Amansan Nhyiamu
Ɛnyɛ sɛdeɛ Wiase Ma no
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Ɛnyɛ sɛdeɛ Wiase Ma no

Adwinneɛ a yɛhia sɛ yɛbɛma ɛda a ɛhyerɛn na ɛde asetena a nnepa wɔ mu aba no, wɔde ama bebree wɔ Yesu Kristo nsɛmpa no mu.

Ansa na saa Yesu Amanehunu a ɛdi kan no, berɛ a na Yesu de Awurade adidi ayɛyɛdeɛ foforɔ no ama Dumienu no, ɔhyɛɛ ne nkradie kasa fɛɛfɛ no ase na ɔde n’ani kyerɛɛ Gethsemane, yima ne asennuabɔ. Mmom, ɔhunuu deɛ na ɛha saa mmarima no a na mpo ehu pa ara na saa mmarima yi mu bi ada no adie no, Yesu kaa yei kyerɛɛ wɔn (ne yɛn):

“Momma mo akoma ntutu: ” Ɔkaae, mogye Onyankopɔn di, monnye me nso nni.

“Merennya mo awerɛhoɔ mu: Mɛba mo nkyɛn.

“Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo: ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma, na mede mema mo. Momma mo akoma ntutu, nso mommma mo mmɔ hu.”1

Mmerɛ a ɛmu yɛ den ba wɔ saa honam wiase yi mu, a agyidifoɔ nso ka ho, nanso Kristo abotɔyam asɛm ne sɛ, Ɔno adwammaa no bɛkɔ sɛ odwanten watɔ [ne] ho nwitwitwafoɔ anim,”2 na afei wasɔre abɛyɛ, sɛdeɛ dwontoni no kaaeɛ no, “yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, [yɛn] boafoɔ pa a ɔwɔ yɛn nkyɛn wɔ [mmerɛ a] yɛwɔ ɔhaw mu.”3

Worehunu sɛ nnɔnhwere a ɛnam yɛ den korɔ a ɛda hɔ retwɛn Kristo berɛ a na ɔrekeka kɔ asɛnnua no ho, na N’asuafoɔ no sɛdeɛ anka wɔde Ne nsɛmpa no bɛkɔ wiase ansana wasan aba bio no, afei ɛne mo nkɔ nkratoɔ bi a ɛne no sɛ a wɔde ama wɔn a wɔwɔ Agyenkwa no asɔre no mu wɔ nna a ɛdi akyire yi mu. Ɛwɔ nkyekyɛmu bebree wɔ Mormon Nwoma no mu a wɔde asi hɔ ama akodie baako anaa afoforɔ bi, firi Laman ne Lemuel nom abufuo suban a ɛnni awieɛ dekɔsi ako a ɛtwa toɔ a na asraafoɔ mpempem no ɛka ho no. Nnyinasoɔ pefee baako a ɛma wɔsi saa ako yi so dua ne sɛ, ɛnam sɛ wɔtwerɛɛ Mormon Nwoma no de maa nna a ɛdi akyire yi atiefoɔ no nti, saa atwerɛfoɔ yi (wɔn nyinaa wɔ ɔko mu suahunu kɛseɛ) no nti, wɔnam nkɔmhyɛ so bɔ yɛn kɔkɔ sɛ akakabensɛm ne ntawantawa bɛyɛ nsanseɛ ama awieɛ mmerɛ yi mu asetena.

Nokorɛ, m’asɛm a ɛfa awieɛ mmerɛ yi mu aperedie no nyɛ deɛ ɛfiri ahyɛaseɛ pɛɛ. Ɛrekɔ mfeɛ 2,000 a atwam no, Agyenkwa no bɔɔ kɔkɔ sɛ, wɔ awieɛ mmerɛ mu no, mobɛte “ɔko ne akosɛm,”4 akyire yi ɔkaa sɛ “asomdwoeɛ no [wɔ] bɛfa afiri asase so.”5 Agyenkwa no, Asomdwoeɛ Hene no, a ɔkyerɛkyerɛɛ sii so dua sɛ aperedie firi ɔbonsam no,6 ɛsɛ sɛ ɔka Ne Soro Agya ho su fa wɔn a wɔwɔ adasamma abusua mu a “wɔnni tema” na wɔntumi nsusu sɛdeɛ wɔbɛtumi atena wɔ ɔdɔ mu no.7

Anuanom mmarimma ne mmaa, yɛhunu ntɔkwa, abufuo ne deɛ ɛnyɛ anibue bebree a atwa yɛn ho ahyia. Tiri a ɛyɛ ne sɛ, nnɛ yi mu awoɔ ntoatoasoɔ no nyaa Wiase Ko a ɛtɔ so Mmiɛnsa, anaa yɛakɔ wiase nyinaa sikasɛm mu ahokyerɛ te sɛdeɛ ɛsii wɔ 1929 Ahoyera Kɛseɛ mu no. Nanso, yɛrehunu Wiase ko a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔ ɔkwan foforɔ bi so, ɛnyɛ ɔko sɛ yɛbɛbubu yɛn atamfoɔ, mmom Onyankopɔn mma anoboaboa ama wɔanya ahummɔborɔ bebree, sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ho wɔn ho yiedie, na wɔaboa asa ewiase a atwa yɛn ho ahyia no pirakuro. Asetena mu Ɔsɛeɛ Kɛseɛ a yɛwɔ mu ɛnyɛ dɔla ne sɛnt koraa na mmom, bebree no ara wɔ gyedie, anidasoɔ ne ɔdɔ mapa a ayera mu; n anso adwinneɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma asetena a nnepa wom no, wɔde ama mmorosoɔ wɔ Yesu Kristo asɛmpa no mu. Nanso adwinneɛ a yɛhia sɛ yɛbɛma ɛda a ɛhyerɛn na ɛde asetena a nnepa wɔ mu aba no, wɔde ama bebree wɔ Yesu Kristo nsɛmpa no mu. Yɛntumi nhwɛ— wiase no yɛntumi nhwɛ—yɛn nkoguo ma ɛmfa saa asɛmpa adwene ne denhyɛ yi sɛ ɛnyɛ adwuma yie.

Saa nti, wɔ wiase a “asorɔkye rebɔ no, na ɛni awerɛkyekyerɛ yi mu,” sɛdeɛ Yehowa kaasɛ ɛbɛyɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya deɛ ɔfrɛɛ no sɛ “Asomdwoeɛ … apam no”? Yɛhunu no wɔ berɛ a yɛadane ahwɛ Ɔno a ɔkaa sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ na ɔnam ayamyɛ a ɛnniawieɛ so “bɛma yɛn mma asomdwoeɛ” no.8 Ɛmfa ho ne nkɔmhyɛ a ɛyɛ hu ne twerɛnsɛm a ɛma akomatuo a ɛka sɛ wɔbɛyi asomdwoeɛ afiri asase yi so nyinaa mu no, yɛn ankasa dɔfo Russell M. Nelson akyerɛkyerɛ sɛ, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ wɔfa firi yɛn nkyɛn sɛ ankorankorɛ!9 Ɛno nti, saa Yesu Amanehunu yi mu, momma yɛ mmɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asomdwoeɛ abɛn fie ne yɛn ankasaakoma mu, adom ne ayaresa aduro a ɛwɔ Awurade Yesu Kristo Mpata mu no wɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no so. Tiri a ɛyɛ na ɛyɛ nwanwa koraa mpo ne saa, abotɔyam nku a wɔde ama yɛna wɔannye yɛn sika, “na ne boɔ nni ano no.”10

Saa mmoa ne anidasoɔ yi ho hia pa,ara ɛfiri sɛ wɔ saa ɛnnɛ wiase afanan nyinaa asafo mu no dodoɔ no na wɔrepere wɔ haw bebree mu—honam anaa, adwene mu, asetena mu anaa sikasɛm mu, anaa ɔhaw ahodoɔ bebree mu. Nanso yɛn ho nyɛ den bebree sɛ yɛn ara bɛtumi atoto wɔ yɛn mu, ɛfiri sɛ asomdwoeɛ a yɛhia no nyɛ “ deɛ ewiase ma no bi. ”11 Daabi, sɛ yɛbɛyɛ saa a yɛhia deɛ twerɛnsɛm no frɛ no “ɔsoro tumi no,”12nanso sɛ yɛbɛtumi anya saa tumi yi a ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra a twerɛnsɛm no frɛ no “tenenee nnyinasoɔ.”12 Afei, sɛ yɛrete saa nsawɔsoɔ fa nnyinasoɔ ne tumi deɛ dikan adesua a onipa mma mmusua asɛdeɛ wɔrentumi nsua, sei na Ɔsoro Nyankopɔn no seɛ!13

Na deɛn ne saa nnyinasoɔ no? Ɛyɛ, wɔahyehyɛ asisi so dua wɔ yɛn nwoma kronkron no mu, wɔkyerɛkyerɛ san kyerɛkyerɛ wɔ nhyiamu a ɛte sɛ yei mu, na wɔ yɛn mmerɛ yi mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ nkɔmhyɛni Joseph Smith wɔ mmuaeɛ ma onoara ne kasamu mu no “O me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn na W’apae me?”14 IWɔ awɔ ne daberɛ bɔne mu wɔ Liberty Deduafie no, wɔkyerɛkyerɛɛ no saa teneneeyɛ nnyinasoɔ no a na nnepa bi te sɛ, aboterɛ, abodwokyɛre, ɔdwoɔ, ne ɔdɔ kann ka ho.15 Saa nnyinasoɔ no nni hɔ a, ɛda adi pefee sɛ yɛbɛtena wɔ ntɔkwa, ne ɔtan mu.

Ne saa nti, Menkasa nokorɛ mu berɛ sima mfa yera a tenenee nnyinasoɔ yi binom ayera wɔ yɛn mmerɛ yi mu. Sɛdeɛ mmara kyerɛ no, meyɛ obi a sereɛ wɔ manim, manim te yɛ dɔ a mewɔ ayamyɛ, na yɛwɔ bebree wɔ hɔ a na ɛyɛ fɛ wɔ yɛn wiase mu. Nokorɛ, wɔ mfeha aduonu baako berɛ yi abakɔsɛm mu yɛanya honam mu nhyira sen berɛ biara, nanso amammerɛ titire mu wɔ Asɔre no mu, yɛhunu asetena bebree a akɔ ɔhaw mu, a deɛ ɛfiri mu ba yɛ apamsɛeɛ ne akoma sɛeɛ bebree. Hwɛ kasa fii a ɛne adwamanmmɔ nam, a wɔn nyina ara a ɛkɔso wɔ sini ne teasefonin so, anaa mpo hwɛ nna mu nhyɛ ateetee ne wu nnoɔma mu a yɛkenkan ho nsɛm nansa yi mu. Wɔ apamhyɛ ahonidie nsɛm mu no, wɔtaa bu deɛ ɛfiri ɔsoro no animtia na deɛ ɛyɛ kronkron no nso wɔtoto no ase. Wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ ma wɔnante anaasɛ wɔkasa anaasɛ wɔda suban wɔ saa akwan yi bi so no—“sɛdeɛ ewiase de ma no,” sɔdeɛ mɛka no no—nhwehwɛ sɛ ɛde wɔn bɛkɔ asomdwoeɛ mu; mehyɛ wo bɔ wɔ Awurade din mu sɛ ɛrenfa wɔn nkɔ “Na atirimuɔden nnyɛ anigyeɛ da,,”16 tete nkɔmhyɛni bi na ɔkaaeɛ berɛ bi. Sɛ asa ba awieɛ a, ɛsɛ sɛ, berɛbiara wɔtua drobɛnbɔfoɔ no ka na mpɛn bebree mu no ɛtaa wɔnisuo ne nnuhuu sika mu.17

Anaasɛ yɛhunu asiesie anaa animtiabuo wɔ akwan ahodoɔ bebree so. Hwɛ ahwɛyie pa ara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Awurade Yesu akyidifoɔ sɛ yɛnna suban a ɛtesɛ yeinom bi adi. Ɔkwan biara so ɛnsɛ sɛ yɛdi fɔ wɔ nhyɛsoɔ a ɛntene so anaa yɛsisi obi wɔ ɔkwan biara so anaa suban bɔne nhyɛsoɔ—nyɛ honam mu, adwene mu, asɔre mu anaa deɛ ɛtete saa. Mekae berɛ bi a Titenani Gordon B. Hinckley ahokeka kyerɛɛ berɛbi a ɔkasa firii simpie so kyerɛɛ mmarima a wɔwɔ Asɔre no mu refa wɔn a wayɛ atirimuɔdenfoɔ wɔ wɔn ara wɔn afie mu”:18

“Hwɛ awerɛhosɛm ne atantanneɛ abasɛm a ɛyɛ sɛ wɔyɛ ɔyere ayayadeɛ,” . “Ɔbarima biara a ɔwɔ Asɔre yi mu a ɔsisi ne yere, ɔbu no abomfeaa, ɔdidi no atɛm, deɛ ɔhyɛ no so a ɛmfa tenenee kwan soɔ no mfata sɛ ɔkura asɔfodie tumi no. [Ɔ] mfata sɛ ɔkura tɛmpol nkamfoɔ krataa.”20 Hwɛ awerɛhosɛm, ɔkaeɛ, faa aniɛyaadeɛ a wɔde di mmofra anaa aniɛyaadeɛ sɛso biara.20

Wɔ akwan bebree so no, mmarimma, mmaa mpo mmɔfra bɛtumi adi ho fɔ sɛ wɔrekasa kwanbɔne anaa ɔsɛeɛ kwan so, akyerɛ wɔn anka wɔnam ayɛyɛdeɛ kronkron so asɔ wɔn ho ano wɔ Awurade tɛmpol mu. Obiara wɔ ho kwan sɛ ɔnya ɔdɔ, ɔnya asomdwoeɛ na ɔnya ahobanbɔ wɔ efie. Mesrɛ sɛ momm tenabea hɔ nna dinn. Bɔhyɛ a ɛwɔ sɛ woyɛ asomdwoeɛ farebae ne sɛ wobɛnya Sunsum Kronkron ama wabɛyɛ wo berɛbiara mu yɔnkoɔ na nhyira bɛtene aba wo hɔ “a ɛremfiri ɔhyɛ so” kɔsi daa awieɛ.21 Obiara rentumi mfa tɛkyerɛma a ano yɛ nam anaa nsɛm a ɛnfata na ɔnsane nso “nto ɔdɔ a ɔdi maa mo no ho dwom.”22

Mame nwie mfiri faako a mehyɛɛ aseɛ no. Ɔkyena yɛ Yesu Amanehunu da, ɛberɛ a ma tenenee nnyinasoɔ “ ɛwɔ Yesu Kristo nsɛmpa no ne” Ne Mpata sɛ ɛde yɛn bɛtwam wɔ ntɔkwa ne aparedie ho, awerɛhoɔ ne abasamtuo, na deɛ ɛso pa ara no ɛfa owuo so. Ɛberɛ aso sɛ yɛhyɛ bɔ sɛ yɛbɛdi nokorɛ turodoo ama Onyankopɔn adwammaa no, a “Ɔ[soaa] yɛn ayayadeɛ, na ɔfaa yɛn awerɛhoɔ,” nanso”23 Ɔno deɛ wammue n’ano antia saa wɔ N’ahotosoɔ mu sɛ ɔbɛwie nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ama yɛn.

Oyima ne ɔyea mu, ayakayakadeɛ ne aniɛyaa, ne adasamma bɔne a akabom nyinaa mu no, teasefoɔ Nyankopɔn babarima no hwɛɛ fam wɔ asetena yi mu kwan tenten no so, hunuu yɛn kaa sɛ: “Asomdwoeɛ na mede me gya mo, m’asomdwoeɛ na mede ma mo, ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Momma mo akoma ntutu, nso mommma mo mmɔ hu.”24 Mema mo Amanehunu mu nhyira, anigyeɛ ne asomdwoeɛ. Deɛ ɛbɛsi biara a wɔnkaeɛ no, Asomdwoeɛhene no atua ho ka dada, Ɔno a mede m’akoma nyinaa dɔ no, ne Ɔno a n’asɔre nie, na medi Ne ho adanseɛ, wɔ Ne mpo, Awurade Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim