Amansan Nhyiamu
Kae Wo Kwan A Wonam So Bɛsan Akɔ Fie Bio
Oforisuo 2021 amansan nhyiamu


Kae Wo Kwan A Wonam So Bɛsan Akɔ Fie Bio

Yɛwɔ Yesu Kristo nhwɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ a ɛsɛ sɛ yɛfa so, na akwantuo a yɛde kɔ yɛn fie a enniawieɛ no bɛtumi aba mu nam Ne nkyerɛkyerɛ, N’abrabɔ ne Ne Wuma afɔrebɔ no.

Wɔ afe 1946 mu, na ɔbabunu Arthur Hasler a ɔyɛ nhwɛmu mpasa fa mmepɔ mu asutene bi ano a na ɛbɛn baabi a na ɔteɛ wɔ ne nkɔdaaberɛ mu, na ɔnyaa suahunu bi a ɛnam so ma wɔhunuu ɔkwan a adwene nam so hunu kwan san ba nsutene a wɔwoo wɔn too mu no mu.

Ɔrebɔ bepɔ, a na afei ɔnhunnu nsutene a ɛsɔne firi mmepɔ mu gu fam a na n’ani gye ho bio no, mpofirim hɔ ara Hasler san kaee deɛ na ɔnkae bio dada no. Ɔkaa sɛ, “Berɛ a mframa nwununwunu bi a ɛde mosses ne columbine nnua ho mpanpan bɔ faa abotan no a na ɛtaataa so ho no, saa beaeɛ yi a na nsutene firi mmepɔ mu soro siane gu fam yi ho nkaeɛ baa m’adwene mu.”1

Saa nka yi kanyann ne nkɔdaaberɛ mu nneɛma, na ɛkaee no efie.

Sɛ nka tumi nkaeɛ a ɛte sɛ yei san ba n’adwene mu bio deɛ a, ɛnneɛ na ɔdwene sɛ nka ɔbɛtumi ayɛ nkaedeɛ ama salmon, a watena ɛpo mu mfeɛ bebree asan ahunu n’akyiri kwan akɔ nsuo a wɔwoo no toom no bio.

Gyina saa suahunu yi so, Hasler ne abɔdeɛ nhwehwɛmufoɔ kɔɔ so ara kyerɛɛ sɛ salmon kae nka korɔ a ɛboa ma wɔtumi san twa akwansini bebree firi ɛpo mu san kɔ wn fie.

Yei maa medwenee sɛ nneɛma a ɛhia mu baako pa ara a yɛbɛtumi ayɛ wɔ saa asetena yi mu ne sɛ yɛbɛhunu na yɛakae ɔkwan a yɛnam so bɛsan akɔ yɛn Agya a ɔwɔ Soro nkyɛn na yɛde gyedie ne anigyeɛ amia yɛn ani wɔ akwantuo no mu nyinaa.

Medwenee nkaedeɛ nnan bi a, sɛ yɛde yɛ adwuma na yɛyɛ no berɛbiara wɔ yɛn abrabɔ mu a, ɛbɛtumi akanyan yɛn atenka a ɛwɔ yɛn soro fie no.

Deɛ edikan, Yɛbɛtumi akae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma

Yɛwɔ Ɔsoro adedie. Yɛrehunu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma na ɛno nti Ɔpɛ sɛ yɛsan ba Ne nkyɛn no yɛ anammɔn a ɛdi kan no mu baako wɔ yɛn akwantuo a yɛretu asan akɔ fie bio no mu.

Kae wo ho wɔ saa adedie yi ho. Pɛ berɛ na ma wo honhom mu ahoɔden akwaa no nkɔ soro berɛ a worekae nhyira a wanya afiri Awurade hɔ. Nya awerɛhyem wɔ akwankyerɛ a wɔde firi Ne hɔ ama woɔ, sene sɛ wo nko ara redane w’ani ahwɛ wiase asusu bo a wo ara wosom na woafa wo kwan.

Ɛnkyɛree biara mekɔsraa ɔdɔfo bi berɛ a wɔyii no firii ayaresabea akyi no. Ɔde awerɛhoɔ kakyerɛɛ me sɛ berɛ a na ɔda ayaresabea hɔ no, deɛ na ɔrehwehwɛ nyinaa ne sɛ anka obi bɛto nnwom “Meyɛ Onyankopɔn Ba” no ama no. Saa adwene no nko ara mpo maa no asomdwoeɛ a na ɔhia wɔ saa amanehunu dɔnhwere no mu.

Sɛ Wonim deɛ woyɛ a, ɛsesa w’atenka ne adeɛ a woyɛ.

Sɛ worete deɛ woyɛ ase ampa siesie wo ma wohunu na wokae wo kwan a wonam so bɛsan akɔ wo soro fie na wopere sɛ wobɛkɔ hɔ,

Deɛ ɛtɔ so mmienu, Yɛbɛtumi Akae Fapem No A Ɛbɔ Yɛn Ho Ban

Ahoɔden ba yɛn mu berɛ a yɛyɛ tenenee, di nokorɛ, nya gyedie wɔ Agya a ɔwɔ soro ne Yesu Kristo mu no, mpo wɔ berɛ a afoforɔ dodoɔ no ara bu wɔn ani gu mmaransɛm ne nnyinasoɔ a ɛwɔ nkwagyeɛ mu so no.2

Wɔ Mormon Nwoma No mu, Helaman kyerɛkyerɛɛ ne mmammarimma sɛ, wɔnkae sɛ wɔn fapem wɔ Yesu Kristo so sɛdeɛ wɔbɛnya ahoɔden de agyina ɔbonsam nsɔhwɛ ano. Ɔbonsam mframa denden ne n’ahum no rebɔ yɛn, nanso wɔrennya tumi biara wɔ yɛn so sɛ ɛbɛtwe yɛn ase, sɛ yɛde yɛn werɛ ato beaeɛ a banbɔ wɔ a—wɔ yɛn Dimafoɔ mu.3

Menim firi me ara me suahunu mu sɛ yɛfa sɛ yɛbɛtie Ne nne na yɛadi N’akyiri a, yɛbɛnya Ne mmoa. Yɛbɛnya nhunumuu a ɛtrɛ wɔ yɛn tebea mu ne nteaseɛ a ɛmu dɔ a ɛfa botaeɛ a ɛwɔ asetena mu. Yɛbɛte honhom mu nkanyan nka a ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn kwan akɔ fie.

Deɛ ɛtɔso mmiɛnsa, Yɛbɛtumi Akae Sɛ Yɛbɛyɛ mpaebɔfoɔ

Yɛte berɛ bi mu a sɛ yɛde yɛn nsa prɛ biribi anaa yɛkasa baako pɛ sɛ biribi nyɛ adwuma a, yɛbɛtumi ahyɛ aseɛ ahwehwɛ mmuaeɛ wɔ erekame ayɛ sɛ atifi asɛm biara a ɛfa biribiara ho wɔ nsɛm ahodoɔ bebree a wɔahyehyɛ agu kɔmputa soɔ.

Wɔ ɔkwan foforɔ so no, yɛwɔ kwantia a yɛfa so, hwehwɛ mmuaeɛ firi soro. “Bɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa, na mede me honhom bɛhyɛ wo mu.” Na Awurade hyɛɛ bɔ sɛ, “Na wo nhyira bɛyɛ kɛse—aane, mpo kyɛn sɛdeɛ wobɛnya asase so adamudeɛ.”4

Onyankopɔn nim yɛn mu biara pa ara yie na wayɛ ahoboa sɛ ɔbɛtie yɛn mpaebɔ. Berɛ a yɛkae sɛ yɛbɔ mpaeɛ a yɛhunu Ne mmoa dɔ no, na mmerɛ dodoɔ no ara a yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro wɔ Yesu Kristo din mu no, dodoɔ no ara na yɛde Agyenkwa no ba yɛn abrabɔ mu na yɛbɛsan ahunu ɔkwan a Wabɔ ato hɔ a ɛkɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro fie.

Deɛ ɛtɔso Nnan, Yɛbɛtumi Akae Sɛ Yɛbɛsom afoforɔ

Berɛ a yɛpere sɛ yɛdi Yesu Kristo akyiri nam sɛ yɛreda ɔdɔ adi akyerɛ afoforɔ no, yɛma wiase yɛ beaeɛ papa.

Yɛn nneyɛɛ bɛtumi ahyira wɔn a wɔbɛn yɛn abrabɔ ne yɛn ankasa nso yɛn abrabɔ . Ɔsom a ɔdɔ wɔ mu de mfasoɔ ba deɛ ɔma ne deɛ ɔgyeɛ no nyinaa .

Ɛmmu tumi a ɛwɔ wo mu sɛ kɛntɛn afoforɔ so kɔ papa mu, ɛnam ɔsom a ɛfiri wo nneyɛɛ mu ne ɔsom a ɛfiri wo ara wo nhwɛsoɔ so.

Ɔsom a ɔdɔ wɔ mu ma afoforɔ kyerɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛdekɔ yɛn soro fie no so—ɔkwan a yɛrebɛyɛ sɛ yɛn Agyenkwa no.

Wɔ afe 1975 mu no, ɛnam ɔman mu ɔko a ɛsiiɛ so, Arnaldo ne Eugenia Teles Grilo ne wɔn mma gyaa wɔn fie ne deɛ na wɔwɔ nyinaa firi mfeɛ bebree adwumaden mu. Wɔ wɔn ara wɔn man, Portugal mu no, onuabarimma ne onuabaa Teles Grilo hyiaa akwansideɛ a na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ biribiara ase foforɔ. Nanso mfeɛ kakra akyi no, a wɔde wɔn ho dɔmm Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Nna A Edi Akyire Ahotefoɔ no, wɔkaa sɛ, “Yɛhweree biribiara a na yɛwɔ, nanso na ɛyɛ ma yɛn ɛfiri sɛ ɛhyɛɛ yɛn ma yɛdwenee mfasoɔ a ɛwɔ nkwa nhyira mu.”5

Wɔhweree wɔn asase yi so fie nanso wɔhunuu ɔkwan a ɛsan de wɔn kɔ wɔn ɔsoro fie no.

Deɛ woagya no akyiri biara na wadi ɔkwan a wode kɔ wo sorofie no, da koro ɛbɛyɛ wo sɛ ɛnyɛ afɔrebɔ biara koraa.

Yɛwɔ Yesu Kristo nhwɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ a ɛsɛ sɛ yɛfa so, na akwantuo a yɛde kɔ yɛn fie a enniawieɛ no bɛtumi aba mu nam Ne nkyerɛkyerɛ, N’abrabɔ ne Ne Wuma afɔrebɔ no—a Ne wuo ne N’animuonyam Wusɔreɛ no nso ka ho.

Meto nsa frɛ wo sɛ hunu anigyeɛ a ɛwɔ mu sɛ worekae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma na ɛno nti Ɔdɔɔ wiase sɛ Ɔsomaa Ne ba barimma sɛ6 ɔmmɛkyerɛ yɛn ɔkwan no. Meto nsa frɛ wo sɛ wobɛnya gyedie, na woadane w’abrabɔ ama Agyenkwa no na woasi wo fapem wɔ ne mu. Monkae sɛ mobɛyɛ mpaebɔfoɔ wɔ mo ɔbra akwantuo yi mu na monsom afoforɔ.

Nnuammarimma ne nnuammaa adɔfoɔ, wɔ saa Amanehunu Kwasiada yi mu no, medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo yɛ wiase Dimafoɔ ne Agyenkwa. Ɔno ne obi a ɔbɛtumi de yɛn akɔ anigyeɛbea didipono ho na wagye yɛn abaaba wɔ yɛn akwantuo mu. Yɛnkae sɛ yɛbɛdi N’akyi akɔ fie. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Arthur Davis Hasler, wɔ Gene E. Likens, “Arthur Davis Hasler: Ɔpɛpɔn 5, 1908–Ɔbɛnem 23, 2001,” wɔ National Academy of Sciences, Biographical Memoirs, vol. 82 (2003), 174–75.

  2. Hwɛ Book of Mormon Student Manual (2009), 268–73.

  3. Hwɛ Helaman 5:6–12

  4. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 19:38

  5. Hwɛ Don L. Searle, “Discovering Gospel Riches in Portugal,” Ensign, Ahinime 1987, 15.

  6. Hwɛ Yohane 3:16

Tintim