Amansan Nhyiamu
Hyira wɔ Ne Din mu
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Hyira wɔ Ne Din mu

Botaeɛ nti a yɛgye asɔfodie no ne sɛ yɛbɛnya akwanya de ahyira nnipa ama Awurade, wɔ Ne din mu.2

Me nuanom adɔfoɔ, ayɔnkofoɔ asomfoɔ wɔ Onyankopɔn asɔfodie mu, ɛyɛ animuoyamhyɛ ma me sɛ me ne mo rekasa anadwo yi. Me wɔ obuo ne anisɔ ma mo pa ara. Sɛ me ne mo kasa na mete mo gyedie kɛseɛ no nka a, me gyedi sɛ asɔfodie tumi no reyɛ kɛseɛ wɔ wiase yi mu na ɛmu akuo no renya ahoɔden daa na asɔfodiekurafoɔ no reyɛ nokwafoɔ ankasa.

Wɔ berɛ kumaa bi a me ne mo wɔ anadwo yi no, mɛkasa akyerɛ mo a mopɛsɛ mode mo asɔfodie no yɛ adwuma yie wɔ mo ankasa mo som mu. Wo nim asodie no sɛ ɛwɔ sɛ wode wo frɛ no yɛ adwuma sɛ wobɛsom.1 Nanso ebia ɛbɛyɛ mo nwanwa sɛdeɛ saa ɔfrɛ yi mo bɛyɛ no kɛse kyerɛ ma mo.

Mɛhyɛ aseɛ afiri dikɔnfoɔ a wɔyɛ foforɔ koraa no so ɛfiri sɛ wɔn pa ara na wɔn adwene nsi pi wɔ nteaseɛ mu sɛ wɔde wɔn asɔfodie bɛsom. Wɔn a wɔahyɛ wɔn elder afoforɔ no bɛpɛ sɛ wɔbɛtie. Na ɔhwɛfoɔ bi a ɔwɔ ne nnawɔtwe a ɛdi kan som mu nso ani bɛgye ho.

Ɛyɛ adesua ma me sɛ mɛhwɛ m’akyi wɔ me berɛ a na meyɛ dikɔn no. Menyaae a anka obi kakyerɛɛ me deɛ merebɛka no seesei yi. Anka atumi aboa me wɔ m’asɔfodie adwuma a manya nyinaa mu–--mpo deɛ manya no ɛnnɛ berɛ yi mu.

Wɔhyɛɛ me dikɔn wɔ nkorabata ketewa bi mu a na me nko ara na meyɛ dikɔn na menua Ted nso nko ara ne tikyani wɔ hɔ. Na yɛn nko ara ne abusua a ɛwɔ nkorabata no mu. Na asɔre no nyinaa hyia wɔ yɛn fie. Asɔfodie kannifoɔ ma me ne menua no yɛ ɔhonufoɔ foforɔbi a afei na ɔno ankasa anya asɔfodie no. Me gye dii sɛ m’asɔfodie asɛdeɛ ara ne sɛ mɛkyɛ adidi kronkron no wɔ me ankasa dan asa so.

Berɛ a m’abusua tu baa Utah no, mehunuu me ho wɔ wɔɔd kɛseɛ a dikɔnfoɔ pii wɔ mu. Wɔ m’adidi kronkron nhyiamu a ɛdikan hɔ no, mehunuu sɛ dikɔnfoɔ no de pɛpɛyɛ na ɛnante kyekyɛ adidi kronkron no te sɛ deɛ wɔahyɛda atete wɔn.

Kwasiada a na ɛtoa so no mekɔɔ asɔre hɔ ntɛm sɛ ɛbɛyɛ me ko ara sɛdeɛ obiara rentumi nhunu me. Mekae sɛ na ɛyɛ Yalecrest Ward a ɛwɔ Salt Lake City, na ɛwɔ statio mfonyin bi wɔ aseɛ. Me kɔɔ statue no akyi na mebɔɔ mpaeɛ akomapa mu sɛdeɛ mɛnya mmoa ahunu sɛ merenfom berɛ a mefaa m’agyinaeɛ wɔ adidi kronkron no kyɛ mu. Menyaa saa mpaebɔ no ho mmuaeɛ.

Mmom seesei mahunu sɛ kwan pa wɔ hɔ a yɛdebɔ mpaeɛ na yɛdwene wɔ berɛ a yɛrenyini wɔ asɔfodie som mu. Ɛbaa me nteaseɛ mu deɛ enti a wɔde asɔfodie no ma ankorɛankorɛ. Botaeɛ nti a wɔde asɔfodie no ma ne sɛ yɛbɛnya akwanya de ahyira nnipa ama Awurade, wɔ Ne din mu.2

Meyɛɛ dikɔnni mfeɛ pii akyi ansa na meresua sɛdeɛ ɛkyerɛ sɛ wɔde di dwuma. Nhwɛsoɔ, sɛ ɔsɔfo panyin yi no, wɔsomaa me kɔsraa adidi kronkron nhyiamu wɔ ahwɛbeaɛ bi. Wɔkaa sɛ menkyɛ adidi kronkron no. Sɛ mɛdwene kwan a mɛfa so anaa mɛyɛ no pɛpɛɛpɛ berɛ a merekyɛ adidi kronkron no, mmom mehwɛɛ mpanyinfoɔ yi mu biara anim. Mehunuu sɛ wɔn mu pii resu. Maame baako sɔɔ me nsa, hwɛɛ soro, na ɔkaa sɛ, “Oh, meda wo ase, meda wo ase.”

Awurade no ahyira me som, a wɔde ama wɔ Ne din mu. Saa da no na mabɔ mpaeɛ sɛ anwanwadeɛ bɛsi, ɛnyɛ sɛdeɛ mɛtumi ayɛ m’afa mu deɛ. Mebɔɔ mpaeɛ sɛ ɛnam me dɔ som no so nnipa no bɛte Awurade dɔ no nka. Masua sɛ wei ne ɔsom safoa na yɛahyira afoforɔ wɔ Ne din mu.

Metee suahunu bi nnansa yi a ɛkaee me fa saa ɔdɔ yi ho. Berɛ a wɔtwee Asɔre nhyiamu nyinaa saneeɛ ɛnam COVID-19 nsanyadeɛ nti, ɔbarima bi wɔ ɔsom dwumadie mu gyee asodie firii mpanimfoɔkuo titenani hɔ sɛ ɔbɛsom ahyira adidi kronkron no so ama onuabaa bi a ɔsom no. Berɛ a ɔfrɛɛ no sɛ ɔde adidi kronkron no bɛbrɛ no, ɔgyee penee, a na ɛnyɛ no dɛ sɛ ɔbɛma no afiri ne fie wɔ berɛ bɔne yi mu a na ɔwɔ gyidie sɛ nneɛma bɛsan ayɛ yie ntɛm so.

Berɛ a ɔkɔduruu ne fie Kwasiada anɔpa no, na ɔwɔ abisadeɛ. Wɔbɛtumi akɔ dan a ɛtoa wɔn so no ne ne yɔnko a wadi mfeɛ 87 akɔyɛ adidi kronkron no? Ɔhwɛfoɔ no maa kwan, na ɔgye too mu.

Wɔ nnawɔtwe pii mu no, saa ahotefoɔ kuo ketewa yi tumi de ahwɛyie tetee wɔn ntam, na wɔdii banbɔ nhyehyɛɛ so yɛɛ adidi kronkron som no. Paano a wɔabubu no nketenkete ne nsuo nkuruwa—nanso wɔtee nisuo pii ɛnam Onyankopɔn dɔfoɔ no papayɛ nti.

Wɔ berɛ mu no, onuabarima no, n’abusua, ne onuabaa a ɔsom no no tumi san kɔɔ asɔre. Nanso mfeɛ 87 okunafoɔ no, ɔyɔnkoɔ no, ɛnam ahwɛyie dodoɔ nti, na ɛwɔ sɛ ɔtena fie. Ɔsomfoɔ barima no—kae sɛ na n’asodie yɛ ne yɔnko no na ɛnyɛ saa ɔbaa panyini no ankasa—mpo bɛpem nnɛ yi gu so de twerɛsɛm ne paano ketewa bi hyɛ ne nsa mu Kwasiada biara, kɔyɛ Awurade adidi kronkron ma no wɔ ne fie.

N’asɔfodie som, te sɛ me deɛ no wɔ ahwɛbeaeɛ hɔ no, wɔde ma firi ɔdɔ mu. Nokorɛ mu, ɔsomfoɔ barima yi bisaa ne hwɛfoɔ nnansa yi sɛ obi foforɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛtumi asra no anaa. Ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ sɔfodwuma anyini berɛ a ɔresom wɔ Awurade din mu wɔ n’ankasa ne kwan a ɔnim so. Mennim sɛ onuabarima somfoɔ yi abɔ mpaeɛ, sɛdeɛ meyɛɛe no, sɛdeɛ wɔn a ɔsom wɔn no bɛhunu Awurade dɔ no, nanso ɛnam sɛ ne som ayɛ wɔ Awurade din mu nti, awieɛ no yɛ adekorɔ.

Saa nsunsuansoɔ korɔ no ara ba berɛ a mɛbɔ mpaeɛ ansa na m’ahyira obi a ɔyare anaa ɔwɔ ahohia mu. Ɛtoo me berɛ bi wɔ ayarehwɛbea bi mu berɛ a na adɔkotafoɔ bi kaa sɛ—mpo —hyɛɛ me—sɛ me nyɛ ntɛm mfiri wɔn kwan mu ma wɔn nyɛ wɔn adwuma a wɔn amma me akwanya amma asɔfodie nhyira no. Me tweneeɛ, na me maa nhyira no. Na saa abayewa ketewa a me hyiraa no saa da no a, na adɔkotafoɔ no susu sɛ ɔbɛwu no tenaa ase. Ɛyɛ me anisɔ saa berɛ yi sɛ saa da no, mamma matenka antwitwa makwan mu nanso me nyaa atenka bi sɛ Awurade no pɛ sɛ saa abayewa no nya nhyira. Na na menim nhyira no: Mehyiraa no sɛ ɔnya ayaresa. Na ɔnyaaɛ.

Asi pii berɛ a mama obi a ɔda owuo mpa so na abusuafoɔ atwa ne ho ahyia, wɔ anidasoɔ mu sɛ ayaresa nhyira bɛba. Mpo sɛ menya berɛ ketewa bi a, mebɔ mpaeɛ sɛ mɛhunu nhyira a Awurade pɛ sɛ mede ma wɔ Ne din mu. Na mebisa sɛ mɛhunu sɛdeɛ Ɔpɛ sɛ mehyira saa onipa no na ɛnyɛ me pɛ anaa wɔn a wɔwɔ hɔ no pɛ. Me suahunu ne sɛ mpo nhyira no nyɛ deɛ nnipa no pɛ ma wɔn ho anaa wɔn adɔfonom a, Honhom no ka wɔn akoma ma wɔgye to mu na wɔnya awerɛkyekyerɛ kyɛn sɛ wɔbɛdi awerɛhoɔ.

Saa nkanyan korɔ no ba berɛ a agya panyinom kyene ɛkɔm na wɔbɔ mpaeɛ gye akwankyerɛ sɛ wɔde nhyira a Awurade no pɛ bɛma obi. Bio, mate nhyira a wɔde ama a ayɛ me ne deɛ ɔregye nhyira no nso nwanwa. Ɛda adi pefee sɛ, nhyira no firi Awurade hɔ—kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ no a wɔkyɛ wɔ Ne din mu. Agya panyin no akɔmkyene ne mpaeɛ no so ba mfasoɔ nam Awurade so.

Sɛ ɔhwɛfoɔ no, mesuaa wɔ berɛ a mɛyɛ tenenee anototoɔ mu sɛ, mɛbɔ mpaeɛ ma Adwurade ama mahunu deɛ Ɔpɛ ma onipa no, redi nkanyan biara ɔde bɛma me so a me ankasa nsusuiɛ nka ho. Ɛyɛ den sɛ Awurade, wɔ ɔdɔ mu, bɛtumi de atenetene ahyira obi. Ɛde mmɔdemmɔ na yɛde bɛhunu deɛ Awurade pɛ afiri deɛ yɛpɛ ne deɛ obi pɛ.

Megye di sɛ yɛbɛtumi ama yɛn asɔfodie adwuma som no ayɛ kɛseɛ yɛn nkwa nna nyinaa mu na mpo atra akɔ akyiri. Ɛbɛgyina yɛn nsiyɛ a yɛde di dwuma so sɛ yɛbɛhunu Awurade pɛ ne yɛn mmɔdemmɔ sɛ yɛbɛte Ne nne sɛdeɛ yɛbɛhunu no yie deɛ Ɔpɛ ma onipa no a yɛresom ama no no. Saa kɛseyɛ no ba nkakrankakra. Ɛbɛtumi ayɛ bɔkɔɔ, nanso ɛbɛba. Awurade hyɛ yɛn yei ho bɔ:

“Na deɛ ɔyɛ nokwafoɔ na ɔnya saa asɔfodie yi mmienu no a maka ho asɛm no, na wɔyɛ wɔn frɛ no kɛseɛ no, Honhom no ate wɔn ho ama wɔn nnipadua no ayɛ afoforɔ.

“Wɔbɛyɛ Mose ne Aaron mma mmarima ne Abraham asefoɔ, ne asɔre no ne ahemman no, ne deɛ Onyankopɔn ayi wɔn.

“Na obiara nso a ɔgye saa asɔfodie yi no gye me, Awurade na ɔseɛ.”3

Ɛyɛ m’adanseɛ sɛ asɔfodie nsafoa no wɔsan de maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith. Awurade asomfoɔ firi soro baae de asɔfodie no ba maa abasɛm akɛseɛ a abue na ɛda yɛn anim yi. Wɔbɛboaboa Isreal ano. Wɔbɛsiesie Awurade nkorɔfoɔ ama N’animuonyam Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no. San fa ma no bɛkɔ so. Awurade bɛyi Ne pɛ no bebree adi akyerɛ Ne nkɔmhyɛfoɔ ne Ne nkoa.

Ebia wɔde toto ho a wobɛhunu wo ho ketewa wɔ dwumadie sononko a Awurade bɛyɛ no mu. Sɛ woyɛ saa a, meto nsa frɛ wo sɛ fa mpaebɔ bisa Awurade sɛ Ɔhunu wo sɛn. Ɔnim wo ankasa, Ɔde asɔfodie no hyɛɛ wo nsa, na sɛ wobɛsɔre na woayɛ asɔfodie no kɛse no hia No ɛfiri sɛ Ɔdɔ wo na ɔgye wo di sɛ wobɛhyira nnipa wɔ Ne din mu.

Mehyira wo seesei sɛ wobɛte Ne dɔ ne N’awerɛhyɛmu nka wɔ Awurade Yesu Kristo din mu, amen.

Tintim