Amansan Nhyiamu
Asisisɛm Abufuhyɛ
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Asisisɛm Abufuhyɛ

Yesu Kristo te asisie asena ɔwɔ tumi a ɔde ɔgyeɛ ba.

Wɔ afe 1994 mu, abusua ase tɔre bi kɔɔ so wɔ Abibirem Apueɛ man Rwanda mu a na ɛfa firi ɔhyew a aseɛ atim a ɛte abusua mu. Wɔsusu a nnipa boro ɔpepe fa na wɔkumm wɔn.1 Anwanwasɛm ne sɛ, Rwandan nkorɔfoɔ fa kɛseɛ no, aka abom,2 nanso saa abasɛm yi kɔ so ara woso dendeenden,

Mfeɛ du a atwam no, berɛ a yɛkɔ sraa Rwanda no, me ne me hokani pagyaa nkɔmmɔ bi wɔ ɔkwantuni foforɔ ntam wɔ Kigali wiemhyɛn gyinabea. Ɔdii yea wɔ abusua ase tɔre asisisɛm yi ho na ɔde awerɛhoɔ bisaa sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, adɛn na wannyɛ biribi amfa ho?” Saa nipa yi—ne yɛn mu dodoɔ no—amanehunu ne atirimuɔden a ɛyɛ asisisɛm bɛtumi ayɛ deɛ ɛmfata Ɔsoro Agya dɔfoɔ no ankasa ayamyɛ no. Mmom Ɔyɛ nokwafoɔ, Ɔyɛ ayamyɛ, na Ɔdɔ Ne mma mu biara pɛpɛɛpɛ. Saa nsonsonneɛ yi ne adasamma anyini pɛ a kasakyerɛ tiawa bi anaa nsɛmkwaa mfonin biara ntumi nkyerɛ aseɛ.

Yerɛhyɛ aseɛ akyerɛ mu yie no, momma yɛnhwɛ asisisɛm ahodoɔ bi mu. Hwɛ abusua bi a emu akwadaa biara gye sika wɔ efie adwuma a ɔyɛ ho nawɔtwe biara. Ɔbabarima baako, John, tɔɔ fremfremadeɛ; ɔbabaa baako, Anna, koraa ne sika. Awieɛ no, Anna tɔɔ dadepɔnkɔ. John dwennee sɛ ɛyɛ asisie sɛ Anna nyaa dadepɔnkɔ berɛ a ɔno annya bie. Mmom John pɛ na ɛde nsonsonnoeɛ no baaeɛ, na ɛnyɛ awofoɔ nneyɛɛ. Anna adwene sɛ ɔnni fremfremadeɛ no amfa asisisɛm biara amma John so ɛfiri sɛ ɔnyaa kwan te sɛdeɛ ne nuabaa nyaae no.

Yɛn gyinaeɛ a yɛsi tumi nya nsunsuansoɔ papa anaa bɔne wɔ yɛn so wɔ berɛ tiaa anaa tenten mu. Sɛdeɛ Awurade ayi akyerɛ no, “Sɛ onipa bi nya nimdeɛ ne nyansa dodo wɔ saa abrabɔ yi mu ɛnam ne nsiyɛ ne setie so sene ɔfoforɔ a, ɔbɛnya mfasoɔ pii wɔ ewiase a ɛbɛba no mu.”3 Sɛ afoforɔ nya mfasoɔ ɛnam wɔn nsiyɛ pɛ so a, yɛntumi nsi gyinaeɛ sɛ wɔasisi yɛn berɛ a yɛn nyinaa nyaa akwanya korɔ no ara.

Nhwɛsoɔ foforɔ a ɛfa asisisɛm ho no firi me yere, Ruth, tebea bi a ɔkɔɔ mu ne mmɔfra berɛ mu. Dakoro bi, Ruth tee sɛ ne maame rekɔtɔ mpaboa foforɔ ama ne nuabaa kumaa, Merla. Ruth nwiinwiiɛ, “Maame, ɛyɛ asisie koraa! Merla na ɔnyaa mpaboa foforɔ a ɛtwa toɔ no.”

Ruth maame bisaae, “Ruth, wo mpaboa kɔ wo anaa?”

Ruth buaae, “Weɛ, aane ”

Afei Ruth maame kaa sɛ, “Merla mpaboa no nkɔ no bio.”

Ruth tee aseɛ sɛ ɛwɔ sɛ akwadaa biara nya mpaboa a ɛkɔ no wɔ abusua no mu. Ɛwɔ mu sɛ anka Ruth bɛpɛ mpaboa foforɔ deɛ, nanso n’adwene sɛ wɔasisi no no firii hɔ berɛ a ɔhunuu tebea no faa ne maame ani so no.

Asisisɛm bi wɔ hɔ a wontumi nkyerɛ mu; asisisɛm a nkyerɛkyerɛmu nni mu no yɛ abufuhyɛ. Asisisɛm firi honam a ɛnwie pɛyɛ mu ba , apira, anaa yareɛ wɔ mu. Honam a ɛwuo yi yɛ asisie a aka hɔ. Wɔ wo nnipa binom wɔ ahonya mu, afoforɔ anya no sa ara. Ebinom wɔ awofoɔ adɔfoɔ, afoforɔ anya no sa ara. Ebinom tenase mfeɛ bebree, afoforɔ nso deɛ kakra bi. Na ɛkɔ so saa ara. Nkorɔfoɔ binom yɛ mfomsoɔ a ɛyɛ ya mpo berɛ a wɔrebɔ mmɔden ayɛ papa. Ebinon yi sɛ wɔnsosɔ asisisɛm so berɛ a anka wɔbɛtumi. Deɛ ɛha adwene ne sɛ, ebinom de ahofadie a Onyankopɔn de ama wɔn no ha afoforɔ berɛ a ɛnsɛ.

Asisisɛm ahodoɔ tumi si, a ɛde ɔhaw kɛseɛ a ɛyɛ asisisɛm ba. Yɛmfa no sɛ, COVID-19 nsanyareɛ no aha wɔn a wɔwɔ yareɛ ahodoɔ dada no aboro so a ɛyɛ asiane a ɛho ahia. M’akoma di yea ma wɔn a wɔfa asisisɛm sei mu, nanso mede m’akoma a ɛdi yea nyinaa ka sɛ Yesu Kristo te asisisɛm ase na ɔwɔ tumi a ɔma yɛn ɔgyeɛ. Biribiara nni hɔ a ɛne ateetee a Ɔfaa mu no sɛ. Na ɛmfata sɛ ɔkɔ saa yea ne amanehunu no nyinaa mu firi adasamma hɔ. Na ɛmfata sɛ ɔhunu amane de ma me bɔne ne mfomsoɔ ne wo nso deɛ. Nanso Ɔyii sɛ ɔyɛ saa ɛnam Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn ne Ɔsoro Agya no nti. Ɔte deɛ yɛrefa mu no aseɛ yie.4

Twerɛsɛm bɔ amanneɛ sɛ tete Israefoɔ nwiinwii sɛ Onyankopɔn ne wɔn anni no yie. Mmuaeɛ mu no, Yehowa bisaa sɛ, “ Enti Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano, a ɔrenya ayamhyehyeɛ mma n’awotwaa mu ɔbabarima anaa?” Sɛdeɛ ɛntumi nsi mma maame dɔfoɔ werɛ remfiri ne ba akɔkoaa no, Yehowa kaa sɛ N’ahofamampo gyina hɔ pintinn pa ara. Ɔkaa sɛ: “Aane, yeinom werɛ bɛtumi afiri nanso me werɛ remfiri wo. Hwɛ, makurukyire wo wɔ me nsa yam; woafasuo wɔ m’anim mmerɛ nyinaa.”5 Ɛnam sɛ Yesu Kristo nyaa abodwokyerɛ wɔ amanehunu afɔrebɔ a, ɛnniawieɛ mu, Ɔsi so dua pɛpɛɛpɛ ma yɛn.6 Ɔnim yɛ ne yɛn tebea a yɛwɔ mu berɛ biara .

Wɔ honam a ɛwuo yi mu, yɛbɛtumi “asi yɛn bo aba” Agyenkwa no hɔ abɛgye ahummɔborɔ, ayaresa, ne mmoa.7 Mpo berɛ a yɛkɔ amanehunu mu a yɛntumi nkyerɛ aseɛ no, Onyankopɔn bɛtumi ahyira yɛn wɔ akwan a ɛyɛ tiawa, ɛyɛ mmerɛ na ɛsoronko so. Berɛ a yɛsua sɛ yɛbɛhunu saa nhyira yi no, yɛn awerɛhyɛmu wɔ Onyankopɔn mu bɛkɔ so. Wɔ ɛnniawieɛ tebea mu no, Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo bɛsiesie asisisɛm nyinaa. Yɛpɛ sɛ yɛde nteaseɛ hunu, sɛn ne dabɛn. Sɛn na wɔbɛyɛ saa? Dabɛn na wɔbɛyɛ saa? Me nimdeɛ mu no, Wɔnnaa no adi sɛn anaa dabɛn7 Deɛ menim ne sɛ Wɔ bɛyɛ

Wɔ asisie tebea mu no, yɛn asodie baako ne sɛ yɛbɛnya awerɛhyɛmu sɛ “deɛ emfata wɔ abrabɔ mu nyinaa bɛtumi abɛyɛ yie ɛnam Yesu Kristo Mpata no so.”9 Yesu Kristo bɛdii wiase so na “ɔyii” asisisɛm nyinaa firii hɔ. Ɔno nti, yɛbɛtumi anya wiase yi mu asomdwoeɛ na yɛn bo atɔ yɛn yam.10 Sɛ yɛma No kwan a, Yesu Kristo bɛma asisisɛm abɛyɛ yɛn mfasoɔ.11 Ɔrenkyekyere yɛn werɛ kɛkɛ na ɔnhyɛ deɛ ayera no ananmu;12 Ɔde yɛn asisisɛm bɛyɛ yɛn nhyira. Sɛ ɛba sɛn ne dabɛna, ɛwɔ sɛ yɛhunu na yɛgye tom, sɛdeɛ Alma yɔɔe no, “ɛmfa ho; Onyankopɔn nim saa nneɛma yi nyinaa; na ɛyɛ ma me sɛ menim sɛ sei na ɛteɛ.”13

Yɛbɛtumi atwentwɛn yɛn nsɛmmisa so fa sɛn ne dabɛn ho ma akyire yi na yɛn adwene nkɔ Yesu Kristo mu gyedie mpuntuo so, sɛ Ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ biribiara yie na ɔdɔ sɛ ɔyɛ saa.14 Sɛ yɛbɛhyɛ sɛ yɛhunu sɛn anaa dabɛn mfa mfasoɔ mma na, ne korakora no, ɛnhunu akyiri.15

Berɛ a yɛretu mpɔn wɔ Yesu Kristo mu gyedie no, ɛwɔ sɛ yɛpere sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Ɔno. Afei yɛde mmɔborɔhunu bɛpinkyɛn afoforɔ na yɛabɔ mmɔden ayi asisisɛm afiri baabi a yɛhunu bi no;16 yɛbɛtumi abɔ mmɔden ayɛ nneɛma yie sɛdeɛ yɛn ahoɔden bɛtumi. Nokorɛ, Agyenkwa no kyerɛɛ sɛ “yɛn nyɛ nsiyɛ wɔ papayɛ mu, na yɛnyɛ nneɛma papa mfiri yɛn pɛ mu, na yɛmfa teneneeyɛ pii mmra.”17

Obi a ɔde nsiyɛ rekotia asisisɛm no ne mmaranimfoɔ Bryan Stevenson. Ne mmaranim dwumadie a ɛwɔ United States no watu asi hɔ de ko gye wɔn a wɔbɔ wɔn soboɔ hunu, si asotwe mmorosoɔ ano, ne nnipa yiedie ho bammɔ. Mfeɛ bi a atwam, Owura Stevenson twitwa gyee ɔbarima bi a wɔabɔ no kwaadu hunu na wɔabua no kumfɔ. Owura Stevenson bisaa mmoa firii ɔbarima no asafo a ɛwɔ mpɔtam hɔ, ɛwɔm sɛ na ɔbarima no atɔ baha wɔ asafo no mu na ɔman no kasatia no wɔ awaresɛm ho.

Sɛ ɔbɛtwe atiefoɔ adwene asi deɛ ɛho hia so nti, Owura Stevenson kasa kyerɛɛ wɔn faa twerɛsɛm mu ayɛsɛm bi a wɔbɔɔ ɔbaa soboɔ wɔ adwamammɔ ho na wɔde no berɛɛ Yesu no. Akutiabɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no, nanso Yesu see wɔn sɛ, “Mo mu deɛ bɔne nni ne ho no, ma no nto no ɛboɔ kane.”18 Ɔbaa no soboɔbɔfoɔ no twee wɔn ho. Yesu ammua ɔbaa no fɔ mmom ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ yɛ bɔne bio.19

Owura Stevenson kaa saa ayɛsɛm yi wieeɛ no, ɔhunuu sɛ ankasa teneneeyɛ, ehu, ne abufuo ama Kristofoɔ mpo si nkorɔfoɔ a wɔfom no aboɔ. Afei ɔkaa sɛ, “Yɛntumi nhwɛ mma saa nsi,” na ɔhyɛɛ asafomma no nkuran sɛ wɔmmɛyɛ “mmɔborɔhunufoɔ,”20 Anuanom mmarima ne Mmaa, ɛnyɛ abototoɔ ne anammɔn a ɛdikan a yɛde kyerɛ afoforɔ ahummɔborɔ. Anammɔn a ɛdi hɔ ne sɛ yɛbɛkyerɛ mmɔborɔhunu ama afoforɔ.

Sɛdeɛ yɛfa so siesie papa ne bɔne no yɛ abrabɔ mu sɔhwɛ no fa bi. Wɔbɛbu yɛn atɛn no ɛnyɛ deɛ yɛka no dodo ho mmom deɛ yɛde yɛ wɔn a wɔyɛ mmrɛ ne wɔn a wɔwɔ ɔhaw.21 Sɛ Nna ɛdi Akyire Ahotefoɔ yi, yɛhwehwɛ sɛ yɛdi Agyenkwa no nhwɛsoɔ so, kɔ aporɔ sɛ yɛreyɛ papa.22 Yɛda yɛn dɔ adi kyerɛ nkorɔfoɔ berɛ a yɛyɛ adwuma dehyɛ Ɔsoro Agya no mma animuonyam.

Yɛn ankasa mfasoɔ ne ɔhaw a ɛwɔ yɛn tiri mu no, ma yɛn adwendwene te apɔ. Deɛ ɛmaa John tee deɛ nti Anna nyaa dadepɔnkɔ no ase no yɛ adiyie. Deɛ ɛmaa Ruth hunuu Merla mpaboa no sɛ ɛyɛ adehia no yɛ nimdeɛ. Sɛ yɛbɛhunu nneɛma wɔ ɛnni awieɛ aniwa mu no yɛ nkyerɛmu. Mprɛ dodoɔ a yɛreyɛ te sɛ Agyenkwa no, yɛnyini kɛse wɔ tema mu, nteaseɛ mu, ne nkyerɛmu mu.

Ma san aba asɛmbisa a ɔyɔnkoɔ kwantuni a ɔwɔ Kigali bisa faa Rwanda mmusua asetɔre asisisɛm ho no, “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, adɛn na wannyɛ biribi amfa ho?”

Wɔantumi ante yea a mmusua asetɔre no de baae no aseɛ, na akyire yi a yɛhunuu sɛ yɛntumi nte saa yea no ase no, yɛbuaa sɛ Yesu Kristo ayɛ biribi afa asisisɛm kutupa hyɛ ho.23 Yɛkyerɛkyerɛɛ asɛmpa no ahyɛdeɛ bebree a ɛfa Yesu Kristo ne N’asɔre Mmaeɛ bio no ho.24

Akyire yi, yɛn adamfo no de n’ani so nisuo bisaa sɛ, “Mo kyerɛ sɛ mɛtumi ayɛ biribi ama m’awofoɔ ne me wɔfa a wɔn awuo no?”

Yɛkaa sɛ, “O, aane!” Afei yɛdii adanseɛ sɛ deɛ ɛyɛ asisie fa abrabɔ ho no bɛtumi ayɛ yie ɛnam Yesu Kristo Mpata no so na ɛnam Ne tumi so mmusua bɛtumi aka abom afebɔɔ.

Sɛ yɛhyia asisisɛm, a yɛbɛtumi atwe yɛn ho afiri Onyankopɔn ho anaa yɛbɛtumi atwe abɛn no apɛ mmoa ne akyitaeɛ. Nhwɛsoɔ, ɔko tenten a ɛkɔɔ so wɔ Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ ntam no kaa nkorɔfoɔ wɔ akwan soronko so. Mormon hunuu sɛ “dodoɔ no abɛyɛ den” na afoforɔ “yɛɛ mmrɛ ɛnam wɔn amanehunu nti, yei maa wɔbrɛɛ wɔn ho ase wɔ Onyankopɔn anim.”25

Momma asisisɛm nyɛ mo akoma den, anaa ɛnsɛe mo gyedie wɔ Onyankopɔn mu. Mmom, bisa mmoa firi Onyankopɔn hɔ. To w’anisɔ ne ahotosoɔ wɔ Agyenkwa no mu Sɛ yɛbɛyɛ ayamnwono no, ma Ɔnyɛ wo yie .26 Momma No kwan ma ɔmmoa mo sɛ mobɛmia mo ani, sɛ mo amanehunu no “bɛmene wɔ Kristo anigyeɛ mu.”27 Na fa wo ho bɔ No wɔ Ne som adwuma mu “sɛ ɔbɛkyekyere akoma a abubuo no werɛ,”28 pere dwodwo asisisɛm ano, na bɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ.29

Medi adanseɛ sɛ Agyenkwa no te ase. Ɔte asisisɛm ase. Ne nsam kutwa no kɔ so kae No ɛfa wo ho ne wo tebea mu. Ɔsom wo wɔ w’amanehunu nyinaa mu. Na wɔn a wɔba Ne nkyɛn no, ahoɔfɛ abotire bɛhyɛ awerɛhodie nso ananmu; ahurisie ne anigyeɛ bɛhyɛ yea ne awerɛhoɔ ananmu; anisɔ ne osebɔ bɛhyɛ abasamtuo ne pa aba ananmu.30 Wɔbɛbɔ wabaso sen deɛ wodwene ho wɔ wo gyedie wɔ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo mu. Asisisɛm nyinaa—titiriw asisisɛm abufuhyɛ—wɔbɛhyira so ayɛ no mfasoɔ ama wo. Medi adanseɛ wɔ Yesu Kristo din mu, amen

Atwerɛ.

  1. Hwɛ John Reader, Africa: A Biography of the Continent (1999), 635–36, 673–79.

  2. Anidasoɔ wɔ mu deɛ, na Rwanda mpata no mu yɛ nna hɔ. Ebinom bisa ɛmu dɔ a ɛdɔ ne kyɛ a ɛbɛkyɛ. Hwɛ, nhwɛsoɔ, “The Great Rwanda Debate: Paragon or Prison?,” Economist, Mar. 27, 2021, 41–43.

  3. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:19; wɔsi so dua.

  4. Hwɛ Hebrifoɔ 4:15.

  5. 1 Nifae 21:15–16.

  6. Hwɛ Alma 7:11–13.

  7. Hwɛ Hebrifoɔ 4:16; hwɛ nso Yesaia 41:10; 43:2; 46:4; 61:1–3.

  8. Kɔkɔbɔ: Ɛwɔ sɛ yɛtwe yɛn ho firi sɔhwɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ankasa nkyerɛkyerɛmu sɛ sɛn ne dabɛn, ɛmfa ho ne nteaseɛ a ɛwɔ mu anaa ne fɛ a ɛyɛ. Yɛntumi nyɛ biribi nhyɛ deɛ Onyankopɔn nyi nkyerɛeɛ no anan mu.

  9. Preach My Gospel: A Guide to Missionary Service (2018), 52; hwɛ nso Isaiah 61:2–3; Revelation 21:4. “Deɛ ɛyɛ asisie wɔ abrabɔ mu nyinaa bɛtumi ayɛ yie” ɛreyɛ akyerɛ sɛ asisisɛm nsunsuansoɔ a ɛba yɛn so no nyinaa wɔbɛsiesie, wɔbɛdwo ano, anaa wɔbɛpagya afiri hɔ. Wɔ ne kasa a ɛtwa toɔ wɔ amansan nhyiamu ase, “Come What May, and Love It,” Elder Joseph B. Wirthlin kaa sɛ, “Ɛnnɛ nisuo biara bɛdane abɛyɛ ahurisie ne ayɛyie mmɔho, mmɔho. Mpata nnyinasosɛm di so” (Laehona, Obubuo 2008, 28).

  10. Hwɛ Yohane 16:33.

  11. Hwɛ 2 Nifae 2:2.

  12. Hwɛ Hiob 42:10, 12–13; Yacob 3:1.

  13. Alma 40:5.

  14. Hwɛ Mosiah 4:9.

  15. Hwɛ Russell M. Nelson, “Ma Onyankopɔn Nni so,” Laehona, Obubuo 2020, 93. Myopic asekyerɛ ne sɛ wonhunu adeɛ nkɔ akyiri.

  16. Nhwɛsoɔ, Safohene Moronae gye to mu sɛ ɛmfata sɛ ankorankorɛ gyina hɔ na wɔn “nyɛ hwee” berɛ a anka wɔbɛtumi aboa afoforɔ (hwɛ Alma 60:9–11; hwɛ bio 2 Korintofoɔ 1:3).

  17. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 58:27; hwɛ nyiyimu 26, 28–29.

  18. Yohane 8:7.

  19. Hwɛ Yohane 8:10–11; Joseph Smith Nkyeraseɛ no nyiyimu 11 ka ho, “Na ɔbaa no hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam firi saa dɔnhwere no, na ɔgyee Ne din no diiɛ” ɛresusu sɛ Agyenkwa no ammua no fɔ na Ne mmarasɛm “kɔ na nkɔyɛ bɔne bio” no nyaa nsunsuansoɔ wɔ ɔbaa no abrabɔ nna nyinaa so.

  20. Bryan Stevenson, Just Mercy: A Story of Justice and Redemption (2015), 308–9.

  21. Hwɛ Mateo 25:31–46.

  22. Hwɛ Asomafoɔ 10:38; hwɛ nso Russell M. Nelson, “Mmarasɛm Kɛseɛ a Ɛtɔ so Mmienu No,” Laehona, Obubuo 2019, 96–100.

  23. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1:17, 22–23.

  24. Saa ahyɛdeɛ yi wɔakyerɛkyerɛ mu pefee wɔ “The Restoration of the Fulness of the Gospel of Jesus Christ: A Bicentennial Proclamation to the World,” ChurchofJesusChrist.org.

  25. Alma 62:41.

  26. Hwɛ Amos C. Brown, in Boyd Matheson, “‘Ɛbɛtumi Awie Yie Ama Ɔman Yi’ Sɛ Yɛ ne Onyankopɔn Mma Kabom a,” Church News, Kitawonsa 25, 2019, churchnews.com.

  27. Alma 31:38.

  28. Hwɛ Luke 4:16–19 Sɛ wɔkyekyere akoma a abubuo werɛ ne sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔn adwene, wɔn pɛ,nyansa, anaa deɛ ɛte wɔn mu no atete apansam anaa asɛeɛ (hwɛ James Strong, The New Strong’s Expanded Exhaustive Concordance of the Bible [2010], Hebrew dictionary section, 139 and 271).

  29. Hwɛ, nhwɛsoɔ, Russell M. Nelson, “Let God Prevail,” Liahona, Nov. 2020, 94; Dallin H. Oaks, “Love Your Enemies,” Liahona, Nov. 2020, 26–29. Otitenani Nelson srɛɛ sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ asafomma a wɔwɔ baabiara sɛ wɔnyɛ akannifoɔ wɔ nneyɛɛ ne suban a ɛyɛ adwemmɔne gyaeɛ mu. Mesrɛ mo sɛ monkyerɛ obuo mma Onyankopɔn mma nyinaa. Yei boro yɛbea ne nneyɛɛ a ɛyɛ adwemmɔne sɔretia so. Otitenani Oaks bɔɔ Reverend Theresa A. Dear asɛm bi so: “Nnipa nyiyimu yɛ ɔtan, nhyɛsoɔ, nnaadaa, amfa hwee ho, ne botrobodwoyɛ.” Ɛna ɔsee. “Sɛ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma yi, ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden tu nnipa nyiyimu ase firi hɔ.”

  30. Hwɛ Isaiah 61:3. Yɛregye ahoɔfɛ abotire kyerɛ sɛ yɛ ne Yesu Kristo bɔ mu yɛ adedifoɔ wɔ Onyankopɔn ahennie mu. Hwɛ Donald W. Parry, Jay A. Parry, ne Tina M. Peterson, Understanding Isaiah (1998), 541–43.

Tintim