Amansan Nhyiamu
Deɛ Yɛresua na Yɛn Werɛ Remfiri Da
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Deɛ Yɛresua na Yɛn Werɛ Remfiri Da

Sɛ wode mpaeɔ hwɛ w’abrabɔ a, megyedi sɛ wobɛhunu akwan bebree so a Awurade no abɔ wo ho ban wɔ saa ahokyerɛ berɛ yi mu.

Me nuanom mmarima adɔfoɔ, mahwɛ animu wɔ me ne mo nhyiamu a ɛho hia pa ara yi mu. Berɛ a ɛtwa toɔ a yɛhyiaa mu sɛ asɔfodie som wɔ amansan nhyiamu mu yɛ Oforisuo 2019 mu. Pii na asi wɔ mfeɛ mmienu a atwam no! Mo mu binom ahwere adɔfoɔ. Ebinom ahwere nnwuma, ahodeɛ, anaa apɔmuden. Ɛda so ara afoforɔ ahwere asomdwoeɛ anaa daakye anidasoɔ. M’akoma kɔ ma mo mu biara a wahunu amane anaa wahwere ade foforɔ. Mebɔ mpaeɛ ntoatoasoɔ sɛ Awurade no nkyekyere mo werɛ. Berɛ a mokɔ so ma Onyankopɔn di mo abrabɔ so no, menim sɛ Ɔyɛ nokwafoɔ a Ɔdwene daakye ho te sɛ deɛ Ɔyɛ no dada no.

Wɔ deɛ yɛahwere suahunu mu no, nneɛma bi nso wɔ hɔ a yɛanya. Ebinom anya gyedie a ɛmu dɔ wɔ Ɔsoro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo mu. Bebree anya ɔbra mu nhunumu foforɔ—mpo nhunumu a ɛniawieɛ. Ebia wo ne w’adɔfoɔ ne Awurade anya yɔnkofa a ɛmu yɛ den. Mewɔ anidasoɔ sɛ woanya tumi ntomu a wode bɛtie No na woanya wo ankasa yikyerɛ. Nsɔhwɛ a ɛmu yɛ den taa de akwanya a wode bɛnyini a anka ɛntumi mfa kwan foforɔ biara so mma.

Bu nkɔmpɔ hwɛ w’akyi wɔ mfeɛ mmienu a atwam no ho. Woanyini aduru sɛn? Deɛn na woasua? Mfitiaseɛ no wonyaae a anka wosane w’akyi kɔtenaa 2019 hɔ! Nanso wode mpaeɔ hwɛ w’abrabɔ a, wobɛhunu akwan bebree so a Awurade no abɔ wo ho ban wɔ saa ahokyerɛ berɛ yi mu, aboa wo ama w’ahofama ayɛ kɛse, onipa a woasakyera kɛse—Onyankopɔn nipa nokwafoɔ.

Menim sɛ Awurade no wɔ nhyehyɛeɛ nwanwasoɔ kɛseɛ ma yɛn—ankorankorɛ ne mmoano mu. Wɔ ahummɔborɔ ne aboterɛ mu, Ɔse:

“Moyɛ mmɔfra nketewa, na monnya nhunuu nhyira kɛseɛ a Agya no wɔ ma mo;

“Na montumi adeɛ nyinaa seesei; nanso, momma moani nye, mɛdi mo kan”1

Menuanom mmarima pa, medi adanseɛ sɛ Wayɛ, na ɔyɛ, nokorɛmu ɔredi yɛn anim, berɛ a yɛhwehwɛ tie No no, Ɔpɛ sɛ yɛnyini na yɛsua adeɛ, mpo wɔ—ebia ne titire mu no wɔ—amanehunu mu.

Amanehunu yɛ ɔkyerɛkyerɛni kɛseɛ. Deɛn na wo asua no wɔ mfeɛ mmienu a atwam no mu a wopɛ sɛ wokae? Wo mmuaeɛ bɛyɛ soronko ama wo, nanso ma me nsusu adesua nan a megyedi sɛ yɛn nyinaa asua a yɛn werɛ remfiri da.

Adesua 1: Efie yɛ Gyedie ne Ɛsom nnyinasoɔ.

Mpɛn pii sɛ Awurade bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nna a ɛtwa toɔ no haw ho a, Ɔde saa afotuo yi ka ho: “Mo nyina kronkronmmea, na ma mo nhinhim”2 Saa “kronkronmmea” yi, nokorɛ mu Awurade tɛmpol ne hyiadan ka ho. Nanso sɛ yɛn ahoɔden a yɛde boa yɛn ho ano wɔ saa mmeaeɛ yi a wɔasi ho kwan wɔ mpɛnpɛnsoɔ bi mu yi, yɛasua sɛ beaeɛ kronkron baako a ɛwɔ asase so ne efie—aane, mpo wo fie.

Anuanom, mo kuta Onyankopɔn asɔfodie no. “Asɔfodie no ho tumi akwanya bata ɔsoro tumi no ho a worentumi ntete mu, .”3 Wo ne w’abusua agye asɔfodie ayɛyɛdeɛ. Ɛyɛ “[asɔfodie no] ayɛyɛdeɛ no mu , na onyamesu tumi no da adie.”4 Tumi no wɔ wo ne w’abusuafoɔ hɔ wɔ wo ankasa fie berɛ a wodi apam a woayɛ no so.5

Mfeɛ 185 pɛ a atwam kɔ, saa da yi ara, Oforisuol 3, 1836, Elijah san de asɔfodie nsafoa no maeɛ a ɛma yɛn mmusua sɔ wɔn ho ano bom afebɔɔ. Ɛno nti na atenka no yɛɛ kama kama berɛ a na yɛfa adidi kronkron wɔ efie no. Sɛn na w’abusuafoɔ hunuu wo—wɔn papa, nana, okunu, ɔbabarima anaa onuabarima—a wodi saa ayɛyɛdeɛ kronkron yi ho dwuma? Ɛdeɛn na wobɛyɛ ama saa atenka kronkron yi aka w’abusua mu?

Ebia wo wɔ atenka sɛ dodoɔ no na ɛwɔ sɛ woyɛ ma wo fie yɛ gyedie kronkronbea nokorɛmu. Sɛ ɛte saa a, mesrɛ sɛ yɛ! Sɛ woyɛ ɔwarefoɔ a, ɛne wo yere nnwene mmɔ mu sɛ apamfoɔ koro wɔ saa adwuma sononko yi mu. Dwumadie kakra bi na ɛho hia sene yei. Saa berɛ yi ne berɛ a Awurade bɛba bio no ntam no, yɛn nyinaa hia sɛ yɛn afie mu bɛyɛ ahohyɛsoɔ ne banbɔ mmeaeɛ.6

Suban ne nneyɛɛ a ɛto nsa frɛ Honhom ma wo fie yɛ kronkron no bɛdɔɔso. Ampa ara nokorɛ ne sɛ kronkronyɛ no bɛyera sɛ biribi wɔ wo suban anaa deɛ atwa wo ho ahyia mu a ɛtia Honhom Kronkron no a, ɛhɔ na “ɔsoro bɛtwe wɔn ho.”7

W’adwene ho pɛn, deɛ nti a Awurade no pɛ sɛ yɛn afie mu yɛ asɛmpa no suabea ne asɛmpa no yɔbea no? Ɛnyɛ sɛ ɛsiesie yɛn kwa ma, na ɛboa yɛn ma yɛfa nsanyareɛ mu. Seesei mmoano a wɔabra no bɛtwa ara. Mmom, w’ahofama a ɛbɛyɛ wo fie ade titiriw a ɛbɛyɛ gyedie kronkronbea no ɛnsɛ sɛ ɛtoɔ twa da. Sɛdeɛ gyedie ne kronkronyɛ so ate wɔ wiase a ahwease yi mu no, wo adehia ma kronkron mmeaeɛ bɛdɔɔso. Mehyɛ mo nkuran sɛ monkɔ so nyɛ mo fie kronkronbea nokorɛ mu “na mo ntwe mo ho8 mfiri saa botaeɛ a ɛho hia yi ho.

Adesua 2: Yɛhia Yɛn ho Yɛn ho

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ adwuma bɔ mu na yɛboa yɛn ho yɛn ho. Ɛno nti na Ɔde yɛn baa asase so sɛ mmusua na ɔhyehyɛɛ yɛn kɔɔ wɔɔd ne mpɛɛwa mu. Ɛno nti na Ɔse yɛn sɛ yɛnsom na yɛnsom yɛ ho yɛn ho no. Ɛno nti na Ɔse yɛn sɛ yɛntena wiase mu mmom mfiri wiase mu.9 Yɛbɛtumi ayɛ dodo abɔ mu asene deɛ ankorankorɛ bɛtumi ayɛ.10 Onyankopɔn anigyeɛ nhyehyɛeɛ no bɛtumi ayɛ basaa sɛ Ne mma twe wɔn ho firi wɔn ho wɔn ho a.

Seesei nsanyareɛ no ayɛ soronko ɛsiane sɛ aha obiara wɔ asase yi so ne titire no wɔ berɛ korɔ no ara mu. Berɛ a ebinom ahunu amane asene afoforɔ no, ayɛ ɔhaw ama yɛn nyinaa kwan bi so. Yei nti, yɛn nsɔhwɛ a ɛyɛ adekorɔ wɔ nnepa a ɛbɛboa Onyankopɔn mma ma wɔaka abɔ mu asene deɛ asi pen biara. Enti, mebisa sɛ, saa nsɔhwɛ a yɛn nyinaa akyɛ yi atwe mo abɛn mo afipamfoɔ—yɛn nuanom mmarima ne mmaa a wɔte yɛn borɔno so ne wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia wiase mu?

Wɔ yei mu, mmaransɛm akɛseɛ mmienu no bɛtumi akyerɛ yɛn kwan: deɛ ɛdi kan, sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na, deɛ ɛtɔ so mmienu, yɛbɛdɔ yɛn yɔnko.11 Yɛkyerɛ yɛn dɔ berɛ a yɛresom.

Sɛ wonim obi a ɔyɛ ankonam a, trɛ w’ahyeɛ mu—mpo sɛ wo nso yɛ ankonam! Wonhia botae bi anaa nkransɛm bi anaa dwumadie bi di. Ka hɛllo kɛkɛ na kyerɛ wo dɔ. Mfididwuma nimdeɛ bɛtumi aboa wo. Sɛ nsanyareɛ wɔ hɔ anaa ɛnni hɔ, Onyankopɔn ba biara a ɔsom bo hia sɛ ɔhunu sɛ ɔnyɛ ankonam!

Adesua 3: Wo Asɔfodie Kuo No Kyerɛ ma Dodoɔ Kyɛn sɛ Wohyia mu Nko ara.

Nsanyareɛ berɛ mu no, wɔtwaa Kwasiada akuo nhyiamu mu kakra. Ɛrekame ayɛ sɛ akuo no bi tumi hyia mu seesei. Mmom, adwuma no a Awurade de ama asɔfodie akuo no ɛnyɛ nhyiamudie nko ara. Nhyiamu yɛ ɔfa ketewa bi wɔ deɛ ekuo bi kyerɛ ne deɛ ɛtumi yɛ.

Menuanom Aaron Asɔfodiefoɔ ne mpanimfoɔ akuo, montrɛ mo nhumu mu wɔ deɛ nti a yɛwɔ akuo. Sɛdeɛ Awurade bɛpɛ sɛ anka mode mo kuo bɛwie N’adwuma—seesei yi ara? Hwehwɛ adiyie firi Awurade hɔ. Brɛ wo ho ase! Bisa! Tie! Sɛ wɔafrɛ mo sɛ akannifoɔ a, monwene mmɔ mu sɛ atitenafoɔ na mone ekuo mma nso. Sɛdeɛ w’asɔfodie diberɛ anaa ɔfrɛ teɛ no, ma Onyankopɔn nni w’ahofama so sɛ wo kuo ba ne wo som mu. Nya anigyeɛ teneneeyɛ mu suahunu a wode bɛba awieɛ berɛ “wode ahosɛpɛ yɛ adwuma pa.”12 Akuo gyina beaeɛ soronko a ɛma Israel mmoano wɔ nkatanim afa mmienu no kɔ ntɛm so.

Adesua 4: Yɛtie Yesu Kristo Yie Berɛ a Yɛayɛ Komm

Yɛte berɛ a wɔahyɛ ho nkɔm atwam dada, berɛ a “nneɛma nyinaa bɛyɛ basabasa; na nokorɛ mu, nnipa nyinaa akoma bɛdi wɔn hwammɔ; ɛfiri sɛ osuro bɛba nnipa nyinaa so.”13 Na ɛyɛ nokorɛ ansa na nsanyareɛ no reba, na ɛbɛyɛ nokorɛ akyire yi. Wiase mu basabasa bɛkɔ so adɔɔso. Abirabɔ mu no, Awurade nne nyɛ “ ɛnne kɛseɛ bi a ɛyɛ dede, mmom [ɛyɛ] ɛnne nketewa a ɛda bɔkɔɔ a ɛwie pɛyɛ,[te sɛ] asomsɛm na [ɛwura] kɔ mpo ɔkra no ankasa mu.”14 Sɛ ɛbɛyɛ a wobɛte ɛnne nketewa yi no, wo nso ɛwɔ sɛ woyɛ komm!

Berɛ bi ni, nsanyareɛ no atwa nnwumadie a anka ɛbɛfa yɛn abrabɔ mu. Ɛrenkyɛ yɛbɛtumi afa wiase dede ne basabasa no ahyɛ berɛ no mu bio. Anaa yɛbɛtumi de yɛn berɛ atie Awurade no nne a ɛreka N’asomsɛm akwankyerɛ, awerɛkyekyerɛ, ne asomdwoeɛ. Kommyɛ berɛ yɛ berɛ kronkron—berɛ a ɛbɛboa mo ankasa adiyie na ɛde asomdwoeɛ aba.

Hyɛ wo ho so na nya berɛ ma wo nko ara ho ne w’adɔfoɔ. Bue w’akoma mu wɔ mpaebɔ mu ma Onyankopɔn. Nya berɛ dɔ sukɔ wɔ twerɛnsɛm no mu na som wɔ tɛmpol mu.

Me nuanom mmarima, nneɛma pii wɔ hɔ a Awurade no pɛ sɛ yɛsua firi nsanyareɛ berɛ yi suahunu mu. Mabobɔ nan pɛ so. Meto nsa frɛ wo sɛ yɛ wo ankasa wo nnidisoɔ, dwene ho yie, na ɛne wɔn a wodɔ wɔn no nkyɛ.

Daakye mu yɛ hann ma Onyankopɔn mma a wɔyɛ apam-kora nkorɔfoɔ.16 Awurade no bɛkɔ so afrɛ N’asomfoɔ a wɔde ahoteɛ kuta asɔfodie no ma wɔahyira, akyekyere werɛ, na wɔahyɛ adasamma den ma wɔasiesie wiase ne ne nkorɔfoɔ ama Ne Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no. Ɛyɛ yɛn mu biara ahyɛdeɛ sɛ yɛma yɛn ho so wɔ ayɛyɛdeɛ kronkron a yɛn nsa aka no mu. Yɛbɛtumi ayɛ yei! Medi adanseɛ, wɔ ɔdɔ a mewɔ ma mo anuanom biara, wɔ Yesu Kristo din kronkron no mu, amen.

Tintim