Amansan Nhyiamu
Mmɔfra Mmɔborɔwafoɔ
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Mmɔfra Mmɔborɔwafoɔ

Yɛhia obiara wɔ wɔɔd anaa nkorabata biara mu—wɔn a wɔatintim ne wɔn a wɔreko. Obiara ho hia.

Meyɛ abarimaa no, mekae sɛ me ne me papa te kaa mu a na mehunu ankorankorɛ a wɔakɔ tebea a ɛyɛ den mu anaa wɔhia mmoa, wɔ nkwankyɛn. Berɛ biara na me papa ka asɛm “Pobrecito,” a asekyerɛ ne “abɔfra a mmɔborɔwani.”

Ɛyɛ a, na mehwɛ sɛdeɛ me papa bɛboa saa nkorɔfoɔ yi mu dodoɔ no ara yie pa ara, nkanka ne berɛ a yɛbɛtu kwan akɔ Mɛsiko akɔhwɛ me nananom. Na ɔtaa hwehwɛ obi a ɔhia mmoa na ɔkɔ wɔn nkyɛn kokoam kɔma wɔn mmoa a wɔhia. Akyire yi na mehunuu sɛ na ɔreboa wɔn ma wɔakɔ sukuu, tɔ nnuane ma binom, anaasɛ wɔ ɔkwan bi anaa ɔfoforɔ so no, ɔhwɛ wɔn yiedie. Na ɔresom “abɔfra mmɔborɔwani” bi a ɔbɛtwaree n‘akwan mu. Nokorɛ mu, merenyini no, menkae sɛ berɛ bi duruiɛ a na yɛnni obi a ɔne yɛn teɛ a na ɔhia baabi a ɔbɛtena kɔsi sɛ wɔbɛde wɔn ho. Merehwɛ saa suahunu yinom no duaa ahummɔborɔ honhom wɔ me mu maa me nuanom mmarima ne mmaa, ɛne wɔn a wɔhia mmoa.

Ɛka wɔ Ka Me Nsɛmpa mu sɛ: “Nkorɔfoɔ atwa wo ho ahyia. Wopa wɔn ho wɔ mmɔntene so, sra wɔn wɔ wɔn afie mu, na wofra wɔn mu tu kwan. Wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn mma, mo nuanom mmarimaa ne mmaa. … Saa nkorɔfoɔ yi mu dodoɔ no ara rehwehwɛ botaeɛ wɔ abrabɔ mu. Deɛ ɛha wɔn yɛ wɔn daakye ne wɔn abusua” (Ka Me Nsɛmpa: Asɛmpatrɛ Som Akwankyerɛ [2018], 1).

Mfeɛ dodoɔ a masom wɔ Asɔre no mu no, mabɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ wɔn a wɔhia mmoa wɔ wɔn abrabɔ mu akyiri kwan, honam ne honhom fa mu nyinaa. Ɛwɔ hɔ a mete me papa nne no a ɛreka sɛ, “Pobrecito,” abɔfra mmɔborɔwani.

Yɛhunu nhwɛsoɔ nwanwasoɔ a ɛfa tema ma abɔfra a ɔnnim hwee bi wɔ Twerɛ Kronkron mu:

“Na Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie dɔnhwere a wɔbɔ mpaeɛ no, a ɛyɛ dɔnhwere a ɛtɔ so nkron.

“Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano, sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ.

“Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ.

“Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no haa kaa sɛ, Hwɛ yɛn.

“Na ɔhwɛɛ wɔn komm, susuu sɛ ɔrebɛnya wɔn hɔ biribi.

“Na Petro kaa sɛ, Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi; na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, sɔre na nante.

“Na ɔsɔɔ ne nsa nifa, na ɔmaa no so: na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den” (Asomafoɔ No Nwuma 3:1-7; nsisodua ka ho).

Merekenkan saa amanebɔ yi no, deɛ ɛmaa m‘ani gyeeɛ ne asɛm nhwɛhaa. Asɛm nhwɛhaa asekyerɛ ne sɛ obi de n‘ani anaa n‘adwene bɛsi, anaasɛ de n‘adwene nyinaa bɛhwɛ (hwɛ “kyekyere,” Dictionary.com). Berɛ a Petro hwɛɛ saa ɔbarima yi no, ɔhunuu no sononko kyɛn afoforɔ. Ɔhwɛ traa nanteɛ a ɔntumi nnante ne ne mmerɛyɛ, na ɔtumi hunuu sɛ ne gyedie so sɛ ɛbɛtumi ama no ayaresa na wahyɛne asɔrefie no mu akɔgye nhyira a na ɔrehwehwɛ no.

Mehunuu sɛ ɔsɔɔ ne nsa nifa na ɔmaa no so. Berɛ a ɔboaa ɔbarima no wɔ saa kwan yi so no, Awurade saa no yareɛ anwanwasoɔ mu, na “ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den” (Asomafoɔ No Nwuma 3:7). Ne dɔ ma saa ɔbarima yi, ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa no maa ahoɔden ne tumi a ɛwɔ ɔbarima a na wayɛ mmerɛ no mu no yɛɛ kɛse.

Berɛ a na meresom sɛ Mpɔtamu Aduɔson Kuo mu ni no, meyii Benada anadwo biara sii hɔ sɛ me ne stake titenafoɔ a na wɔwɔ me mpɔtamu hɔ no de bɛkɔ ɛsom nsrahwɛ. Memaa wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ a yɛde bɛhyia wɔn a na wɔhia Yesu Kristo asɛmpa no ayɛyɛdeɛ bi anaa wɔn a na wɔnkora apam ahodoɔ a na wɔayɛ no. Yɛnam boapayɔ yei so kɔɔ so ara someeɛ no, Awurade hyɛɛ yɛn mmɔdemmɔ no animuonyam na yɛtumi hunuu ankorankorɛ ne mmusua a na wɔhia mmoa Weinom ne “mmɔfra a wɔnnim hwee” a na wɔwɔ stake ahodoɔ mu wɔ baabi a yɛsomeeɛ no.

Berɛ bi, mekaa Titenani Bill Whitworth a na ɔyɛ Sandy Canyon View Stake titenani ho sɛ yɛreyɛ nsrahwɛ som. Ɔbɔɔ mpaeɛ faa deɛ na ɛwɔ sɛ yɛkɔsra no ho, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛnya atenka a Nifae nyaeɛ no bo, deɛ “Honhom no ne no kɔeɛ, a na ɔnni kan nnim nneɛma na ɛwɔ sɛ [ɔ]yɛ” (1 Nifae 4:6). Ɔkyerɛɛ sɛ sɛ yɛresom a, ɛwɔ sɛ yɛma oyikyerɛ de yɛn kɔ wɔn a wɔhia mmoa pa ara no hɔ, kyɛn sɛ yɛredi edin a yɛatwerɛ bi so kɛkɛ anaa yɛresra ankorankorɛ wɔ nhyehyɛeɛ kwan bi a ɛda hɔ dada so. Ɛwɔ sɛ nkanyan tumi di yɛn anim.

Mekae sɛ yɛkɔɔ awarefoɔ nkumaa bi fie, Jeff ne Heather, ne wɔn ba abarimaa ketewa, Kai. Jeff renyini no na ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ Asɔre no mu. Na ɔnim mmirika tu yie, a na ɔwɔ anidasoɔ daakye. Ɔhyɛɛ aseɛ yera firii Asɔre no ho wɔ ne mmerante berɛ mu. Akyire yi, ɔkɔnyaa kaa akwanhyia, a ɛsesaa n‘abrabɔ kwan. Berɛ a yɛwuraa wɔn fie hɔ na yɛhunuu yɛn ho no, Jeff bisaa yɛn deɛ enti a yɛbɛhwɛɛ n‘abusua no. Yɛyii ano sɛ, asɔremma bɛyɛ 3,000 na na wɔtete stake no mu. Afei mebisaa no sɛ, “Jeff, afie ahodoɔ a na anka yɛbɛtumi akɔ mu nsrahwɛ no nyinaa akyi, kyerɛ yɛn deɛ enti a Awurade asoma yɛn wɔ ha.”

Mekaa saa no, Jeff nyaa atenka na ɔhyɛɛ aseɛ ne yɛn kyɛɛ ne haw ne nneɛma a na abusua no rekɔ mu no bi. Yɛhyɛɛ aseɛ kyɛɛ Yesu Kristo asɛmpa no nnyinasoɔ ahodoɔ no bi. Yɛtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma pɔtee kakra bi a ahyɛaseɛ no ɛbɛyɛ te sɛ ɛyɛ den, nanso awieeɛ no ɛbɛbrɛ wɔn anigyeɛ ne ɔdɛ kɛseɛ. Afei Titenani Whitworth maa Jeff asɔfodie nhyira a ɛbɛboa no ma wadi ne haw no so. Jeff ne Heather penee so sɛ wɔbɛyɛ deɛ yɛkaa sɛ wɔnyɛ no.

Bɛyɛ sɛ afe baako akyi, menyaa hokwan hwɛɛ bi sɛ Jeff bɔɔ ne yere Heather asu, wabɛyɛ Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ ba Seesei wɔresiesie wɔn ho akɔ tɛmpol ma wɔasɔ wɔn abusua no ano ama berɛ ne mmerɛsantene nyinaa. Yɛn nsrahwɛ no sesaa wɔn abrabɔ kwan wɔ honam ne honhom nyinaa mu.

Awurade aka:

“Ɛno nti, yɛ ɔnokwafoɔ; gyina dibea a mayi ama wo no mu; boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, ma nsa a ɛsensɛn fam so, na hyɛ nkotodwe a agoɔ den” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 81:5).

“Na sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, wobɛyɛ papa kɛseɛ pa ara ama wo mfɛfoɔ, na wobɛpagya deɛ ɔyɛ w‘Awurade no animuonyam” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 81:4).

Anuanom mmarima ne mmaa, Ɔsomafoɔ Paulo kyerɛkyerɛɛ nyinasosɛm bi wɔ yɛn som mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ “Kristo nipadua no, ne n‘akwaa titire” (1 Korintofoɔ 12:27) na nipadua no akwaa biara ho hia sɛdeɛ ɛbɛhwɛ sɛ nipadua no nyinaa ahyɛ den. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ nokorɛ mu tumi bi a ɛwuraa m‘akoma mu kɔɔ akyiri berɛ a mekenkaneeɛ. Ɔkaa sɛ, “Na mmom nipadua no ho akwaa, a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛ koraa no, ɛno na ɛho hia: na nipadua no ho adeɛ, a ɛyɛ yɛn sɛ ɛnni anidie koraa no, ɛno na yɛhyehyɛ di no ni bebree” (1 Korintofoɔ 12:22-23; nsisoɔ ka ho).

Ɛno nti, yɛhia obiara wɔ wɔɔd anaa nkorabata biara mu—wɔn a ebia wɔatintim ne wɔn a wɔreko. Obiara ho hia yie ma “Kristo nipadua” no nyinaa denhyɛ. Mpɛn pii ɛyɛ a medwene ho sɛ hwan na yɛnhunu no wɔ yɛn nhyiamu ahodoɔ mu, a ɛbɛhyɛ yɛn den na ama yɛayɛ mua.

Elder D. Todd Christofferson kyerɛkyerɛɛ sɛ: “Ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ kronkron nko ara na yɛsua wɔ Asɔre no mu, yɛsan nya ne nyɔeɛ suahunu. Sɛ Kristo nipadua no, Asɔre no mma som wɔn ho wɔn ho wɔ daa daa tebea mu. Yɛn mu biara nyɛ korɔgyee. Wɔ Kristo nipadua mu no, ɛwɔ sɛ yɛkɔ tra nsusuiɛ ne nsɛm a ɛkamfo na yɛde yɛn ho ankasa hyɛ mu nya suahunu berɛ a yɛsua sɛ ‘yɛtena bom wɔ ɔdɔ mu’ [Nkyerɛkyerɛ ne Apam 42:45]” (“Adɛn nti na Asɔre no,” Laehona, Obubuo 2015, 108-9).

Mfoni
Brigham Young daeɛ so

Wɔ afe 1894 mu, Brigham Young soo daeɛ bi a ɔhunuu Nkɔmhyɛni Joseph Smith, sɛ ɔreka nnwan ne mmirekyie kuo kɛseɛ bi so. Na saa mmoa yi mu bi yɛ akɛseɛ a wɔn ho yɛ fɛ; na ebi nso yɛ nketewa a wɔn ho yɛ ɛfi. Brigham Young kae sɛ ɔhwɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith ani nkosua mu na ɔkaa sɛ, “Joseph, wowɔ nnwankuo kɛseɛ nwanwasoɔ a mahunu wɔ m‘abrabɔ mu; ɛdeɛn na wode wɔn bɛyɛ?” Nkɔmhyɛni no, a na ayɛ sɛ saa nnwan yi asoɔden nha no no, yii ano tiawa sɛ, “[Brigham,] wɔn nyinaa yɛ papa wɔ baabi a wɔwɔ.”

Berɛ a Titenani Young nyaneeɛ no, ɔtee aseɛ sɛ berɛ a Asɔre no bɛboaboa “nnwan ne mmirekyie” ahodoɔ ano no, ɛyɛ n‘asɛdeɛ sɛ ɔde wɔn nyinaa ba mu na ɔma wɔn mu biara hunu deɛ wɔbɛtumi ayɛ nyinaa berɛ a wɔfa wɔn dibea wɔ Asɔre no mu. (Wɔtwe firii Ronald W. Walker, “Brigham Young: Student of the Prophet,” Ensign, Ɔgyefoɔ 1998, 56-57.)

Anuanom mmarima ne mmaa, hyɛɛ aseɛ berɛ a na meredwene obi a ɔmfaa ne ho nhyɛɛ Yesu Kristo Asɔre no mu saa berɛ yi ho. Mɛpɛ sɛ me ne wɔn mu biara bɛkasa berɛ tiawa mu. Ɛlda Neil A. Maxwell akyerɛkyerɛ sɛ, “saa ankorankorɛ no taa tena bɛn—nanso wɔmfa wɔn ho nyinaa nhyɛ—Asɔre no mu. Wɔremma asɔredan no mu, nanso wɔremfiri nabrannaa so. Yeinom ne wɔn a wɔhia, na Asɔre no hia wɔn, nanso wɔn na, ɛkwan bi so, ’wɔte wiase na wɔnni Onyankopɔn’ [Mosaya 27:3]” (“Why Not Now?, ” Ensign, Obubuo 1974, 12).

Mɛsan ati yɛn Titenani dɔfoɔ Russell M. Nelson frɛ, berɛ a ɛdi kan a ɔkasa kyerɛɛ Asɔre mma no mu bio. Ɔkaa sɛ: “Afei, meka kyerɛ Asɔreba biara sɛ, nante apam kwan no so. Ahofama a wode bɛdi Agyenkwa no akyi berɛ a wo ne No yɛ apam na wodi saa apam no so, bɛbue pono ama honhom mu nhyira biara, ne akwanya a ɛwɔ hɔ ma mmarima, mmaa, ne mmɔfra a wɔwɔ baabiara.”

Ɔsrɛɛe nso sɛ: “Afei, sɛ woafiri kwan no so a, mede anidasoɔ a ɛwɔ m’akoma mu nyinaa srɛ wo sɛ san bra. Sɛdeɛ wo kɔdanna ne wo haw teɛ biara, bea bi wɔ hɔ ma wo wɔ mu, Awurade Asɔre. Wo ne awoɔntoatoasoɔ a wɔnwoo wɔn mpo bɛnya nhyira afiri wo nneyɛɛ mu seesei ara sɛ san fa apam kwan no so” (“As We Go Forward Together,” anaa Laehona, Oforisuo. 2018, 7; nsisoɔ ka ho).

Medi Ne ho danseɛ, mpo Yesu Kristo, Owura Somfoɔ ne yɛn nyinaa Agyenkwa no. Meto nsa frɛ yɛn mu biara sɛ ɔnhwehwɛ “pobrecitos,” “mmɔfra mmɔborɔwafoɔ” a wɔwɔ yɛn mu a wɔhia mmoa. Yei ne m’anidasoɔ ne me mpaebɔ wɔ Yesu Kristo din mu, amen,

Tintim