛyɛ berɛ a ɛho hia yie wɔ Mmaeɛ bio no mu. Na ɛyɛ Homeda-nhyiamu a ɛkɔɔ so Oforisuo 3,1836 mu, wɔ Kirtland Tɛmpol wɔ Ohio mu, nna nson akyi a wɔbuee ano. Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ saa berɛ kɛseɛ yi mu kwan tiawa so. Ne nkontaa no mu fa kɛseɛ no wɔatwerɛ wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu ɔfa 110:

“Wɔ awia berɛ mu, meboaa atitenafoɔ nkaeɛ no wɔ Awurade Adidi no kyɛ mu maa Asɔre no, a yɛgye firi Dumienu no hɔ, a na wɔn asɛdeɛ saa da yi mu ne sɛ wɔyɛ adwuma wɔ ɛpono kronkron no ho. Medii saa dwumadie yi maa me nuanom akyire no, mesan kɔɔ ɔsɛnkafoɔ adwa no ho, wɔ kommyɛ ne mpaebɔ mu. Yɛsɔre firii mpaebɔ mu akyire no, saa anisoadehunu yi so bue maa yɛn mmienu.”1

“wɔyii nkatanimu no firii y’adwene mu, na yɛn nteaseɛ ani so bueeɛ.

“Yɛhunuu Awurade no sɛ ɔgyina ɔsɛnkafoɔ adwa no nkataboɔ so, wɔ y’anim; na ne nan ase yɛ sikakɔkɔɔ adwinneɛ, na n’ahosuo te sɛ gyasrama.

“N’ani te sɛ gyaframa; ne tiri so nwii yɛ fitaa te sɛ sukyerɛma kann, n’anim hyerɛn senee owia hyerɛn; na ne nne te sɛ nsukɛseɛ a ɛreworo so, mpo Yehowa nne, a ɛreka sɛ:

“Mene deɛ ɔdi kan ne akyire; Mene ɔno a ɔteaseɛ, Me na wɔkumm me no; Mene mo kasamafoɔ wɔ Agya no hɔ.

“Hwɛ, wɔde mo bɔne akyɛ mo; ɛno nti, mo mpagya mo tiri na monni ahurusie.

“Momma mo nuanom akoma nni ahurusie, na momma nnipa nyinaa akoma nni ahurusie, wɔn a, wɔde wɔn ahoɔden asi saa fie yi ama me din.

“Na hwɛ, magye saa fie yi atom; na mɛda me ho adi akyerɛ me nkorɔfoɔ wɔ mmɔborɔhunu mu wɔ saa fie yi mu.

“Aane, mɛyi me ho akyerɛ me nkoa, na mede me ara me nne akasa akyerɛ wɔn, sɛ me nkorɔfoɔ bɛdi me mmaransɛm so, na wɔnngu saa fie yi ho fi a.

“Aane mpempem ne mpem du du akoma bɛdi ahurusie kɛse ɛnam nhyira a wɔbɛhwie agu wɔn so, ne akyɛdeɛ kronkron a me nkoa anya wɔ saa fie yi mu.

“Na saa fie yi animteɛ bɛtrɛ akɔ amanaman nsase so; na yei ne nhyira a wɔbɛhwie agu me nkorɔfoɔ tiri so no mfitiaseɛ. Mpo saa ara. Amen.

“Saa anisoadehunu yi siiɛ akyire no, wɔbuee ɔsoro kyerɛɛ yɛn bio; na Mose puee wɔ y’anim, na ɔde Yesrai anoboaboa firi asase afanan ho nsafoa no hyɛɛ yɛn nsa, ɛne mmusua du no anim die de firi atifi nsase no so.

“Yei akyi, Elia pue baae, na ɔde Abraham nsɛmpa berɛ no maa yɛn, na ɔkaa sɛ wɔ yɛn mu ne yɛn mma mu awoɔ ntoatoasoɔ a wɔdi yɛn akyi nyinaa wɔbɛhyira wɔn.

“Saa anisoadehunu yi siiɛ akyire yi no, anisoadehunu foforɔ a ɛyɛ kɛseɛ ne animuonyam bue maa yɛn; na Elia nkɔmhyɛni no, a wɔfaa no kɔɔ soro a wannhunu owuo, bɛgyinaa yɛn anim, na ɔkaa sɛ:

“Hwɛ, mmerɛ no awie duru, a Malakai de n’ano kaeɛ no—dii adanseɛ sɛ ɔno [Elijah] no wɔbɛsoma no ansa na ɛda kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba—

“Sɛ wɔndane agyanom akoma mma mma, na mma ndane mma agyanom, anyɛ saa a wɔbɛdome asase nyinaa—

“Ɛno nti, wɔde asɛmpa mmerɛ yi mu nsafoa ahyɛ mo nsa; na ɛnam yei so mobɛhunu sɛ Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no abɛn.”2

Afei, makenkane saa asɛm yi mpɛn bebree. Honhom Kronkron no ahyɛ me den sɛ saa nsɛm no yɛ nokorɛ. Nanso berɛ a mesuaaeɛ na mesiesiee me ho ama saa nhyiamu yi no, mebɛhunuu Awurade tumi no mu yie sɛdeɛ ɔdi n’akyidifoɔ anim wɔ N’adwuma mu.

Mfeɛ nson akyi ansa na Mose de Yesrai anoboaboa nsafoa de maa Joseph wɔ Kirtland Tɛmpol mu no, Joseph sua firii Mormon Nwoma no asɛntire mu sɛ ne botaeɛ ne sɛ ‘ɛbɛkyerɛ Yesrai fie nkaeɛ no sɛ wɔbɛhunu Awurade no apam no, sɛ wɔnntwaa wɔn nntwenee afebɔɔ.‘ Wɔ afe 1831 mu, Awurade kakyerɛɛ Joseph sɛ Yesrai anoboaboa no bɛhyɛ aseɛ afiri Kirtland, ‘Na ɛfiri hɔ [Kirtland], na mɛdi wɔn anim.’”3

Mmom na asɛmpatrɛ adwuma no ho hia ma Yesrai anoboaboa no deɛ, nanso Awurade no kyerɛkyerɛɛ Dumienu no, a wɔbɛyɛɛ yɛn tete asɛmpatrɛfoɔ, “Monkae, monnkɔ aman afoforɔ so, kɔsi sɛ mo nsa bɛka akyɛdeɛ kronkron no.”4

Ɛreyɛ ayɛ sɛ na Kirtland Tɛmpol no ho hia yie wɔ Awurade no nkakra-nkakra nhyehyɛeɛ no wɔ botaeɛ mmienu nti: Deɛ ɛdi kan, Mose twɛneeɛ kɔsii berɛ a wɔsii tɛmpol no wieeɛ ma wɔsan de Yesrai anoboaboa nsafoa no maae. Ɛna deɛ ɛtɔ so mmienu, Titenani Joseph Smith kyerɛɛ sɛ ”Awurade no hyɛɛ ahotefoɔ no sɛ wɔnsi tɛmpol [Kirtland Tɛmpol no] wɔ bea a ɔbɛtumi ayi ne tumi nsafoa no akyerɛ na asomafoɔ no nso bɛgye akyɛdeɛ kronkron no na wɔasiesie wɔn ho atwitwa ne bobeturom no mu deɛ ɛtwa toɔ koraa.”5 Mmom tɛmpol ayɛyɛdeɛ a yɛhunu nnɛ yi no wɔannyɛ wɔ Kirtland Tɛmpol no mu, na nkɔmhyɛ mahyɛ nti, wɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ ahoboa wɔ hɔ, a honhom mu yikyerɛ a wɔhwie guu wɔn a wɔfrɛɛ wɔn sɛ asɛmpatrɛfoɔ so no akyɛdeɛ kronkron bɔhyɛ ”tumi firi soro”6 a ɛde wɔn kɔɔ dwabɔ kɛseɛ bi mu ɛnam asɛmpatrɛ som nt

Berɛ a wɔde Yesrai anoboaboa no nsafoa hyɛɛ Joseph nsa akyire yi no, Awurade kanyann Nkɔmhyɛni no sɛ ɔmma Dumienu no mu nkorɔfoɔ nkɔ asɛmpatrɛka. Sɛdeɛ masua no, ɛbaa m,anim pefee sɛ na Awurade asiesie kwan a ɛmu dɔ ama Dumienu no sɛ wɔnkɔ amannɔne baabi a wɔasiesie nnipa a wɔbɛgye wɔn adie na wɔataae wɔn akyi. Berɛ pa mu, mpempem, nam wɔn so bɛba Awurade Asɔre a wɔasan de ama no mu.

Wɔ yɛn twerɛtohɔ mu, wɔsusu sɛ nnipa bɛyɛ 7,500 ne 8,000 na wɔbɔɔ asu saa berɛ no mu wɔ asɛmpatrɛ mmienu a Dumienu no kɔɔ wɔ British Isles hɔ. Yei na ɛtoo fapem maa asɛmpatrɛ adwuma no wɔ Europe. Wɔ afeha 19 no awieɛ no nnipa bɛyɛ 90,000 na na wɔaboa wɔn ho ano wɔ Amerika, a emu dodoɔ no ara firi British Isles ne Scandinavia.7 Awurade kanyann Joseph ne asɛmpatrɛfoɔ nokwafoɔ no a wɔkɔyɛɛ adwuma de nyaa deɛ na anka ɛboro wɔn so no. Nanso Awurade no a, Ɔwɔ nhumu kann ne ahoboa no, maa ɛbaa mu.

Mokae kasa tiawa a nteaseɛ wɔ mu na ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110 mu:

“Hwɛ, mmerɛ no awie duru, a Malakai de n’ano kaeɛ no—dii adanseɛ sɛ ɔno [Elijah] no wɔbɛsoma no ansa na ɛda kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba—

“Sɛ wɔndane agyanom akoma mma mma, na mma ndane mma agyanom, anyɛ saa wɔbɛdome asase nyinaa—

“Ɛno nti, wɔde asɛmpa mmerɛ yi mu nsafoa ahyɛ mo nsa; na ɛnam yei so mobɛhunu sɛ Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no abɛn mpo wɔ moaboboa ano”8

Medi adanseɛ sɛ Awurade hunuu daake mu kɔɔ akyiri ɛne sɛdeɛ Ɔbɛdi yɛn anim ama yɛawie Ne botaeɛ wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu.

Berɛ a na me som wɔ Ahwɛfoɔ Mpanimfoɔ mu mfeɛ pii a atwam no, wɔde me sii nhyehyɛeɛ ne nkɔsoɔ a wɔyɛɛ deɛ seesei wɔfrɛ no Family Search ano sɛ hwɛsofoɔ. Mɛhwɛ yie pa ara sɛ mɛka sɛ me “hwɛɛ” ne yɛ so, sene sɛ mɛka sɛ me “maa ho akwankyerɛ.” Nnipa nimdefoɔ pii gyaee wɔn nnwuma na wɔbɛsii deɛ Awurade no pɛ.

Atitenafoɔ a wɔdi Kan no de botaeɛ bi asi hɔ a wɔde rete ayɛyɛdeɛ koro a wɔyɛ no mpɛn pii no so. Wɔn haw kɛse ne sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ wɔayɛ obi ayɛyɛdeɛ dada. Wɔ mfeɛ pii—anaa deɛ ɛtesɛ mfeɛ pii no— Atitenafoɔ a wɔdi Kan no bisaa me, “Dabɛn na mobɛwie?”

Wɔ mpaebɔ, nsiyɛ, ne nnipa ankorankorɛ ahoɔden ne tuwohoakyɛ mu, dwumadie no wiee yɔ. Ɛbaa nkakra-nkakra. Adwuma a na ɛdi kan yɛ sɛdeɛ yɛbɛyɛ Family Search ayɛ anika ama wɔn a wɔn ani nnye kɔmputa ho. Nsesa bebree baeɛ, na menim sɛ ɛbɛkɔ so aba, na berɛ biara a yɛbɛkɔ so asiesie ɔhaw bi no, yɛbue kwan ma adiyisɛm foforɔ de kɔ y’anim annyɛ bie no deɛ ɛho hia nanso yɛnhunuuiɛ. Mpo ɛnnɛ yi, Family Search rebɛyɛ deɛ Awurade no hia wɔ Ne Mmaeɛ bio no mu fa—na ɛnyɛ sɛ yɛbɛte ayɛyɛdeɛ a yɛyɛ no mpɛn pii no nko ara so.

Awurade ma yɛyɛ nkɔsoɔ de boa nnipa ma wɔnya atenka wɔ abusuabɔ mu na mpo ɔdɔ mu de ma wɔn awufoɔ na wɔawie wɔn tɛmpol ayɛyɛdeɛ. Afei, sɛdeɛ Awurade nim deɛ ɛbɛsie kann no nti, mmabunu reyɛ aboafoɔ ama wɔn awofoɔ ne wɔn asɔremma. Wɔn nyinaa anya anigyeɛ kɛseɛ wɔ ɔsom yi mu.

Elia honhom no resesa mmabunu ne mpanin, nkwadaa ne awofoɔ, mma nana ne nananom akoma. Tɛmpols de anigyeɛ bɛhyehyɛ asubɔ ne ayɛyɛdeɛ kronkron afoforɔ ho akwanya. Ɔpɛ pa a yɛde bɛsom yɛn awufoɔ ne awofoɔ ne nkwadaa ayɔnkofa renyini.

Awurade hunuu sɛ ne nyinaa reba. Ɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ, nkakra-nkakra, sɛdeɛ Wayɛ nsesaeɛ nkaeɛ no wɔ N’Asɔre mu. Watete na wasiesie nnipa nokwafoɔ a wɔfa nneɛma a ɛyɛ den yɛ no yie. Wakɔ so anya aboterɛ wɔ ɔdɔ mu de aboa yɛn ama yɛasua adeɛ afiri “nkyerɛkyerɛ so akɔ nkyerɛkyerɛ so, ɛha kakra na ɛhɔ kakra.”9 Ɔgyina pintinn wɔ ne nsusuiɛ mmerɛ mu, nanso Ɔhwɛ sɛ tuwohoakyɛ de nhyira a yɛnnhunuiɛ bɛba.

Mewie wɔ anisɔ a mewɔ wɔ Awurade no mu—Ɔno a ɔkanyann Titenani Nelson sɛ ɔnto nsa mfrɛ me sɛ mentu me ho nkyɛ nyɛ nsiesie mma saa nhyiamu yi. Dɔnhwere biara ne mpaeɛ biara wɔ berɛ a mereyɛ ahoboa no de nhyira baeɛ.

Meto nsa frɛ wɔn a wɔte saa nkratoɔ yi anaa wɔnkenkan saa nsɛm yi na wɔnya gyedie sɛ Awurade di Ne nsɛmpa a Wɔasan de Ama no ne N’Asɔre anim. Ɔdi yɛn anim kan. Ɔnim daakye mu yie. Ɔto nsa frɛ wo sɛ yɛ adwuma. Ɔka wo ho wɔ mu. Ɔwɔ nhyehyɛeɛ ma wo wɔ wo som no mu. Na mpo woretu wo ho akyɛ no, wobɛnya anigyeɛ berɛ a woreboa afoforɔ asɔre ayɛ krado ama Ne mmaeɛ no.

Medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ Onyankopɔn Agya no tease. Yesu, ne Kristo no. Wei yɛ N’Asɔre Ɔnim na ɔdɔ wo. Ɔma wo akwankyerɛ. Wasiesie ɔkwan no ama wo. Wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Tintim