Amansan Nhyiamu
Asɔre Akontabuo Asoɛeɛ Amannebɔ, 2020
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Asɔre Akontabuo Asoɛeɛ Amannebɔ, 2020

Ɔde ma Atitenafoɔ a Wɔdi Kan wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no

Anuanom Adɔfoɔ: Ɛnam adiyisɛm akwankyerɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ ɔfa 120 wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam mu no, Nnipakuo a wɔhwɛ Ntotosoɔ du Nhyehyɛeɛ so—a wɔne Atitenafoɔ a Wɔdi Kan, Asomafoɔ Dumienu Kuo no, ne Ahwɛfoɔ Hwɛsofoɔ no—na wɔma akwanya wɔ Asɔre no sikayisɛm ho. Asɔre no akuo ahodoɔ de sika di dwuma sɛdeɛ wɔn akontabuo mpenesoɔ, nhyehyɛeɛ, ne akwan pa a wɔfa so teɛ.

Asɔre Akontabuo a, ɛkura animdefoɔ a wɔagye wɔn ato mu, na ɛyɛ ɔhokwafoɔ wɔ Asɔre no asoɛeɛ afoforɔ ne akuo nyinaa mu, ɔwɔ asodie sɛ ɔyɛ nhwehwɛmu ma botaeɛ sɛdeɛ wɔbɛma ahotɔsoɔ a nyansa wɔ mu fa ntoboa a wɔnyaae, deɛ wɔyiiɛ, ne Asɔre agyapadeɛ ho banbɔ ho.

Ɛgyina akonta a akɔ so nti, Asɔre Akontabufoɔ wɔ nsusuiɛ bi sɛ, wɔ dwumadie anodie nyinaa mu no, ntoboa ahodoɔ a wɔnyaae, sika a wɔyi tuaa aka, ne Asɔre no agyapadeɛ wɔ afe 2020 mu no, wɔatwerɛ ato hɔ na wɔde asom sɛdeɛ Asɔre no mpenesoɔ wɔ akontabuo mu, nhyehyɛeɛ ne sikasɛm ntotoeɛ teɛ. Asɔre no di nhyehyɛeɛ a ɔkyerɛkyerɛ n’asafomma so, ɛne sɛ wɔnni mmoro deɛ wɔnya so, wɔkwati ɛka, na wɔsie bi ma da hia da.

Wɔde ama wɔ anidie mu,

Asɔre Akontabuo Asoɛeɛ

Jared B. Larson

Adwuma Hwɛsofoɔ

Tintim