Amansan Nhyiamu
Yɛn Awerɛhoɔ Bɛdane Anigyeɛ
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Yɛn Awerɛhoɔ Bɛdane Anigyeɛ

Meto nsa frɛ wɔn a wɔwɔ awerɛhoɔ nka nyinaa, wɔn a wɔdwene deɛ ɛbɛsi yɛn wuo akyi nyinaa, sɛ momfa mo gyedie nhyɛ Kristo mu.

Mfeɛ bebree bi a atwam, berɛ a na merekɔ nhyiamu ahodoɔ wɔ Salt Lake City, yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Russell M. Nelson kyeaa me. Sɛdeɛ ne dɔ teɛ no ara kwan so, ɔbisaa sɛ, “Mark, wo maame ho te sɛn?“

Meka kyerɛɛ no sɛ saa nnawɔtwe no ahyɛaseɛ no na mewɔ ne nkyɛn wɔ ne fie wɔ New Zealand, ɔrenyini nanso na ne gyedie so a na ɛyɛ nkuranhyɛ ma wɔn a wɔnim no nyinaa.

Afei ɔkaa sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ no sɛ medɔ no na ka kyerɛ no sɛ merehwɛ kwan sɛ mɛhunu no bio.”

Ɛyɛɛ me ahodwiri ma mebisaa sɛ, “Woahyehyɛ sɛ ɛrenkyɛ wobɛkɔ New Zealand anaa?“

Ɔde tema akomapa buaa sɛ, “Oo daabi, mɛhunu no wɔ wiase foforɔ no mu.”

Na ade hunu biara nni ne mmuaeɛ no mu. Ɛyɛ asɛm nokorɛ a ɔkaa no ne kwan so kann. Asɛm a ɔkaa no kɛkɛ kyerɛɛ me nko ara wɔ saa berɛ tiawa yi mu, maa menyaa adansedie a ɛwie pɛ yɛ atenka firii nkɔmhyɛni a ɔte ase hɔ sɛ abrabɔ ntoasoɔ wɔ owuo akyi.

Saa nnawɔtwe awieɛ nhyiamu yi, wobɛte sɛ asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔte ase di adanseɛ fa Yesu Kristo Wusɔreɛ ho. “Yɛn som yi nnyinasosɛm fapem yɛ Asomafoɔ ne Nkɔmhyɛfoɔ adansedie a ɛfa Yesu Kristo ho, sɛ Ɔwuui, wɔsiee no, na ɔsɔree bio ne nnansa soɔ[;] nneɛma a aka a ɛfa yɛn som yi ho nyinaa yɛ [saa nokorɛ yi] mmataho.”1 Mehyɛ bɔ sɛ, sɛ wotie no nokorɛ mu a, Honhom no bɛsi so dua wɔ w’adwene mu ne w’akoma mu sɛ saa adansedie yinom yɛ nokorɛ.2

Yesu tete Asomafoɔ no sesaa afebɔɔ berɛ a Ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Ne wuo akyiri no. Wɔn mu du de wɔn ankasa aniwa hunuu sɛ wɔanyane No. Thomas, a na ɔnni hɔ mfitiaseɛ no, kaa sɛ, “Sɛ manhunu a, merennye menni.”3 Akyire yi Yesu tuu Tɔmase fo sɛ: “Nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di.”4 Afei Awurade kyerɛkyerɛɛ gyedie dwumadie titire: “Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ na wɔgye die.“5

Awurade a wanyane no maa N’Asomafoɔ ahyɛdeɛ sɛ wɔnni Ne ho adanseɛ. Sɛdeɛ yɛn Asomafoɔ ateasefoɔ yɛ no ɛnnɛ yi, wɔgyaa wiase nnwuma wɔ akyire na wɔde wɔn nna a aka nyinaa paee mu kaa no akokoɔduro so sɛ Onyankopɔn anyane saa Yesu yi. Wɔn adansedie a tumi wɔ mu no maa mpempem gye too mu sɛ wɔbɛbɔ asu.6

Nkrasɛm a ɛyɛ ahomeka a ɛyɛ Yesu Wusɔreɛ anɔpa no, ho hia yie ma Kristosom nyinaa. Yesu Kristo asɔre afiri owuo mu, na ɛnam wei nti, yɛn nso bɛtena ase bio wɔ yɛn wuo akyi. Saa nimdeɛ yi ma yɛn abrabɔ anidasoɔ ne botaeɛ. Sɛ yɛkɔ so wɔ gyedie mu a, yɛbɛsesa afebɔɔ, te sɛ tete Asomafoɔ no. Yɛbɛtumi agyina amanehunu biara ano wɔ Yesu Kristo mu gyedie mu, te sɛ wɔn. Saa gyedie yi nso ma yɛn anidasoɔ wɔ berɛ a yɛn ”awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.”7

Me ankasa me gyedie nyaa ne mfitiaseɛ wɔ awerɛhoɔ berɛ bi akyi.

Na me papa ne me maame yɛne nnwan wɔ New Zealand.8 Wɔnyaa anigyeɛ wɔ wɔn asetena mu. Wɔwareeɛ a na ɛnkyɛree no, wɔnyaa mmaayewa baasa. Na wɔfrɛ wɔn mu kumaa koraa no Ann. Da koro bi a na wɔn nyinaa wɔ ahomegyeɛ mu wɔ tadeɛ bi ho no, Ann a na wadi abosome dunson no firii wɔn nkyɛn. Wɔhwehwɛɛ no anibere so sima bi akyiri no, wɔhunuu sɛ wawu da nsuo no mu.

Saa ɛhudeɛ yi de awerɛhoɔ a wontumu nka baeɛ. M’agya twerɛɛ no mfeɛ bi akyi sɛ anigyeɛ no bi firii wɔn abrabɔ mu afebɔɔ. Ɛsan maa wɔhwehwɛɛ mmuaeɛ ma abrabɔ mu nsɛmmisa a ɛho hia pa ara: ”Deɛn na ɛbɛto yɛn Ann a ɔsom boɔ yi? Yɛbɛsan ahunu no bio da anaa? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn abusua anya anigyeɛ bio?

Saa atoyerɛnkyɛm yi akyi mfeɛ kakra, asɛmpatrɛfoɔ nkumaa baanu a wɔfiri Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu baa yɛn afuom hɔ. Wɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ nokorɛ a ɛwɔ Mormon Nwoma no ne Twerɛ Kronkron mu. Saa nokorɛ yinom bi ne awerɛhyem sɛ seesei Ann wɔ honhom wiase. Ɛnam Yesu Kristo Wusɔreɛ no nti, wɔbɛnyane ɔno nso. Wɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, wɔasan de Yesu Kristo Asɔre no aba asase so bio, ɛne nkɔmhyɛni a ɔte ase ne Asomafoɔ. Na wɔmaa yɛn nkyerɛkyerɛ nwanwasoɔ a ɛda nso, sɛ wɔbɛtumi afa asɔfodie tumi a Yesu Kristo de maa Ne Somafoɔ panin Petro no ara so aka abusuafoɔ abɔ mu afebɔɔ.9

Me maame hunuu nokorɛ amonom hɔ ara na ɔnyaa Honhom no ho adanseɛ. Me papa deɛ, annye annie ne honhom no frɛ dii ne mu aperepereɛ afe baako. Afei nso, na ɔnni ɔpɛ sɛ ɔbɛsesa afiri ne suban ho. Anɔpa bi a n’anadwo no wantumi anna, na ɔredi akɔneaba no, ɔkɔɔ me maame nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mammɔ asu ɛnnɛ a, memmɔ bio.“

Me maame kaa deɛ ɛsiiɛ no kyerɛɛ asɛmpatrɛfoɔ no, na ntɛm ara wɔhunuu sɛ me papa gyedie hinhim, na sɛ wɔasɔ no ɛhɔ ara a, ɛbɛdum koraa.

Saa anɔpa no ara yɛn abusua no tuu kwan kɔɔ mpoano a ɛbɛn. Yɛn mmɔfra no deɛ na yɛnnim deɛ ɛrekɔ so, enti yɛdidii wɔ anwea sie no so berɛ a Ɛldafoɔ Boyd Green ne Gary Sheffield de yɛn awofoɔ kɔɔ ɛpo no mu kɔbɔɔ wɔn asu. Sɛdeɛ ɛbɛkyerɛ sɛ ne gyedie kɔ anim no, me Papa de ne ho maa Awurade wɔ kokoam sɛ, deɛ ɛbɛsi biara ɔbɛdi nokorɛ wɔ ne nkwa nna nyinaa ama bɔhyɛ a na ɔreyɛ no.

Afe baako akyi, wɔtuu tɛmpol hyɛɛ Onyankopɔn nsa wɔ Hamilton, New Zealand. Ɛno akyi, ankyɛre biara na yɛn abusua no, ne obi a ɔregyina ama Ann, buu nkotodwe hyiaa afɔremukyea no ho wɔ saa Awurade fie kronkron no mu. Ɛhɔ na ɛnam asɔfodie tumi so, wɔkaa yɛn bɔɔ mu sɛ daapem abusua wɔ ayɛyɛ tiawa a ɛyɛ ahomeka mu. Wei de asomdwoe ne anigyeɛ kɛseɛ baeɛ.

Mfeɛ bebree akyi, me Papa ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ ɛnyɛ Ann wuo no a, anka wammerɛ ne ho ase annye asɛmpa a asan aba no da. Nanso Awurade Honhom maa anidasoɔ sɛ deɛ asɛmpatrɛfoɔ no kyerɛkyerɛeɛ no yɛ nokorɛ. M’awofoɔ gyedie kɔɔ so nyinii kɔsii sɛ adansedie atenka hyɛɛ wɔn mu biara ma, a ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ mu ɛyɛɛ akwankyerɛ maa wɔn wɔ abrabɔ mu gyinaeɛ biara a wɔsiiɛ.

Mɛda ase berɛbiara wɔ nhwɛsoɔ a m’awofoɔ yɛ maa daakye awoɔntoatoasoɔ ho. Wontumi nsusu nnipa dodoɔ a wɔsesaa afebɔɔ esiane gyedie a wɔdaa no adi wɔ awerɛhoɔ a ɛmu dɔ saa mu.

Meto nsa frɛ obiara a ɔte awerɛhoɔ nka, obiara a ɔne annye annie repere so, obiara a ɔdwene deɛ ɛbɛsi yɛn wuo akyi, sɛ ɔmfa ne gyedie nhyɛ Kristo mu. Mehyɛ bɔ sɛ sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛgye adi a, ɛnneɛ yɛ no gyedie mu na di Honhom no nne bɔkɔɔ no so, wobɛnya anigyeɛ wɔ abrabɔ yi ne wiase a ɛbɛba no mu.

M’ani bɛgye wɔ da a mɛhyia me nuabaa Ann. Ɛbɛyɛ me dɛ sɛ ne me papa a ɔwuui boro mfeɛ 30 a atwam no bɛsan aka abom. Medi adanseɛ wɔ ɛdɛ a yɛbɛnya wɔ gyedie abrabɔ mu, yɛregye adi wɔ berɛ a yɛnhunuiɛ, nanso yɛnam Honhom Kronkron no tumi so nim sɛ Yesu Kristo te ase. Mefiri m’akoma ne me kra nyinaa mu, yi sɛ mɛdi Yesu Kristo ne N’asɛmpa a asan aba akyi. Yei hyira m’abrabɔ fa baabiara. Menim sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no, yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Asɔre no Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 49.

  2. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2.

  3. Yohane 20:25. “Yɛtaa te wɔ wiase kasa mu sɛ, ‘deɛ yɛhunu na yɛgye die.’ Wɔnam ɛbɛ sononko so kyerɛ Awurade akwan mu yie: ‘deɛ yɛhunu na yɛgye die.’ Gyedie wɔ Awurade mu yɛ ne nnyinasoɔ, ɛnyɛ n‘awieeɛ” (Lance B. Wickman, “But If Not,” Laehona, Obubuo 2002, 31).

  4. Yohane 20:27.

  5. Yohane 20:29; nsisoɔ ka ho.

  6. Hwɛ Asomafoɔ 2.

  7. Yohane 16:20.

  8. Kenneth Molony Palmer ne Jill Garlick Palmer.

  9. Hwɛ Mateo 16:19.

Tintim