Amansan Nhyiamu
Hosiana Nteamu
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Hosiana Nteamu

Seesei, me nuanom mmarima ne mmaa pa, berɛ a yɛrekae Joseph Smith Anisoadehunu a Ɛdi kan fa Agya ne Ɔba no ho no, yɛnyaa atenka sɛ ɛbɛfata sɛ yɛbɔmu di ahurisie na yɛyɛ Hosiana Nteamu no.

Wɔdii kan de saa nteamu kronkron yi maae wɔ saa asɛmpa berɛ wei mu, berɛ a na wɔreyi Kirtland Tɛmpol no asi hɔ wɔ Ɔbɛnem 27, 1836 mu no. Seesei wɔde ma wɔ tɛmpol biara a wɔbɛyi asi hɔ mu. Ɛyɛ amanneɛ kronkron ma Agya ne Ɔba no, a ɛgyina hɔ ma nkorɔfokuo nneyɛɛe, berɛ a Agyenkwa no yɛɛ Ne nkonimdie nhyɛnmu kɔɔ Jerusalem no. Ɛsan si so dua bio nso deɛ Joseph hunuui saa da no wɔ Kwaeɛwa Kronkron no mu—a ɛyɛ, sɛ Agya no ne Ɔba no yɛ ateasefoɔ animuonyamhyɛfoɔ mmienu, a yɛsom na yɛkamfo wɔn.

Seesei mɛyɛ akyerɛ sɛdeɛ wɔde Hosiana Nteamu no ma. Mereyɛ no, mesrɛ yɛn ayɔnkofoɔ a wɔn wɔ nkrasɛm kwan so no sɛ wɔmmfa anidie ne obuo nyɛ saa adeɛ kronkron pa ara a wɔrehwɛ yi.

Obiara a ɔreyɛ bi no mfa nsaduku fufuo a ɛnyɛɛ efi, sɔ ahinanan no baako, na him no berɛ a worebɔ mu aka, “Hosiana, Hosiana, Hosiana nka Onyankopɔn ne Adwammaa” no, ti mu mprɛnsa, fa “Amen, Amen, ne Amen” di akyire. Sɛ wonni nsaduku fufuo a, wobɛtumi ahim wo nsa kwa.

Anuanom mmarima ne mmaa, meto nsa frɛ mo seesei sɛ gyina hɔ na yɛ bi wɔ Hosiana Nteamu no mu, ɛtoa so no, “Hosiana Nnwom” ne “Onyankopɔn Honhom No”1 wɔbɛto.

Wɔ nneyɛɛ a ɛfiri ɔkwankyerɛfoɔ no hɔ no, mesrɛ wo ka ho to “Onyankopɔn Honhom No.”

Hosiana, Hosiana, Hosiana nka Onyankopɔn ne Adwammaa no.

Hosiana, Hosiana, Hosiana nka Onyankopɔn ne Adwammaa no.

Hosiana, Hosiana, Hosiana nka Onyankopɔn ne Adwammaa no.

Amen, Amen, ne Amen.

Atwerɛ

  1. Asɔre Nnwom,no. 2.

Tintim